5 Mose 30 – ASCB & NIV

Asante Twi Contemporary Bible

5 Mose 30:1-20

Awurade Nkyɛn Ba Ho Kɔkɔbɔ

1Sɛ nhyira ne nnome a mede ato mo anim no nyinaa ba mo so wɔ baabiara a Awurade mo Onyankopɔn bɛhwete mo akɔ wɔ aman no mu, 2na mo ne mo mma sane ba Awurade, mo Onyankopɔn, nkyɛn, na mode mo akoma ne mo kra nyinaa yɛ ɔsetie ma no sɛdeɛ merekyerɛ mo ɛnnɛ yi a, 3ɛnneɛ, Awurade, mo Onyankopɔn de mo akradeɛ bɛma mo, na wahunu mo mmɔbɔ, na waboaboa mo ano bio afiri amanaman a ɔbɔɔ mo hwete kɔɔ so no nyinaa, asane de mo aba bio. 4Sɛ mpo, wɔapam mo kɔ akyirikyiri asase bi a ɛwɔ ɔsoro ase a, ɛfiri hɔ no, Awurade, mo Onyankopɔn, bɛboaboa mo ano asane de mo aba bio. 5Awurade Onyankopɔn de mo bɛba asase a ɛyɛ mo agyanom dea so, na moafa sɛ agyapadeɛ. Ɔbɛma mo adi yie na mo adɔɔso asene mo agyanom. 6Awurade, mo Onyankopɔn, bɛtene mo ne mo asefoɔ akoma so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mode mo akoma ne mo kra nyinaa bɛdɔ no na moatena. 7Awurade, mo Onyankopɔn, de saa nnome yi nyinaa bɛgu mo atamfoɔ ne wɔn a wɔtaa mo no so. 8Afei, mobɛsane atie, adi Awurade mmara a mede rema mo ɛnnɛ no so. 9Awurade, mo Onyankopɔn, bɛma biribiara a moyɛ no asi mo yie. Ɔbɛma mo mma pii. Mo nyɛmmoa bɛdɔɔso. Na mo mfuo mu nnɔbaeɛ nso bɛbu so, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn, ani bɛgye sɛ ɔbɛma mo adi yie sɛdeɛ na ɔyɛ mo agyanom no. 10Sɛ motie Awurade, mo Onyankopɔn, nne, na modi nʼahyɛdeɛ ne ne mmara a wɔatwerɛ wɔ saa mmara nwoma no mu no so, na mode mo akoma ne mo kra dɔ no a, nʼani bɛgye mo yiedie ho.

Owuo Ne Nkwa

11Nokorɛm, saa mmara a merehyɛ ama mo ɛnnɛ yi sodie nyɛ den, na ɛnyɛ adeɛ a morentumi nyɛ nso. 12Ɛnni soro a enti mobɛka sɛ, “Hwan na ɔbɛkɔ soro ama yɛn na wakɔgye abrɛ yɛn, na yɛate adi so?” 13Saa ara nso na ɛnni ɛpo agya a enti mobɛka sɛ, “Hwan na ɔbɛtwa akɔ ɛpo fa nohoa ama yɛn na wakɔgye abrɛ yɛn, na yɛate adi so?” 14Dabi, asɛm no abɛn wo. Ɛda wʼano, na ɛwɔ wʼakoma mu. Ɛno enti, monni so.

15Montie, ɛnnɛ, mede nkwa ne nkɔsoɔ, owuo ne ɔsɛeɛ asi mo anim. 16Sɛ motie Awurade, mo Onyankopɔn, mmara a merehyɛ ama mo ɛnnɛ yi, nam so dɔ Awurade, mo Onyankopɔn, nante nʼakwan mu, di ne mmara so a, mobɛnya nkwa na mo ase adɔre, na Awurade, mo Onyankopɔn bɛhyira mo wɔ asase a morekɔ akɔtena so no so.

17Nanso sɛ mo akoma dane, sɛ moanyɛ ɔsetie, na sɛ wɔtwe mo kɔkoto anyame foforɔ, na mosom wɔn a, 18mepae mu ka kyerɛ mo ɛnnɛ sɛ, nokorɛm wɔbɛsɛe mo; morentena asase a moretwa Yordan akɔ so akɔfa sɛ agyapadeɛ no so nkyɛ.

19Nnɛ mede nkwa ne owuo, nhyira ne nnome, asi mo anim sɛ monyi deɛ mopɛ. Mefrɛ ɔsoro ne asase sɛ adansefoɔ. Momfa nkwa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mo ne mo asefoɔ bɛnya nkwa! 20Monnɔ Awurade, mo Onyankopɔn. Monyɛ ɔsetie mma no, na momfa mo ho mma no, ɛfiri sɛ, ɔno ne mo nkwa. Ɛno na mobɛtena ase akyɛre wɔ asase a Awurade kaa ntam sɛ ɔde bɛma mo tete agyanom Abraham, Isak ne Yakob no.

New International Version

Deuteronomy 30:1-20

Prosperity After Turning to the Lord

1When all these blessings and curses I have set before you come on you and you take them to heart wherever the Lord your God disperses you among the nations, 2and when you and your children return to the Lord your God and obey him with all your heart and with all your soul according to everything I command you today, 3then the Lord your God will restore your fortunes30:3 Or will bring you back from captivity and have compassion on you and gather you again from all the nations where he scattered you. 4Even if you have been banished to the most distant land under the heavens, from there the Lord your God will gather you and bring you back. 5He will bring you to the land that belonged to your ancestors, and you will take possession of it. He will make you more prosperous and numerous than your ancestors. 6The Lord your God will circumcise your hearts and the hearts of your descendants, so that you may love him with all your heart and with all your soul, and live. 7The Lord your God will put all these curses on your enemies who hate and persecute you. 8You will again obey the Lord and follow all his commands I am giving you today. 9Then the Lord your God will make you most prosperous in all the work of your hands and in the fruit of your womb, the young of your livestock and the crops of your land. The Lord will again delight in you and make you prosperous, just as he delighted in your ancestors, 10if you obey the Lord your God and keep his commands and decrees that are written in this Book of the Law and turn to the Lord your God with all your heart and with all your soul.

The Offer of Life or Death

11Now what I am commanding you today is not too difficult for you or beyond your reach. 12It is not up in heaven, so that you have to ask, “Who will ascend into heaven to get it and proclaim it to us so we may obey it?” 13Nor is it beyond the sea, so that you have to ask, “Who will cross the sea to get it and proclaim it to us so we may obey it?” 14No, the word is very near you; it is in your mouth and in your heart so you may obey it.

15See, I set before you today life and prosperity, death and destruction. 16For I command you today to love the Lord your God, to walk in obedience to him, and to keep his commands, decrees and laws; then you will live and increase, and the Lord your God will bless you in the land you are entering to possess.

17But if your heart turns away and you are not obedient, and if you are drawn away to bow down to other gods and worship them, 18I declare to you this day that you will certainly be destroyed. You will not live long in the land you are crossing the Jordan to enter and possess.

19This day I call the heavens and the earth as witnesses against you that I have set before you life and death, blessings and curses. Now choose life, so that you and your children may live 20and that you may love the Lord your God, listen to his voice, and hold fast to him. For the Lord is your life, and he will give you many years in the land he swore to give to your fathers, Abraham, Isaac and Jacob.