5 Mose 28 – ASCB & KJV

Asante Twi Contemporary Bible

5 Mose 28:1-68

Ɔsetie Mu Nhyira

1Na sɛ motie Awurade, mo Onyankopɔn, na modi mmara a mede rema mo ɛnnɛ yi so a, Awurade, mo Onyankopɔn, bɛpagya mo asene aman a wɔwɔ ewiase nyinaa. 2Sɛ motie Awurade, mo Onyankopɔn a, mobɛnya saa nhyira yi nyinaa:

3Wɔbɛhyira mo wɔ mo nkuro ne mo ɔman mu.

4Wɔde mma bebree ne nsase bereɛ bɛhyira mo. Wɔde anantwie ne nnwan a wɔn ase dɔre bɛhyira mo.

5Wɔde nnuaba nkɛntɛn ma ma, ne mmɔre kodoɔ a burodo ahyɛ so ma bɛhyira mo.

6Wɔbɛhyira mo wɔ baabiara a mobɛkɔ, mo fieba mu ne mo adifire mu.

7Sɛ atamfoɔ to hyɛ mo so a, Awurade bɛdi wɔn so. Wɔbɛfiri baabi ato ahyɛ mo so na wɔafa akwan nson so ahwete afiri mo anim.

8Biribiara a mobɛyɛ no, Awurade bɛhyira so na ɔde aburoo ahyɛ mo apata ma ma. Awurade, mo Onyankopɔn, bɛhyira mo wɔ asase a ɔde rema mo no so.

9Sɛ modi Awurade, mo Onyankopɔn, mmara no so na monante nʼakwan so a, Awurade bɛgyina mo sɛ ne nnipa kronkron sɛdeɛ ɔhyɛɛ mo bɔ sɛ ɔbɛyɛ no. 10Afei, ewiase aman nyinaa bɛhunu sɛ, moyɛ nnipa a Awurade afa mo, na wɔbɛsuro mo. 11Awurade bɛma mo nneɛma pa ma aboro so ma—nyɛmmoa ne afudeɛ pii wɔ asase a ɔhyɛɛ mo agyanom bɔ sɛ ɔde bɛma wɔn no so.

12Awurade firi nʼahonya dodoɔ a ɛwɔ soro no mu bɛma osuo atotɔ wɔ ne berɛ mu, nam so ahyira mo nnwuma a moyɛ so. Mobɛfɛm aman pii nanso, mo deɛ, moremfɛm hwee mfiri wɔn nkyɛn. 13Sɛ motie saa Awurade, mo Onyankopɔn, mmara yi na modi so a, Awurade bɛyɛ mo ti na ɛnyɛ nan, na moakorɔn. 14Ɛnsɛ sɛ motwe mo ho firi mmara a mede rema mo ɛnnɛ yi biara ho sɛ morekɔdi anyame foforɔ akyi asom wɔn.

Asoɔden Mu Nnome

15Na sɛ moantie Awurade, mo Onyankopɔn, anni ne mmara nyinaa a mede rema mo ɛnnɛ no so a, saa nnome yi nyinaa bɛba abɛbunkam afa mo so.

16Nnome bɛka mo wɔ mo nkuro ne mo ɔman mu.

17Wɔde nkɛntɛn a aduaba biara nni mu ne mmɔre kodoɔ a burodo nni mu bɛdome mo.

18Wɔde mma kakra bi ne nsase bonini bɛdome mo. Wɔde anantwie ne nnwan abonini bɛdome mo.

19Baabiara a mobɛkorɔ, mo fieba ne mo adifire mu, wɔbɛdome mo.

20Awurade bɛma nnome, basabasayɛ ne hwammɔdie aba adeɛ biara a moyɛ mu, kɔsi sɛ awieeɛ no wɔbɛsɛe mo koraa sɛ moayɛ bɔne na moagya me enti. 21Awurade de nyarewa bɛba mo so akɔsi sɛ ɔbɛsɛe mo nyinaa wɔ asase a morebɛkɔ akɔfa no so. 22Awurade de yadeɛ a ɛbɛma mo afonfɔn bɛka mo. Ɔbɛma huraeɛ ne ahonhono abɔ mo na wama ɔhyeɛ a ano yɛ den, mfudeɛ nyarewa ne kakawirewire aba mo so na aha mo ara kɔsi sɛ mo ase bɛhye. 23Ɔsoro a ɛkata mo tiri so no bɛdane sumpii na ɛfam adane dadeɛ. 24Awurade bɛdane osutɔ a ɛwɔ mo ɔman mu no mfuturo; ɛbɛpore afiri soro agu mo so kɔsi sɛ mobɛsɛe.

25Awurade bɛma mo atamfoɔ adi mo so nkonim. Mobɛfa baabi akɔto ahyɛ mo atamfoɔ so, nanso, mobɛfa akwan nson so adwane afiri wɔn anim. Mobɛyɛ ahodwiredeɛ wɔ ahennie a ɛwɔ asase yi so nyinaa ani so. 26Mo afunu bɛyɛ nnomaa ne wiram mmoa aduane, na obiara nso nni hɔ saa ɛberɛ no a ɔbɛpam wɔn. 27Awurade bɛma mpɔmpɔ a ɛsisii mo wɔ Misraim no bi asisi mo. Na ɔde nsisiiwa, ntutuiɛ ne ntwom a wɔrentumi nsa bɛbobɔ mo. 28Awurade de adammɔ, anifiraeɛ ne ayamhyehyeɛ bɛto mo so. 29Mode mo nsa bɛhwehwɛ ɛkwan awia ketee te sɛ deɛ onifirani de ne nsa keka anadwo. Biribiara a moyɛ no, morenni mu nkonim. Wɔbɛhyɛ mo so, abɔ mo korɔno daa na obiara mmɛgye mo.

30Mobɛgye ɔbaa aware nso obi ne no bɛda. Mobɛsi dan nso obi hunu na ɔbɛtena mu. Mobɛdɔ bobefuo nanso monnni mu aba. 31Wɔbɛkum mo nantwie wɔ mo anim nanso morennya ne nam bi nwe. Wɔbɛgye mo afunumu afiri mo nsam a, ɔrensane mma bio. Wɔde mo dwan bɛma mo atamfoɔ na morennya ɔboafoɔ a ɔbɛgye no ama mo. 32Wɔde mo mmammarima ne mo mmammaa bɛma ɔman foforɔ na daa mobɛhwɛ wɔn ara ama mo ani atɔre sia, nanso morentumi nyɛ ho hwee. 33Nnipa a monnim wɔn na wɔbɛfo mo mfuo mu nnɔbaeɛ adi, na daa wɔasane ahyɛ mo so. 34Na mo ani so adeɛ a mobɛhunu no bɛbɔ mo dam. 35Awurade bɛma mpɔmpɔ a ɛyɛ ya a wɔko a ɛnko abobɔ mo kotodwe ne mo nan ho na atrɛ afiri mo nan aseɛ akɔsi mo tiri so.

36Awurade bɛpamo mo ne mo ɔhene a ɔdi mo so no akɔ ɔman bi a mo ne mo agyanom nnim so so. Ɛhɔ na mobɛsom anyame foforɔ, anyame a wɔde nnua ne aboɔ ayɛ. 37Aman a Awurade de mobɛkɔ so no nyinaa so, mobɛyɛ akyiwadeɛ ne aseredeɛ ama wɔn.

38Mobɛdua bebree nanso mobɛtwa kakraa bi, ɛfiri sɛ, ntutummɛ bɛwe mo mfudeɛ. 39Mobɛyɛ bobe nturo ahwɛ so yie nanso monnnom anaa monnni so aba, ɛfiri sɛ, asonson bɛsɛe bobe no. 40Mobɛdua ngo nnua afa mo nsase so nyinaa nanso monnnya mu ngo biara, ɛfiri sɛ, aba no bɛte agu fam ɛberɛ a ɛmmereɛ. 41Mobɛwo mmammarima ne mmammaa nanso ɛnyɛ mo na mobɛtete wɔn, ɛfiri sɛ, wɔbɛkyere wɔn de wɔn akɔ nkoasom mu. 42Mo mfuo nyinaa, mmoawa bɛsɛe no.

43Ahɔhoɔ a wɔte mo mu no bɛnya ahoɔden anya no mmorosoɔ, na mo deɛ, mobɛyɛ mmerɛ ayɛ mmerɛ mmorosoɔ. 44Wɔbɛbɔ mo bosea a moremmɔ wɔn bi. Wɔbɛyɛ tiri na moayɛ nan.

45Sɛ moanyɛ ɔsetie amma Awurade, mo Onyankopɔn, anni mmara a ɔde ama mo no so a, saa nnome yi nyinaa bɛdi mo akyi na abunkam afa mo so kɔsi sɛ wɔbɛsɛe mo. 46Saa nsɛm a ɛyɛ hu yi bɛba sɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne kɔkɔbɔ ama mo ne mo asefoɔ daa nyinaa. 47Esiane sɛ moamfa anigyeɛ ne ahosɛpɛ ansom Awurade mo Onyankopɔn wɔ mfasoɔ dodoɔ a moanya no ho enti, 48mobɛsom mo atamfoɔ a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛsoma wɔn abɛtia mo no. Ɛkɔm bɛde mo; sukɔm bɛde mo; mobɛda adagya na biribiara ho ahia mo. Wɔbɛhyɛ mo kɔnnua kɔsi sɛ wɔbɛsɛe mo.

49Awurade de ɔman bi a ɛwɔ akyirikyiri baabi wɔ asase ano bɛba abɛtia mo na wɔato ahyɛ mo so te sɛ ɔkɔdeɛ. Ɛyɛ ɔman a monte wɔn kasa; 50ɔman a wɔn ho yɛ hu na wɔn akoma apirim na wɔmmu ɔpanin, nni ahummɔborɔ ma abɔfra. 51Nʼasraadɔm bɛto ahyɛ mo nyɛmmoa ne mo nnɔbaeɛ so na ɛkɔm ade mo yie ama moawuwu. Wɔrennya aburoo, nsã, ngo, nantwie mma anaa nnwan mma mma mo, na ɛnam so ama mo asɛe. 52Wɔbɛtua mo nkuropɔn nyinaa. Afasuo denden a mode mo ho too so sɛ ɛbɛbɔ mo ho ban wɔ mo asase no so no nyinaa, wɔbɛka agu fam. Wɔbɛto ahyɛ nkuro a ɛwɔ asase a Awurade mo Onyankopɔn de ama mo no so.

53Esiane ɔhaw ne abɛbrɛsɛ a ɔtamfoɔ de bɛba mo so wɔ otua no mu no enti, mobɛwe mo mmammarima ne mmammaa a Awurade de ama mo no ɛnam mono. 54Mpo, mo mu ɔhobrɛaseni ne mmɔborɔni a ɔwɔ mo mu no renhunu ɔno ara ne nuabarima anaa ne yere a ɔdɔ no no ne ne mma a wɔte ase no so mmɔbɔ, 55na ɔremma wɔn mu biara ɛnam no bi nwe. Esiane sɛ, ɔnni biribi a aka a ɔbɛwe wɔ otua no a mo atamfoɔ no bɛtua mo nkuropɔn no nyinaa enti. 56Mo mu ɔbaa a ɔbrɛ ne ho ase na ɔwɔ nkatedeɛ wɔ ne mu, a mpo ɔmpɛ sɛ ɔde ne nan bɛsi fam no, ɔbɛnya ne kunu a ɔdɔ no ne ɔno ara ne mmammarima anaa ne mmammaa ho menasepɔ. 57Ɔbaa no de awodeɛ ne abɔfra a wawo no foforɔ no bɛsie wɔn sɛdeɛ ɔbɛtumi awe ne nyinaa kɔkoam. Esiane ɔhaw ne abɛbrɛsɛ a mo atamfoɔ de bɛba mo nkuro nyinaa so no enti, biribiara renka a wɔbɛwe wɔ otua no mu.

58Sɛ moanni mmara no nyinaa a wɔatwerɛ wɔ saa nwoma yi mu no so na moansuro onimuonyamfoɔ ne ɔnwanwani Awurade mo Onyankopɔn no din a, 59Awurade de ɔyaredɔm a ɛyɛ hu bɛbrɛ mo ne mo asefoɔ. Saa yaredɔm yi ano bɛyɛ den na ɛrennyae. Mobɛka nnompe na moayɛ mmɔbɔ. 60Ɔde yadeɛ a ɛbaa mo so wɔ Misraim a ɛbɔɔ mo hu no bɛbrɛ mo a ɛremfiri mo so da. 61Awurade bɛsane de nyarewa ahodoɔ bebree ne amanehunu a wɔntwerɛɛ no mmara nwoma no mu bɛbrɛ mo kɔsi sɛ mobɛsɛe. 62Mo a na modɔɔso te sɛ ɔsoro nsoromma no, mo so bɛte koraa, ɛfiri sɛ, moantie Awurade, mo Onyankopɔn. 63Sɛdeɛ na ɛyɛ Awurade anisɔ sɛ ɔbɛma mo akɔ so no, saa ara nso na ɛbɛyɛ no anisɔ sɛ ɔbɛdwerɛ mo na wasɛe mo. Ɔbɛtutu mo ase afiri asase a morekɔ so akɔfa no so.

64Na Awurade bɛbɔ mo apansam afra aman nyinaa firi asase ano kɔsi asase ano. Ɛhɔ na mobɛsom ahɔhoɔ anyame a mo anaa mo agyanom nhunuu bi da; anyame a wɔde nnua ne aboɔ ayɛ! 65Saa aman no so morennya dwanekɔbea anaa ahomegyeɛ. Na Awurade bɛma mo akoma atutu na mo ani ayɛ siamoo na mo kra akusa. 66Mo asetena bɛdi nsensɛnmu. Anadwo ne awia nyinaa mobɛbɔ ehu a morennya gyidie biara sɛ mobɛhunu anɔpa hann. 67Anɔpa mobɛka sɛ, “Sɛ ɛyɛɛ anadwo a!” Na anwummerɛ nso mobɛka sɛ, “Sɛ ɛyɛɛ anɔpa a!” Mobɛka saa, ɛfiri sɛ, mohunu sɛ ehu atwa mo ho ahyia. 68Na Awurade bɛma mo asane akɔ Misraim wɔ ahyɛn mu, akwantuo a mehyɛɛ mo bɔ sɛ morentu bio no. Ɛhɔ na mode mo ho bɛma mo atamfoɔ sɛ wɔntɔ mo sɛ nkoa, nanso obiara rempɛ sɛ ɔbɛtɔ mo.

King James Version

Deuteronomy 28:1-68

1And it shall come to pass, if thou shalt hearken diligently unto the voice of the LORD thy God, to observe and to do all his commandments which I command thee this day, that the LORD thy God will set thee on high above all nations of the earth: 2And all these blessings shall come on thee, and overtake thee, if thou shalt hearken unto the voice of the LORD thy God. 3Blessed shalt thou be in the city, and blessed shalt thou be in the field. 4Blessed shall be the fruit of thy body, and the fruit of thy ground, and the fruit of thy cattle, the increase of thy kine, and the flocks of thy sheep. 5Blessed shall be thy basket and thy store.28.5 store: or, dough, or, kneadingtroughs 6Blessed shalt thou be when thou comest in, and blessed shalt thou be when thou goest out. 7The LORD shall cause thine enemies that rise up against thee to be smitten before thy face: they shall come out against thee one way, and flee before thee seven ways. 8The LORD shall command the blessing upon thee in thy storehouses, and in all that thou settest thine hand unto; and he shall bless thee in the land which the LORD thy God giveth thee.28.8 storehouses: or, barns 9The LORD shall establish thee an holy people unto himself, as he hath sworn unto thee, if thou shalt keep the commandments of the LORD thy God, and walk in his ways. 10And all people of the earth shall see that thou art called by the name of the LORD; and they shall be afraid of thee. 11And the LORD shall make thee plenteous in goods, in the fruit of thy body, and in the fruit of thy cattle, and in the fruit of thy ground, in the land which the LORD sware unto thy fathers to give thee.28.11 in goods: or, for good28.11 body: Heb. belly 12The LORD shall open unto thee his good treasure, the heaven to give the rain unto thy land in his season, and to bless all the work of thine hand: and thou shalt lend unto many nations, and thou shalt not borrow. 13And the LORD shall make thee the head, and not the tail; and thou shalt be above only, and thou shalt not be beneath; if that thou hearken unto the commandments of the LORD thy God, which I command thee this day, to observe and to do them: 14And thou shalt not go aside from any of the words which I command thee this day, to the right hand, or to the left, to go after other gods to serve them.

15¶ But it shall come to pass, if thou wilt not hearken unto the voice of the LORD thy God, to observe to do all his commandments and his statutes which I command thee this day; that all these curses shall come upon thee, and overtake thee: 16Cursed shalt thou be in the city, and cursed shalt thou be in the field. 17Cursed shall be thy basket and thy store. 18Cursed shall be the fruit of thy body, and the fruit of thy land, the increase of thy kine, and the flocks of thy sheep. 19Cursed shalt thou be when thou comest in, and cursed shalt thou be when thou goest out. 20The LORD shall send upon thee cursing, vexation, and rebuke, in all that thou settest thine hand unto for to do, until thou be destroyed, and until thou perish quickly; because of the wickedness of thy doings, whereby thou hast forsaken me.28.20 for…: Heb. which thou wouldest do 21The LORD shall make the pestilence cleave unto thee, until he have consumed thee from off the land, whither thou goest to possess it. 22The LORD shall smite thee with a consumption, and with a fever, and with an inflammation, and with an extreme burning, and with the sword, and with blasting, and with mildew; and they shall pursue thee until thou perish.28.22 sword: or, drought 23And thy heaven that is over thy head shall be brass, and the earth that is under thee shall be iron. 24The LORD shall make the rain of thy land powder and dust: from heaven shall it come down upon thee, until thou be destroyed. 25The LORD shall cause thee to be smitten before thine enemies: thou shalt go out one way against them, and flee seven ways before them: and shalt be removed into all the kingdoms of the earth.28.25 removed: Heb. for a removing 26And thy carcase shall be meat unto all fowls of the air, and unto the beasts of the earth, and no man shall fray them away. 27The LORD will smite thee with the botch of Egypt, and with the emerods, and with the scab, and with the itch, whereof thou canst not be healed. 28The LORD shall smite thee with madness, and blindness, and astonishment of heart: 29And thou shalt grope at noonday, as the blind gropeth in darkness, and thou shalt not prosper in thy ways: and thou shalt be only oppressed and spoiled evermore, and no man shall save thee. 30Thou shalt betroth a wife, and another man shall lie with her: thou shalt build an house, and thou shalt not dwell therein: thou shalt plant a vineyard, and shalt not gather the grapes thereof.28.30 gather…: Heb. profane, or, use it as common meat 31Thine ox shall be slain before thine eyes, and thou shalt not eat thereof: thine ass shall be violently taken away from before thy face, and shall not be restored to thee: thy sheep shall be given unto thine enemies, and thou shalt have none to rescue them.28.31 shall not…: Heb. shall not return to thee 32Thy sons and thy daughters shall be given unto another people, and thine eyes shall look, and fail with longing for them all the day long: and there shall be no might in thine hand. 33The fruit of thy land, and all thy labours, shall a nation which thou knowest not eat up; and thou shalt be only oppressed and crushed alway: 34So that thou shalt be mad for the sight of thine eyes which thou shalt see. 35The LORD shall smite thee in the knees, and in the legs, with a sore botch that cannot be healed, from the sole of thy foot unto the top of thy head. 36The LORD shall bring thee, and thy king which thou shalt set over thee, unto a nation which neither thou nor thy fathers have known; and there shalt thou serve other gods, wood and stone. 37And thou shalt become an astonishment, a proverb, and a byword, among all nations whither the LORD shall lead thee. 38Thou shalt carry much seed out into the field, and shalt gather but little in; for the locust shall consume it. 39Thou shalt plant vineyards, and dress them, but shalt neither drink of the wine, nor gather the grapes; for the worms shall eat them. 40Thou shalt have olive trees throughout all thy coasts, but thou shalt not anoint thyself with the oil; for thine olive shall cast his fruit. 41Thou shalt beget sons and daughters, but thou shalt not enjoy them; for they shall go into captivity.28.41 thou shalt not…: Heb. they shall not be thine 42All thy trees and fruit of thy land shall the locust consume.28.42 consume: or, possess 43The stranger that is within thee shall get up above thee very high; and thou shalt come down very low. 44He shall lend to thee, and thou shalt not lend to him: he shall be the head, and thou shalt be the tail.

45Moreover all these curses shall come upon thee, and shall pursue thee, and overtake thee, till thou be destroyed; because thou hearkenedst not unto the voice of the LORD thy God, to keep his commandments and his statutes which he commanded thee: 46And they shall be upon thee for a sign and for a wonder, and upon thy seed for ever. 47Because thou servedst not the LORD thy God with joyfulness, and with gladness of heart, for the abundance of all things; 48Therefore shalt thou serve thine enemies which the LORD shall send against thee, in hunger, and in thirst, and in nakedness, and in want of all things: and he shall put a yoke of iron upon thy neck, until he have destroyed thee. 49The LORD shall bring a nation against thee from far, from the end of the earth, as swift as the eagle flieth; a nation whose tongue thou shalt not understand;28.49 understand: Heb. hear 50A nation of fierce countenance, which shall not regard the person of the old, nor shew favour to the young:28.50 of fierce…: Heb. strong of face 51And he shall eat the fruit of thy cattle, and the fruit of thy land, until thou be destroyed: which also shall not leave thee either corn, wine, or oil, or the increase of thy kine, or flocks of thy sheep, until he have destroyed thee. 52And he shall besiege thee in all thy gates, until thy high and fenced walls come down, wherein thou trustedst, throughout all thy land: and he shall besiege thee in all thy gates throughout all thy land, which the LORD thy God hath given thee. 53And thou shalt eat the fruit of thine own body, the flesh of thy sons and of thy daughters, which the LORD thy God hath given thee, in the siege, and in the straitness, wherewith thine enemies shall distress thee:28.53 body: Heb. belly 54So that the man that is tender among you, and very delicate, his eye shall be evil toward his brother, and toward the wife of his bosom, and toward the remnant of his children which he shall leave: 55So that he will not give to any of them of the flesh of his children whom he shall eat: because he hath nothing left him in the siege, and in the straitness, wherewith thine enemies shall distress thee in all thy gates. 56The tender and delicate woman among you, which would not adventure to set the sole of her foot upon the ground for delicateness and tenderness, her eye shall be evil toward the husband of her bosom, and toward her son, and toward her daughter, 57And toward her young one that cometh out from between her feet, and toward her children which she shall bear: for she shall eat them for want of all things secretly in the siege and straitness, wherewith thine enemy shall distress thee in thy gates.28.57 young one: Heb. afterbirth 58If thou wilt not observe to do all the words of this law that are written in this book, that thou mayest fear this glorious and fearful name, THE LORD THY GOD; 59Then the LORD will make thy plagues wonderful, and the plagues of thy seed, even great plagues, and of long continuance, and sore sicknesses, and of long continuance. 60Moreover he will bring upon thee all the diseases of Egypt, which thou wast afraid of; and they shall cleave unto thee. 61Also every sickness, and every plague, which is not written in the book of this law, them will the LORD bring upon thee, until thou be destroyed.28.61 bring: Heb. cause to ascend 62And ye shall be left few in number, whereas ye were as the stars of heaven for multitude; because thou wouldest not obey the voice of the LORD thy God. 63And it shall come to pass, that as the LORD rejoiced over you to do you good, and to multiply you; so the LORD will rejoice over you to destroy you, and to bring you to nought; and ye shall be plucked from off the land whither thou goest to possess it. 64And the LORD shall scatter thee among all people, from the one end of the earth even unto the other; and there thou shalt serve other gods, which neither thou nor thy fathers have known, even wood and stone. 65And among these nations shalt thou find no ease, neither shall the sole of thy foot have rest: but the LORD shall give thee there a trembling heart, and failing of eyes, and sorrow of mind: 66And thy life shall hang in doubt before thee; and thou shalt fear day and night, and shalt have none assurance of thy life: 67In the morning thou shalt say, Would God it were even! and at even thou shalt say, Would God it were morning! for the fear of thine heart wherewith thou shalt fear, and for the sight of thine eyes which thou shalt see. 68And the LORD shall bring thee into Egypt again with ships, by the way whereof I spake unto thee, Thou shalt see it no more again: and there ye shall be sold unto your enemies for bondmen and bondwomen, and no man shall buy you.