Atemmufoɔ 10 – ASCB & AKCB

Asante Twi Contemporary Bible

Atemmufoɔ 10:1-18

Tola Bɛyɛ Israel So Ɔtemmufoɔ

1Abimelek wuo akyi no, Pua a ɔyɛ Dodo aseni no babarima Tola ba bɛgyee Israel. Na ɔfiri Isakar abusuakuo mu, nanso ɔtenaa Samir a ɛwɔ Efraim bepɔ asase so. 2Ɔyɛɛ Israel so ɔtemmufoɔ mfeɛ aduonu mmiɛnsa. Ɔwuiɛ no wɔsiee no wɔ Samir.

Yair Bɛyɛ Israel So Ɔtemmufoɔ

3Tola wuo akyi no, Yair a ɔfiri Gilead bɛyɛɛ Israel so ɔtemmufoɔ mfeɛ aduonu mmienu. 4Ne mmammarima aduasa tena wɔn mfunumu so kyinkyini, na wɔdi nkuro aduasa so wɔ Gilead asase so, a ɛbɛsi ɛnnɛ wɔfrɛ hɔ Yair Nkuro. 5Yair wuiɛ na wɔsiee no Kamon.

Amonfoɔ Hyɛ Israelfoɔ So

6Bio, Israelfoɔ yɛɛ Awurade ani so bɔne. Wɔsomm Baal ne Astoret ahoni ne Aram, Sidon, Moab, Amon ne Filistia anyame. Wɔtwee wɔn ho firii Awurade ho a wɔansom no koraa. 7Enti Awurade bo fuu Israelfoɔ, na ɔde wɔn hyɛɛ Filistifoɔ ne Amorifoɔ nsa, 8na wɔfirii aseɛ hyɛɛ wɔn so saa afe no. Wɔhyɛɛ Israelfoɔ a wɔwɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam wɔ Amorifoɔ (wɔ Gilead) asase no so mfeɛ dunwɔtwe. 9Amorifoɔ no nso twaa Yordan kɔɔ atɔeɛ fam kɔto hyɛɛ Yuda, Benyamin ne Efraim so, Israelfoɔ kɔɔ ahokyere kɛseɛ mu. 10Afei Israelfoɔ su frɛɛ Awurade sɛ, “Yɛayɛ bɔne atia wo, ɛfiri sɛ yɛatwe yɛn ho afiri yɛn Onyankopɔn ho na yɛasom Baal ahoni.”

11Awurade buaa sɛ, “Mannye mo amfiri Misraimfoɔ, Amorifoɔ, Amonfoɔ, Filistifoɔ 12Sidonfoɔ, Amalekfoɔ ne Maonfoɔ nsam? Ɛberɛ a wɔhyɛɛ mo so no, mosu frɛɛ me na megyee mo. 13Nanso, moagya me akɔsom anyame foforɔ. Ɛno enti, merennye mo bio. 14Monkɔsu nkyerɛ anyame a moafa wɔn no. Momma wɔnnye mo ɛberɛ a morehunu amaneɛ yi.”

15Nanso, Israelfoɔ no kɔɔ so srɛɛ Awurade sɛ, “Yɛayɛ bɔne. Twe yɛn aso sɛdeɛ ɛfata. Nanso, gye yɛn firi yɛn atamfoɔ nsam ɛnnɛ.” 16Na Israelfoɔ no too ananafoɔ anyame no guu nkyɛn bɛsom Awurade. Na Awurade ho yeraa no wɔ wɔn ahokyere no ho.

17Saa ɛberɛ no na Amonfoɔ asraadɔm aboa wɔn ho ano wɔ Gilead, sɛ wɔrekɔto ahyɛ Israel akodɔm so wɔ Mispa. 18Na Gilead ntuanofoɔ no keka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, “Obiara a ɔbɛdi ɛkan ato ahyɛ Amonfoɔ so no, bɛyɛ deɛ ɔbɛdi Gileadfoɔ nyinaa so.”

Akuapem Twi Contemporary Bible

Atemmufo 10:1-18

Tola Bɛyɛ Israel So Temmufo

1Abimelek wu akyi no, Pua a ɔyɛ Dodo aseni no babarima Tola ba begyee Israel. Na ofi Isakar abusuakuw mu, nanso ɔtenaa Samir a ɛwɔ Efraim bepɔw asase no so. 2Ɔyɛɛ Israel so temmufo mfe aduonu abiɛsa. Owui no, wosiee no wɔ Samir.

Yair Bɛyɛ Israel So Temmufo

3Tola wu akyi no, Yair a ofi Gilead bɛyɛɛ Israel so temmufo mfe aduonu abien. 4Na ne mmabarima aduasa tena wɔn mfurum so kyinkyin, na wodi nkurow aduasa so wɔ Gilead asase so, a ebesi nnɛ wɔfrɛ hɔ Yair Nkurow. 5Yair wui na wosiee no Kamon.

Amonfo Hyɛ Israelfo So

6Bio, Israelfo yɛɛ Awurade ani so bɔne. Wɔsom Baal ne Astoret ahoni ne Aram, Sidon, Moab, Amon ne Filisti anyame. Wɔtwee wɔn ho fii Awurade ho a wɔansom no koraa. 7Enti Awurade bo fuw Israelfo, na ɔde wɔn hyɛɛ Filistifo ne Amorifo nsa, 8na wofii ase hyɛɛ wɔn so saa afe no. Wɔhyɛɛ Israelfo a wɔwɔ Asubɔnten Yordan apuei fam wɔ Amorifo (wɔ Gilead) asase no so mfe dunwɔtwe. 9Amorifo no nso twaa Yordan kɔɔ atɔe fam kɔtow hyɛɛ Yuda, Benyamin ne Efraim so, Israelfo kɔɔ ahokyere kɛse mu. 10Afei Israelfo su frɛɛ Awurade se, “Yɛayɛ bɔne atia wo, efisɛ yɛatwe yɛn ho afi yɛn Nyankopɔn ho na yɛasom Baal ahoni.”

11Awurade buae se, “Mannye mo amfi Misraimfo, Amorifo, Amonfo, Filistifo, 12Sidonfo, Amalekfo ne Maonfo nsam? Bere a wɔhyɛɛ mo so no, musu frɛɛ me na migyee mo. 13Nanso moagyaw me akɔsom anyame foforo. Ɛno nti, merennye mo bio. 14Munkosu nkyerɛ anyame a moafa wɔn no. Momma wonnye mo bere a morehu amane yi.”

15Nanso Israelfo no kɔɔ so srɛɛ Awurade se, “Yɛayɛ bɔne. Twe yɛn aso sɛnea ɛfata. Nanso gye yɛn fi yɛn atamfo nsam nnɛ.” 16Na Israelfo no tow ananafo anyame no guu nkyɛn bɛsom Awurade. Na Awurade ho yeraw no wɔ wɔn ahokyere no ho.

17Saa bere no na Amonfo asraafo aboa wɔn ho ano wɔ Gilead, sɛ wɔrekɔtow ahyɛ Israel asraafo so wɔ Mispa. 18Na Gilead ntuanofo no keka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho se, “Obiara a obedi kan atow ahyɛ Amonfo so no bɛyɛ nea obedi Gileadfo nyinaa so.”