3 Mose 8 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

3 Mose 8:1-36

Asɔfohyɛ

1Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 2“Afei fa Aaron ne ne mmammarima bra Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan no ano. Wɔmfa wɔn ntadeɛ, ɔsra ngo, nantwie ba a wɔde no bɛbɔ bɔne afɔdeɛ, nnwennini mmienu ne burodo a mmɔreka nni mu nkɛntɛmma mmienu 3na frɛ Israelfoɔ no nyinaa na wɔmmra hɔ bi.” 4Enti nnipa no nyinaa hyiaeɛ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano.

5Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Adeɛ a merebɛyɛ yi, Awurade na wahyɛ me sɛ menyɛ.” 6Afei, ɔfaa Aaron ne ne mmammarima de nsuo hohoroo wɔn ho, 7de Aaron atadeɛ sononko a ne mmeamu ka ho de ne batakari a asɔfotadeɛ a wɔde tam a ɛyɛ fɛ ayɛ nʼabɔwomu hyɛɛ no. 8Afei, Mose de adaaboɔ fam Aaron bo de Urim ne Tumim no hyɛɛ mu. 9Ɔbɔɔ Aaron abotire a ɛwɔ sika abɔnimu kronkron sɛdeɛ Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no ara pɛ.

10Afei, Mose faa ɔsra ngo no de bi petee Ahyiaeɛ Ntomadan no ankasa ne biribiara a ɛwɔ mu ho de tee ne nyinaa ho. 11Ɔduruu afɔrebukyia no so no, ɔpetee so mprɛnson. Afei, ɔpetee nkukuo a ɛwɔ afɔrebukyia no so no ne atam ne ne ntaamu ho de tee ho. 12Afei, ɔhwiee ɔsra ngo no guu Aaron tirim de tee ne ho sɛ ɔnhyɛ nʼadwuma ase. 13Deɛ ɛdi hɔ ne sɛ, Mose de mmatakari no hyehyɛɛ Aaron mmammarima a abɔwomu ne ɛkyɛ ka ho sɛdeɛ Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no.

14Afei, ɔfaa nantwinini ba sɛ ɔde no rekɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ. Aaron ne ne mmammarima de wɔn nsa guu aboa no apampam, 15ma Mose kumm no. Ɔde ne nsateaa baako bɔɔ ne mogya mu de yɛɛ afɔrebukyia mmɛn nan no ho ne afɔrebukyia no ankasa ho de tee ho, ɛnna ɔhwiee mogya no nkaeɛ no guu afɔrebukyia no ase de tee ho sɛ mpatadeɛ. 16Ɔfaa nʼayamdeɛ ho sradeɛ ne ne berɛboɔ ho sradeɛ ne ne sawa mmienu no ne ɛho sradeɛ hyee ne nyinaa wɔ afɔrebukyia no so. 17Wɔhyee nantwinini ba no ne ne nhoma ne nʼagyanan wɔ sraban no akyi sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no.

18Afei, ɔde odwennini maa Awurade sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ. Aaron ne ne mmammarima de wɔn nsa guu aboa no apampam 19na Mose kumm no de ne mogya no bi petee afɔrebukyia no ho nyinaa. 20Afei, ɔbobɔɔ odwennini no nam na ɔhyee asinasini no a ne ti ne ne sradeɛ ka ho. 21Na ɔde nsuo hohoroo nʼayamdeɛ ne ne nan no ho hyee no wɔ afɔrebukyia no so maa ne nyinaa hyee pasaa wɔ Awurade anim. Ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛsɔɔ Awurade ani yie, ɛfiri sɛ, Mose dii Awurade akwankyerɛ no nyinaa so pɛpɛɛpɛ.

22Afei, Mose de odwennini baako a ɔyɛ ahoteɛ dwennini baeɛ. Aaron ne ne mmammarima de wɔn nsa guu nʼapampam. 23Mose kumm no na ɔde mogya no bi kaa Aaron aso nifa ase ne ne nsa nifa kokurobetie ne ne nan nifa kokurobetie. 24Ɔde mogya no bi yɛɛ Aaron mmammarima no nso aso nifa ase ne wɔn nsa nifa kokurobetie ne wɔn nan nifa kokurobetie. Ɔde mogya no nkaeɛ petee afɔrebukyia no ho nyinaa. 25Afei, ɔfaa sradeɛ no, ne dua, ne ne mu sradeɛ, ne berɛboɔ kotokuo, ne sawa mmienu no ne ɛho sradeɛ ne nʼabati nifa 26ɛnna ɔde saa burodo ntrawa a mmɔreka nni mu no baako nso ne burodo ntrawa no baako a wɔde ngo agu so ne burodo ntrawa baako a wɔfaa ne nyinaa firii kɛntɛn a wɔde bɛsii hɔ wɔ Awurade anim no mu guguu yeinom nyinaa so. 27Wɔde yeinom nyinaa hyɛɛ Aaron ne ne mmammarima nsa sɛ wɔnhim no afɔrebukyia no anim sɛ ɔhim afɔrebɔ mma Awurade. 28Mose gyee ne nyinaa firii wɔn nsam hyee no wɔ afɔrebukyia no so de maa Awurade; na afɔrebɔ no sɔɔ Awurade ani. 29Afei Mose faa ne yan no hinhim no Awurade anim; yei ne Mose kyɛfa wɔ ahoteɛ odwennini no mu sɛdeɛ Awurade ka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no.

30Afei ɔfaa ɔsra ngo no ne mogya a ɔde apete afɔrebukyia no so no bi de petee Aaron ne ne mmammarima ntadeɛ mu de tee Aaron ne ne mmammarima ne wɔn ntadeɛ ho maa Awurade dwumadie.

31Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mmammarima no sɛ, “Monnoa ɛnam no wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano na momfa nni burodo a ɛwɔ kɛntɛn a asɔfohyɛ afɔrebɔdeɛ wɔ mu no sɛdeɛ meka kyerɛɛ mo no. 32Ɛnam ne burodo biara a ɛbɛka no, monhye. 33Bio, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔntena Ahyiaeɛ Ntomadan no ano nnanson, mfa nwie asɔfohyɛ dwumadie no. 34Mose kaa bio sɛ, deɛ ɔyɛɛ no ɛda no nyinaa no, Awurade na ɔhyɛɛ no sɛ ɔnyɛ mfa nyɛ mpata mma wɔn. 35Ɔsane hyɛɛ Aaron ne ne mmammarima no sɛ wɔntena Ahyiaeɛ Ntomadan no ano anadwo ne awia nnanson. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Sɛ mofiri hɔ a, mobɛwuwu. Yei ne asɛm a Awurade aka.’ ”

36Enti, Aaron ne ne mmammarima dii nsɛm a Awurade nam Mose so hyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no nyinaa so.