Adiyisɛm 5 – ASCB & KJV

Asante Twi Contemporary Bible

Adiyisɛm 5:1-14

Nsɔano Nwoma No

1Mehunuu sɛ deɛ ɔte ahennwa so no kura nwoma bi wɔ ne nsa nifa mu. Na wɔatwerɛ akyire ne animu nyinaa a wɔde nsɔano nson asosɔ ano. 2Mehunuu ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ bi a ɔde nne kɛseɛ kaa sɛ, “Hwan na ɔfata sɛ ɔte nsɔano no na ɔbue nwoma no mu?” 3Nanso, wɔannya obiara a ɔwɔ ɔsoro anaa asase so anaa asase ase a ɔtumi buee nwoma no mu hwɛɛ mu. 4Mesuu yie, ɛfiri sɛ wɔannya obiara a ɔfata sɛ ɔbue nwoma no mu na ɔhwɛ mu. 5Afei, ɔpanin baako ka kyerɛɛ me sɛ, “Nsu. Hwɛ! Gyata a ɔfiri Yuda abusuakuo mu a ɔyɛ Dawid aseni adi nkonim, na ɔbɛtumi atete nsɔano nson no na wabue nwoma no mu.”

6Afei, mehunuu Odwammaa bi sɛ ɔgyina ahennwa no mfimfini a ateasefoɔ baanan no ne mpanimfoɔ no atwa ne ho ahyia. Wɔhwɛ a na ɛsɛ deɛ wɔakum Odwammaa no. Na ɔwɔ mmɛn nson ne aniwa nson a ɛgyina hɔ ma Onyankopɔn ahonhom nson no a wɔasoma wɔn aba ewiase no. 7Odwammaa no kɔgyee nwoma no firii deɛ ɔte ahennwa so no nsa nifa mu. 8Ɔyɛɛ saa no, ateasefoɔ baanan no ne mpanimfoɔ aduonu ɛnan no butubutuu Odwammaa no anim. Na wɔn mu biara kura sankuo ne sika ayowaa a aduhwam ayɛ no ma a ɛyɛ ahotefoɔ mpaeɛ. 9Wɔtoo dwom foforɔ sɛ,

“Wofata sɛ wofa nwoma no

na wote ne nsɔano no,

ɛfiri sɛ wɔkumm wo,

na ɛnam wo wuo so maa wɔtɔɔ nnipa firii aman ne

mmusuakuo ne nkurɔfoɔ ne kasa nyinaa mu maa Onyankopɔn.

10Wɔayɛ wɔn asɔfoɔ ahemman sɛ wɔnsom yɛn Onyankopɔn

na wɔbɛdi asase so ɔhene.”

11Bio mehwɛeɛ, tee abɔfoɔ mpempem nka. Na wɔatwa ahennwa no ne ateasefoɔ baanan no ne mpanimfoɔ no ho ahyia 12reto dwom denden sɛ,

“Odwammaa a wɔkumm no no fata sɛ

ɔgye tumi, ahonya, nyansa ne ahoɔden

ne anidie ne animuonyam ne nkamfoɔ!”

13Na metee sɛ abɔdeɛ a wɔwɔ ɔsoro, asase so, asase ase ne abɔdeɛ biara a wɔwɔ ɛpo mu ne abɔdeɛ biara a wɔwɔ ewiase nyinaa reto dwom sɛ,

“Nhyira ne anidie ne animuonyam ne tumi,

nka deɛ ɔte ahennwa no so ne Odwammaa no,

daa daa!”

14Abɔdeɛ ɛnan no gyee so sɛ, “Amen!” Na mpanimfoɔ no butubutuu hɔ someeɛ.

King James Version

Revelation 5:1-14

1And I saw in the right hand of him that sat on the throne a book written within and on the backside, sealed with seven seals. 2And I saw a strong angel proclaiming with a loud voice, Who is worthy to open the book, and to loose the seals thereof? 3And no man in heaven, nor in earth, neither under the earth, was able to open the book, neither to look thereon. 4And I wept much, because no man was found worthy to open and to read the book, neither to look thereon. 5And one of the elders saith unto me, Weep not: behold, the Lion of the tribe of Juda, the Root of David, hath prevailed to open the book, and to loose the seven seals thereof. 6And I beheld, and, lo, in the midst of the throne and of the four beasts, and in the midst of the elders, stood a Lamb as it had been slain, having seven horns and seven eyes, which are the seven Spirits of God sent forth into all the earth. 7And he came and took the book out of the right hand of him that sat upon the throne. 8And when he had taken the book, the four beasts and four and twenty elders fell down before the Lamb, having every one of them harps, and golden vials full of odours, which are the prayers of saints. 9And they sung a new song, saying, Thou art worthy to take the book, and to open the seals thereof: for thou wast slain, and hast redeemed us to God by thy blood out of every kindred, and tongue, and people, and nation; 10And hast made us unto our God kings and priests: and we shall reign on the earth. 11And I beheld, and I heard the voice of many angels round about the throne and the beasts and the elders: and the number of them was ten thousand times ten thousand, and thousands of thousands; 12Saying with a loud voice, Worthy is the Lamb that was slain to receive power, and riches, and wisdom, and strength, and honour, and glory, and blessing. 13And every creature which is in heaven, and on the earth, and under the earth, and such as are in the sea, and all that are in them, heard I saying, Blessing, and honour, and glory, and power, be unto him that sitteth upon the throne, and unto the Lamb for ever and ever. 14And the four beasts said, Amen. And the four and twenty elders fell down and worshipped him that liveth for ever and ever.