5 Mose 10 – ASCB & CARSA

Asante Twi Contemporary Bible

5 Mose 10:1-22

Aboɔ Ɛpono Foforɔ

1Saa ɛberɛ no, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Twa aboɔ ɛpono no mmienu te sɛ kane deɛ no na foro bra me nkyɛn wɔ bepɔ no so. Afei, yɛ dua adaka a wobɛkora wɔ mu. 2Mɛtwerɛ nsɛm a metwerɛ guu aboɔ ɛpono mmienu a ɛdi ɛkan a wobubuu mu no bi pɛpɛɛpɛ agu so. Na wode ahyɛ adaka no mu.”

3Na mede dua okuo yɛɛ adaka, senee aboɔ ɛpono mmienu sɛ kane deɛ no, na meforoo bepɔ no a apono mmienu no kura me nsam. 4Awurade twerɛɛ Mmaransɛm Edu no a ɔdii ɛkan twerɛ firii ogya mu wɔ bepɔ no so wɔ mo nhyiamu ase no guu apono no so. Na Awurade de maa me. 5Na mesiane firii bepɔ no so na mede aboɔ apono no bɛhyɛɛ adaka a meyɛeɛ no mu sɛdeɛ Awurade hyɛɛ me sɛ menyɛ no, na ɛwɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ.

6Na Israelfoɔ tu firii Beerot-Bene-Yaakan kɔɔ Mosera. Ɛhɔ na Aaron wuiɛ na wɔsiee no. Aaron babarima Eleasa sii nʼanan mu, dii ɔsɔfoɔ. 7Wɔfiri hɔ no, wɔtu kɔɔ Gudgod. Wɔfiri Gudgod hɔ no, wɔkɔɔ Yotbata, asase a nsuo abu so wɔ so. 8Ɛhɔ na Awurade yii Lewifoɔ abusuakuo sɛ wɔnsoa Awurade apam adaka no na wɔnnyina Awurade anim nsom no na wɔmfa ne din so nhyira. Yeinom da so yɛ wɔn nnwuma de bɛsi ɛnnɛ. 9Ne saa enti na Lewifoɔ no nni agyapadeɛ a wɔnya mu mfasodeɛ wɔ Israelfoɔ mmusuakuo mu no. Awurade no ankasa ne wɔn agyapadeɛ sɛdeɛ Awurade mo Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn no.

10Sɛdeɛ maka dada no, metenaa bepɔ no so Awurade anim adaduanan awia ne anadwo ne mprenu so. Na bio, Awurade tiee me sufrɛ enti, wansɛe mo. 11Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Sɔre na di ɔmanfoɔ no anim fa wɔn kɔ asase a mekaa ntam sɛ mede bɛma wɔn agyanom no so na wɔmfa no sɛ agyapadeɛ.”

Monsuro Awurade

12Enti Israel, ɛdeɛn na Awurade, mo Onyankopɔn, hwehwɛ afiri mo nkyɛn? Ɔhwehwɛ sɛ mosuro no na moyɛ nʼapɛdeɛ, na mode mo akoma ne mo kra nyinaa dɔ no na mosom no, 13na modi Awurade ahyɛdeɛ ne ne mmara a mede rema mo ɛnnɛ yi so, na asi mo yie.

14Ɔsorosoro mu soro ne asase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa yɛ Awurade mo Onyankopɔn, dea. 15Nanso, Awurade yii mo agyanom sɛ ne dɔ nhwɛsodeɛ. Na ɔyii mo a moyɛ wɔn asefoɔ gyaa ɔman biara sɛdeɛ ɛte ɛnnɛ yi. 16Ɛno enti, momma wɔnte mo akoma mu na monnyae asoɔden no. 17Awurade mo Onyankopɔn yɛ ahene mu hene ne anyame mu nyame. Ɔyɛ Onyankopɔn kokuroko, otumfoɔ ne ɔnwanwani a ɔnkyea nʼaso na ɔnnye adanmudeɛ nso. 18Ɔbu nwisiaa ne akunafoɔ atɛntenenee. Ɔda ne dɔ adi kyerɛ ahɔhoɔ a wɔte mo mu. Ɔma wɔn aduane ne ntoma. 19Mo nso, ɛsɛ sɛ modɔ ahɔhoɔ, ɛfiri sɛ, mo nso ɛberɛ bi na moyɛ ahɔhoɔ wɔ Misraim asase so. 20Ɛsɛ sɛ modi Awurade mo Onyankopɔn ni na mosom no, na moka mo ho bata ne ho. Monka ntam wɔ ne din nko ara mu. 21Ɔyɛ mo Onyankopɔn a ɛsɛ sɛ mokamfo no. Ɔno na wayɛ anwanwadeɛ akɛseɛ a mo nyinaa ahunu bi. 22Ɛberɛ a mo agyanom siane kɔɔ Misraim no, na wɔn dodoɔ yɛ aduɔson. Nanso afei, Awurade, mo Onyankopɔn ama moadɔre te sɛ ɔsoro nsoromma.

Священное Писание (Восточный перевод), версия с «Аллахом»

Второзаконие 10:1-22

Новые каменные плитки

(Исх. 34:1-9)

1Тогда Вечный сказал мне: «Высеки две каменные плитки, подобные прежним, и поднимись ко Мне на гору. Ещё сделай деревянный сундук10:1 Сундук – см. пояснительный словарь, а также Исх. 25:10-22.. 2Я напишу на плитках слова, что были на тех, которые ты разбил. Затем ты положишь их в сундук».

3Я сделал сундук из дерева акации, вытесал две каменные плитки, подобные прежним, и с ними в руках поднялся на гору. 4Вечный написал на этих плитках то же, что и прежде, десять повелений10:4 Букв.: «десять слов»., которые Он объявил вам на горе, из огня, в день собрания. И Вечный дал их мне. 5Затем я вернулся, спустившись с горы, и положил плитки в сундук, который я сделал, как повелел мне Вечный, они и сейчас там.

Смерть Харуна и служение левитов

6Исраильтяне отправились от колодцев яаканитов10:6 Букв.: «Беэрот-Бене-Яакан». в Мозер. Там Харун умер и был похоронен, а Элеазар, его сын, унаследовал его священство. 7Оттуда они путешествовали в Гудгод, а далее в Иотвату, землю, где много рек. 8В то время Вечный отделил род Леви, чтобы они носили сундук соглашения с Вечным, стояли перед Вечным, служили Ему и благословляли Его именем, что они до сих пор и делают. 9Вот почему у левита нет доли и наследия среди своих братьев; Вечный – вот его наследие, как Вечный, твой Бог, и сказал ему.

10Я пробыл на горе сорок дней и ночей, как и в первый раз, и Вечный снова внял мне. Он не захотел истребить вас. 11«Иди, – сказал мне Вечный, – и веди народ в путь, чтобы они пошли и завладели землёй, которую Я клялся отдать их предкам».

Повеление бояться Вечного

12Итак, Исраил, чего же просит от тебя Вечный, твой Бог, кроме того, чтобы ты боялся Вечного, своего Бога, ходил всеми Его путями, любил Его, служил Ему от всего сердца и от всей души 13и соблюдал повеления и установления Вечного, которые я даю тебе сегодня для твоего же блага?

14Вечному, твоему Богу, принадлежат небеса, даже небеса небес, земля и всё, что на ней. 15И всё-таки Вечный пожелал любить твоих предков и выбрал вас, их потомков, из всех народов, как это и есть сегодня. 16Обрежьте крайнюю плоть вашего сердца10:16 Люди с необрезанными сердцами – образное выражение обозначает людей, непокорных Аллаху. и больше не упрямьтесь. 17Ведь Вечный, ваш Бог, – это Бог богов и Владыка владык, великий Бог, могучий и грозный, беспристрастный и не берущий взятки. 18Он защищает дело сирот и вдов, любит чужеземцев, кормит и одевает их. 19И вам следует любить чужеземцев, потому что вы сами были чужеземцами в Египте. 20Бойтесь Вечного, вашего Бога, и служите Ему. Будьте верны Ему и клянитесь Его именем. 21Он – ваша хвала; Он – ваш Бог, совершивший для вас великие и страшные чудеса, которые вы видели своими собственными глазами. 22Ваших предков, которые отправились в Египет, было семьдесят человек, а теперь Вечный, ваш Бог, сделал вас многочисленными, и вас так много, как звёзд на небе.