5 Mose 25 – ASCB & CARSA

Asante Twi Contemporary Bible

5 Mose 25:1-19

1Sɛ akasakasa si mmarima baanu ntam a, wɔmfa asɛm no nkɔ asɛnniiɛ na ɔtemmufoɔ no nni asɛm no. Ɔbɛgyaa deɛ ɔdi bem no na wɔatwe deɛ ɔdi fɔ no aso. 2Sɛ ɔbarima a ɔdi fɔ no fata sɛ wɔtwa no mmaa a, ɔtemmufoɔ no bɛma no ada hɔ na watwa no mmaa dodoɔ a ɛfata ne bɔne no wɔ nʼanim. 3Nanso, ɛnsɛ sɛ wɔtwa no mmaa boro aduanan. Sɛ wɔtwa no boro saa a, na wɔagu wo nua anim ase wɔ wʼanim.

4Nkyekyere nantwie a ɔreporo atokoɔ ano.

5Sɛ nuammarima baanu te fie na wɔn mu baako wu a wanwo ɔba a, ɛnsɛ sɛ okunafoɔ no kɔware ɔhɔhoɔ. Mmom, ne kunu a wawuo no nuabarima na ɛsɛ sɛ ɔware okunafoɔ no, na wayɛ okunu nua asɛdeɛ ama okunafoɔ no. 6Abakan a wɔbɛwo no no, wɔde no bɛto nʼagya a wawuo no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, owufoɔ no din rempepa mfiri Israel.

7Na sɛ ɛba sɛ owufoɔ no nuabarima mpɛ sɛ ɔware ne nua no yere no a, ɔbaa no bɛkɔ kuro no mpanimfoɔ nkyɛn wɔ kuro no ɛpono ano akɔka akyerɛ wɔn sɛ, “Me kunu nua no mpɛ sɛ ne nua no din bɛka Israel. Ɔrentumi nyɛ okunu nua asɛdeɛ mma me.” 8Afei, ɔbarima no kurom mpanimfoɔ bɛfrɛ no akasa akyerɛ no. Sɛ ɔse pene ara na ɔrempene no so a, ɔbɛka sɛ, “Mempɛ sɛ meware no” a, 9okunafoɔ no bɛkɔ ɔbarima no anim a mpanimfoɔ no nso wɔ hɔ bi. Ɔbɛworɔ ɔbarima no mpaboa baako, ate ntasuo agu nʼanim na waka sɛ, “Sei na ɛsɛ sɛ wɔyɛ ɔbarima a ɔmpɛ sɛ ɔtoa ne nua abusua so.” 10Wɔbɛfrɛ saa onipa no asefoɔ wɔ Israel sɛ abusua a wɔaworɔ wɔn mpaboa.

11Sɛ Israelfoɔ mmarima baanu reko na wɔn mu baako yere pɛ sɛ ɔboa ne kunu enti, ɔsɔ ɔbarima baako no barima mu a, 12ɛsɛ sɛ wɔtwa ɔbaa no nsa no a ahummɔborɔ biara nni mu.

13Momfa nsania papa nkari adwadeɛ 14na monsusu adwadeɛ no pɛpɛɛpɛ. 15Aane, momfa nsania pa na monsusu adwadeɛ nso pɛpɛɛpɛ na moanya nkwa nna tenten wɔ asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo no so. 16Wɔn a wɔfa nsania bɔne ne nkontompo so kari adwadeɛ no yɛ Awurade, mo Onyankopɔn, akyiwadeɛ.

17Mommma mo werɛ mfiri deɛ Amalekfoɔ yɛɛ mo ɛberɛ a mofiri Misraim reba no ɛda biara da. 18Wɔto hyɛɛ mo so ɛberɛ a moabrɛbrɛ na moatotɔ baha no, na wɔn a wɔaka akyi no nso, wɔbobɔɔ wɔn hwehwee fam. Na wɔnsuro Onyankopɔn. 19Ɛno enti, sɛ Awurade mo Onyankopɔn ma mo ahomegyeɛ firi mo atamfoɔ nyinaa nsam wɔ asase a ɔde rema mo sɛ agyapadeɛ sononko no so a, ɛsɛ sɛ mosɛe Amalekfoɔ, na yɛankae wɔn bio wɔ asase yi so. Mommma mo werɛ mfiri yei da!

Священное Писание (Восточный перевод), версия с «Аллахом»

Второзаконие 25:1-19

1Если у людей возникнет тяжба, то они должны представить дело в суд, и судьи будут рассматривать его, оправдывая невиновного и осуждая виновного. 2Если виновный заслуживает побоев, то пусть судья велит положить его и бичевать в своём присутствии столько раз, сколько заслуживает его преступление, 3но не больше сорока ударов. Если ты будешь бичевать его больше, твой брат будет опозорен на глазах у всех.

4Не закрывай рта молотящему волу.

5Если братья живут вместе и один из них умрёт, не оставив сына, то его вдова не должна выходить замуж за чужого человека. Пусть брат её умершего мужа возьмёт её, женится на ней и исполнит перед ней долг деверя. 6Первый сын, которого она родит, унаследует имя умершего брата, чтобы его имя не исчезло в Исраиле.

7Но если мужчина не захочет жениться на жене своего брата, то пусть она пойдёт к старейшинам у городских ворот и скажет: «Брат моего мужа отказывается восстановить имя своего брата в Исраиле. Он не хочет исполнить свой долг деверя». 8Тогда старейшины города призовут его и поговорят с ним. Если он будет упорствовать, говоря: «Я не хочу жениться на ней», 9то пусть вдова его брата подойдёт к нему в присутствии старейшин, снимет одну из его сандалий, плюнет ему в лицо и скажет: «Вот как поступают с человеком, который не созидает дом своему брату». 10Потомство этого человека будет известно в Исраиле как «семья разутого».

11Если двое мужчин дерутся, а жена одного из них придёт, чтобы вступиться за своего мужа перед тем, кто его бьёт, протянет руку и схватит другого за половые органы, 12то отсеки ей руку. Не жалей её.

13Пусть не будет у тебя в сумке двух разных гирь – одной тяжёлой, для покупки, а другой лёгкой, для продажи. 14Пусть не будет у тебя в доме разных мерок – одной большой, а другой маленькой. 15Пусть твои гири и мерки будут точные и правильные, чтобы тебе долго жить на земле, которую Вечный, твой Бог, даёт тебе. 16Ведь Вечному, твоему Богу, отвратителен всякий, кто делает такие дела, всякий, кто поступает нечестно.

17Помни, что сделали тебе амаликитяне на пути, когда вы шли из Египта. 18Когда ты был усталым и утомлённым, они встретили тебя на пути и перебили всех ослабевших, идущих за тобой; они не побоялись Аллаха. 19Когда Вечный, твой Бог, дарует тебе покой от всех врагов вокруг тебя в земле, которую Он отдаёт тебе во владение как наследие, сотри память об Амалике из-под небес. Не забудь!