5 Mose 5 – ASCB & PCB

Asante Twi Contemporary Bible

5 Mose 5:1-33

Mmaransɛm Edu No

1Mose frɛɛ Israelfoɔ nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ:

Montie mmara ne ahyɛdeɛ a mede rema mo ɛnnɛ no yie. Monsua na monni so. 2Ɛberɛ a yɛwɔ Horeb no, Awurade yɛn Onyankopɔn ne yɛn yɛɛ apam bi. 3Ɛnyɛ yɛn agyanom na Awurade ne wɔn yɛɛ apam tete no, na mmom, ɔne yɛn a yɛte ase ɛnnɛ yi na ɛyɛeɛ. 4Awurade ne mo kasaa animuanimu firi ogyaframa no mu. 5Megyinaa mo ne Awurade ntam, ɛfiri sɛ, na mosuro ogya no enti, moamforo bepɔ no. Ɔkasa kyerɛɛ me na me nso mekaa nsɛm a ɔkaeɛ no kyerɛɛ mo.

Nsɛm a ɔkaeɛ no nie:

6“Mene Awurade mo Onyankopɔn a meyii mo firii nkoasom wɔ Misraim no.

7“Monnsom onyame foforɔ biara nka me ho.

8Monnyɛ ohoni anaa biribiara a ɛsɛ adeɛ a ɛwɔ ewiem, anaa deɛ ɛwɔ asase so, anaa deɛ ɛwɔ nsuo mu, anaa deɛ ɛwɔ asase ase. 9Monnkoto ohoni biara nsom no ɛkwan biara so, na me, Awurade mo Onyankopɔn, meyɛ ninkunfoɔ. Na me ne onyame foforɔ bi nkyɛ mo dɔ a modɔ me no. Na sɛ nnipa bi bɔne a wayɛ enti metwe wɔn aso a, metwe wɔn aso kɔsi wɔn awontoatoasoɔ a wɔtan me no nyinaa so. 10Na medɔ awoɔ ntoatoasoɔ mpem a wɔdɔ me na wɔdi mʼahyɛdeɛ so.

11Mommmɔ Awurade Onyankopɔn din basabasa. Sɛ moyɛ saa a, ɔbɛbu mo fɔ.

12Monkae homeda na monni no sɛ ɛda kronkron, sɛdeɛ Awurade ahyɛ no. 13Nnansia na momfa nyɛ mo nnwuma nyinaa, 14na ɛda a ɛtɔ so nson no yɛ homeda ma Awurade Onyankopɔn. Saa ɛda no, ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara; ɛnsɛ sɛ mo mmammarima, mo mmabaa anaa mo asomfoɔ anaa mo anantwie ne mo afunumu anaa mo ahɔhoɔ yɛ adwuma biara. 15Monkae sɛ berɛ bi a atwam no na moyɛ nkoa wɔ Misraim, na Awurade, mo Onyankopɔn, nam anwanwa tumi ne tumi nnwuma so na ɔyii mo firii hɔ. Ɛno enti na Awurade mo Onyankopɔn hyɛ mo sɛ monni homeda no.

16Di wʼagya ne wo maame ni sɛdeɛ Awurade, mo Onyankopɔn, hyɛ mo no. Na ɛbɛma wo nkwa nna aware wɔ asase a Awurade wo Onyankopɔn de bɛma wo no so.

17Nni awu.

18Nsɛe awadeɛ.

19Mmɔ korɔno

20Nni wo yɔnko ho adansekurumu

21Mma wʼani mmere wo yɔnko yere. Mma wʼani mmere wo yɔnko fie anaa nʼasase anaa nʼakoa anaa nʼafenawa, ne nʼanantwie, nʼafunumu anaa biribiara a ɛyɛ wo yɔnko dea.”

22Awurade de nne kɛseɛ a ɛfiri ogyaframa no mu ka kyerɛɛ mo firii omununkum a esum kabii atwa ho ahyia mu. Nsɛm a ɔkaeɛ ara ni na ɔtwerɛɛ ne nsɛm no guu aboɔ ɛpono mmienu so na ɔde maa me.

23Motee nne no firii esum mu ɛberɛ a bepɔ no ogya redɛre framfram no, mmusuakuo mu ntuanofoɔ no nyinaa baa me nkyɛn. 24Wɔkaa sɛ, “Awurade yɛn Onyankopɔn, akyerɛ yɛn nʼanimuonyam ne ne tumi na yɛate ne nne afiri ogya mu. Ɛnnɛ, yɛahunu sɛ, sɛ Onyankopɔn ne onipa kasa koraa a, onipa tumi tena ase. 25Na afei, adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛwuwu? Sɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn, kasa kyerɛ yɛn bio a, akyinnyeɛ biara nni ho sɛ yɛbɛwuwu na ogya no ahye yɛn pasaa. 26Enti, ɔkra teasefoɔ bɛtumi ate Onyankopɔn teasefoɔ no nne afiri ogyaframa no mu na watena ase anaa? 27Wo, kɔ na kɔtie deɛ Awurade yɛn Onyankopɔn no ka. Na afei, bra na bɛka biribiara a ɔka kyerɛɛ wo no kyerɛ yɛn, na yɛbɛtie na yɛadi so.”

28Awurade tee mo nne ɛberɛ a mokasa kyerɛɛ me no, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Mate nsɛm a nnipa ka kyerɛɛ wo no. Nsɛm a wɔkaaeɛ no nyinaa yɛ. 29Ao, sɛ daa wɔbɛnya akoma sɛdeɛ ɛbɛma wɔasuro me na wɔadi mʼahyɛdeɛ nyinaa so a, anka ɛbɛyɛ ama wɔn ne wɔn asefoɔ nyinaa afebɔɔ.

30“Kɔ na kɔka kyerɛ wɔn sɛ, wɔnsane mmra wɔn ntomadan mu. 31Nanso, wo deɛ, wo ne me ntena ha sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛtumi de me nhyɛ ne me mmara ama wo. Wobɛkyerɛkyerɛ nnipa no sɛdeɛ wɔbɛtie wɔ asase a mede rema wɔn no so sɛ wɔn agyapadeɛ.”

32Enti, Mose ka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Monyɛ ɔsetie mma Awurade mo Onyankopɔn ahyɛdeɛ nyinaa, na monni ne nkyerɛkyerɛ so pɛpɛɛpɛ. 33Akwan a Awurade mo Onyankopɔn ahyɛ mo sɛ monnante so no so, monnante so. Na moatena ase nna tenten na asi mo yie wɔ asase a morebɛkɔ akɔtena so no so.”

Persian Contemporary Bible

تثنيه 5:1-33

ده فرمان

(خروج 20‏:1‏-17)

1موسی به سخنانش ادامه داده، گفت:

ای قوم اسرائيل، اكنون به قوانينی كه خداوند به شما داده است گوش كنيد. آنها را ياد بگيريد و به دقت انجام دهيد.

2خداوند، خدايمان در كوه حوريب عهدی با شما بست. 3اين عهد را نه با پدرانتان بلكه با شما كه امروز زنده هستيد بست. 4او در آن كوه از ميان آتش رودررو با شما سخن گفت. 5من به عنوان واسطه‌ای بين شما و خداوند ايستادم، زيرا شما از آن آتش می‌ترسيديد و بالای كوه پيش او نرفتيد. او با من سخن گفت و من قوانينش را به شما سپردم. آنچه فرمود اين است:

6«من خداوند، خدای تو هستم، همان خدايی كه تو را از اسارت و بندگی مصر آزاد كرد.

7«تو را خدايان ديگر غير از من نباشد.

8«هيچگونه بتی به شكل حيوان يا پرنده يا ماهی برای خود درست نكن. 9در برابر آنها زانو نزن و آنها را پرستش نكن، زيرا من كه خداوند، خدای تو می‌باشم، خدای غيوری هستم و كسانی را كه از من نفرت دارند مجازات می‌كنم. اين مجازات شامل حال فرزندان آنها تا نسل سوم و چهارم نيز می‌شود. 10اما بر كسانی كه مرا دوست بدارند و دستورات مرا پيروی كنند، تا هزار پشت رحمت می‌كنم.

11«از نام من كه خداوند، خدای تو هستم سوءاستفاده نكن. اگر نام مرا با بی‌احترامی بر زبان بياوری يا به آن قسم دروغ بخوری، تو را مجازات می‌كنم.

12«روز سَبَت را به ياد داشته باش و آن را مقدس بدار. من كه خداوند، خدای تو هستم اين را به تو امر می‌كنم. 13در هفته شش روز كار كن، 14ولی در روز هفتم كه ”سبت خداوند“ است هيچ كاری نكن نه خودت، نه پسرت، نه دخترت، نه غلامت، نه كنيزت، نه مهمانانت و نه حتی چارپايانت. غلام و كنيزت بايد مثل خودت استراحت كنند. 15به ياد آور كه در سرزمين مصر غلام بودی و من كه خداوند، خدای تو هستم با قدرت و قوت عظيم خود تو را از آنجا بيرون آوردم. به اين دليل است كه به تو امر می‌كنم سبت را نگه داری.

16«پدر و مادر خود را احترام كن، زيرا اين فرمان خداوند، خدای توست. اگر چنين كنی، در سرزمينی كه خداوند، خدايت به تو خواهد بخشيد، عمری طولانی و پربركت خواهی داشت.

17«قتل نكن.

18«زنا نكن.

19«دزدی نكن.

20«دروغ نگو.

21«چشم طمع به مال و ناموس ديگران نداشته باش. به فكر تصاحب غلام و كنيز، گاو و الاغ، زمين و اموال همسايه‌ات نباش.»

ترس مردم

(خروج 20‏:18‏-21)

22اين بود قوانينی كه خداوند در كوه سينا به شما داد. او اين قوانين را با صدای بلند از ميان آتش و ابر غليظ اعلام فرمود و غير از اين قوانين، قانون ديگری نداد. آنها را روی دو لوح سنگی نوشت و به من داد. 23ولی وقتی كه آن صدای بلند از درون تاريكی به گوشتان رسيد و آتش مهيب سر كوه را ديديد كليهٔ رهبران قبيله‌هايتان نزد من آمدند 24و گفتند: «امروز خداوند، خدايمان جلال و عظمتش را به ما نشان داده است، ما حتی صدايش را از درون آتش شنيديم. اكنون می‌دانيم كه ممكن است خدا با انسان صحبت كند و او نميرد. 25ولی مطمئناً اگر دوباره با ما سخن بگويد خواهيم مرد. اين آتش هولناک، ما را خواهد سوزانيد. 26‏-27چه كسی می‌تواند صدای خداوند زنده را كه از درون آتش سخن می‌گويد، بشنود و زنده بماند؟ پس تو برو و به تمامی سخنانی كه خداوند می‌گويد گوش كن، بعد آمده، آنها را برای ما بازگو كن و ما آنها را پذيرفته، اطاعت خواهيم كرد.»

28خداوند درخواستتان را پذيرفت و به من گفت: «آنچه كه قوم اسرائيل به تو گفتند شنيدم و می‌پذيرم. 29ای كاش هميشه چنين دلی داشته باشند و از من بترسند و تمام اوامر مرا بجا آورند. در آن صورت زندگی خودشان و زندگی فرزندانشان در تمام نسلها با خير و بركت خواهد گذشت. 30اكنون برو و به آنها بگو كه به خيمه‌هايشان بازگردند. 31سپس برگشته، اينجا در کنار من بايست و من تمامی اوامرم را به تو خواهم داد. تو بايد آنها را به قوم تعليم دهی تا قوانين مرا در سرزمينی كه به ايشان می‌دهم اطاعت كنند.»

32‏-33پس بايستی تمام اوامر خداوند، خدايتان را اطاعت كنيد و دستورات او را به دقت بجا آوريد و آنچه را كه او می‌خواهد انجام دهيد. اگر چنين كنيد در سرزمينی كه به تصرف درمی‌آوريد زندگی طولانی و پربركتی خواهيد داشت.