Adiyisɛm 1 – ASCB & AKCB

Asante Twi Contemporary Bible

Adiyisɛm 1:1-20

1Nwoma yi fa adiyisɛm a Onyankopɔn de maa Yesu Kristo sɛ ɔnkyerɛ nʼasomfoɔ deɛ ɛrebɛba no ho. Kristo somaa ne ɔbɔfoɔ kɔɔ nʼakoa Yohane nkyɛn kɔdaa asɛm yi adi kyerɛɛ no, 2sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Yohane bɛka biribiara a ɔhunuiɛ. Yei ne nʼadansedie ne asɛm a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn ne nokorɛ a Yesu Kristo daa no adi no. 3Nhyira nka obiara a ɔbɛkan saa nwoma yi, na nhyira nka wɔn nso a wɔtie adiyisɛm no na wɔdi so sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ saa nwoma yi mu no. Ɛberɛ no abɛn.

Nkyea

4Yohane,

Nkyea a ɔkyea asafo ahodoɔ nson a ɛwɔ Asia no nie:

Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri deɛ ɔwɔ hɔ, na ɔtenaa hɔ, na ɔreba no ne ahonhom nson a wɔwɔ nʼahennwa anim, 5ne Yesu Kristo a ɔyɛ ɔdanseni nokwafoɔ ne awufoɔ mu abakan ne asase so ahene sodifoɔ no nkyɛn nka mo.

Ɔdɔ yɛn, na ɔnam ne wuo no so agye yɛn afiri yɛn bɔne mu. 6Wayɛ yɛn ahemman ne asɔfoɔ sɛ yɛnsom ne Onyankopɔn ne nʼAgya. Ɔno na wɔmfa animuonyam ne tumi mma no daa daa! Amen.

7Ɔnam omununkum mu reba.

Wɔn a wɔwɔɔ no pea no

ne obiara bɛhunu no.

Asase so nnipa nyinaa bɛsu no.

Ɛbɛba mu saa. Amen.

8Awurade Onyankopɔn Otumfoɔ no se, “Mene Alfa ne Omega1.8 Hela atwerɛdeɛ a ɛdi ɛkan ne deɛ ɛtwa toɔ. Onyankopɔn yɛ ahyɛaseɛ ne awieeɛ (21.6). a ɔwɔ hɔ seesei na ɔwɔ hɔ dada na ɔrebɛba no.”

9Mene Yohane, a me ne mo nyinaa yɛ akyidifoɔ. Yɛhunu amane ɛfiri sɛ Yesu ne yɛn ɔhene, na ɔma yɛn ahoɔden wɔ ahohia mu. Esiane sɛ mekaa Onyankopɔn asɛm kaa nokorɛ a Yesu daa no adi enti, wɔtwaa me asuo de me kɔɔ Supɔ Patmo so. 10Awurade da no,1.10 Yudafoɔ da a ɛdi nnawɔtwe no ɛkan no. Wɔfrɛɛ da no saa, ɛfiri sɛ, saa da no na Yesu sɔre firii awufoɔ mu. Saa ɛda no ara nso na Akristofoɔ hyiaeɛ (Hwɛ Aso 20.7) na wɔgyegyee toɔ (Hwɛ 1 Ko 16.2). Honhom no faa me na metee nne denden bi a ɛte sɛ totorobɛnto a ɛrebɔ wɔ mʼakyi. 11Ɛkaa sɛ, “Twerɛ biribiara a wohunu, na fa nwoma no kɔma saa asafo ahodoɔ nson a ɛwɔ Efeso ne Smirna ne Pergamo ne Tiatira ne Sardi ne Filadelfia ne Laodikea no.”

12Medanee mʼani pɛɛ sɛ mehunu deɛ ɔrekasa kyerɛ me no. Ɛhɔ na mehunuu sikakɔkɔɔ nkaneadua nson. 13Na nkaneadua no mfimfini na onipa bi a ɔte sɛ Onipa Ba a ɔhyɛ atadeɛ yuu a ɛsi ne nan ase a sika abɔsoɔ kyekyere ne koko no gyina. 14Na ne tirinwi yɛ fitaa te sɛ asaawafuturo anaasɛ sukyerɛmma, na nʼani dɛre sɛ ogya. 15Ne nan ase hyerɛnee sɛ ayowaa a wɔanane wɔ fononoo mu na afei wɔatwi ho na ne nne woro so te sɛ nsuworosoɔ a ano yɛ den. 16Na ɔkura nsoromma nson wɔ ne nsa nifa mu na sekan anofanu a ɛyɛ nnam firi nʼanom baeɛ. Na nʼanim hyerɛn te sɛ owigyinaeɛ awia.

17Mehunuu no no, mekɔhwee ne nan ase te sɛ owufoɔ. Ɔde ne nsa nifa too me so kaa sɛ, “Nsuro! Mene Ɔkannifoɔ ne Okyikafoɔ. 18Mene ɔteasefoɔ no! Mewuiɛ, nanso seesei mete ase daa daa. Mekura owuo ne asaman safoa.

19“Enti afei twerɛ nneɛma a wohunu; deɛ wohunu no seesei ne deɛ ɛbɛba akyire no, twerɛ. 20Nsoromma nson a wohunu wɔ me nsa nifa mu ne sika nkaneadua no nkyerɛaseɛ a ɛyɛ ahintasɛm no ni; Nsoromma nson no yɛ asafo nson no abɔfoɔ, ɛnna nkaneadua nson no nso yɛ asafo nson no.”

Akuapem Twi Contemporary Bible

Adiyisɛm 1:1-20

1Saa nhoma yi fa adiyisɛm a Onyankopɔn de maa Yesu Kristo sɛ ɔnkyerɛ nʼasomfo nea ɛrebɛba no ho. Kristo somaa ne bɔfo kɔɔ nʼakoa Yohane nkyɛn kɔdaa asɛm yi adi kyerɛɛ no, 2sɛnea ɛbɛyɛ a Yohane bɛka biribiara a ohui. Eyi ne nʼadansedi ne asɛm a efi Onyankopɔn nkyɛn ne nokware a Yesu Kristo daa no adi no. 3Nhyira nka obiara a ɔbɛkenkan saa nhoma yi, na nhyira nka wɔn nso a wotie adiyisɛm no na wodi so sɛnea wɔakyerɛw wɔ saa nhoma yi mu no. Bere no abɛn.

Nkyia

4Yohane,

Nkyia a okyia asafo ahorow ason1.4 Na atetew ne ho bɛyɛ borɔfokwansin 50 a ayɛ Dantaban Asia atifi fam a etwa kɔ nifa so Efeso atifi fam na abɛyɛ Dantaban mua fi Laodikea (Efeso apuei fam). a ɛwɔ Asia no ni:

Adom ne asomdwoe a efi nea ɔwɔ hɔ, na ɔtenaa hɔ, na ɔreba no ne ahonhom ason a wɔwɔ nʼahengua anim, 5ne Yesu Kristo a ɔyɛ ɔdanseni nokwafo ne awufo mu abakan ne asase so ahene sodifo no nkyɛn nka mo.

Ɔdɔ yɛn, na ɔnam ne wu no so agye yɛn afi yɛn bɔne mu. 6Wayɛ yɛn ahemman ne asɔfo sɛ yɛnsom ne Nyankopɔn ne nʼAgya. Ɔno na wɔmfa anuonyam ne tumi mma no daa daa! Amen.

7Hwɛ, ɔnam omununkum mu reba.

Wɔn a wɔwɔɔ no peaw no

ne obiara behu no.

Asase so nnipa nyinaa besu no; ne nti

Ɛbɛba mu saa. Amen.

8Awurade Nyankopɔn Tumfo no se, “Mene Alfa ne Omega1.8 Hela nkyerɛwde a edi kan ne nea etwa to. Onyankopɔn yɛ mfiase ne awiei (21.6). Ne tumi di biribiara so wɔ adesa abakɔsɛm nyinaa mu. (22.13). a ɔwɔ hɔ mprempren na ɔwɔ hɔ dedaw na ɔyɛ nea ɔrebɛba no.”

9Me Yohane, a me ne mo nyinaa yɛ akyidifo. Yehu amane efisɛ Yesu ne yɛn hene, na ɔma yɛn ahoɔden wɔ ahohia mu. Esiane sɛ mekaa Onyankopɔn asɛm kaa nokware a Yesu daa no adi nti, wotwaa me asu de me kɔɔ Supɔw Patmo so. 10Awurade da no,1.10 Da a edi nnaawɔtwe no kan no kasakoa mu ne no. Wɔfrɛɛ da no saa, efisɛ saa da no na Yesu sɔre fii awufo mu. Saa da no ara nso na Kristofo hyiae (Hwɛ Aso 20.7) na wogyigyee tow (Hwɛ 1 Ko 16.2). Honhom no faa me na metee nne dennen bi a ɛte sɛ torobɛnto a ɛrebɔ wɔ mʼakyi. 11Ɛkae se, “Kyerɛw biribiara a wuhu, na fa nhoma no kɔma saa asafo ahorow ason a ɛwɔ Efeso ne Smirna ne Pergamo ne Tiatira ne Sardi ne Filadelfia ne Laodikea no.”

12Medan mʼani, pɛɛ sɛ mihu nea ɔrekasa kyerɛ me no. Ɛhɔ na mihuu sikakɔkɔɔ akaneadua ason. 13Na akaneadua no mfimfini na onipa bi a ɔte sɛ Onipa Ba a ɔhyɛ batakari yuu a esi nʼanan ase a sika abɔso kyekyere ne koko no gyina. 14Na ne tinwi yɛ fitaa te sɛ asaawamfuturu anaasɛ sukyerɛmma, na nʼani dɛw sɛ ogya. 15Ne nan ase hyerɛnee sɛ asanka a wɔanan wɔ fononoo mu na afei wɔatwiw ho na ne nne woro so te sɛ asuworoe a ano yɛ den. 16Na okura nsoromma ason wɔ ne nsa nifa mu na afoa anofanu a ɛyɛ nnam1.16 Saa afoa no kyerɛ honhom mu atemmu (Hwɛ Yes 49.2; Heb 4.12). fi nʼanom bae. Na nʼanim hyerɛn te sɛ owigyinae wia.

17Mihuu no no, mekɔhwee nʼanan ase te sɛ owufo. Ɔde ne nsa nifa too me so kae se, “Nsuro! Mene Ɔkannifo ne Okyikafo. 18Mene ɔteasefo no! Miwui, nanso mprempren mete ase daa daa. Mikura owu ne asaman safe.

19“Enti afei kyerɛw nneɛma a wuhu; nea wuhu no mprempren ne nea ɛbɛba akyiri no, kyerɛw. 20Nsoromma ason a wuhu wɔ me nsa nifa mu ne sika akaneadua no nkyerɛase a ɛyɛ ahintasɛm no ni; Nsoromma ason no yɛ asafo ason no abɔfo, na akaneadua ason no nso yɛ asafo ason no.”