3 Mose 24 – ASCB & HTB

Asante Twi Contemporary Bible

3 Mose 24:1-23

Ngo Ne Burodo Kronkron

1Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 2“Ka kyerɛ Israelfoɔ na wɔmmrɛ wo ngo kronn na fa sɔ kanea a ɛnnum da, 3adanseɛ ntwamutam no akyi wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu, Aaron bɛhwɛ nkanea a ɛwɔ Awurade anim no so, firi anwummerɛ kɔsi anɔpa biara. Ɛyɛ daa ahyɛdeɛ ma mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa. 4Ɛsɛ sɛ wɔhwɛ nkanea a ɛsisi sikakɔkɔɔ kaneadua so wɔ Awurade anim no so ɛberɛ biara.

5“Momfa asikyiresiam muhumuhu nto burodo amuamua dumienu. Momfa esiam lita ɛnan ne fa nto burodo mua biara. 6Monhyehyɛ no akyerɛpɛn mmienu, a nsia biara wɔ kyerɛpɛn baako so wɔ sikakɔkɔɔ amapa ɛpono so wɔ Awurade anim. 7Mode aduhwam pa bɛgu kyerɛpɛn biara ho de asi burodo no anan mu ayɛ afɔrebɔdeɛ a wɔhye wɔ ogya so ma Awurade. 8Ɛsɛ sɛ wɔde saa burodo yi sisi Awurade anim Homeda biara; ɛbɛyɛ apam a ɛnni awieeɛ ama Israelfoɔ. 9Burodo yi yɛ Aaron ne ne mmammarima dea, na ɛsɛ sɛ wɔdi wɔ kronkronbea hɔ, ɛfiri sɛ, ɛyɛ kronkron pa ara wɔ wɔn kyɛfa a ɛwɔ afɔrebɔdeɛ a wɔhye ma Awurade no mu.”

Wɔsii Musubɔni Bi Aboɔ

10Ɛda bi aberanteɛ bi a ne maame yɛ Israelni na nʼagya nso yɛ Misraimni ne Israelfoɔ no baako nyaa ntɔkwa wɔ wɔn atenaeɛ. 11Ntɔkwa no mu no, Israelni babarima no domee Onyankopɔn enti wɔde no baa Mose nkyɛn sɛ wɔmmu no atɛn. Na ne maame din de Selomit a ɔyɛ Dibri a ɔfiri Dan abusua mu. 12Wɔde no too afiase twɛn Awurade akwankyerɛ.

13Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 14“Fa obusuyɛni no firi atenaeɛ ha kɔ na kɔka kyerɛ wɔn a wɔtee asɛm a ɔkaeɛ no nyinaa na wɔmfa wɔn nsa ngu nʼapampam; afei nnipa no nyinaa nsi no aboɔ nku no. 15Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Obiara a ɔbɛdome Onyankopɔn no, ɛsɛ sɛ ɔnya ho asotwe: 16obiara a ɔgu Awurade din ho fi no, ɛsɛ sɛ wɔkum no. Ɛsɛ sɛ ɛdɔm no nyinaa si no aboɔ. Ɔhɔhoɔ anaa Israelni biara a ɔbɛgu Awurade din ho fi no, ɛsɛ sɛ wɔkum no.

17“ ‘Obiara a ɔkum ne yɔnko onipa no, ɛsɛ sɛ wɔkum no. 18Obiara a ɔkum aboa bi a ɛnyɛ ne dea no, ɛsɛ sɛ ɔhyɛ ananmu. 19Sɛ obi pira ne yɔnko a, ɔyɔnko no nso bɛpira no bi saa ara. 20Dompe mu bu nsi dompe mu bu ananmu; ani nsi ani ananmu; ɛse nsi ɛse ananmu. Sɛdeɛ obi pira ɔfoforɔ no, saa ara na wɔmpira ɔno nso. 21Obiara a ɔbɛkum aboa bi no, ɛsɛ sɛ ɔhyɛ anan mu; nanso sɛ obi kum onipa a, ɛsɛ sɛ wɔkum no bi. 22Mmara korɔ no ara wɔ hɔ ma ɔhɔhoɔ ne kuromani. Mene Awurade, mo Onyankopɔn.’ ”

23Enti Mose kasa kyerɛɛ Israelfoɔ no, na wɔyii obusuyɛni no firii atenaeɛ hɔ kɔsii no aboɔ. Israelfoɔ no yɛɛ sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no.

Het Boek

Leviticus 24:1-23

Lastering van Gods naam wordt gestraft

1-2 Opnieuw gaf de Here Mozes de opdracht: ‘Zeg het volk Israël dat het zuivere geperste olijfolie bij u brengt, zodat één lamp van de gouden kandelaar voortdurend kan blijven branden. 3-4 Elke ochtend en avond zal Aäron de gouden kandelaar die in de tabernakel staat voor het gordijn van het Heilige der Heiligen, van olie voorzien. Het zal een eeuwige vlam zijn voor de Here, van generatie op generatie.

5-8Elke sabbat zal de hogepriester twaalf toonbroden in twee rijen op de gouden tafel leggen die daar voor de Here staat. Die broden zullen worden gebakken van fijn meel, vier viertiende liter per brood. Op elke rij broden zal pure wierook worden gestrooid. Dit zal een gedenkoffer zijn, gebracht met vuur, als herdenking van het eeuwige verbond met het volk Israël. 9Het brood zal door Aäron en zijn zonen worden gegeten op een heilige plaats. Want dit zijn brandoffers voor de Here volgens een eeuwige wet van God, zij zijn allerheiligst.’

10Op een dag raakte een jongeman, wiens moeder Israëlitische en vader Egyptenaar was, in het kamp in gevecht met een van de mannen van Israël. 11Tijdens het gevecht lasterde de zoon van de Egyptenaar de naam van God en hij werd voor Mozes gebracht om te worden berecht. Zijn moeder heette Selomit, zij was de dochter van Dibri, uit de stam Dan. 12De jongeman werd gevangen gezet in afwachting van Gods beslissing over hem. 13-14 De Here zei tegen Mozes: ‘Breng hem buiten het kamp en laten allen die hem hebben horen lasteren, hun handen op zijn hoofd leggen, daarna zullen alle aanwezigen hem stenigen. 15-16 Vertel de Israëlieten dat ieder die God lastert, voor zijn zonde moet boeten: hij moet sterven. Alle aanwezigen zullen hem stenigen. Deze wet geldt zowel voor de buitenlander als voor de Israëliet die de naam van de Here lastert. Hij moet sterven. 17Ook alle moordenaars moeten ter dood worden gebracht. 18Maar ieder die een dier doodt, moet dat vergoeden. 19De straf op het toebrengen van lichamelijk letsel is dat de dader hetzelfde letsel wordt toegebracht, 20breuk om breuk, oog om oog, tand om tand. Wat iemand een ander aandoet, zal ook hem worden aangedaan. 21Wie een beest doodt, moet het vergoeden en wie een mens doodt, moet ter dood worden gebracht. 22U zult dezelfde wet hanteren voor de buitenlander en de geboren Israëliet, want Ik ben de Here, uw God.’

23Dus brachten zij de jongeman buiten het kamp en stenigden hem daar tot hij dood was, zoals de Here het Mozes had opgedragen.