Atemmufoɔ 13 – ASCB & KSS

Asante Twi Contemporary Bible

Atemmufoɔ 13:1-25

Samson Awoɔ

1Bio, Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛyɛ bɔne wɔ Awurade ani so, enti Awurade de wɔn hyɛɛ Filistifoɔ nsam ma wɔhyɛɛ wɔn so mfeɛ aduanan.

2Saa ɛberɛ no, ɔbarima bi tenaa Sora a ne din de Manoa a ɔfiri Dan abusuakuo mu. Na ne yere nnya awoɔ, enti na wɔnni mma. 3Awurade ɔbɔfoɔ yii ne ho kyerɛɛ Manoa yere kaa sɛ, “Ɛwom sɛ wonnyaa awoɔ deɛ, nanso, ɛrenkyɛre worebɛnyinsɛn na woawo ɔbabarima. 4Ɛnsɛ sɛ wonom bobesa anaa nsã a ano yɛ den biara. Na nni biribiara nso a ɛyɛ akyiwadeɛ. 5Wobɛnyinsɛn na woawo ɔbabarima, na hwɛ sɛ oyiwan nka ne tire, ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ ɔyɛ Nasareni a wɔayi no asi hɔ ama Onyankopɔn firi awoɔ mu. Ɔbɛgye Israel afiri Filistifoɔ nsam.”

6Ɔbaa no de mmirika kɔɔ ne kunu nkyɛn kɔbɔɔ no amaneɛ sɛ, “Onyankopɔn onipa bi yii ne ho adi kyerɛɛ me. Na ɔte sɛ Onyankopɔn abɔfoɔ no mu baako a ne ho yɛ hu yie. Mammisa no baabi a ɔfiri baeɛ, na ɔno nso ammɔ ne din ankyerɛ me. 7Nanso, ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Wobɛnyinsɛn na woawo ɔbabarima. Enti nnom bobesa anaa nsã a ano yɛ den na nni biribiara a ɛyɛ akyiwadeɛ. Na wo babarima no bɛyɛ obi a wɔayi no asi hɔ ama Onyankopɔn sɛ Nasareni firi awoɔ mu kɔsi ɛberɛ a ɔbɛwu.’ ”

8Na Manoa bɔɔ Awurade mpaeɛ sɛ, “Ao Awurade, mesrɛ wo, ma Onyankopɔn onipa no nsane mmra yɛn nkyɛn na ɔmmɛkyerɛ yɛn nhyehyɛeɛ a ɛfa abarimaa a yɛbɛwo noɔ no ho.”

9Onyankopɔn tiee Manoa. Ɔbɔfoɔ no yii ne ho adi kyerɛɛ no bio wɔ ɛberɛ a ɔwɔ afuom. Nanso, na ne kunu Manoa nka ne ho wɔ hɔ. 10Ɔbaa no yɛɛ ntɛm kɔbɔɔ ne kunu amaneɛ sɛ, “Ɔbarima a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ me ɛda no no asane aba bio!”

11Manoa yɛɛ ntɛm dii ne yere akyi. Ɔduruu ɔbarima no ho no, ɔbisaa no sɛ, “Wo na wokaa biribi kyerɛɛ me yere no anaa?”

Ɔbuaa sɛ, “Aane, ɛyɛ me.”

12Enti, Manoa bisaa no sɛ, “Sɛ nsɛm a woaka no ba mu a, mmara bɛn na ɛwɔ hɔ ma abarimaa no asetena ne nʼadwumayɛ?”

13Awurade ɔbɔfoɔ no buaa sɛ, “Hwɛ sɛ wo yere bɛdi nhyehyɛeɛ a mekyerɛɛ noɔ no so. 14Ɛnsɛ sɛ ɔdi bobe anaa biribiara a ɛfiri bobe mu. Ɛnsɛ sɛ ɔnom bobesa anaa nsã a ano yɛ den. Ɛnsɛ sɛ ɔdi aduane biara a ɛyɛ akyiwadeɛ.”

15Enti, Manoa ka kyerɛɛ Awurade ɔbɔfoɔ no sɛ, “Mesrɛ wo, tena ha kɔsi sɛ yɛbɛsiesie abirekyie ba bi ama woadi ansa na woakɔ.”

16Awurade ɔbɔfoɔ no buaa sɛ, “Mɛtena, nanso, merenni biribiara. Mmom, motumi siesie ɔhyeɛ afɔdeɛ sɛ afɔrebɔdeɛ de ma Awurade.” (Na Manoa anhunu sɛ ɔyɛ Awurade ɔbɔfoɔ.)

17Afei, Manoa bisaa Awurade ɔbɔfoɔ no sɛ, “Wo din de sɛn? Sɛ nsɛm yi nyinaa ba mu a, yɛpɛ sɛ yɛhyɛ wo animuonyam.”

18Awurade ɔbɔfoɔ no bisaa no sɛ, “Adɛn enti na wobisa me din? Sɛ mebɔ me din kyerɛ wo a, worente aseɛ.”

19Afei, Manoa faa abirekyie ba no ne aduane afɔrebɔdeɛ de bɔɔ afɔdeɛ wɔ ɔbotan bi so maa Awurade. Na Manoa ne ne yere rehwɛ no, Awurade yɛɛ anwanwadeɛ bi. 20Egyadɛreɛ a ɛwɔ afɔrebukyia no mu no tene kɔɔ ewiem no, Awurade ɔbɔfoɔ no faa mu foro kɔeɛ. Na Manoa ne ne yere hunuu saa no, wɔde wɔn anim butubutuu fam.

21Ɔbɔfoɔ no anyi ne ho adi bio ankyerɛ Manoa ne ne yere. Afei, Manoa hunuu sɛ ɛyɛ Awurade ɔbɔfoɔ, 22na ɔka kyerɛɛ ne yere sɛ, “Yɛbɛwuwu, ɛfiri sɛ, yɛahunu Onyankopɔn!”

23Nanso, ne yere kaa sɛ, “Sɛ Awurade bɛkum yɛn a, anka wannye yɛn ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ no. Anka ɔrenyi ne ho adi nkyerɛ yɛn, nka anwanwasɛm nkyerɛ yɛn, nyɛ saa anwanwadeɛ yi nso.”

24Ɔbaa no woo ne babarima no, wɔtoo ne din Samson. Na abɔfra no renyini no, Awurade hyiraa no. 25Na ɛberɛ a ɔwɔ Mahane Dan a ɛwɔ Sora ne Estaol ntam no, Awurade Honhom hyɛɛ aseɛ baa ne so.

Kurdi Sorani Standard

ڕابەران 13:1-25

لەدایکبوونی شەمشون

1دیسان نەوەی ئیسرائیل لەبەرچاوی یەزدان گەڕانەوە بۆ خراپەکاری و یەزدانیش چل ساڵ ژێر دەستەی فەلەستییەکانی کردن.

2ئینجا پیاوێک لە چۆرعا هەبوو لە هۆزی دانییەکان ناوی مانۆوەح بوو، ژنەکەی نەزۆک بوو منداڵی نەدەبوو. 3جا فریشتەی یەزدان بۆ ژنەکە دەرکەوت و پێی فەرموو: «تۆ نەزۆکیت و منداڵت نەبووە، بەڵام سکپڕ دەبیت و کوڕێکت دەبێت. 4ئێستاش وریابە شەراب و مەی مەخۆرەوە و شتی گڵاو مەخۆ. 5ئەوەتا سک پڕ دەبیت و کوڕێکت دەبێت، گوێزان بەسەر سەریدا نایەت، چونکە کوڕەکە هەر لە سکتەوە تەرخانکراو13‏:5 تەرخانکراو: واتا نەزر دەکات. بڕوانە سەرژمێری بەشی 6.‏ دەبێت بۆ خودا، ئەویش دەست دەکات بە ڕزگارکردنی ئیسرائیل لە دەستی فەلەستییەکان.»

6ئینجا ژنەکە چوو بۆ لای مێردەکەی و پێی گوت: «پیاوێکی خودا هات بۆ لام و وەک فریشتەی خودا شێوەی زۆر سامناک بوو. لێم نەپرسی کە لەکوێوە هاتووە، ئەویش ناوی خۆی پێ نەگوتم. 7پێی گوتم: ”ئەوەتا سک پڕ دەبیت و کوڕێکت دەبێت، ئێستاش شەراب و مەی مەخۆرەوە و شتی گڵاو مەخۆ، چونکە کوڕەکە لەو کاتەوەی لە سکتە تەرخانکراو دەبێت بۆ خودا هەتا ڕۆژی مردنی.“»

8ئینجا مانۆوەح لە یەزدان پاڕایەوە و گوتی: «ئەی پەروەردگار، داوات لێ دەکەم ئەو پیاوەی خودا کە ناردت با دووبارە بێتەوە بۆ لامان و فێرمان بکات چی بۆ ئەو کوڕە بکەین کە لەدایک دەبێت.»

9خوداش گوێی لە دەنگی مانۆوەح گرت و فریشتەی خودا دووبارە هاتەوە بۆ لای ژنەکە کە لە کێڵگەدا دانیشتبوو و مانۆوەحی مێردی لەگەڵدا نەبوو. 10ئیتر ژنەکە بە خێرایی ڕایکرد و بە مێردەکەی گوت: «ئەو پیاوەی کە ئەو ڕۆژە هات بۆ لام، لێرەیە!»

11مانۆوەحیش هەستا و بەدوای ژنەکەیدا ڕۆیشت و هات بۆ لای پیاوەکە، پێی گوت: «تۆ ئەو پیاوەی کە لەگەڵ ژنەکەم قسەت کرد؟»

ئەویش گوتی: «من ئەوم.»

12مانۆوەحیش گوتی: «لە کاتی هاتنەدی وتەکەت، ڕێنمایی و کردارەکانی چۆن دەبێت؟»

13ئینجا فریشتەکەی یەزدان بە مانۆوەحی گوت: «با ژنەکە هۆشیار بێت لە هەموو ئەو شتانەی پێم گوت، 14ئەوەی لە دار مێو بێت با نەیخوات، شەراب و مەی نەخواتەوە و هیچ شتێکی گڵاویش نەخوات. با خۆی لە هەموو ئەو شتانە بپارێزێت کە ڕامسپاردووە.»

15ئینجا مانۆوەح بە فریشتەکەی یەزدانی گوت: «لێمانگەڕێ با بتحەوێنینەوە و کارەبزنێکت بۆ سەر ببڕین.»

16فریشتەکەی یەزدانیش بە مانۆوەحی گوت: «ئەگەر بشمحەوێننەوە لە نانەکەت ناخۆم، ئەگەر قوربانی سووتاندنیشت کرد پێشکەشی یەزدانی بکە.» مانۆوەح نەیزانی ئەوە فریشتەی یەزدانە.

17مانۆوەحیش بە فریشتەکەی یەزدانی گوت: «ناوت چییە، بۆ ئەوەی کاتێک وتەکەت هاتە دی ڕێزت لێ بنێین؟»

18فریشتەکەی یەزدانیش پێی گوت: «بۆچی لە ناوم دەپرسیت؟ ئەو لە سەرووی تێگەیشتنەوەیە؟» 19ئینجا مانۆوەح کارەبزنەکە و دانەوێڵە پێشکەشکراوەکەی برد و سەری خستنە سەر تاتەبەردێک و کردنی بە قوربانی بۆ یەزدان، یەزدانیش کارێکی سەرسوڕهێنەری ئەنجام دا و مانۆوەح و ژنەکەشی تەماشایان دەکرد. 20ئەوە بوو: لە کاتی بەرزبوونەوەی گڕی ئاگر لە قوربانگاکەوە بۆ ئاسمان، فریشتەکەی یەزدان لەناو گڕی قوربانگاکەدا سەرکەوت. کە مانۆوەح و ژنەکەی ئەمەیان بینی هەردووکیان بە ڕوودا کەوتن بە زەویدا. 21لەدوای ئەمە فریشتەکەی یەزدان لەبەرچاوی مانۆوەح و ژنەکەی دیار نەما، ئەوسا مانۆوەح زانی ئەوە فریشتەی یەزدان بوو.

22ئیتر مانۆوەح بە ژنەکەی گوت: «بێگومان دەمرین، چونکە خودامان بینی!»

23ژنەکەشی وەڵامی دایەوە: «ئەگەر یەزدان بیویستایە بمانمرێنێت قوربانی سووتاندن و پێشکەشکراوی دانەوێڵەیی لە دەستمان وەرنەدەگرت، هەموو ئەم شتانەی نیشان نەدەداین و لەم کاتەدا هەموو ئەم شتانەی پێ نەدەگوتین.»

24ئینجا ژنەکە کوڕێکی بوو و ناوی لێنا شەمشون. کوڕەکە گەورە بوو و یەزدان بەرەکەتداری کرد، 25ڕۆحی یەزدانیش دەستی کرد بە جوڵاندنی شەمشون کاتێک لە مەحەنێی دان بوو کە دەکەوێتە نێوان چۆرعا و ئەشتائۆل.