Adiyisɛm 8 – ASCB & KJV

Asante Twi Contemporary Bible

Adiyisɛm 8:1-13

Nsɔano A Ɛtɔ So Nson

1Ɛberɛ a Odwammaa no tee nsɔano a ɛtɔ so nson no, ɔsoro nyinaa tɛm dinn bɛyɛ dɔnhwereɛ fa.

2Afei mehunuu abɔfoɔ baason a wɔgyinagyina Onyankopɔn anim. Wɔmemaa wɔn ntotorobɛnto nson.

3Ɔbɔfoɔ foforɔ a na ɔwɔ sikakɔkɔɔ aduhwam adaka bɛgyinaa afɔrebukyia no ho. Wɔmaa no aduhwam bebree sɛ ɔmfa mmɔ mpaeɛ nka Onyankopɔn nkurɔfoɔ no deɛ ho, na ɔmmɔ sikakɔkɔɔ a ɛsi ahennwa no anim no so afɔdeɛ. 4Aduhwam no hwa ne Onyankopɔn nkurɔfoɔ mpaeɛ firi abɔfoɔ no nsam kɔɔ soro. 5Afei, ɔbɔfoɔ no faa aduhwam adaka no de ogya a ɛfiri afɔrebukyia no so hyɛɛ no ma, to twenee asase so. Na aprannaa ne nne ahodoɔ ne anyinam ne asasewosoɔ baeɛ.

6Na abɔfoɔ baason a wɔkurakura ntotorobɛnto nson no siesiee wɔn ho sɛ wɔrebɛhyɛne.

7Ɔbɔfoɔ a ɔdi ɛkan no hyɛnee ne totorobɛnto. Na asukɔtweaa ne ogya a ɛne mogya adi afra tɔ guu asase so. Asase nkyɛmu mmiɛnsa mu baako hyeeɛ. Nnua nkyɛmu mmiɛnsa mu baako hyeeɛ, ɛnna wira mono nyinaa nso hyeeɛ.

8Afei, ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmienu no hyɛnee ne totorobɛnto. Wɔtoo biribi a ɛte sɛ bepɔ kɛseɛ a ɛrederɛ twenee ɛpo mu. Ɛpo no nkyɛmu mmiɛnsa mu baako danee mogya. 9Na abɔdeɛ a ɛwɔ nkwa a ɛwɔ ɛpo no mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako wuwuiɛ maa ahyɛn mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bobɔeɛ.

10Afei, ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa hyɛnee ne totorobɛnto. Nsoromma kɛseɛ bi a ɛrederɛ sɛ egyatɛn te firi soro bɛhwee nsuo nkyɛmu mmiɛnsa mu baako mu. 11Nsoromma no din de “Ɔnwono”. Nsuo no nkyɛmu mmiɛnsa mu baako yɛɛ nwono, na nnipa a wɔnomeeɛ no mu bebree wuwuiɛ ɛfiri sɛ, na ayɛ nwono.

12Afei, ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nan no hyɛnee ne totorobɛnto. Na wɔbɔɔ owia nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako, ne ɔsrane nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako ne nsoromma nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako seneeɛ maa no duduruu sum, enti adekyeeɛ mu nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako anhyerɛn, na anadwo nso saa ara.

13Na mehwɛeɛ na metee sɛ ɔkɔdeɛ bi a watu nam soro soro teaam sɛ, “Wɔn a wɔte asase so no nnue; wɔnnue, wɔnnue ɛsiane totorobɛnto a aka a abɔfoɔ baasa no rebɛhyɛn no enti.”

King James Version

Revelation 8:1-13

1And when he had opened the seventh seal, there was silence in heaven about the space of half an hour. 2And I saw the seven angels which stood before God; and to them were given seven trumpets. 3And another angel came and stood at the altar, having a golden censer; and there was given unto him much incense, that he should offer it with the prayers of all saints upon the golden altar which was before the throne. 4And the smoke of the incense, which came with the prayers of the saints, ascended up before God out of the angel’s hand. 5And the angel took the censer, and filled it with fire of the altar, and cast it into the earth: and there were voices, and thunderings, and lightnings, and an earthquake. 6And the seven angels which had the seven trumpets prepared themselves to sound.

7The first angel sounded, and there followed hail and fire mingled with blood, and they were cast upon the earth: and the third part of trees was burnt up, and all green grass was burnt up. 8And the second angel sounded, and as it were a great mountain burning with fire was cast into the sea: and the third part of the sea became blood; 9And the third part of the creatures which were in the sea, and had life, died; and the third part of the ships were destroyed. 10And the third angel sounded, and there fell a great star from heaven, burning as it were a lamp, and it fell upon the third part of the rivers, and upon the fountains of waters; 11And the name of the star is called Wormwood: and the third part of the waters became wormwood; and many men died of the waters, because they were made bitter. 12And the fourth angel sounded, and the third part of the sun was smitten, and the third part of the moon, and the third part of the stars; so as the third part of them was darkened, and the day shone not for a third part of it, and the night likewise. 13And I beheld, and heard an angel flying through the midst of heaven, saying with a loud voice, Woe, woe, woe, to the inhabiters of the earth by reason of the other voices of the trumpet of the three angels, which are yet to sound!