Adiyisɛm 19 – ASCB & CCB

Asante Twi Contemporary Bible

Adiyisɛm 19:1-21

Nnipakuo A Wɔwɔ Ɔsoro No Ani Gye

1Yei akyi no, metee nne bi te sɛ nnipakuo a wɔwɔ ɔsoro reteam sɛ,

“Haleluia!

Nkwagyeɛ ne animuonyam ne tumi wɔ yɛn Onyankopɔn,

2ɛfiri sɛ, nʼatemmuo yɛ nokorɛ

na ɛyɛ sɛ ɔbuu odwamanfoɔ kɛseɛ

a ɔde nʼadwamammɔ asɛe asase no atɛn.

Onyankopɔn atwe nʼaso ɛfiri sɛ, ɔkumm nʼasomfoɔ.”

3Na afei, wɔteaam bio sɛ,

“Haleluia!

Wisie bɛfiri kuro no mu akɔ ɔsoro daa daa.”

4Mpanimfoɔ aduonu ɛnan ne ateasefoɔ baanan no butubutuu Onyankopɔn a ɔte nʼahennwa so no anim somm no. Na wɔteaam sɛ,

“Amen, Haleluia!”

5Afei, nne bi firi ahennwa no so baa sɛ,

“Monkamfo yɛn Onyankopɔn,

mo a moyɛ nʼasomfoɔ nyinaa,

mo a mosuro no,

akɛseɛ ne nkumaa!”

6Afei, metee nne bi te sɛ nnipadɔm a ɛte sɛ nsuworosoɔ ne aprannaa a ɛrepaapae a ɛreteam sɛ,

“Haleluia!

Yɛn Otumfoɔ Awurade Onyankopɔn di ɔhene.

7Momma yɛn ho nsɛpɛ yɛn na yɛn ani nnye

na yɛnhyɛ no animuonyam!

Ɛfiri sɛ Odwammaa no ayeforɔhyia aduru,

na nʼayefokunu asiesie ne ho.

8Wɔde nwera pa a ani hyerɛn na ani teɛ

maa no sɛ ɔnhyɛ.”

(Nwera no kyerɛ ahotefoɔ tenenee nneyɛɛ.)

9Afei, ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ me sɛ, “Twerɛ sɛ, Nhyira nka wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn Odwammaa no ayeforɔhyia anwummerɛ apontoɔ ase.” Ɔka kaa ho sɛ, “Yei yɛ Onyankopɔn asɛm turodoo.”

10Mebutuu ne nan ase pɛɛ sɛ mesom no. Nanso, ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Nyɛ saa, ɛfiri sɛ, meyɛ ɔsomfoɔ te sɛ wo ne wo nuanom a wɔdi Yesu ho adanseɛ no. Som Onyankopɔn ɛfiri sɛ, nokorɛ a Yesu daa no adi no na ɛhyɛ adiyifoɔ no nkuran.”

Ahene Mu Ɔhene

11Afei, mehunuu sɛ ɔsoro abue a ɔpɔnkɔ fitaa wɔ hɔ. Na deɛ ɔte ne so no edin de “Ɔseadeɛyɛ ne Ɔnokwafoɔ.” Nokorɛ na ɔgyina so bu atɛn na ɔko ne ko. 12Nʼaniwa te sɛ ogya a ɛrederɛ na ɔhyɛ ahenkyɛ bebree. Na ɔwɔ din bi a wɔatwerɛ agu ne ho, nanso na obiara nnim edin no nkyerɛaseɛ ka ne ho. 13Na ɔhyɛ atadeɛ bi a wɔde anu mogya mu. Na ne din ne “Onyankopɔn Asɛm” 14Ɔsoro asraafoɔ a wɔhyehyɛ nwera fitaa a ani te a wɔtete apɔnkɔ fitafitaa so dii nʼakyi. 15Akofena a ano yɛ nnam yie a ɔde bɛdi aman so firii nʼanom baeɛ. Dadeɛ poma na ɔde bɛdi wɔn so. Sɛdeɛ wɔtiatia bobe a ɛwɔ nsakyiamena mu no so no, saa ara na ɔbɛtiatia nnipa no so de akyerɛ Onyankopɔn Otumfoɔ no abufuo. 16Na wɔatwerɛ edin agu nʼatadeɛ mu ne ne srɛ ho sɛ:

ahene mu ɔhene ne awuranom mu awurade.

17Afei, mehunuu ɔbɔfoɔ bi a ɔgyina owia mu. Ɔteaam guu nnomaa a wɔnam ewiem nyinaa so sɛ, “Mommra mmɛhyiam wɔ Onyankopɔn apontoɔ kɛseɛ no ase. 18Mommɛdi ahemfo nam ne asafohene nam ne atumfoɔ nam ne apɔnkɔ ne wɔn sotefoɔ nam ne adehyeɛ ne nkoa ne akɛseɛ ne nkumaa nyinaa nam.”

19Afei, mehunuu aboa no ne asase so ahene ne wɔn asraafoɔ a wɔaboa wɔn ho ano rekɔko atia deɛ ɔte ɔpɔnkɔ no so no ne ne dɔm. 20Wɔkyeree aboa no ne nʼatorɔdiyifoɔ a ɔyɛɛ anwanwadeɛ maa no no. Saa anwanwadeɛ no so na ɔnam daadaa wɔn a wɔde aboa no ahyɛ wɔn agyiraeɛ ne wɔn a wɔsom aboa no ohoni no. Wɔtoo aboa no ne atorɔdiyifoɔ no anikann guu ogya ɔtadeɛ a sɔfe na na ɛrederɛ wɔ mu no mu. 21Wɔde akofena a ɛfiri ɔpɔnkɔkafoɔ no anom kunkumm wɔn asraafoɔ, na nnomaa no dii wɔn nam sɛdeɛ wɔbɛtumi.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

启示录 19:1-21

天上的赞美

1这事以后,我听见天上好像有一大群人在呼喊:“哈利路亚19:1 哈利路亚”意思是“要赞美上帝”。!救赎、荣耀和权能都归于我们的上帝! 2因为祂的审判真实公义,祂惩罚了那用淫乱败坏世界的大淫妇,为那些被她杀害的奴仆申冤。” 3他们又欢呼说:“哈利路亚!焚烧大淫妇的烟不断上腾,直到永永远远。” 4那二十四位长老和四个活物也俯伏敬拜坐在宝座上的上帝,说:“阿们!哈利路亚!”

5这时从宝座那里发出声音,说:“上帝所有的奴仆和一切敬畏祂的人,无论尊卑老少,都要赞美我们的上帝!” 6我听见有声音好像一大群人的呼喊声,又像洪涛,也像雷鸣,说:“哈利路亚!因为我们的主——全能的上帝已经执掌王权了。 7我们应当欢喜快乐,归荣耀给祂,因为羔羊的婚期到了,祂的新娘已预备妥当, 8获准穿上光亮洁白的细麻衣。”这细麻衣代表圣徒的义行。

9天使吩咐我说:“你要写下来,被邀请参加羔羊婚宴的人有福了!”他又说:“这是上帝亲口说的,千真万确。” 10我俯伏在他脚前要拜他,他却说:“千万不可!我和你并那些为耶稣做见证的弟兄姊妹同是上帝的奴仆。你要敬拜上帝,因为预言的真谛就是为耶稣做见证。”

白马骑士

11我看见天开了,有一匹白马出来,马上的骑士名叫“诚信真实”,祂凭公义审判、作战。 12祂的双目如火焰,头上戴了许多冠冕,写着一个只有祂自己才明白的名字。 13祂穿着被鲜血浸透的衣服,祂的名字是“上帝的道”。 14众天军穿着洁白的细麻衣,骑着白马跟随祂。 15祂口中吐出一把利剑,可以攻击列国。祂必用铁杖统治他们,踩踏盛满全能上帝之烈怒的榨酒池。 16祂的衣服和大腿上都写着祂的名号:“万王之王,万主之主。”

17我又看见一位天使站在太阳里,对空中飞翔的鸟大声呼唤: 18“来吧!一起来参加上帝的盛宴,一同享用君王、将军、勇士、马匹、骑士、自由人、奴隶和尊卑老少的肉吧!”

19我看见那怪兽、地上的众王及其军队聚集起来,要与白马骑士和祂的军队作战。 20后来,怪兽被俘虏了,在怪兽面前行奇迹的假先知也一同被擒了。这假先知曾用奇迹欺骗那些盖了兽印、敬拜兽像的人。他和怪兽一同被活活地扔进硫磺火湖里。 21怪兽的残兵纷纷被白马骑士口中的利剑所杀,飞鸟饱餐了他们的肉。