4 Mose 6 – ASCB & NIRV

Asante Twi Contemporary Bible

4 Mose 6:1-27

Ahotuafoɔ Mmara

1Awurade sane ka kyerɛɛ Mose sɛ 2ɔnka nkyerɛ Israelfoɔ no sɛ, “Sɛ ɔbarima anaa ɔbaa kɔyɛ Nasareni de te ne ho wɔ Awurade anim a, 3ɛno akyi, saa ɛberɛ a ɔwɔ ahoteɛ no mu no, ɔnni ho kwan sɛ ɔnom nsã a ɛyɛ den anaa bobesa anaa nsã a emu ka. 4Saa ɛberɛ no mu no, ɔnni ho kwan sɛ ɔdi biribiara a ɛfiri bobe mu, sɛ ɛyɛ nʼaba anaa ne hono.

5“Saa ɛberɛ no mu no, ɛnsɛ sɛ ɔyi ne tirinwi, ɛfiri sɛ, ɔyɛ kronkron na wɔate ne ho ama Awurade; ɛno enti na ɛsɛ sɛ ɔma ne tirinwi fu no.

6Awurade bɔhyɛ no nna no mu no, ɔnni ho kwan sɛ ɔkɔ owufoɔ ho. 7Sɛ owufoɔ no yɛ nʼagya, ne maame, ne nuabarima anaa ne nuabaa koraa a, ɔnnkɔ ne ho, ɛfiri sɛ, ne bɔ a ɔhyɛ de tee ne ho no, ɔda so hyɛ aseɛ, 8na saa ɛberɛ no mu nyinaa, wɔate ne ho ama Awurade.

9“Sɛ obi wu tɔ ne nkyɛn de gu ne ho fi a, nnanson akyi, ɛsɛ sɛ ɔyi ne tirinwi a ɛho agu fi no. Afei, wɔbɛdwira ne ho afiri efi a owufoɔ no de aka no no. 10Nʼadekyeeɛ a ɛyɛ ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɛsɛ sɛ ɔde nturukuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu brɛ ɔsɔfoɔ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano. 11Ɔsɔfoɔ no de nnomaa no mu baako bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ na ɔde ɔbaako abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, na ayɛ mpatadeɛ ama deɛ ne ho agu fi no. Na ɛda no ara, ɛsɛ sɛ ɔti ne bɔhyɛ mu na ɔsane ma ne tirinwi no fu bio. 12Nna dodoɔ a ɔdii ne bɔhyɛ a ɛdi ɛkan no so no nyinaa ahye agu. Ɔbɛhyɛ Awurade bɔ foforɔ de afiri aseɛ, na ɔde odwennini ba a wadi afe bɛba abɛbɔ ɛfɔdie ho afɔdeɛ.

13“Ɛda a ne bɔhyɛ a ɛte ɔno ne Awurade ntam no wie duru no, ɛsɛ sɛ ɔkɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano 14kɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma Awurade. Ɔde odwan ba a wadi afe a ɔnnii dɛm na ɛbɛbɔ saa afɔdeɛ no. Ɛsɛ sɛ ɔde odwanbereɛ a wadi afe a ɔnnii dɛm bɔ bɔne ho afɔdeɛ na ɔde odwennini a ɔnnii dɛm bɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ. 15Nneɛma a ɔde bɛka ho no ne burodo a mmɔreka mfra mu, asikyiresiam taterɛ a wɔde ngo afra; burodo ntrawa bi a mmɔreka mfra mu a wɔde ngo ayɛ so a aduane ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho.

16“Ɔsɔfoɔ no de saa afɔrebɔdeɛ yi nyinaa bɛba Awurade anim. Deɛ ɔde bɛdi ɛkan aba no yɛ bɔne ho afɔdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ, 17afei, odwennini a wɔde no bɛbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ a burodo kɛntɛnma a mmɔreka nni mu nso ka ho. Na deɛ ɛtwa toɔ a ɔde bɛba no ne aduane ne nsã afɔdeɛ a ɔde bɛma Awurade.

18“Afei, ɔhotuafo no bɛyi ne tirinwi a afu kuhaa no; ɛno ne nsɛnkyerɛnnedeɛ a ɛkyerɛ sɛ, ɔnhyɛ bɔhyɛ no ase bio. Wɔbɛyɛ yei wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano, na wɔde nwi no agu asomdwoeɛ afɔdeɛ a wɔrebɔ no wɔ ogya mu no ahye no.

19“Wɔayi ɔbarima no tirinwi no awie no, ɔsɔfoɔ no de odwennini no basa a wɔatoto, taterɛ a mmɔreka nni mu no baako ne burodo ntrawa a mmɔreka nni mu bɛhyɛ ɔbarima no nsam. 20Ɔsɔfoɔ no bɛhim no akɔ nʼanim aba nʼakyi wɔ Awurade anim a ɛkyerɛ ma a ɔde rema Awurade. Ne nyinaa yɛ kyɛfa a ɛho te ma ɔsɔfoɔ no. Wɔbɛyɛ no sɛdeɛ wɔyɛ odwennini no basa mu mfempadeɛ a wɔhim no wɔ Awurade anim no. Yei akyi no, ɔhotuafoɔ no tumi nom bobesa a ɛkyerɛ sɛ, wɔayi no afiri ne bɔhyɛ no mu.

21“Yeinom ne mmara a ɛda hɔ ma Nasareni a wahyɛ nʼahofama ho bɔ awie, na ɔde afɔrebɔ ahodoɔ brɛ Awurade. Saa afɔrebɔ yi akyi no, ɔtumi de afɔrebɔdeɛ biara a ɔrebɛyɛ Nasareni no, ɔhyɛɛ ho bɔ sɛ ɔde bɛba no ba.”

22Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 23“Ka kyerɛ Aaron ne ne mmammarima no sɛ ɛsɛ sɛ wɔhyira Israelfoɔ yi sononko sɛ:

24“ ‘Awurade nhyira mo

na ɔnhwɛ mo so.

25Awurade nte nʼanim nkyerɛ mo

na ɔnnom mo.

26Awurade mma nʼani so nhwɛ mo

na ɔmma mo asomdwoeɛ.’

27“Saa na ɛsɛ sɛ Aaron ne ne mmammarima hyira Israelfoɔ, na mʼankasa nso mɛhyira wɔn.”

New International Reader’s Version

Numbers 6:1-27

Becoming a Nazirite

1The Lord said to Moses, 2“Say to the Israelites, ‘Suppose a man or woman wants to make a special promise. They want to set themselves apart to the Lord for a certain period of time. They want to be Nazirites. 3Then they must not drink any kind of wine. They must not drink vinegar made out of wine of any kind. They must not drink grape juice. They must not eat grapes or raisins. 4As long as they are Nazirites, they must not eat anything grapevines produce. They must not even eat the seeds or skins of grapes.

5“ ‘They must not use razors on their heads. They must not cut their hair during the whole time they have set themselves apart to the Lord. They must be holy until that time is over. They must let the hair on their heads grow long.

6“ ‘And they must not go near a dead body during that whole time. 7But what if their father or mother dies? Or what if their brother or sister dies? Then they must not make themselves “unclean” because of them. The hair on their heads shows they are set apart for God. 8During the whole time they are set apart they are holy to the Lord.

9“ ‘Suppose someone dies suddenly in front of them. That makes the hair they have set apart to the Lord “unclean.” So they must shave their heads on the day they will be made “clean.” That is the seventh day. 10Then on the eighth day they must bring two doves. Or they can bring two young pigeons. They must bring them to the priest. He will be at the entrance to the tent of meeting. 11The priest must offer one of the birds as a sin offering. And he must offer the other as a burnt offering. The sacrifices will pay for the sin of the Nazirite man or woman. They sinned by being near a dead body. That same day they must make their heads holy again. 12They must set themselves apart to the Lord again. They must do it for the same period of time they had agreed to at first. And they must bring a male lamb a year old as a guilt offering. The days before that do not count. That is because they became “unclean” during the time they were set apart.

13“ ‘The time when the Nazirites are set apart will come to an end. Here is the law that applies to them at that time. They must be brought to the entrance to the tent of meeting. 14There they must present their offerings to the Lord. They must bring a male lamb a year old. It must not have any flaws. It is for a burnt offering. Then they must bring a female lamb a year old. It must not have any flaws. It is for a sin offering. And they must bring a ram that does not have any flaws. It is for a friendship offering. 15They must sacrifice the offerings together with their grain offerings and drink offerings. And they must also bring a basket of bread made with the finest flour. The bread must be made without yeast. The offering must include thick loaves with olive oil mixed in. And it must also include thin loaves brushed with olive oil.

16“ ‘The priest must bring all these things to the Lord. He must sacrifice the sin offering and the burnt offering. 17He must bring the basket of bread made without yeast. And he must sacrifice the ram. It will be a friendship offering to the Lord. The priest must bring it together with its grain offering and drink offering.

18“ ‘Then the Nazirites must shave off the hair that shows they have set themselves apart to the Lord. They must do it at the entrance to the tent of meeting. And they must put the hair in the fire that burns the sacrifice of the friendship offering.

19“ ‘After the Nazirites have shaved off their hair, the priest must take a boiled shoulder of the ram. He must remove one thick loaf and one thin loaf from the basket. They must be made without yeast. And he must place the shoulder and the bread in the hands of the Nazirites. 20Then he must lift up the shoulder and bread and wave them in front of the Lord. They are a wave offering. They are holy and belong to the priest. Other parts of the ram belong to the priest as well. They are the breast that was waved and the thigh that was offered. After the offering is waved, the Nazirites may drink wine.

21“ ‘This is the law of the Nazirites. They promise to sacrifice offerings to the Lord. They do it when they set themselves apart. And they should bring anything else they can afford. They must fulfill the promises they have made. They must do so according to the law of the Nazirites.’ ”

How the Priests Bless the People

22The Lord spoke to Moses. He said, 23“Tell Aaron and his sons, ‘Here is how I want you to bless the Israelites. Say to them,

24“ ‘ “May the Lord bless you

and take good care of you.

25May the Lord smile on you

and be gracious to you.

26May the Lord look on you with favor

and give you peace.” ’

27“In that way they will put the blessing of my name on the Israelites. And I will bless them.”