Adiyisɛm 2 – ASCB & AKCB

Asante Twi Contemporary Bible

Adiyisɛm 2:1-29

Efeso Asafo No Nwoma

1“Twerɛ krataa yi kɔma ɔbɔfoɔ a ɔtua Efeso asafo no ano, na ka kyerɛ no sɛ:

Yei ne nsɛm a ɛfiri obi a ɔkura nsoromma nson wɔ ne nsa nifa mu a ɔnante wɔ sika nkaneadua nson no ntam no.

2Menim deɛ woayɛ. Menim nsi a wode ayɛ adwuma ne boasetɔ a wowɔ. Menim sɛ wonnye nnebɔneyɛfoɔ, na afei woasɔ wɔn a wɔka sɛ wɔyɛ asomafoɔ nanso wɔnnyɛ bi no ahwɛ, na woahunu sɛ wɔyɛ atorofoɔ. 3Wowɔ boasetɔ, na me enti, woahunu amane bebree, nanso wompaa aba.

4Nanso, deɛ mewɔ tia wo ne sɛ, wonnɔ me, sɛdeɛ kan no na wodɔ me no. 5Hunu ba a woaba fam no. Te wo ho firi bɔne ho na yɛ sɛdeɛ kane no na woyɛ no. Sɛ woantwe wo ho amfiri wo bɔne ho a, mɛba wo nkyɛn na mabɛyi wo kaneadua no afiri ne siberɛ. 6Nanso, deɛ ɛyɛ wɔ wo ho ne sɛ, wokyiri deɛ Nikolaifoɔ no yɛ no, na saa ara na me nso mekyiri.

7Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo ahodoɔ no bi. Wɔn a wɔadi nkonim no, mɛma wɔn tumi na wɔadi nkwadua a ɛwɔ Onyankopɔn paradise hɔ.

Smirna Asafo No Nwoma

8“Twerɛ krataa yi kɔma ɔbɔfoɔ a ɔtua Smirna asafo no ano sɛ:

Saa asɛm yi firi Ahyɛaseɛ ne Awieeɛ no nkyɛn. Deɛ ɔwuiɛ na ɔnyaneeɛ no.

9Menim amane a wohunu maa Awurade na menim wʼahiasɛm nyinaa nso, nanso wowɔ agyapadeɛ wɔ ɔsoro. Menim nsɛm a wɔn a wɔse wɔyɛ Yudafoɔ nanso wɔnyɛ Yudafoɔ no ka tia wo. Wɔyɛ ɔbonsam apamfoɔ. 10Nsuro ɔhaw a ɛrebɛto wo no. Tie! Wɔde mo mu bi bɛto afiase na ɔbonsam nam so asɔ mo ahwɛ. Na mo haw bɛdi dadu. Sɛ owuo mu mpo a, gye me di na mɛma wo nkwa abotire.

11Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo no. Wɔn a wɔdi nkonim no renwu owuprenu.

Pergamo Asafo No Nwoma

12“Twerɛ krataa yi kɔma ɔbɔfoɔ a ɔwɔ Pergamo asafo mu sɛ:

Saa krataa yi firi deɛ ɔwɔ akofena anofanu a ɛyɛ nnam no nkyɛn.

13Menim sɛ faako a wote no, ɛhɔ na ɔbonsam ahennwa si. Wodi me nokorɛ; na ɛberɛ a wɔkumm Antipa a ɔyɛ ɔdanseni nokwafoɔ wɔ faako a ɔbonsam te no mpo, woampa me.

14Nanso, nneɛma kakra a mewɔ tia wo ne sɛ, nnipa bi a wɔdi Bileam nkyerɛkyerɛ2.14 Bileam tuu Midianfoɔ mmaa fo kyerɛɛ wɔn kwammɔne a wɔmfa so nni Israelfoɔ no anim mfa wɔn nkɔ bɔne mu (4 Mose 25.1-2; 31.16; Yud 11). akyi no ka wo ho wɔ hɔ. Saa Bileam no na ɔkyerɛɛ Balak maa ɔmaa Israelfoɔ dii abosom so nnuane, kyerɛɛ wɔn adwamammɔ, nam so ma wɔyɛɛ bɔne no. 15Saa ara nso na wowɔ nnipa bi ka wo ho a wɔdi Nikolaifoɔ nkyerɛkyerɛ akyi. 16Twe wo ho firi wo bɔne ho. Anyɛ saa a, ɛrenkyɛre biara mɛba wo nkyɛn, na mede sekan a ɛfiri mʼanom no abɛko atia saa nnipa no.

17Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo ahodoɔ no. Mo a moadi nkonim no, mɛma mo mana a ahinta no bi. Afei, mɛma wɔn mu biara ɛboɔ fitaa a wɔatwerɛ din foforɔ wɔ so a obiara nnim, gye onipa a wɔde bɛma no no.

Tiatira Asafo No Nwoma

18“Twerɛ krataa kɔma ɔbɔfoɔ a ɔwɔ Tiatira asafo mu sɛ:

Yei ne asɛm a ɛfiri Onyankopɔn Ba no a nʼani dɛre sɛ ogyaframa a ne nan ase hyerɛn sɛ ayowaa no nkyɛn.

19Menim deɛ woyɛ. Menim wo dɔ, wo gyidie, wo som ne boasetɔ a wowɔ. Menim sɛ woreyɛ adwuma sene kane no.

20Nanso deɛ mewɔ tia wo ne sɛ, wogyee ɔbaa bi a ne din de Isabel, a ɔfrɛ ne ho, Onyankopɔn odiyifoɔ no too mu. Saa ɔbaa yi kyerɛkyerɛ, na ɔdi mʼasomafoɔ anim ma wɔbɔ adwaman di abosom aduane. 21Mama no ɛberɛ sɛ ɔnnu ne ho mfiri ne bɔne mu, nanso ɔmpɛ sɛ ɔsakyera firi nʼadwamammɔ mu. 22Ɛno enti, sɛ wɔansesa amfiri amumuyɛ a wɔne no yɛeɛ no mu a, mɛto no ahwe mpa so na ɔno ne wɔn a wɔsɛe awadeɛ no ahunu amane a ano yɛ den yie. 23Afei, mɛkum nʼakyidifoɔ no, na asafo no nyinaa bɛhunu sɛ mene obi a mehunu nnipa adwene mu ne wɔn akɔnnɔ. Deɛ mo mu biara yɛeɛ no, mɛtua no so ka pɛpɛɛpɛ.

24Nanso, momu bi a mowɔ Tiatira no nni saa nkyerɛkyerɛ bɔne no akyi. Monsuaa deɛ afoforɔ frɛ no ‘Ɔbonsam asumansɛm’ no. Meka mekyerɛ mo sɛ, meremfa adesoa foforɔ biara nto mo so. 25Na monsɔ deɛ mowɔ no mu denden kɔsi sɛ mɛba.

26Wɔn a wɔdi nkonim na wɔkɔ so yɛ deɛ mepɛ kɔsi awieeɛ no, mede tumi korɔ no ara a menya firii 27mʼAgya hɔ no bɛma wɔn. Mɛma wɔn aman so tumi na wɔde dadeɛ poma adi wɔn so na wɔabobɔ wɔn sɛ nkukuo. 28Afei, mede anɔpa nsoromma bɛma wɔn. 29Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo no.

Akuapem Twi Contemporary Bible

Adiyisɛm 2:1-29

Efeso Asafo No Nhoma

1“Kyerɛw krataa yi kɔma ɔbɔfo a otua Efeso asafo no ano, na ka kyerɛ no se:

Eyi ne nsɛm a efi obi a okura nsoromma ason wɔ ne nsa nifa mu a ɔnantew wɔ sika akaneadua ason no ntam no hɔ.

2Minim nea woayɛ. Minim nsi a wode ayɛ adwuma ne boasetɔ a wowɔ. Minim sɛ wunnye nnebɔneyɛfo, na afei woasɔ wɔn a wɔka se wɔyɛ asomafo nanso wɔnnyɛ bi no ahwɛ, na woahu sɛ wɔyɛ atorofo. 3Wowɔ boasetɔ, na me nti woahu amane bebree, nanso wompaa abaw ɛ.

4Nanso nea mewɔ tia wo ne sɛ, wonnɔ me sɛnea kan no na wodɔ me no. 5Hu ba a woaba fam no. Sakra wʼadwene na yɛ sɛnea kan no na woyɛ no. Sɛ woansakra wʼadwene a, mɛba wo nkyɛn na mabeyi wo kaneadua no afi ne sibea. 6Nanso nea eye wɔ wo ho ne sɛ, wukyi nea Nikolaifo no yɛ no, na saa ara na me nso mikyi.

7Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo ahorow no. Wɔn a wɔadi nkonim no, mɛma wɔn tumi na wɔadi nkwadua a ɛwɔ Onyankopɔn paradise hɔ.

Smirna Asafo No Nhoma

8“Kyerɛw krataa yi kɔma ɔbɔfo a otua Smirna2.8 Asia Kuropɔn a na ɛyɛ fɛ na ɛhyehye ne ho a na ɛne Roma gyina mpɔmpɔnso koro no. Na nneɛma a ɛma wotumi som ɔhempɔn no wɔ kurow no mu. Eyi ne Yudafo manfo a na wɔyɛ ahantantraso a wɔahyɛ hɔ ma nti ɛmaa hɔ tena yɛɛ den yiye maa Kristofo no. asafo no ano se:

Saa asɛm yi fi Ɔkannifo ne Okyikafo no nkyɛn. Nea owui na ɔte ase bio no.

9Minim amane a wuhu maa Awurade na minim wʼahiasɛm nyinaa nso, nanso wowɔ agyapade wɔ ɔsoro. Minim nsɛm a wɔn a wose wɔyɛ Yudafo nanso wɔnyɛ Yudafo no ka tia wo. Wɔyɛ ɔbonsam hyiadan. 10Nsuro ɔhaw a ɛrebɛto wo no. Tie! Wɔde mo mu bi bɛto afiase na ɔbonsam nam so asɔ mo ahwɛ. Na mo haw bedi nnafua du. Sɛ owu mu mpo a, gye me di na mɛma wo nkwa abotiri.

11Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo no. Wɔn a wodi nkonim no renwu owuprenu.

Pergamo Asafo No Nhoma

12“Kyerɛw krataa yi kɔma ɔbɔfo a ɔwɔ Pergamo asafo mu se:

Saa krataa yi fi nea ɔwɔ afoa anofanu a ɛyɛ nnam no nkyɛn.

13Minim sɛ faako a wote no, ɛhɔ na ɔbonsam ahengua si. Wudi me nokware; na bere a wokum Antipa a ɔyɛ ɔdanseni nokwafo wɔ faako a ɔbonsam te no mpo, woampa me.

14Nanso nneɛma kakra a mewɔ tia wo ne sɛ, nnipa bi a wodi Bileam nkyerɛkyerɛ2.14 Bileam tuu Midianfo mmea fo kyerɛɛ wɔn ɔkwammɔne a wɔmfa so nni Israelfo no anim mfa wɔn nkɔ bɔne mu (4 Mose 25.1-2; 31.16; Yud 11). Afide nneɛma na wakwadaw mu yiye a mpo otumi daadaa agyidifo ma wɔde wɔn ho frafra abosonsɛm mu. akyi no ka wo ho wɔ hɔ. Saa Bileam no na ɔkyerɛɛ Balak ma ɔmaa Israelfo dii abosom so nnuan, kyerɛɛ wɔn aguamammɔ, nam so ma wɔyɛɛ bɔne no. 15Saa ara nso na wowɔ nnipa bi ka wo ho a wodi Nikolaifo nkyerɛkyerɛ akyi. 16Twe wo ho fi wo bɔne ho. Anyɛ saa a, ɛrenkyɛ biara mɛba wo nkyɛn, na mede afoa a efi mʼanom no abɛko atia saa nnipa no.

17Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo ahorow no. Mo a moadi nkonim no, mɛma mo mana a ahintaw no bi. Afei, mɛma wɔn mu biara ɔbo fitaa a wɔakyerɛw din foforo wɔ so a obiara nnim, gye onipa a wɔde bɛma no no.

Tiatira Asafo No Nhoma

18“Kyerɛw krataa kɔma ɔbɔfo a ɔwɔ Tiatira asafo mu se:

Eyi ne asɛm a efi Onyankopɔn Ba no a nʼani dɛw sɛ ogyatannaa a ne nan ase hyerɛn sɛ asanka no nkyɛn.

19Minim nea woyɛ. Minim wo dɔ, wo gyidi, wo som ne boasetɔ a wowɔ. Minim sɛ woreyɛ adwuma sen kan no.

20Nanso nea mewɔ tia wo ne sɛ, wugyee ɔbea bi a ne din de Isabel,2.20 (Hwɛ 1 Ah 6.31; 2 Ah 9.22,30-37). Wɔbɔ saa din yi sɛ ɔbea daadaakra a wagye din a na ɔwɔ asafo no mu a na otwintwan Onyankopɔn mu ahotoso anan mu efisɛ akwan nyinaa mu, na ɔboa abosonsom. a ɔfrɛ ne ho, Onyankopɔn odiyifo no too mu. Saa ɔbea yi kyerɛkyerɛ, na odi mʼasomafo anim ma wɔbɔ aguaman di abosom aduan. 21Mama no bere sɛ ɔnsakra mfi ne bɔne mu, nanso ɔmpɛ sɛ ɔsakra fi nʼaguamammɔ mu. 22Ɛno nti, sɛ wɔansakra amfi amumɔyɛ a wɔne no yɛe no mu a, mɛtow no ahwe mpa so na ɔno ne wɔn a wɔsɛe aware no ahu amane a ano yɛ den yiye. 23Afei, mekunkum nʼakyidifo2.23 Isabel yɛ honhom a na odi “nea mepɛ na meyɛ” nkyerɛkyerɛ anim. no, na asafo no nyinaa behu sɛ mene obi a mihu nnipa adwene mu ne wɔn akɔnnɔ. Nea mo mu biara yɛe no, metua no so ka pɛpɛɛpɛ.

24Nanso mo mu bi a mowɔ Tiatira no nni saa nkyerɛkyerɛ bɔne no akyi. Munsuaa nea afoforo frɛ no, ‘Ɔbonsam asumansɛm’ no. Meka kyerɛ mo se, meremfa adesoa foforo biara nto mo so. 25Na munso nea mowɔ no mu dennen nkosi sɛ mɛba.

26Wɔn a wodi nkonim na wɔkɔ so yɛ nea mepɛ kosi awiei no, mede tumi koro no ara a minya fii 27mʼAgya hɔ no bɛma wɔn. Mɛma wɔn aman so tumi na wɔde dade pema adi wɔn so na wɔabobɔ wɔn sɛ nkuku. 28Afei, mede anɔpa nsoromma bɛma wɔn. 29Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo no.