Atemmufoɔ 15 – ASCB & AKCB

Asante Twi Contemporary Bible

Atemmufoɔ 15:1-20

Samson Aweretɔ Wɔ Filistifoɔ So

1Akyire yi, ayuotwaberɛ mu no, Samson faa abirekyie ba sɛ ɔde rekɔkyɛ ne yere. Ɔpɛɛ sɛ anka ɔkɔda ne nkyɛn nanso, ɔbaa no agya amma no mu ɛkwan.

2Ɔbaa no agya no kaa sɛ, “Medwenee sɛ na wotan no, ɛno enti, mede no ama ɔbarima a na ɔdi wʼanan ase wɔ mo ayeforɔhyia mu no. Nanso, hwɛ ne nuabaa ho yɛ fɛ sen no. Ware no si anan.”

3Samson kaa sɛ, “Saa ɛberɛ yi, obiara rentumi mmɔ me soboɔ wɔ biribiara a merebɛyɛ mo Filistifoɔ ho.” 4Afei ɔfiri hɔ kɔeɛ, kɔkyeree asakraman ahasa. Ɔkyekyeree sakraman mmienu mmienu dua bɔɔ ho. Mmienu biara nso, ɔkyekyeree ogyatɛn fam ho. 5Ɔsɔɔ ogyatɛn no na ɔmaa asakraman no tuu mmirika faa Filistifoɔ mfuo mu. Ɔhyee wɔn ayuo nyinaa pasaa; deɛ wɔahyehyɛ no apa so ne deɛ wɔnntwaeɛ nyinaa. Ɔsɛee wɔn bobefuo ne ngo nnua nyinaa.

6Filistifoɔ no bisaa sɛ, “Na hwan na ɔyɛɛ saa amumuyɛ yi?” Wɔn ara buaa sɛ, “Ɛyɛ Samson ɛfiri sɛ, nʼase barima a ɔfiri Timna de Samson yere ama ɔbarima a na ɔdi ne nan ase wɔ wɔn ayeforɔhyia mu no awadeɛ.” Enti, Filistifoɔ kɔkyeree ɔbaa no ne nʼagya hyee wɔn ma wɔwuiɛ.

7Samson suaee sɛ, “Esiane deɛ moayɛ yi enti, mɛtua mo so ka na merennyae ara da kɔsi sɛ me bo bɛtɔ me yam!” 8Enti, ɔde abufuo kɔto hyɛɛ Filistifoɔ no so kunkumm wɔn mu bebree. Afei, ɔkɔtenaa ɔbodan bi a ɛwɔ ɔbotan bi mu wɔ Etam.

9Filistifoɔ no nso kyeree sraban wɔ Yuda sɛee Lehi kuro no de tuaa ne so ka. 10Yuda mmarima bisaa Filistifoɔ no sɛ, “Adɛn enti na moto hyɛ yɛn so saa?”

Filistifoɔ no buaa sɛ, “Yɛaba sɛ yɛrebɛkyere Samson. Deɛ ɔyɛɛ yɛn no, yɛrebɛtua no so ka.” 11Enti, Yudafoɔ mpensa kɔɔ ɔbodan a ɛwɔ ɔbotan mu wɔ Etam no sɛ wɔrekɔkyere Samson. Wɔka kyerɛɛ Samson sɛ, “Wonnim sɛ Filistifoɔ na wɔdi yɛn so? Ɛdeɛn na woreyɛ yɛn yi?”

Nanso, Samson buaa wɔn sɛ, “Deɛ wɔyɛɛ me no na metuaa wɔn so ka.”

12Nanso, Yuda mmarima ka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛaba sɛ yɛrebɛkyekyere wo na yɛde wo akɔma Filistifoɔ.”

Samson kaa sɛ, “Ɛyɛ, nanso, monhyɛ me bɔ sɛ mo ankasa deɛ, morenkum me.”

13Wɔbuaa sɛ, “Yɛbɛkyekyere wo de wo akɔma Filistifoɔ. Yɛrenkum wo.” Enti, wɔde ahoma foforɔ mmienu guu ne so kyekyeree no pampee, twee no firii ɔbotan no mu.

14Samson duruu Lehi no, Filistifoɔ no bɔɔ ose. Na Awurade Honhom tumi mu ahoɔden baa Samson so. Ɔtetee nhoma a ɛgu ne nsa so no mu te sɛ nhoma nketewa bi a ogya aka, maa ne nyinaa tete firii nʼabakɔn guu fam. 15Afei, ɔmaa afunumu apantan bi a na ɛda fam so de kunkumm Filistifoɔ apem. 16Na Samson kaa sɛ,

“Mede afunumu apantan,

Ahɔre wɔn sɛ esie!

Mede afunumu apantan,

akunkum mmarima apem!”

17Na ɔwiee kasa no, ɔtoo apantan no tweneeɛ. Na wɔtoo beaeɛ hɔ edin Ramat-Lehi a aseɛ ne Apantan bepɔ.

18Ɛbaa sɛ osukɔm dee Samson yie enti ɔsu frɛɛ Awurade sɛ, “Wonam wʼakoa ahoɔden so adi saa nkonim kɛseɛ yi. Na enti osukɔm nku me, na mentɔ wɔ saa abosonsomfoɔ yi nsam?” 19Enti, Awurade maa nsuo pue firii tokuro bi mu wɔ Lehi asase so baabi. Na Samson nom bi no, ne ho sanee no. Na ɔtoo hɔ din sɛ En-Hakore, na ɛda so wɔ Lehi de bɛsi ɛnnɛ.

20Samson yɛɛ Israel so ɔtemmufoɔ mfeɛ aduonu ɛberɛ a na Filistifoɔ di Israel asase so no.

Akuapem Twi Contemporary Bible

Atemmufo 15:1-20

Samson Aweretɔ Wɔ Filistifo So

1Akyiri no, awitwabere mu no, Samson faa abirekyi ba sɛ ɔde rekɔkyɛ ne yere. Ɔpɛɛ sɛ anka ɔkɔda ne nkyɛn, nanso ɔbea no agya amma no mu kwan.

2Ɔbea no agya no kae se, “Medwenee sɛ na wotan no, ɛno nti, mede no ama ɔbarima a na odi wʼanan ase wɔ mo ayeforohyia mu no. Nanso hwɛ ne nuabea ho yɛ fɛ sen no. Ware no si anan.”

3Samson kae se, “Saa bere yi, obiara rentumi mmɔ me sobo wɔ biribiara a merebɛyɛ mo Filistifo ho.” 4Afei ofii hɔ kɔe, kɔkyeree sakraman ahaasa. Ɔkyekyeree sakraman abien abien dua bɔɔ ho, na ɔkyekyeree ogyatɛn fam dua abien biara ho. 5Ɔsɔɔ ogyatɛn no na ɔmaa sakraman no tuu mmirika faa Filistifo mfuw mu. Ɔhyew wɔn awi nyinaa pasaa; nea wɔahyehyɛ wɔ san so ne nea wontwae nyinaa. Ɔsɛee wɔn bobeturo ne ngonnua nyinaa.

6Filistifo no bisae se, “Na hena na ɔyɛɛ saa amumɔyɛ yi?” Wɔn ara buae se, “Ɛyɛ Samson efisɛ nʼase barima a ofi Timna de Samson yere ama ɔbarima a na odi ne nan ase wɔ wɔn ayeforohyia mu no aware.” Enti Filistifo no kɔkyeree ɔbea no ne nʼagya hyew wɔn ma wowuwui.

7Samson suae se, “Esiane nea moayɛ yi nti, metua mo so ka na merennyae ara da kosi sɛ me bo bɛtɔ me yam!” 8Enti ɔde abufuw kɔtow hyɛɛ Filistifo no so kunkum wɔn mu bebree. Afei, ɔkɔtenaa ɔbodan bi a ɛwɔ ɔbotan bi mu wɔ Etam.

9Filistifo no nso kyeree nsraban wɔ Yuda sɛee Lehi kurow no de tuaa ne so ka. 10Yuda mmarima bisaa Filistifo no se, “Adɛn nti na motow hyɛ yɛn so saa?”

Filistifo no buae se, “Yɛaba sɛ yɛrebɛkyere Samson. Nea ɔyɛɛ yɛn no, yɛrebetua no so ka.” 11Enti Yudafo mpensa kɔɔ ɔbodan a ɛwɔ ɔbotan mu wɔ Etam no sɛ wɔrekɔkyere Samson. Wɔka kyerɛɛ Samson sɛ, “Wunnim sɛ Filistifo na wodi yɛn so? Dɛn na woreyɛ yɛn yi?”

Nanso Samson buae wɔn se, “Nea wɔyɛɛ me no na mituaa wɔn so ka.”

12Nanso Yuda mmarima ka kyerɛɛ no se, “Yɛaba sɛ yɛrebɛkyekyere wo na yɛde wo akɔma Filistifo.”

Samson kae se, “Monhyɛ me bɔ sɛ mo ankasa de, morenkum me.”

13Wobuae se, “Yɛbɛkyekyere wo de wo akɔma Filistifo. Yɛrenkum wo.” Enti wɔde hama foforo abien guu ne so kyekyeree no papee, twee no fii ɔbotan no mu.

14Samson duu Lehi no, Filistifo no bɔɔ ose. Na Awurade Honhom tumi mu ahoɔden baa Samson so. Ɔtetew ahama a egu ne nsa so no mu te sɛ nhoma nketewa bi a ogya aka, maa ne nyinaa tetew fii ne nsakɔn guu fam. 15Afei, ɔmaa afurum abogye bi a na ɛda fam so de kunkum Filistifo apem. 16Na Samson kae se,

“Mede afurum abogye,

Ahɔre wɔn sɛ siw!

Mede afurum abogye,

akunkum mmarima apem!”

17Na owiee kasa no, ɔtow abogye no kyenee. Na wɔtoo beae hɔ din Ramat-Lehi a ase ne Abogye bepɔw.

18Ɛbaa sɛ osukɔm dee Samson yiye nti osu frɛɛ Awurade sɛ, “Wonam wʼakoa ahoɔden so adi saa nkonim kɛse yi. Na enti osukɔm nkum me, na minwu wɔ saa abosonsomfo yi nsam ana?” 19Enti Awurade maa nsu pue fii tokuru bi mu wɔ Lehi asase so baabi. Na Samson nom bi no, ne ho san no. Na ɔtoo hɔ din se En-Hakore, na ɛda so wɔ Lehi de besi nnɛ.

20Samson yɛɛ Israel so temmufo mfe aduonu; bere a na Filistifo di Israel asase so no.