Asomafoɔ 17 – ASCB & CRO

Asante Twi Contemporary Bible

Asomafoɔ 17:1-34

Paulo Ne Silas Kɔ Tesalonika

1Wɔtoaa wɔn akwantuo no so firii Amfipoli ne Apolonia baa Tesalonika a na Yudafoɔ hyiadan wɔ no. 2Sɛdeɛ Paulo taa yɛ no, ɔkɔɔ hyiadan mu mprɛnsa ne nnipa no gyee akyinnyeɛ wɔ Atwerɛsɛm no ho, 3kyerɛɛ mu, dii adanseɛ sɛ ɛsɛ sɛ, Agyenkwa no hunu amane na ɔsɔre firi awufoɔ mu. Paulo kaa sɛ, “Saa Yesu a mereka ne ho asɛm akyerɛ mo yi ne Agyenkwa no.” 4Nnipa no bi gye diiɛ maa wɔdii Paulo ne Silas akyi. Saa ara nso na Helafoɔ bebree a wɔsom Onyankopɔn ne mmaa mpanin bi nso gye diiɛ de wɔn ho bɔɔ wɔn ara no no.

5Yudafoɔ mpanin no ani bereeɛ enti wɔboaboaa ahuhufoɔ bi ano maa wɔbɔɔ twi faa kuro no mu kɔtwaa Yason fie ho hyiaeɛ, pɛɛ sɛ wɔn nsa ka Paulo ne Silas de wɔn brɛ mpanin no. 6Esiane sɛ wɔn nsa anka wɔn no enti, wɔtwee Yason ne anuanom bi de wɔn baa mpanin no anim teateaam sɛ, “Saa nnipa a wɔma basabasa ba baabiara a wɔkɔ no aba yɛn kuro yi mu, 7ama Yason agye wɔn atena ne fie. Wɔn nyinaa abu Ɔhempɔn Kaesare mmara a ɔde ama yɛn sɛ yɛnni so no so, ɛfiri sɛ, wɔka sɛ, ɔhene foforɔ bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Yesu.” 8Saa asɛm yi hwanyanee dɔm no ne kuro no mu mpanin no. 9Kuro no mu mpanin no maa Yason ne anuanom no tuaa sika bi de dii wɔn agyinamu maa wɔgyaa wɔn.

Paulo Ne Silas Kɔ Beroia

10Adeɛ saeɛ ara pɛ, anuanom yi gyaa Paulo ne Silas ɛkwan ma wɔkɔɔ Beroia. Wɔduruiɛ no, wɔkɔɔ Yudafoɔ hyiadan mu. 11Na nnipa a wɔwɔ hɔ no nyɛ akyinnyegyefoɔ te sɛ Tesalonikafoɔ no. Wɔde ahosɛpɛ gyee asɛm no diiɛ a daa na wɔsua Atwerɛsɛm no pɛɛ sɛ wɔhunu sɛ nkyerɛkyerɛ a Paulo kyerɛkyerɛ no yɛ nokorɛ anaa. 12Nnipa no mu bebree a Helafoɔ mmaa atitire ne mmarima ka ho no gyee nkyerɛkyerɛ no diiɛ.

13Ɛberɛ a Yudafoɔ a wɔwɔ Tesalonika no tee sɛ Paulo akɔka Onyankopɔn asɛm no wɔ Beroia no, wɔkɔɔ hɔ nso kɔhwanyanee ɛhɔfoɔ no nso. 14Enti, ntɛm ara, anuanom no gyaa Paulo ɛkwan sɛ ɔnkɔ mpoano, nanso Silas ne Timoteo de, wɔtenaa Beroia. 15Nnipa a wɔkɔgyaa Paulo ɛkwan no de no kɔduruu Atene. Wɔresane akɔ Beroia no, Paulo kraa wɔn sɛ wɔnka nkyerɛ Silas ne Timoteo sɛ wɔmmɛka ne ho ntɛm.

Paulo Wɔ Atene

16Ɛberɛ a Paulo retwɛn Silas ne Timoteo wɔ Atene no, ɔhunuu ahoni pii wɔ kuro no mu. Yei maa ne werɛ hoeɛ yie. 17Enti, na ɔne Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ a wɔsom Onyankopɔn no taa hyia wɔ hyiadan mu ma ɔkyerɛkyerɛ wɔn Onyankopɔn asɛm. Saa ara nso na daa na ɔne nkurɔfoɔ gye akyinnyeɛ wɔ adwabɔeɛ ara no no. 18Afei, ɔne Epikurofoɔ ne Stoikfoɔ anyansafoɔ bi nso gyee akyinnyeɛ. Ebinom kaa sɛ, “na ɛdeɛn na ɔtoatoafoɔ yi pɛ sɛ ɔkyerɛ yi?” Afoforɔ nso kaa sɛ, “Ɛsɛ deɛ ɔreka anyame afoforɔ bi ho asɛm.” Deɛ enti a wɔkaa yei ne sɛ, na Paulo reka Yesu Kristo ne ne wusɔreɛ ho asɛm. 19Wɔde Paulo kɔɔ Areopago17.19 Asekyerɛ ne “Ares kokoɔ.” Ares yɛ Helafoɔ nyame a ɔgyina hɔ ma aprannaa ne ɔko. nhyiamu anim kaa sɛ, “Yɛpɛ sɛ yɛte nkyerɛkyerɛ foforɔ a worekyerɛkyerɛ yi ase, 20ɛfiri sɛ, nsɛm a woka no bi yɛ yɛn asom asɛm foforɔ, enti yɛpɛ sɛ wokyerɛkyerɛ yɛn mu yie.” 21Na Atenefoɔ ne ahɔhoɔ a wɔwɔ hɔ no nni hwee yɛ sɛ wɔde wɔn adagyeɛ nyinaa bɛtie nsɛm foforɔ anaa wɔbɛka nsɛm foforɔ a wɔate no akyerɛ afoforɔ.

Paulo Asɛnka Wɔ Areopago

22Paulo sɔre gyinaa Areopago nhyiamu no anim kaa sɛ, “Atenefoɔ, mehunu sɛ moyɛ nnipa a mopɛ nyamesom yie. 23Ɛfiri sɛ, metuu mpase faa mo kuro yi mu, na mehunuu mmeaeɛ ahodoɔ a mosom no, mehunuu afɔrebukyia bi a wɔatwerɛ ho sɛ,

Onyame a wɔnnim no no de.

Enti, adeɛ a monnim na mosɔre no no, ɛno ho asɛm na mereka akyerɛ mo yi.

24“Onyankopɔn a ɔbɔɔ ewiase ne nneɛma a ɛwɔ mu nyinaa no na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase. Awurade no nte asɔredan a nnipa asi mu. 25Saa ara nso na biribiara a nnipa nam wɔn dwumadie so de bɛma no no nso ho nhia no, ɛfiri sɛ, ɔno na ɔma nnipa nkwa ne biribiara a ɛhia wɔn. 26Ɔnam onipa baako so na ɔbɔɔ nnipa ahodoɔ nyinaa de wɔn tenaa asase so. Ɔno ankasa na ansa na ɔrebɛbɔ nnipa no, ɔhyehyɛɛ amanaman ɛberɛ a wɔbɛsɔre ne ɛberɛ a wɔbɛhwe ase. Saa ara nso na ɔhyehyɛɛ wɔn tenabea ahyeɛ. 27Ɛwom sɛ Onyankopɔn bɛn yɛn de, nanso ɔyɛ yei sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nnipa bɛhwehwɛ nʼakyi kwan atwe abɛn no; 28sɛdeɛ obi ka sɛ, ‘Ne mu na yɛte ase na yɛkeka yɛn ho’ no no. Saa ara nso na mo nnwomtofoɔ bi nso aka sɛ, ‘Yɛn nso yɛyɛ ne mma’ no.

29“Ɛnneɛ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma de a, ɛnsɛ sɛ yɛsusu sɛ Onyankopɔn tebea te sɛ ohoni bi a onipa de dwetɛ anaa sika anaa ɛboɔ ayɛ. 30Onyankopɔn buu nʼani guu ɛberɛ a na nnipa nnim no no so, nanso afei de, ɔhyɛ nnipa nyinaa sɛ wɔntwe wɔn ho mfiri akwammɔne so. 31Ɛfiri sɛ, wayi da bi ato hɔ a ɔnam onipa bi a wayi no no so bɛbu nnipa nyinaa atɛntenenee. Ɔnam sɔre a ɔmaa saa onipa yi sɔre firii awufoɔ mu no so adi adanseɛ akyerɛ nnipa nyinaa.”

32Ɛberɛ a nnipa no tee sɛ Paulo reka owusɔreɛ ho asɛm no, ebinom dii ne ho fɛw, na afoforɔ nso kaa sɛ, “Yɛpɛ sɛ wosane ka saa asɛm no bio.” 33Saa nsɛm a ɛkɔɔ so yi maa Paulo firii nhyiamu no ase hɔ kɔeɛ. 34Nanso, nnipa kakra bi gyee no diiɛ de wɔn ho bɔɔ no. Saa nnipa no mu bi ne Dionisio a ɔfra Areopagofoɔ mu ne ɔbaa bi a ne din de Damari ne afoforɔ bi.

Knijga O Kristu

Djela Apostolska 17:1-34

Pavao propovijeda u Solunu

1Pavao i Sila proputovali su kroz gradove Amfipol i Apoloniju te stigli u Solun, gdje je bila židovska sinagoga. 2Pavao po običaju uđe onamo. Tri je subote zaredom tumačio narodu Pisma. 3Objašnjavao je i dokazivao navodeći proročanstva da je Mesija trebao trpjeti i uskrsnuti od mrtvih. “Taj je Mesija Isus kojega vam navješćujem”, govorio je. 4Neki su povjerovali pa su se pridružili Pavlu i Sili. Obratilo se i mnogo pobožnih Grka te uglednih žena.

5Židove zbog toga spopadne zavist pa nagovore neke opake uličare da pobune građane. Oni upadnu u Jasonov dom zahtijevajući da se Pavao i Sila izvedu pred narod. 6Kako ih ondje nisu našli, odvuku Jasona i još neku braću pred gradske poglavare vičući: “Pavao i Sila uzbunili su sav svijet, a sada i naš grad uznemiruju! 7A Jason ih je primio u svoj dom. Krivi su za izdaju Cezara jer su odani drugome kralju: Isusu.”

8Uzbune tako svjetinu i poglavare, 9koji od Jasona i ostale braće uzmu jamčevinu pa ih puste.

Pavao i Sila u Bereji

10Te noći braća pošalju Pavla i Silu u Bereju. Kad stignu onamo, odu u židovsku sinagogu. 11Ti su Židovi bili plemenitiji od solunskih. Spremno su primili Riječ i dan za danom revno proučavali Sveto pismo da provjere ima li Pavao pravo. 12Zato su mnogi od njih povjerovali, kao i mnogi ugledni Grci i Grkinje.

13Ali neki Židovi u Solunu doznali su da Pavao propovijeda Božju riječ u Bereji. Odu onamo i podjare svjetinu. 14Braća smjesta pošalju Pavla na obalu, a Sila i Timotej ostanu ondje. 15Pratitelji odvedu Pavla do Atene te se vrate u Bereju noseći Sili i Timoteju zapovijed da se požure k njemu.

Pavao propovijeda u Ateni

16Dok ih je Pavao čekao u Ateni, silno se uznemiri videći kako je grad prepun idola. 17Raspravljao je u sinagogi sa Židovima i s pobožnim ljudima, a i na trgu s ljudima koji bi se svaki dan ondje zatekli.

18Raspravljao je i s nekim epikurejskim i stoičkim filozofima. Kad im je kazao za Isusa i za njegovo uskrsnuće, oni rekoše: “Što ovaj brblja?” “Čini se da navješćuje neke tuđe bogove”, odgovore drugi.

19Odvedu ga zatim na Areopag i upitaju: “Kakvo to novo učenje poučavaš? 20Govoriš čudne stvari. Željeli bismo čuti više o tomu.” 21Jer ondje ni Atenjani ni tuđinci po cijele dane kao da nisu radili ništa drugo do raspravljali o novostima.

22Pavao zato stane posred Areopaga i reče: “Atenjani! Vidim da ste vrlo pobožni. 23Prolazeći gradom, promatrao sam vaše brojne žrtvenike. Na jednome od njih pisalo je: Nepoznatome Bogu. Želim vam dakle navijestiti tog Boga kojega štujete, ali ga ne poznajete.

24On je stvorio svijet i sve što je na njemu. Gospodar je neba i zemlje i ne prebiva u hramovima koje je načinila ljudska ruka. 25Ne poslužuju ga ljudske ruke. On je taj koji svima daje život, dah i sve što je potrebno. 26Od jednoga je čovjeka stvorio cijeli ljudski rod da živi na cijeloj zemlji. Odredio je vrijeme i granice njihova prebivanja.

27On želi da svi traže Boga ne bi li ga nekako napipali i našli. Nije daleko ni od koga od nas. 28Jer u njemu živimo, krećemo se i jesmo. Kao što je rekao i jedan od vaših pjesnika: ‘Njegova smo djeca.’ 29Ako je dakle tako, Boga ne smijemo smatrati idolom, likom od zlata, srebra ili kamena, isklesanim ljudskom vještinom i maštom. 30Bog se ne obazire na neznanje u kojemu su ljudi živjeli, nego sada svakomu nudi da se obrati od idola k njemu. 31Jer odredio je dan kad će pravedno suditi svijetu po Čovjeku kojega je za to odredio i pred svima ga potvrdio uskrisivši ga od mrtvih.”

32Kad su čuli kako spominje uskrsnuće od mrtvih, neki se počnu smijati, a drugi rekoše: “Još ćemo te o tome slušati!” 33Tako Pavao prestane s njima raspravljati. 34Neki su mu se ipak pridružili i povjerovali. Među njima su bili Dionizije Areopagit te neka žena Damara, i drugi.