Asomafoɔ 11 – ASCB & NIRV

Asante Twi Contemporary Bible

Asomafoɔ 11:1-30

Petro Yi Ne Ho Ano

1Asomafoɔ ne agyidifoɔ a wɔwɔ Yudea nyinaa tee sɛ amanamanmufoɔ no nso agye Onyankopɔn asɛm no adi. 2Petro kɔɔ Yerusalem no, Yudafoɔ agyidifoɔ no ne no nyaa akasakasa kaa sɛ, 3“Woakɔ wɔn a wɔnnyɛ twetiatwafoɔ no nkyɛn ne wɔn akɔdidi.”

4Petro bɔɔ wɔn biribiara a ɛsii no ho amaneɛ sɛ, 5“Na merebɔ mpaeɛ wɔ Yopa na menyaa anisoadehunu. Mehunuu biribi a ɛte sɛ ntoma kɛseɛ a wɔakyekyere nʼafannan sɛ ɛfiri ɔsoro resiane ba fam reba abɛsi me ho. 6Mehwɛɛ mu no, mehunuu ntɔteboa ahodoɔ, mmoa a wɔwea ne wiram nnomaa. 7Afei, nne bi ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Petro! Sɔre! Kum na we!’

8“Mebuaa sɛ, ‘Dabi, Awurade! Mennii biribiara a ɛho nteɛ da.’

9“Ɛnne no ka kyerɛɛ me bio sɛ, ‘Biribiara a Onyankopɔn ate ho no, nka sɛ ɛho nte.’ 10Saa anisoadehunu yi baa mprɛnsa, na ɛsane kɔɔ ɔsoro.

11“Saa ɛberɛ no ara mu, nnipa baasa a wɔasoma wɔn firi Kaesarea no bɛduruu efie a na mete mu no mu. 12Honhom Kronkron ka kyerɛɛ me sɛ, menntwentwɛn me nan ase na me ne wɔn nkɔ. Saa agyidifoɔ baasa yi a wɔfiri Yopa no kaa me ho kɔɔ Kaesarea maa yɛn nyinaa kɔɔ Kornelio efie. 13Ɔkaa sɛdeɛ ɔhunuu ɔsoro ɔbɔfoɔ wɔ ne fie maa ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Soma kɔ Yopa kɔfrɛ ɔbarima bi a ne din de Simon Petro no. 14Ɔno na ɔbɛka nsɛm a ɛbɛgye wo ne wo fiefoɔ nyinaa nkwa akyerɛ mo.’

15“Ɛberɛ a mehyɛɛ aseɛ kasaeɛ no, Honhom Kronkron baa wɔn so sɛdeɛ yɛn nso ahyɛaseɛ no, ɛbaa yɛn so no ara pɛ. 16Ɛhɔ ara mekaee asɛm a Awurade kaa sɛ, ‘Yohane de nsuo na ɛbɔɔ asu na mo de, wɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu’ no. 17Sɛ Onyankopɔn ama wɔn akyɛdeɛ a ɛberɛ a yɛgyee Awurade Yesu Kristo diiɛ no ɔmaa yɛn bi no a, ɛnneɛ me sɛɛ ne hwan a mɛsi Onyankopɔn kwan.”

18Wɔtee saa asɛm yi no, wɔgyaee wɔn nsɛmmisa no yii Awurade ayɛ sɛ, “Afei, deɛ Onyankopɔn ama ho kwan ama amanamanmufoɔ anya adwensakyera a ɛde wɔn bɛkɔ nkwagyeɛ mu.”

Antiokia Asafo

19Wɔkumm Stefano no, wɔtaa agyidifoɔ no maa wɔbɔ hweteeɛ, Wɔn mu bi kyinkyini kɔduruu Foinike, ne Kipro, ne Antiokia a na wɔreka asɛmpa no kyerɛ Yudafoɔ nko ara. 20Agyidifoɔ bi a wɔfiri Kipro ne Kirene kɔɔ Antiokia kɔkaa asɛmpa a ɛfa Awurade Yesu Kristo ho no kyerɛɛ amanamanmufoɔ no. 21Esiane sɛ na Awurade ka wɔn ho no enti, nnipa pii gyee asɛm no diiɛ maa wɔdane baa Awurade nkyɛn.

22Saa asɛm yi trɛ kɔduruu Yerusalem asafo no mu enti, wɔsomaa Barnaba kɔɔ Antiokia. 23Ɔduruu hɔ a ɔhunuu sɛdeɛ Onyankopɔn ahyira wɔn no, nʼani gyeeɛ maa ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ, wɔmfiri wɔn akoma nyinaa mu nnye Awurade nni na wɔnni no nokorɛ nso. 24Esiane sɛ na Barnaba yɛ onipa pa a Honhom Kronkron ahyɛ no ma na ɔwɔ gyidie enti, ɛmaa nnipa bebree nam ne so de wɔn ho maa Awurade.

25Barnaba kɔɔ Tarso kɔhwehwɛɛ Saulo. 26Ɔhunuu no no, ɔde no baa Antiokia. Wɔn baanu tenaa hɔ afe, kyerɛkyerɛɛ nnipa bebree. Antiokia ha na wɔtoo asuafoɔ no din sɛ “Akristofoɔ.”

27Saa ɛberɛ korɔ yi ara mu, adiyifoɔ bi firi Yerusalem kɔɔ Antiokia. 28Wɔn mu baako a wɔfrɛ no Agabo a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no sɔre gyina hyɛɛ nkɔm sɛ, ɛkɔm kɛseɛ bɛba asase nyinaa so. Saa ɛkɔm yi sii ɛberɛ a na Klaudio di adeɛ no. 29Asuafoɔ no yɛɛ adwene sɛ biribiara a obi wɔ no wɔde bɛba na wɔde akɔboa anuanom a wɔwɔ Yudea no. 30Akyɛdeɛ a wɔn nsa kaeɛ no, wɔde somaa Barnaba ne Saulo maa wɔde kɔmaa asafo no mu mpanimfoɔ.

New International Reader’s Version

Acts 11:1-30

Peter Explains His Actions

1The apostles and the believers all through Judea heard that Gentiles had also received God’s word. 2Peter went up to Jerusalem. There the Jewish believers found fault with him. 3They said, “You went into the house of Gentiles. You ate with them.”

4Starting from the beginning, Peter told them the whole story. 5“I was in the city of Joppa praying,” he said. “There I had a vision. I saw something that looked like a large sheet. It was being let down from heaven by its four corners. It came down to where I was. 6I looked into it and saw four-footed animals of the earth. There were also wild animals, reptiles and birds. 7Then I heard a voice speaking to me. ‘Get up, Peter,’ the voice said. ‘Kill and eat.’

8“I replied, ‘No, Lord! I will not! Nothing that is not pure and “clean” has ever entered my mouth.’

9“A second time the voice spoke from heaven. The voice said, ‘Do not say anything is not pure that God has made “clean.” ’ 10This happened three times. Then the sheet was pulled up into heaven.

11“Just then three men stopped at the house where I was staying. They had been sent to me from Caesarea. 12The Holy Spirit told me not to let anything keep me from going with them. These six brothers here went with me. We entered the man’s house. 13He told us how he had seen an angel appear in his house. The angel said, ‘Send to Joppa for Simon Peter. 14He has a message to bring to you. You and your whole family will be saved through it.’

15“As I began to speak, the Holy Spirit came on them. He came just as he had come on us at the beginning. 16Then I remembered the Lord’s words. ‘John baptized with water,’ he had said. ‘But you will be baptized with the Holy Spirit.’ 17God gave them the same gift he gave those of us who believed in the Lord Jesus Christ. So who was I to think that I could stand in God’s way?”

18When they heard this, they didn’t object anymore. They praised God. They said, “So then, God has allowed even Gentiles to turn away from their sins. He did this so that they could live.”

The Believers in Antioch

19Some believers had been scattered by the suffering that unbelievers had caused them. They were scattered after Stephen was killed. Those believers traveled as far as Phoenicia, Cyprus and Antioch. But they spread the word only among Jews. 20Some believers from Cyprus and Cyrene went to Antioch. There they began to speak to Greeks also. They told them the good news about the Lord Jesus. 21The Lord’s power was with them. Large numbers of people believed and turned to the Lord.

22The church in Jerusalem heard about this. So they sent Barnabas to Antioch. 23When he arrived and saw what the grace of God had done, he was glad. He told them all to remain true to the Lord with all their hearts. 24Barnabas was a good man. He was full of the Holy Spirit and of faith. Large numbers of people came to know the Lord.

25Then Barnabas went to Tarsus to look for Saul. 26He found him there. Then he brought him to Antioch. For a whole year Barnabas and Saul met with the church. They taught large numbers of people. At Antioch the believers were called Christians for the first time.

27In those days some prophets came down from Jerusalem to Antioch. 28One of them was named Agabus. He stood up and spoke through the Spirit. He said there would not be nearly enough food anywhere in the Roman world. This happened while Claudius was the emperor. 29The believers decided to provide help for the brothers and sisters living in Judea. All of them helped as much as they could. 30They sent their gift to the elders through Barnabas and Saul.