4 Mose 12 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

4 Mose 12:1-16

Miriam Ne Aaron Tia Mose

1Ɛda koro bi Miriam ne Aaron kasa tiaa Mose sɛ ne yere yɛ Etiopiani. 2Afei, wɔkaa sɛ, “Mose nko ara na Awurade akasa afa ne so? Na yɛn nso ɔnnkasa mfa yɛn so bi anaa?” Na Awurade tee wɔn anwiinwii no.

3Na Mose yɛ ɔhobrɛaseni sene obiara a ɔte asase yi so.

4Ntɛm so, ɔfrɛɛ Mose, Aaron ne Miriam kɔɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu. Ɔhyɛɛ wɔn sɛ, “Mo baasa no mommra ha.” Enti wɔbɛgyinagyinaa Awurade anim. 5Afei, Awurade nam omununkum no mu siane ba bɛgyinaa Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano, na ɔfrɛɛ Aaron ne Miriam. Ɛberɛ a wɔtwe kɔɔ wɔn anim no, 6Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Montie me,

“Sɛ Awurade odiyifoɔ wɔ mo mu a,

menam anisoadehunu so da me ho adi kyerɛ no,

me kasa kyerɛ no daeɛ mu.

7Nanso ɛnte saa wɔ me ɔsomfoɔ Mose ho.

Me fie nyinaa mu, ɔyɛ ɔnokwafoɔ.

8Me ne no kasa animu ne animu,

kasa a emu da hɔ na ɛnyɛ abɛbuo.

Na ɔhunu Awurade sɛdeɛ ɔteɛ.

Adɛn enti na moansuro

sɛ mobɛkasa atia me ɔsomfoɔ Mose?”

9Afei, Awurade bo fuu wɔn denden pa ara ɛnna ɔfirii hɔ kɔeɛ.

10Ɛberɛ a omununkum no refiri Ahyiaeɛ Ntomadan no atifi no, amonom hɔ ara, kwata bɛduruu Miriam ho fitaa. Aaron hunuu asɛm a asi no, 11ɔteaam sɛ, “Ao, Owura, nnyina saa bɔne yi so nntwe yɛn aso; yɛyɛ nkwaseafoɔ sɛ yɛyɛɛ adeɛ a ɛte saa. 12Mma no nyɛ sɛ owufoɔ a ne fa aporɔ firi nʼawoɔ mu.”

13Na Mose teaam frɛɛ Awurade sɛ, “Ao, Onyankopɔn, mesrɛ wo sɛ sa no yadeɛ!”

14Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Sɛ nʼagya tee ntasuo guu nʼanim a, anka ne ho bɛgu fi nnanson. Monyi no mfiri atenaeɛ ha nkɔhyɛ baabi nnanson na akyire no, ɔbɛtumi aba bio.” 15Enti wɔtwaa Miriam asuo firii atenaeɛ hɔ ma ɔkɔdii nnanson. Nnipa no twɛn kɔsii sɛ wɔsane de no baeɛ ansa na wɔretu kwan no bio.

16Ɛno akyi, wɔfirii Haserot bɛbɔɔ atenaeɛ wɔ Paran ɛserɛ so.