Adiyisɛm 12 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Adiyisɛm 12:1-18

Ɔbaa No Ne Ɔtweaseɛ No

1Afei, nsɛnkyerɛnneɛ kɛseɛ bi daa ne ho adi wɔ ɔsoro. Ɔbaa bi, na nʼatadeɛ yɛ owia a ɔsrane wɔ ne nan ase, na nsoromma dumienu ahenkyɛ hyɛ no. 2Na ɔnyem a ɔrebɛwo, na awoyea enti, na ɔresu. 3Nsɛnkyerɛnneɛ kɛseɛ foforɔ bi daa ne ho adi wɔ ɔsoro. Ɔwɔ kɔkɔɔ kakraka bi, na ne ti yɛ nson na ɔwɔ mmɛn edu a ahenkyɛ hyehyɛ ebiara so. 4Ɔde ne dua twee nsoromma a ɛwɔ ɔsoro no mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako too wɔn guu fam. Ɔgyinaa ɔbaa a ɔrewo no anim, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔwo ɔba no to hɔ ara pɛ, ɔbɛfa abɔfra no awe. 5Afei, ɔbaa no woo abarimaa a ɔde nsa a ɛyɛ den bɛdi aman nyinaa so. Nanso, wɔhwim abɔfra no kɔɔ Onyankopɔn ne nʼahennwa ho. 6Ɔbaa no dwane kɔɔ ɛserɛ so baabi a Onyankopɔn asiesie ama no a wɔbɛhwɛ no yie wɔ nnafua apem ahanu ne aduosia mu.

7Afei, ɔko sii ɔsoro hɔ. Mikael ne nʼabɔfoɔ ko tiaa ɔwɔ no, ɛnna ɔno nso ne nʼabɔfoɔ ko tiaeɛ. 8Nanso, wɔdii ɔwɔ no so nkonim na wɔamma ɔne nʼabɔfoɔ antena ɔsoro bio. 9Wɔtoo ɔwɔ kakraka no tweneeɛ. Ɔno ne ɔwɔ dada no a wɔfrɛ no ɔbonsam a ɔdaadaa ewiase nyinaa no. Wɔtoo ɔno ne nʼabɔfoɔ nyinaa guu asase so.

10Afei, metee nne denden bi wɔ ɔsoro a ɛka sɛ,

“Afei, na Onyankopɔn nkwagyeɛ aba!

Afei, na Onyankopɔn akyerɛ ne tumi sɛ ɔyɛ Ɔhene!

Afei, na nʼAgyenkwa no akyerɛ ne tumi,

ɛfiri sɛ, yɛn nuanom no ahohorabɔni a

ɔgyinaa Onyankopɔn anim bɔɔ wɔn ahohora awia ne anadwo no,

wɔapam no afiri soro no.

11Yɛn nuanom no nam Odwammaa no mogya so

ne nokorɛ a ɔdaa no adi so

dii ne so nkonim.

Na wɔasiesie wɔn ho sɛ wɔde wɔn nkwa bɛto hɔ

na wɔawuwu.

12Enti, mo ɔsoro ne mo a motete hɔ no,

momma mo ani nnye.

Afei, asase ne ɛpo nnue!

Ɛfiri sɛ, ɔbonsam no atoa mo!

Na ne bo afu,

ɛfiri sɛ, ɔnim sɛ ne ɛberɛ a aka sua.”

13Ɛberɛ a ɔwɔ no hunuu sɛ wɔato no atwene asase so no, ɔtaa ɔbaa a wawo abarimaa no. 14Wɔmaa ɔbaa no ɔkɔdeɛ ntaban akɛseɛ mmienu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛtumi atu akɔ baabi a wɔasiesie ama no wɔ ɛserɛ so hɔ a wɔbɛhwɛ no mfeɛ mmiɛnsa ne fa sɛdeɛ ɔwɔ no renni nʼakyi bio. 15Afei, ɔwɔ no puu nsuo te sɛ asubɔnten dii ɔbaa no akyi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɛbɛfa no. 16Nanso, asase boaa ɔbaa no. Ɛbuee nʼanom nom nsuo a ɔwɔ no pu guu hɔ no nyinaa. 17Ɔwɔ no bo fuu ɔbaa no, enti ɔkɔeɛ de ntɔkwa kɔkaa ɔbaa no asefoɔ a wɔaka a ɛyɛ wɔn a wɔdi Onyankopɔn mmara so na wɔgye nokorɛ a Yesu ada no adi no di. 18Na ɔwɔ no kɔgyinaa mpoano hɔ.