Adiyisɛm 18 – ASCB & AKCB

Asante Twi Contemporary Bible

Adiyisɛm 18:1-24

Babilonia Asehweɛ

1Yei akyi, mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ sɛ ɔfiri ɔsoro reba fam. Na ɔwɔ tumi kɛseɛ na nʼanimuonyam hyerɛn asase so nyinaa. 2Ɔteaam dendeenden sɛ,

“ ‘Wahwe ase! Babilonia kɛseɛ ahwe ase!’

Adane ahonhommɔne tenaberɛ

ne ahonhom efi nyinaa atɛeɛ.

Nnomaa a wɔyɛ efi a wɔkyiri wɔn nyinaa te ne mu.

3Ɔde ne nsã a ɛyɛ nʼadwamammɔ a

ano yɛ den no maa nnipa nyinaa nomeeɛ.

Asase so ahene ne no bɔɔ adwaman,

na asase so adwadifoɔ nam nʼahonya mmorosoɔ so nyaa wɔn ho.”

4Afei, metee nne foforɔ bi a ɛfiri ɔsoro ka sɛ,

“Momfiri, me nkurɔfoɔ,

na moamfa mo ho amfra bɔne a ɔyɛ no mu,

na mo ne no ankyɛre nʼasotweɛ!

5Ɛfiri sɛ, wɔahyehyɛ ne bɔne atoatoa abɛduru soro,

na Onyankopɔn akae nʼawudie no.

6Sɛdeɛ ɔyɛɛ mo no, monyɛ no saa pɛpɛɛpɛ;

deɛ ɔyɛɛ mo biara no, montua ne so ka mprenu.

Nsa a ɔde maa mo no, monhyɛ no deɛ ano yɛ den mmɔho mmienu.

7Momma nʼayayadeɛ ne nʼawerɛhoɔ nnɔɔso

sɛ animuonyam ne ahonya a ɔpɛ maa ne ho no.

Ɛfiri sɛ, daa ɔka sɛ,

‘Mete ha sɛ ɔhemmaa;

menyɛ okunafoɔ,

na me werɛ renho da!’

8Yei enti, nʼamanehunu a ɛyɛ yadeɛ

awerɛhoɔ ne ɛkɔm bɛba ne so da bi.

Na wɔde ogya ahye no,

ɛfiri sɛ, Awurade Onyankopɔn a ɔbu no atɛn no yɛ kɛseɛ.

9“Sɛ asase so ahene a wɔne no bɔɔ adwaman, dii dɛ no hunu hye a wɔrehye no no wisie a, wɔbɛsu atwa agyaadwoɔ. 10Nʼamanehunu no hu a ɛyɛ enti, wɔbɛgyina akyiri asu sɛ,

“ ‘Due! Due, Ao, kuropɔn kɛseɛ,

Ao Babilonia, kuropɔn a ɛwɔ tumi!

Dɔnhwere baako pɛ mu, wʼatemmuo aba.’

11“Adwadifoɔ a wɔwɔ asase so nso su no ɛfiri sɛ, obiara ntɔ wɔn nneɛma bio. 12Obiara ntɔ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ, ne aboɔden aboɔ ne nhweneɛ pa, ne nwera pa ne ntoma afasebire ne serekye ne tam kɔkɔɔ, ne nnua a ɛyɛ hwam nyinaa ne asonse adwinneɛ nyinaa, ne adwinneɛ a wɔde nnua a ɛwɔ din ayɛ, ne ayowaa ne dadeɛ ne abohemaa, 13ne pɛperɛ ne mmorɔngo, ne nnuhwam ne kurobo, ne hwamfufuo ne nsã ne ngo, ne asikyiresiam muhumuhu ne ayuo, ne nyɛmmoa ne nnwan ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne nkoa ne nnipa akra.

14“Adwadifoɔ no bɛka sɛ, ‘Nneɛma pa a wopere hwehwɛeɛ no nyinaa ayera, na wʼahonya ne wʼanimuonyam no kɔ, na wo nsa renka bio.’ 15Adwadifoɔ a wɔnyaa wɔn ho wɔ kuro no mu no bɛgyina akyirikyiri ɛfiri sɛ, wɔsuro amanehunu a ɔrehunu no. Wɔbɛsu na wɔatwa agyaadwoɔ, 16na wɔaka sɛ:

“ ‘Due! Due, Ao, kuropɔn kɛseɛ a

ɔfira nwera pa ne ntoma afasebire ne tam kɔkɔɔ,

na sika ne aboɔden aboɔ ne nhwene pa bobɔ mu.

17Dɔnhwere pɛ, na saa ahonya dodoɔ yi asɛe.’

“Ahyɛnkafoɔ panin ne ɛhyɛn no mu nnipa, ne ɛhyɛn no mu adwumayɛfoɔ, ne wɔn a wɔka ho a wɔnya wɔn anoduane firi ɛhyɛn adwumayɛ mu no nyinaa gyinaa akyirikyiri. 18Wɔsuiɛ wɔ ɛberɛ a wɔhunuu ogya a ɛrehyeɛ no wisie no, wɔteam ka sɛ ‘Kuropɔn biara a ne kɛseɛ te sɛi mmaa da.’ ” 19Wɔtoo mfuturo guu wɔn atifi na wɔsu twaa agyaadwoɔ sɛ,

“ ‘Due! Due Ao kuropɔn kɛseɛ,

wo a wɔn a wɔwɔ ahyɛn wɔ wo mu no

nam wʼahonya so yɛɛ adefoɔ.

Na dɔnhwereɛ baako pɛ mu, wɔahwere biribiara!’

20“Ma wʼani nnye ne ho. Ao, ɔsoro!

Ahotefoɔ ne asomafoɔ ne

adiyifoɔ mo ani nnye!

Ɛkwan a ɔde mo faa so enti,

Onyankopɔn abu no atɛn.”

21Afei, ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ bi faa ɛboɔ a ne kɛseɛ bɛyɛ sɛ owiyammoɔ to twenee ɛpo mu kaa sɛ,

“Saa ahoɔden yi ara

na wɔde bɛto Babilonia kɛseɛ no atwene,

a wɔrenhunu no bio.

22Wɔrente sankubɔfoɔ ne nnwomtofoɔ, atɛntɛbɛnbɔfoɔ ne totorobɛntohyɛnfoɔ nka bio wɔ mo mu.

Wɔrenhunu odwumfoɔ biara wɔ wo mu bio.

Na wɔrente owiyamfoɔ biara nka wɔ wo mu bio.

23Kanea hann

renhyerɛn wɔ wo mu bio.

Wɔrente ayeforɔkunu ne ayeforɔyere

nne wɔ wo mu bio.

Wʼadwadifoɔ yɛ ewiase mu nnipa titire.

Na wɔde wo ntafowayie adaadaa aman nyinaa.

24Wɔ ne mu na wɔhunuu adiyifoɔ ne ahotefoɔ

ne wɔn a wɔkumm wɔn asase so nyinaa mogya.”

Akuapem Twi Contemporary Bible

Adiyisɛm 18:1-24

Babilonia Asehwe

1Eyi akyi no, mihuu ɔbɔfo foforo sɛ ofi ɔsoro reba fam. Na ɔwɔ tumi kɛse na nʼanuonyam hyerɛn wɔ asase so nyinaa. 2Ɔteɛɛ mu denneennen se,

“ ‘Wahwe ase! Babilonia Kokuroko ahwe ase!’

Adan ahonhommɔne tenabea

ne ahonhom fi nyinaa ahintawee.

Nnomaafi a wokyi wɔn nyinaa te ne mu.

3Ɔde ne nsa a ɛyɛ nʼaguamammɔ a

ano yɛ den no maa nnipa nyinaa nomee.

Asase so ahene ne no bɔɔ aguaman,

na asase so adwumayɛfo nam nʼahonya mmoroso so nyaa wɔn ho.”

4Afei metee sɛ nne foforo bi a efi ɔsoro reka se,

“Mumfi, me nkurɔfo,

na moamfa mo ho amfra bɔne a ɔyɛ no mu,

na mo ne no ankyɛ nʼasotwe!

5Efisɛ wɔahyehyɛ ne bɔne sɛ soro tenten,

na Onyankopɔn akae nʼawudi no.

6Sɛnea ɔyɛɛ mo no, monyɛ no saa pɛpɛɛpɛ;

nea ɔyɛɛ mo biara no, muntua ne so ka mprenu.

Nsa a ɔde maa mo no, monhyɛ no nea ano yɛ den mmɔho abien.

7Momma nʼayayade ne nʼawerɛhow nnɔɔso

sɛ anuonyam ne ahonya a ɔpɛ maa ne ho no.

Efisɛ daa ɔka se,

‘Mete ha sɛ ɔhemmea;

menyɛ okunafo,

na me werɛ renhow da!’

8Eyi nti, nʼamanehunu a ɛyɛ ɔyare,

awerɛhow ne ɔkɔm bɛba ne so da bi.

Na wɔde ogya ahyew no,

efisɛ Awurade Nyankopɔn a obu no atɛn no yɛ ɔkɛse.

9“Sɛ asase so ahene a wɔne no bɔɔ aguaman, dii dɛ no hu hye a wɔrehyew no no wusiw a, wobesu atwa agyaadwo. 10Nʼamanehunu no hu a ɛyɛ nti, wobegyina akyiri asu se,

“ ‘Due! Due, Ao, kuropɔn,

Ao Babilonia, kuropɔn a ɛwɔ tumi!

Wʼatemmu aba dɔnhwerew baako pɛ mu.’

11“Aguadifo a wɔwɔ asase so nso su no, efisɛ obiara ntɔ wɔn nneɛma bio. 12Obiara ntɔ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ, aboɔden abo ne nhene pa, nwera pa ne ɔtamkɔkɔɔ ne sirikyi ne tamkɔkɔɔ, ne nnua a ɛyɛ huam nyinaa ne asonse adwinne nyinaa, adwinne a wɔde nnua a ne bo yɛ den ayɛ, asanka ne dade ne abohemaa, 13ne pɛprɛ ne mmorɔngo, nnuhuam ne kurobow, huamfufu ne nsa ne ngo, asikresiam muhumuhu ne awi, nyɛmmoa ne nguan ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne nkoa ne nnipa akra.

14“Aguadifo no bɛka se, ‘Nneɛma pa a wopere hwehwɛe no nyinaa ayera, na wʼahonya ne wʼanuonyam no kɔ, na wo nsa renka bio.’ 15Aguadifo a wonyaa wɔn ho wɔ kurow no mu no begyina akyirikyiri efisɛ wosuro amane a ɔrehu no. Wobesu na wɔatwa agyaadwo, 16na wɔaka se:

“ ‘Due! Due, Ao, kuropɔn a

ofura nwera pa ne tamkɔkɔɔ

na sika ne aboɔdenmmo a nhene pa bobɔ mu.

17Dɔnhwerew pɛ, na saa ahonya dodow yi asɛe.’ 

“Hyɛn mu sahene ne hyɛn no mu nnipa, mu adwumayɛfo ne wɔn a wɔka ho a wonya wɔn anoduan fi hyɛn adwumayɛ mu no nyinaa gyinaa akyirikyiri. 18Wosui wɔ bere a wohuu ogya a ɛrehyew no wusiw no, wɔteɛɛ mu kae se ‘Kuropɔn biara a ne kɛse te sɛɛ mmaa da.’ ” 19Wɔbɛtow mfutuma agu wɔn atifi na wɔasu, atwa agyaadwo se,

“ ‘Due! Due, wo kuropɔn,

wo a wɔn a wɔwɔ ahyɛn wɔ wo mu no

nam wʼahonya so yɛɛ adefo.

Na dɔnhwerew baako pɛ mu, woahwere biribiara!’

20“Momma mo ani nnye wɔ ne ho, mo ɔsorofo!

Momma mo ani nnye,

Onyankopɔn nnipa!

Momma mo ani nnye, asomafo ne adiyifo!

Efisɛ Onyankopɔn abu no atɛn.”

21Afei, ɔbɔfo hoɔdenfo bi faa ɔbo a ne kɛse bɛyɛ sɛ awiyammo tow kyenee po mu kae se,

“Saa ahoɔden yi ara

na wɔde bɛtow Babilonia kuropɔn no akyene,

a wɔrenhu no bio.

22Wɔrente sankubɔfo ne nnwontofo, atɛntɛbɛnhyɛnfo ne torobɛntohyɛnfo nka wɔ mu bio.

Wɔrenhu odwumfo biara wɔ wo mu bio.

Na wɔrente owiyamfo biara nka wɔ wo mu bio.

23Kanea hann

renhyerɛn wɔ wo mu bio.

Wɔrente ayeforokunu ne ayeforo

nne wɔ wo mu bio.

Wʼaguadifo yɛ wiase mu nnipa atitiriw.

Na wɔde wo ntafowayi adaadaa aman nyinaa.

24Ne mu na wohuu adiyifo ne ahotefo

ne wɔn a wokum wɔn wɔ asase so no nyinaa mogya.”