Asomafoɔ 28 – ASCB & HTB

Asante Twi Contemporary Bible

Asomafoɔ 28:1-31

Yɛduru Malta

1Yɛduruu mpoano hɔ no, ankyɛre na yɛhunuu sɛ yɛwɔ supɔ Malta so. 2Supɔ no sofoɔ no gyee yɛn fɛ so. Esiane sɛ na osuo atɔ ama awɔ aba enti, wɔsɔɔ ogya ma yɛtoeɛ. 3Paulo bubuu mmabaa sɛ ɔde regu ogya no mu. Ɔde regu mu no, ɔwɔ bi a ogya no hyeɛ aka no no, bebaree ne nsa ho. 4Supɔ no sofoɔ no hunuu ɔwɔ no sɛ ɔbebare ne nsa ho no, wɔkaa sɛ, “Saa onipa yi yɛ owudifoɔ a wanya ne ti adidi mu wɔ ɛpo akwanhyia mu, nanso ɛnam ne bɔne enti, owuo ara na ɛtwa sɛ ɔwu.” 5Paulo petee ɔwɔ no too ogya no mu a hwee anyɛ no. 6Na nkurɔfoɔ no nyinaa susuu sɛ Paulo bɛhonhono anaasɛ ɔbɛtwa ahwe awu. Nanso, wɔtwɛnee ara a biribiara anyɛ no no, wɔsakyeraa wɔn adwene kaa sɛ, “Ɔyɛ onyame bi.”

7Na ɔpanin a ɔhwɛ supɔ no so a wɔfrɛ no Publio no fie bɛn mpoano hɔ; ɔgyee yɛn fɛw so, somm yɛn hɔhoɔ nnansa. 8Saa ɛberɛ no ara na Publio agya yaree huraeɛ ne konkurowa a aka no ato hɔ. Paulo kɔɔ ɛdan a na ɔda mu no mu de ne nsa guu ne so, bɔɔ mpaeɛ maa ne ho yɛɛ no den. 9Deɛ Paulo yɛeɛ no maa ayarefoɔ a wɔwɔ supɔ no so no nyinaa baa ne nkyɛn maa ɔsaa wɔn yadeɛ. 10Wɔmaa yɛn akyɛdeɛ bebree. Yɛrebɛfiri hɔ akɔ no nso, wɔde biribiara a ɛho hia yɛn no bɛguu ɛhyɛn no mu maa yɛn.

Yɛfiri Malta Kɔ Roma

11Yɛdii abosome mmiɛnsa wɔ supɔ no so ansa na yɛnyaa ɛhyɛn bi a ɛfiri Aleksandria a ne nsɛnkyerɛnneɛ yɛ etire mmienu a ɛgyina hɔ ma anyame baanu bi. Na saa ɛhyɛn no abɛdi awɔberɛ no wɔ supɔ no so. 12Yɛduruu Sidarakusa no, yɛdii nnansa wɔ hɔ. 13Yɛfiri hɔ no, yɛtoaa so kɔduruu Regio. Adeɛ kyeeɛ no, mframa bi bɔ firi anafoɔ fam maa nnanu akyi no, yɛkɔduruu Puteoli. 14Ɛha na yɛhyiaa agyidifoɔ bi a wɔsrɛɛ yɛn sɛ, yɛntena wɔn nkyɛn nnawɔtwe. Ɛno akyi no, yɛtoaa so kɔduruu Roma. 15Anuanom a wɔwɔ Roma no tee yɛn nka sɛ yɛreba no, ebinom bɛhyiaa yɛn ɛkwan wɔ adwabɔeɛ a ɛwɔ Apia ɛkwan no so na afoforɔ nso hyiaa yɛn wɔ ahɔhobea bi a wɔfrɛ no Ahɔhodan Mmiɛnsa no. Ɛberɛ a Paulo hunuu wɔn no, ne ho sanee no na ɔdaa Onyankopɔn ase. 16Yɛduruu Roma no, wɔmaa Paulo ho ɛkwan sɛ ɔnkɔtena baabiara a ɔpɛ na ɔsraani bi nnwɛn no.

17Nnansa akyi no, Paulo frɛɛ Yudafoɔ mpanin ne wɔn hyiaeɛ. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Anuanom, ɛwom sɛ manyɛ bɔne biara mantia yɛn ɔman ne yɛn amanneɛ a yɛn agyanom de gyaa yɛn no de, nanso wɔkyeree me dedua wɔ Yerusalem de me hyɛɛ Romafoɔ nsa. 18Wɔbisaa me nsɛm pɛɛ sɛ wɔgyaa me, ɛfiri sɛ, wɔannya afɔbudeɛ bi wɔ me ho a ɛno enti ɛsɛ sɛ wɔgyina so kum me. 19Nanso, ɛberɛ a Yudafoɔ kasatia gyaeɛ a wɔpɛ sɛ wɔgyaa me no, mehunuu sɛ, ɛsɛ sɛ medwane metoa Kaesare. Ɛnyɛ me nkurɔfoɔ ho adwemmɔne a mewɔ enti na meyɛɛ saa. 20Yei enti na mepɛɛ sɛ mehunu mo na me ne mo kasa no, na onipa a Israelfoɔ ani da ne so no enti na nkɔnsɔnkɔnsɔn gu me yi.”

21Wɔbuaa Paulo sɛ, “Yɛnnyaa nwoma biara a ɛfiri Yudea a ɛfa wo ho na yɛntee wo ho asɛmmɔne biara nso mfirii anuanom a wɔfiri hɔ ba ha no nso nkyɛn. 22Nanso, yɛpɛ sɛ yɛhunu wʼadwene, ɛfiri sɛ, yɛnim sɛ baabiara nnipa kasa tia Akristofoɔ a wɔn nso woka wɔn ho no.”

Paulo Asɛnka Wɔ Roma

23Wɔhyɛɛ da bi sɛ wɔbɛhyia Paulo. Saa ɛda no duruiɛ no, nnipa bebree kɔɔ ne nkyɛn wɔ faako a ɔte hɔ no. Ɔkaa Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Ɔnam Mose mmara ne nsɛm a adiyifoɔ no kaeɛ no so kaa Yesu ho asɛm firi anɔpa kɔsii anadwo kyerɛɛ wɔn, pɛɛ sɛ ɔdane wɔn adwene. 24Nnipa no bi gyee Paulo asɛm a ɔkaeɛ no diiɛ na ebi nso annye anni. 25Ɛberɛ a wɔregyegye wɔn ho wɔn ho akyinnyeɛ no, wɔfirii hɔ kɔeɛ. Na asɛm a ɛtwa toɔ a Paulo kaeɛ ne sɛ. “Nokwasɛm na Honhom Kronkron nam Odiyifoɔ Yesaia so ka kyerɛɛ mo agyanom sɛ,

26“Monkɔka asɛm yi nkyerɛ Yudafoɔ sɛ,

‘Ɔte deɛ mobɛte, nanso morente aseɛ.

Ɔhwɛ deɛ mobɛhwɛ, nanso morenhunu,’

27ɛfiri sɛ mo, moapirim mo akoma;

moasi mo aso, akatakata mo ani.

Ɛnyɛ saa a anka mo ani bɛhunu adeɛ,

na mo akoma ate asɛm ase,

na moanu mo ho asane aba me nkyɛn, na masa mo yadeɛ.”

28Paulo kaa sɛ, “Ɛsɛ sɛ mohunu sɛ Onyankopɔn nkwagyesɛm no aduru amanamanmufoɔ no nkyɛn. Wɔbɛtie!” 29Paulo kaa saa asɛm yi wieeɛ no, Yudafoɔ no firii hɔ kɔeɛ a na wɔregyegye wɔn ho wɔn ho akyinnyeɛ dendeenden.

30Paulo tenaa hɔ mfeɛ mmienu, a na ɔte efie a ɔno ankasa tua ho ka no mu, na nnipa bebree kɔɔ ne nkyɛn. 31Na ɔde akokoɔduru kaa Onyankopɔn Ahennie no ne Awurade Yesu Kristo ho asɛm.

Het Boek

Handelingen 28:1-31

Paulus verblijft in Rome

1Wij ontdekten dat het eiland waar we geland waren Malta heette. 2De bewoners waren buitengewoon vriendelijk voor ons. Zij waren heel gastvrij en maakten een groot vuur omdat het regenachtig en koud was.

3Paulus hielp mee met hout sprokkelen. Toen hij een bos takken op het vuur gooide, schoot er door de hitte een adder uit en beet zich in zijn hand vast. 4De eilandbewoners zagen het beest aan Paulusʼ hand hangen en zeiden tegen elkaar: ‘Die man is vast een moordenaar! Hoewel hij aan de zee is ontkomen, wil de godin van de gerechtigheid niet dat hij in leven blijft.’ 5Paulus schudde echter het beest van zijn hand af, zodat het in het vuur viel. Hij had verder nergens last van. 6De eilandbewoners verwachtten dat hij zou opzwellen of plotseling dood zou neervallen. Maar toen er na lange tijd niets met hem gebeurd was, sloegen zij om als een blad aan een boom en zeiden dat hij een god was.

7Daar vlakbij lag het landgoed van Publius, de gouverneur van het eiland. Hij was heel gastvrij voor ons en gaf ons drie dagen onderdak. 8Publiusʼ vader lag met koorts en dysenterie in bed. Paulus ging naar hem toe, bad voor hem, legde zijn handen op hem en genas hem. 9Toen dit nieuws bekend werd, kwamen overal van het eiland zieken naar ons toe, die werden genezen. 10Zij brachten ons vele geschenken en gaven bij ons vertrek allerlei dingen mee die wij nodig hadden.

11Drie maanden na de schipbreuk gingen wij aan boord van een ander schip, de Tweelingen uit Alexandrië. Het had in de haven van het eiland overwinterd. 12De eerste plaats die wij aandeden, was Syracuse, waar wij drie dagen bleven. 13Daarna zeilden wij om het eiland Sicilië heen en kwamen in Regium. Na daar een dag in de haven te hebben gelegen, gingen we weer verder. Er was een zuidenwind opgestoken, zodat wij binnen twee dagen in Puteoli waren. 14Daar vonden wij een groep christenen. Zij vroegen ons dringend een week bij hen te blijven. Maar na die week reisden wij weer verder naar Rome. 15De Romeinse christenen hadden gehoord dat wij in aantocht waren en kwamen ons tegemoet. Wij ontmoetten enkelen van hen al bij Forum Appii en weer anderen een paar kilometer verder, bij Tres Tabernae. Toen Paulus hen allen zag, dankte hij God en vatte nieuwe moed.

16Na onze aankomst in Rome werd Paulus gezegd dat hij mocht wonen waar hij wilde, al was het wel onder voortdurende bewaking van een soldaat.

17Drie dagen later vroeg hij de leiders van de Joodse gemeenschap bij hem te komen. ‘Broeders,’ zei hij, ‘hoewel ik geen enkele misdaad tegen ons volk en onze tradities heb begaan, ben ik toch door de Joden in Jeruzalem gevangengenomen en aan de Romeinen uitgeleverd. 18Die wilden mij na het verhoor vrijlaten, omdat ik niets had gedaan waarop de doodstraf staat. 19Maar toen de Joden daar heftig tegen protesteerden, heb ik mij op de keizer beroepen, overigens zonder de bedoeling mijn volk aan te klagen. 20Omdat ik u dit graag wilde vertellen, heb ik u gevraagd hier te komen. Ik ben geboeid, omdat ik leef in de verwachting dat de doden weer levend zullen worden.’ 21Zij antwoordden: ‘Wij hebben niets slechts over u persoonlijk gehoord, niet in de brieven die we uit Judea hebben ontvangen en ook niet van de Joden die in Jeruzalem zijn geweest. 22Maar het zou wel goed zijn om te weten wat voor ideeën u erop nahoudt. Want wij horen niet veel goeds over de partij waar u bijhoort.’

23Zij maakten een afspraak met Paulus om daar eens uitgebreid over te praten. Op de afgesproken dag kwamen zij bij hem thuis en luisterden naar wat hij te vertellen had. Van ʼs morgens tot ʼs avonds sprak hij vol vuur over het Koninkrijk van God. Hij probeerde hen aan de hand van de boeken van Mozes en de profeten, ervan te overtuigen dat Jezus de Christus is. 24Sommigen werden inderdaad overtuigd door wat hij zei. Maar anderen geloofden hem niet. 25Zij vertrokken, zonder dat ze het met Paulus eens waren geworden. Voor hun vertrek zei Paulus nog dit: ‘Wat de Heilige Geest door de profeet Jesaja tegen onze voorouders heeft gezegd, is maar al te waar! 26“Ga naar het Joodse volk,” zei hij, “en zeg: u hoort wel, maar begrijpt niet. U kijkt wel, maar ziet niet. 27Het hart van dit volk is onverschillig, ze hebben hun oren dichtgestopt en hun ogen gesloten, om maar niets te zien, horen of begrijpen. Daarom kunnen zij niet naar God terugkeren en kan Hij hen niet genezen.” 28U moet goed beseffen, broeders, dat God de andere volken dezelfde redding aanbiedt als ons. En zij zullen naar Hem luisteren!’ 29Nadat hij dit gezegd had, verlieten de Joden hem, terwijl zij het onderling niet eens werden.

30Paulus woonde twee volle jaren in het huis dat hij had gehuurd en ontving iedereen die bij hem kwam. 31Hij liet geen kans voorbijgaan om over het Koninkrijk van God te spreken. Met grote vrijmoedigheid sprak hij over de Here Jezus Christus. En niemand legde hem een strobreed in de weg.