4 Mose 15 – ASCB & HTB

Asante Twi Contemporary Bible

4 Mose 15:1-41

Afɔrebɔ Ahodoɔ Ho Mmara

1Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 2“Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Sɛ mokɔtena asase a mede ama mo no so 3na mopɛ sɛ mobɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa afɔdeɛ biara a wɔbɔ no ogya so ma ɛsɔ Awurade ani a, ɛsɛ sɛ afɔrebɔdeɛ no yɛ aboa a ɔfiri mo nnwankuo anaa anantwibuo mu. Sɛ ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, anaa afɔrebɔ a wɔde hyɛ bɔ, anaa afɔrebɔ a ɛfiri ɔpɛ mu, anaa afɔrebɔ a wɔbɔ no afirinhyia mu nnapɔnna bi mu no a, ɛsɛ sɛ wɔde aduane afɔrebɔdeɛ ka ho. 4Deɛ ɔde ba no, ɛsɛ sɛ ɔde aduane afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ esiam kilogram mmienu a wɔde ngo lita baako afra ka ho ma Awurade. 5Odwammaa biara a wɔde bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no, ɛsɛ sɛ wɔde nsã afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ bobesa lita baako ka ho.

6“ ‘Sɛ odwennini na wode rebɔ afɔdeɛ a, fa esiam lita mmiɛnsa fra ngo lita baako, 7ne bobesa lita baako sɛ ɔnom afɔrebɔdeɛ. Yei ne afɔrebɔ a ɛbɛsɔ Awurade ani.

8“ ‘Sɛ wosiesie nantwie ba ma ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa afɔrebɔdeɛ de hyɛ bɔ sononko bi anaa ayɔnkofa asikyiresiam afɔdeɛ a worebɔ ama Awurade a, 9fa atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu lita nsia ne fa ne ngo lita mmienu ka nantwie no ho 10a bobesa lita mmienu ka ho sɛ ɔnom afɔrebɔdeɛ. Egya na wɔde bɛbɔ saa afɔdeɛ yi na asɔ Awurade ani. 11Yei ne mmara a ɛka nantwie, odwennini, odwammaa anaa abirekyie ba a wɔde bɔ afɔdeɛ ho. 12Afɔrebɔdeɛ biara a mo mu biara de bɛkɔ no, ɛsɛ sɛ ɔfa saa ɛkwan yi so.

13“ ‘Ɛsɛ sɛ Israelfoɔ ne ahɔhoɔ a wɔne mo teɛ a wɔpɛ sɛ wɔfa ogya afɔrebɔ so sɔ Awurade ani no nyinaa di saa mmara yi so. 14Na sɛ ahɔhoɔ a wɔte mo mu no pɛ sɛ wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma ɛsɔ Awurade ani a, ɛsɛ sɛ wɔfa saa ɛkwan korɔ no ara so. 15Mmara no wɔ hɔ ma mo nyinaa—ɔmanfoɔ ne ahɔhoɔ; na ɛyɛ nokorɛ a ɛtim hɔ daa firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so sɛ wɔn nyinaa yɛ pɛ wɔ Awurade anim. 16Mmara baako na ɛwɔ hɔ ma mo nyinaa.’ ”

17Awurade ka kyerɛɛ Mose saa ɛberɛ no sɛ, 18“Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, sɛ wɔduru asase a mede rebɛma wɔn no so 19na wɔdi asase no so aduane a, wɔmfa bi mmɔ afɔdeɛ mma Awurade. 20Atokoɔ a mobɛyam a ɛdi ɛkan no, momfa nto ɔfam nto nkyɛn sɛ akyɛdeɛ sɛdeɛ moyɛ atokoɔ otwakane no wɔ ayuporobea no. 21Ɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba no, ɛsɛ sɛ mode saa afɔdeɛ a ɛfiri mo aduane a ɛdi ɛkan a moanya mu yi ma Awurade.

Bɔne A Wɔanhyɛ Da Anyɛ Afɔrebɔ

22“ ‘Sɛ mo mu bi firi awerɛfirie mu bu saa mmara a Awurade nam Mose so de ama mo yi so, 23na sɛ daakye mo asefoɔ bu mmara ahodoɔ a Awurade nam Mose so de ama mo yi so, 24na sɛ wɔfom awerɛfirie mu a nnipa no nnim a, ɛsɛ sɛ wɔde aduane afɔrebɔdeɛ ne ɔnom afɔrebɔdeɛ ne ɔpapo a wɔde no bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ ka ho ma Awurade. 25Na ɔsɔfoɔ no ayɛ mpatadeɛ ama Israelfoɔ nyinaa na wɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn; ɛfiri sɛ, ɛyɛ mfomsoɔ, na wɔnam ɔhyeɛ afɔrebɔ so abɔ afɔdeɛ wɔ Awurade anim a wɔn bɔne afɔrebɔdeɛ ka ho. 26Wɔde nnipa no nyinaa a ahɔhoɔ a wɔte wɔn mu ka ho no bɔne bɛkyɛ wɔn, ɛfiri sɛ, ɔmanfoɔ no nyinaa na wɔyɛɛ mfomsoɔ a wɔanhyɛ da; na wɔde akyɛ wɔn nyinaa.

27“ ‘Sɛ obi yɛ mfomsoɔ awerɛfirie mu a, ɛsɛ sɛ ɔde abirekyibereɛ ba a wadi afe bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ 28na ɔsɔfoɔ no ayɛ mpatadeɛ ama no wɔ Awurade anim na wɔde ne bɔne akyɛ no. 29Saa mmara yi wɔ hɔ ma Israelfoɔ ne ananafoɔ a wɔte mu mu no.

30“ ‘Na sɛ obi boapa yɛ mfomsoɔ a, sɛ ɔyɛ Israelni anaa ɔnanani no, ɔgu Awurade din ho fi, enti wɔbɛyi no afiri nnipa no mu. 31Mperɛ dodoɔ a wɔabu Awurade asɛm animtiaa na wɔboapa abu Awurade mmara so no, ɛsɛ sɛ wɔyi no firi nnipa no mu na ne bɔne gu ne tiri so.’ ”

Homeda Sobu, Ɛho Asotwe

32Ɛda bi a Israelfoɔ no wɔ ɛserɛ so no, wɔkyeree wɔn mu baako sɛ ɔrebubu mmabaa homeda. 33Wɔkyeree no de no kɔɔ Mose ne Aaron ne atemmufoɔ bi anim. 34Wɔde no too afiase kɔsii sɛ wɔhunuu Awurade adwene a ɔwɔ wɔ saa onipa no ho. 35Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ɛsɛ sɛ wɔkum saa onipa no. Nnipa no nyinaa nsi no aboɔ wɔ atenaeɛ no akyi baabi.” 36Enti wɔde no kɔɔ atenaeɛ no akyi baabi kɔsii no aboɔ sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no.

37Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 38“Ka kyerɛ Israelfoɔ na wɔmma biribi nsensɛne wɔn ntadeɛ ano mfiri awoɔ ntoatoasoɔ so nkɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so a ɛbɛyɛ mmara a ɛtim hɔ daa na wɔmfa ahoma tuntum nkyekyere sɛ nkaeɛ adeɛ mfam ntadeɛ ano. 39Saa mmara yi botaeɛ ne sɛ, ɛberɛ biara a mobɛhunu saa adeɛ yi no, mobɛkae Awurade mmara a wɔahyɛ mo no, na moadi nʼapɛdeɛ so, na moamfa mo ankasa mo akwan sɛdeɛ na moyɛ de som anyame afoforɔ no. 40Ɛbɛkae mo ama moayɛ kronkron ama Onyankopɔn. 41Mene Awurade mo Onyankopɔn a mede mo firi Misraim asase so baeɛ no. Aane, mene Awurade mo Onyankopɔn.”

Het Boek

Numeri 15:1-41

Meer instructies voor het offeren

1-2 De Here gaf Mozes de volgende instructies om aan de Israëlieten door te geven: ‘Wanneer u bent aangekomen in het land dat Ik u zal geven 3-4 en u wilt de Here eren met een brandoffer of een ander vuuroffer, dan moet u een schaap, een geit of een rund offeren. Elk offer—hetzij een gewoon offer of een gelofteoffer, een vrijwillig offer of een speciaal offer, dat u brengt op een van de jaarlijkse feesten—moet samengaan met een spijsoffer. Als u een schaap offert, gebruik dan 2,2 liter fijn meel, gemengd met 0,9 liter olie, 5samen met 0,9 liter wijn als drankoffer. 6Als u een ram offert, gebruik dan 4,4 liter fijn meel gemengd met eenderde liter olie, 7samen met eenderde liter wijn als drankoffer. Dit zal een offer zijn met een aangename reuk voor de Here. 8-9 Als u een jonge stier offert, moet het begeleidende spijsoffer bestaan uit 6,6 liter fijn meel, gemengd met tweederde liter olie 10en een drankoffer van tweederde liter wijn. Dit zal met vuur worden geofferd tot een aangename reuk voor de Here. 11-12 Dit zijn de voorschriften voor de spijsoffers die een brandoffer van een stier, een schaap, een ram of een jonge geit moeten begeleiden.

13-14 Deze voorschriften gelden zowel voor geboren Israëlieten als voor buitenlanders die bij u wonen en die de Here willen eren met een brandoffer. 15-16 Want hier geldt dezelfde wet voor Israëlieten en buitenlanders en dit zal van generatie op generatie zo blijven, allen zijn gelijk voor de Here. Ja, er is één wet voor allen!’

17-18 Vervolgens zei de Here tegen Mozes: ‘Zeg tegen de Israëlieten dat wanneer zij aankomen in het land dat Ik hun zal geven, 19-21zij de Here een deel van hun eerste oogst van elk jaar moeten geven. Zij moeten van het gerstemeel een koek maken die moet worden geofferd, het is een jaarlijks offer van uw dorsvloer en moet van generatie op generatie in ere worden gehouden.

22Stel dat u of een latere generatie zich realiseert dat u onopzettelijk heeft nagelaten de instructies die de Here u door Mozes heeft gegeven, uit te voeren, 23-24 dan moet u een jonge stier als brandoffer offeren. Het zal een aangename reuk voor de Here zijn en het moet worden geofferd met het normale spijs- en drankoffer en een bok als zondoffer. 25De priester zal verzoening doen voor alle Israëlieten en het zal worden vergeven, want het was geen opzet en zij hebben het goedgemaakt met hun brandoffers en zondoffer voor de Here. 26Allen die tot het volk Israël behoren, zullen vergeving ontvangen—ook de buitenlanders die bij hen wonen—want de hele bevolking is betrokken bij een dergelijke vergissing en de vergeving daarvan. 27Als iemand deze overtreding zonder opzet heeft gemaakt, zal hij een eenjarige geit als zondoffer offeren 28en de priester zal verzoening over hem doen tegenover de Here, dan zal hij vergeving ontvangen. 29Hetzelfde geldt voor de buitenlander die bij u woont. 30Maar iemand die deze overtreding opzettelijk maakt, ongeacht of hij een geboren Israëliet of een buitenlander is, beledigt de Here en zal worden verstoten uit het volk. 31Want hij heeft de wet van de Here veracht en opzettelijk geweigerd deze te gehoorzamen. Hij moet worden gedood en zal op die manier voor zijn zonde boeten.’

Straf bij ongehoorzaamheid

32Op een dag, toen het volk Israël in de woestijn verbleef, werd een van hen betrapt bij het houtsprokkelen op de sabbat. 33Hij werd voor Mozes, Aäron en de andere rechters gebracht. 34Zij sloten hem op in afwachting van de beslissing die de Here over hem zou nemen. 35Toen zei de Here tegen Mozes: ‘Deze man moet sterven, het hele volk moet hem buiten het kamp stenigen.’ 36Zij brachten hem buiten het kamp en doodden hem, zoals de Here had opgedragen.

37-38 De Here zei tegen Mozes: ‘Zeg de Israëlieten dat zij gedenkfranjes aan hun kleren maken. In de franje aan de hoeken van hun kleren moeten zij een blauwpurperen draad verwerken. 39Als zij die franje zien, zullen zij denken aan mijn regels en wetten en aan het feit dat zij die moeten gehoorzamen in plaats van hun eigen verlangens te volgen, zoals gebeurde toen zij andere goden dienden. 40Het zal u eraan herinneren dat u heilig moet zijn voor uw God. 41Want Ik ben de Here, uw God, die u uit het land Egypte bevrijdde. Ja, Ik ben de Here, uw God.’