4 Mose 21 – ASCB & CARST

Asante Twi Contemporary Bible

4 Mose 21:1-35

Kanaanfoɔ So Nkonimdie

1Arad ɔhene a ɔyɛ Kanaanni a ɔte Negeb tee sɛ Israelfoɔ nam Atarim ɛkwan so reba. Ɔboaboaa nʼakodɔm ano kɔto hyɛɛ Israelfoɔ no so kyekyeree binom sɛ nneduafoɔ. 2Afei, Israelfoɔ no kaa ntam kyerɛɛ Awurade sɛ, sɛ ɔbɛboa wɔn ama wɔadi Arad ɔhene ne de dɔm so a, anka wɔbɛgu nkuro akɛseɛ a ɛwɔ hɔ nyinaa. 3Awurade tiee wɔn abisadeɛ no, enti ɔmaa wɔdii Kanaanfoɔ no so; Israelfoɔ no sɛee wɔn ne wɔn nkuro akɛseɛ pasaa. Wɔtoo hɔ edin Horma a aseɛ ne “Ɔsɛeɛ.”

Kɔbere Mfrafraeɛ Ɔwɔ

4Afei, Israelfoɔ no sane kɔɔ Bepɔ Hor so. Wɔfiri hɔ no, wɔkɔɔ anafoɔ fam ɛkwan a ɛkɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no so no so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛtumi atwa kanko afa Edom ho. Nnipa no aba mu buiɛ. 5Wɔhyɛɛ aseɛ nwiinwii tiaa Onyankopɔn enti wɔkaa wɔn ahiasɛm kyerɛɛ Mose sɛ, “Adɛn enti na woayi yɛn afiri Misraim de yɛn aba sɛ yɛmmɛwuwu ɛserɛ yi so? Aduane a yɛbɛdie nni ha. Nsuo a yɛbɛnom nso nni ha. Mana yi nso deɛ, afono yɛn.”

6Enti, Awurade maa awɔ a wɔn ano wɔ borɔ yie kɔkekaa wɔn mu bebree ma wɔwuwuiɛ. 7Afei, nnipa no baa Mose nkyɛn bɛsrɛɛ sɛ, “Yɛayɛ bɔne, ɛfiri sɛ, yɛakasa atia Awurade ne wo. Bɔ mpaeɛ kyerɛ Awurade na awɔ no nkɔ.” Mose bɔɔ mpaeɛ maa nnipa no.

8Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Fa kɔbere yɛ saa awɔ yi mu baako sɛso na fa no sɛn poma bi so, na sɛ awɔ no bi ka obi na onii no hwɛ no kɛkɛ a, ɔrenwu.” 9Enti, Mose yɛɛ ɔwɔ sɛso no; na obiara a ɔwɔ no bi bɛka no no, sɛ ɔpagya nʼani hwɛ no a, ɔnwu.

Israelfoɔ Kɔ Moab

10Israelfoɔ no firi hɔ no, wɔtoaa wɔn akwantuo no so kɔɔ Obot kɔtenaa hɔ. 11Afei, wɔtoaa so kɔɔ Iye-Abarim wɔ ɛserɛ so wɔ Moab apueeɛ fam. 12Wɔfiri hɔ no, wɔtoaa so kɔɔ asuwa Sered Subɔnhwa mu kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ hɔ. 13Afei, wɔtu kɔɔ akyirikyiri fam wɔ Asubɔnten Arnon nkyɛn hɔ baabi a wɔne Amorifoɔ bɔ hyeɛ. Asubɔnten Arnon na ɛyɛ ɛhyeɛ a ɛda Moabfoɔ ne Amorifoɔ ntam. 14Enti, wɔkaa saa asɛm yi wɔ Awurade akodie nwoma no mu sɛ,

asubɔnten Arnon subɔnhwa

ne kuro Waheb 15da Amorifoɔ ne Moabfoɔ ntam.

16Afei, Israelfoɔ no toaa wɔn akwantuo no so kɔɔ Beer a aseɛ ne “Abura.” Ɛha na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Frɛfrɛ nnipa no nyinaa bra na mɛma wɔn nsuo.”

17Ɛhɔ na Israelfoɔ too dwom sɛ,

“Tue Ao, Abura!

To ho dwom!

18To abura yi ho dwom, mmapɔmma na wɔtuiɛ;

na akunini titii mu

wɔde wɔn ahempoma ne wɔn poma.”

Afei, Israelfoɔ no firii ɛserɛ no so kɔfaa Matana, 19Nahaliel ne Bamot. 20Afei wɔkɔɔ Pisga atifi a ɛwɔ Moab bɔnhwa no mu, baabi a wogyina a wohunu asase tamaa no.

Sihon Ne Og So Nkonimdie

21Afei, Israelfoɔ tuu abɔfoɔ ma wɔde nkra yi kɔmaa Amorifoɔhene Sihon sɛ:

22“Momma yɛntwa mu mfa mo ɔman yi mu. Yɛbɛfa ɛkwan tempɔn so, na yɛremfiri so kɔsi sɛ yɛbɛtra mo hyeɛ. Yɛrentiatia mo mfudeɛ so, yɛremfa yɛn nsa nka mo bobe nturo, na yɛrennom mo abura mu nsuo.”

23Nanso ɔhene Sihon ampene so. Na mmom, ɔboaboaa nʼakodɔm ano kɔto hyɛɛ Israelfoɔ so wɔ ɛserɛ so hɔ ne wɔn koo wɔ Yahas. 24Nanso Israelfoɔ no kunkumm wɔn faa wɔn asase a ɛfiri Asubɔnten Arnon kɔsi asuo Yabok ho toaa so kɔsii Amorifoɔ ahyeɛ so, nanso wɔkɔhyiaa Amon mma ahoɔdenfoɔ bi a wɔakyere sraban enti wɔantumi anko ankɔ wɔn anim bio. 25Enti Israelfoɔ no faa Amorifoɔ no nkuro akɛseɛ nyinaa a Hesbon kuropɔn ne ne nkuraase nyinaa ka ho tenaa mu. 26Na Hesbon yɛ Amorifoɔhene Sihon Kuropɔn. Sihon na ɛda bi ɔko tiaa Moabhene faa ne nsase nyinaa bɛsii Asubɔnten Arnon no.

27Ne sei enti tete, anwensɛm twerɛfoɔ twerɛɛ yei faa ne ho sɛ,

“Bra Hesbon, Sihon kuropɔn,

yɛnkyekyere na ɛnsi ne dada mu.

28“Egya turi firii Hesbon

Ogyaframa firii Sihon ahenkuro mu,

Ɛhyee Ar kuropɔn a ɛwɔ Moab;

ɛsɛee sodifoɔ a wɔwɔ Arnon mmepɔ so.

29Ao Moabfoɔ, mosɛeɛ bɛba mu!

Wɔawie mo, mo a mosom Kemos!

Kemos agya ne mmammarima sɛ atutenafoɔ,

Ne ne mmammaa

sɛ Amorifoɔhene Sihon nnommumfoɔ.

30“Yɛasɛe wɔn pasaa,

ɛfiri Hesbon tɔnn kɔsi Dibon.

Yɛasɛe wɔn ara akɔsi Nofa

De kɔ ara kɔsi Medeba.”

31Enti Israelfoɔ no tenaa Amorifoɔ asase so.

32Mose somaa akwansrafoɔ sɛ wɔnkɔsrasra Yaser fa mu hɔ. Ɔde asraafoɔ toaa wɔn, faa wɔn nkuro nyinaa, pamoo Amorifoɔ no. 33Afei, wɔde wɔn ani kyerɛɛ kuro kɛseɛ Basan, nanso Basanhene Og de nʼasraafoɔ hyiaa wɔn wɔ Edrei.

34Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔnnsuro na wadi atamfoɔ no so dada. Awurade sane hyɛɛ Mose nkuran sɛ asɛm a ɛtoo ɔhene Sihon wɔ Hesbon no, saa asɛm korɔ no ara bi na ɛbɛto no.

35Ampa ara, Israelfoɔ dii nkonim na wɔkumm ɔhene Og ne ne mmammarima ne ne nkurɔfoɔ nyinaa a anka wɔn mu baako mpo. Enti Israelfoɔ no tenaa asase no so.

Священное Писание (Восточный перевод), версия для Таджикистана

Числа 21:1-35

Уничтожение Арада

1Когда ханонский царь Арада, расположенного в Негеве, услышал, что Исроил идёт по атаримской дороге, он напал на исроильтян и взял некоторых из них в плен. 2Тогда Исроил дал Вечному обет:

– Если Ты отдашь этот народ в наши руки, мы полностью уничтожим его города.

3Вечный услышал мольбу исроильтян и отдал им во власть ханонеев. Они полностью уничтожили их с городами. Так это место было названо Хорма («уничтожение»).

Медный змей

4От горы Ор они тронулись в путь по дороге к Тростниковому морю, чтобы обойти Эдом. Но в пути народ пал духом; 5они роптали на Всевышнего и на Мусо:

– Зачем вы вывели нас из Египта? Чтобы мы умерли в пустыне? Хлеба нет! Воды нет! А эта убогая пища нам противна!

6Тогда Вечный наслал на них ядовитых змей; они жалили исроильтян, и многие умерли. 7Народ пришёл к Мусо и сказал:

– Мы согрешили, когда роптали на Вечного и на тебя. Помолись, чтобы Вечный избавил нас от змей.

Мусо помолился за народ, 8и Вечный сказал Мусо:

– Сделай змея и укрепи его на шесте: всякий ужаленный посмотрит на него и останется жить. 9Мусо сделал медного змея и укрепил его на шесте. И когда змея жалила человека, он, взглянув на медного змея, оставался жив.

Дорога в Моав

10Исроильтяне двинулись дальше и остановились в Овоте. 11Они тронулись в путь из Овота и остановились в Ийе-Аварим, в пустыне, что на восточной границе Моава. 12Оттуда они двинулись дальше и остановились в долине Заред. 13Оттуда они двинулись дальше и остановились на другой стороне реки Арнон, в пустыне, которая простирается от рубежей аморреев (Арнон – это граница Моава, между Моавом и аморреями). 14Вот почему в «Книге войн Вечного»21:14 Эта древняя книга, не вошедшая в состав Священного Писания, не сохранилась до наших времён. упоминается:

15«…Вахеб в Суфе и притоки Арнона,

и склоны ущелий,

что тянутся к местности Ар

и лежат вдоль границ Моава».

16Оттуда они продолжили путь к Беэру («колодец»), колодцу, где Вечный сказал Мусо:

– Собери народ, и Я дам им воду.

17Тогда Исроил пел эту песню:

«Наполняйся, колодец!

Пойте о нём,

18о колодце, что выкопали вожди,

вырыла знать народа

скипетрами и жезлами».

Они пошли из пустыни в Маттану, 19из Маттаны в Нахалиил, из Нахалиила в Бамот, 20а из Бамота в долину Моава, где высится над пустыней21:20 Букв.: «над Иешимоном». вершина Фасги.

Победа над царём Сигоном

(Втор. 2:24-37)

21Исроил послал вестников, чтобы сказать Сигону, царю аморреев:

22– Позволь нам пройти через твою страну. Мы не свернём ни на поле, ни в виноградник, не будем пить воду из колодцев. Мы будем идти по Царской дороге, пока не пройдём через твою землю.

23Но Сигон не позволил Исроилу пройти через свою землю. Он собрал войско и выступил в пустыню навстречу Исроилу. Подойдя к Иахацу, он сразился с Исроилом. 24Но Исроил предал его мечу и завладел его землёй от реки Арнон до реки Иаббок, до аммонитян, потому что граница аммонитян была укреплена. 25Исроил захватил все города аморреев и занял их, включая Хешбон с окрестными поселениями. 26Хешбон был столицей Сигона, царя аморреев, который воевал с прежним царём Моава и отнял у него всю его землю до самого Арнона.

27Вот почему сказители поют:

«Идите в Хешбон и отстройте его,

пусть встанет из праха город Сигона!

28Полыхает огонь из Хешбона,

пышет пламя из города Сигона.

Оно пожрало Ар-Моав,

хозяев высот Арнона.

29Горе тебе, Моав!

Сгинул ты, народ Хемоша!21:29 Хемош – божество из пантеона моавитян, в жертвы которому приносились люди.

Сыновей своих беженцами он сделал,

дочерей своих – пленницами

Сигона, царя аморреев.

30Сгинуло твоё потомство от Хешбона до Дивона21:30 Или: «Мы разили их стрелами, погиб Хешбон до Дивона»..

Мы разоряли до Нофаха и Медевы».

31Так Исроил поселился на земле аморреев.

32Мусо послал разведчиков в город Иазер, и исроильтяне захватили селения вокруг него, выгнав из них аморреев.

Победа над царём Огом

(Втор. 3:1-11)

33Потом они повернули и поднялись по дороге к Бошону. Ог, царь Бошона, выступил им навстречу со всем своим войском, чтобы сразиться с ними у города Эдреи.

34Вечный сказал Мусо:

– Не бойся его, потому что Я отдал его в твои руки со всем его войском и землёй. Сделай с ним то же, что и с Сигоном, царём аморреев, который правил в Хешбоне.

35Они убили его вместе с его сыновьями и всем войском, не оставив в живых никого, и завладели его землёй.