3 Yohane 1 – ASCB & CCB

Asante Twi Contemporary Bible

3 Yohane 1:1-15

1Me, Asɔre panin,

Meretwerɛ akɔma me dɔfo pa Gaio.

2Mʼadamfo pa, mebɔ mpaeɛ sɛ biribiara nkɔ so yie mma wo, na nya ahoɔden sɛdeɛ menim sɛ honhom fa mu no, wowɔ ahoɔden no. 3Anuanom bi baa ha bɛka kyerɛɛ me sɛ, woanya nokorɛ no mu gyidie no, na woda so kura nokorɛ no mu no, ɛyɛɛ me anigye yie. 4Biribiara nyɛ me anigye nkyɛn sɛ mɛte sɛ me mma no te nokorɛ mu.

5Mʼadamfo pa, wodi nokorɛ yie wɔ adwuma a woyɛ ma anuanom no a ɛmfa ho sɛ wɔyɛ ahɔhoɔ mpo. 6Wɔaka ɔdɔ a wodɔ asafo a ɛwɔ hɔ no ho asɛm. Mesrɛ wo, boa wɔn wɔn akwantuo no mu ma ɛnsɔ Onyankopɔn ani. 7Ɛfiri sɛ, wɔn kwan a wɔretu no, wɔretu wɔ Awurade din mu a wɔmpɛ mmoa biara mfiri wɔn a wɔnyɛ agyidifoɔ no nkyɛn. 8Yɛn Akristofoɔ na ɛsɛ sɛ yɛboa saa nnipa no sɛdeɛ yɛne wɔn bɛyɛ nokorɛ no ho adwuma.

Diotrefe

9Metwerɛɛ krataa tiawa bi kɔmaa asafo no, nanso Diotrefe a nʼani gye sɛ ɔyɛ wɔn panin no rentie deɛ meka no. 10Sɛ meba a, biribiara a wayɛ no, mede ho asɛm bɛto mo anim. Nsɛm a ɛyɛ hu a ɔka fa yɛn ho ne atorɔ a ɔtwa nyinaa, mɛka ho asɛm. Nanso, ɛno nko ara nyɛ mma no. Sɛ anuanom afoforɔ ba a, ɔnnye wɔn, na obiara a ɔpɛ sɛ ɔgye wɔn no nso, ɔsi wɔn kwan na wabɔ mmɔden apam wɔn afiri asafo no mu.

11Mʼadamfo pa, monnsua ade bɔne, na mmom, monsua ade pa. Obiara a ɔyɛ papa no yɛ Onyankopɔn dea. Na obiara a ɔyɛ bɔne no nhunuu Onyankopɔn. 12Obiara ka Demetrio ho asɛm pa, na mpo nokorɛ no ankasa ka ne ho asɛm pa. Na yɛn nso yɛdi ne ho adanseɛ pa na monim sɛ deɛ yɛka no yɛ nokorɛ.

13Mewɔ nsɛm bebree ka kyerɛ mo, nanso meremfa krataa ne twerɛdua so nka. 14Ɛrenkyɛre biara mɛhunu mo na me ne mo akasa.

15Asomdwoeɛ nka mo.

Mo nnamfonom nyinaa kyeakyea mo. Kyeakyea yɛn nnamfonom nyinaa.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

约翰三书 1:1-15

1我这做长老的写信给亲爱的该犹,就是我本着真理所爱的人。 2亲爱的弟兄,衷心地祝你凡事顺利,身体和灵魂一样健康。

该犹的好品行

3有弟兄们来为你的行为做见证,说你忠心地遵行真理,这使我非常欣慰。 4没有比听见自己的孩子遵行真理更使我欢喜了。

5亲爱的弟兄,你常常忠心地照顾素不相识的弟兄, 6他们把你的爱心告诉了教会。愿你照着上帝所喜悦的方式继续帮助他们, 7因为他们为了主耶稣的名四处传道,不收取非信徒的任何东西。 8我们应该接待这样的人,好与他们一同传扬真理。

丢特腓的恶行

9我曾写信给你那里的教会,但喜欢做领袖的丢特腓不理会我们。 10因此,我若去你们那里,会提及他的所作所为,就是他怎样恶言中伤我们。不仅如此,他还拒绝接待弟兄,并且禁止别人接待,甚至将接待的人赶出教会。

抑恶扬善

11亲爱的弟兄,不要效法罪恶,要效法美善。行善的人属于上帝,行恶的人不认识上帝。 12低米丢得到了众人的好评,真理本身也为他做见证,我们也为他做见证。你们知道我们的见证是真实的。

结语

13我本来有很多事想跟你谈,但不想用笔墨写给你, 14只希望可以快快地见到你,跟你当面畅谈。

15祝你平安!这里的朋友们都问候你,请代我一一问候你那边的朋友。