3 Mose 14 – ASCB & NIRV

Asante Twi Contemporary Bible

3 Mose 14:1-57

Akwatafoɔ Ahodwira

1Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 2“Ɛda a wɔbɛdwira ɔkwatani ho no, ɛho mmara nie: Wɔde no bɛkɔ akɔma ɔsɔfoɔ, 3na ɔsɔfoɔ no ahwɛ no wɔ sraban no akyi. Na sɛ ɔsɔfoɔ no hunu sɛ kwata no agyae a, 4ɔbɛbisa nnomaa mmienu bi a wɔwe, na afei wɔde ntweneduro, koogyan ahoma ne hisope mman a wɔde bɛyɛ ahodwira ahyɛdeɛ ama ɔkwatani no abrɛ no. 5Ɔsɔfoɔ no bɛka ama wɔakum nnomaa no mu baako wɔ ayowaa a nsuo wɔ mu so. 6Na anomaa a wɔnnya nkum no no nso, wɔde ɔno ne ntweneduro no ne koogyan ahoma no ne hisope mman no bɛhyɛ anomaa a wɔkumm no no mogya no mu. 7Na ɔsɔfoɔ no apete mogya no agu ɔkwatani a ne ho afiri no so mprɛnson, na wapae mu aka sɛ ne ho ate na wagyaa anomaa a wɔnkum no no.

8“Na ɔyarefoɔ a ne ho atɔ no no bɛsi ne ntoma nyinaa. Ɔbɛyi ne ho nwi nyinaa nso. Ɔbɛdware na wasane abɛtena baabi a kane no na ɔte hɔ bio; nanso ɛsɛ sɛ ɔtena ne ntomadan akyi nnanson. 9Nnanson no so no, ɔbɛyi ne ho nwi nyinaa bio, ɔbɛyi nʼabɔgyesɛ ayi nʼanintɔn nwi na wayi ne ho nwi a aka nyinaa, na wadware, na afei wɔapae mu aka sɛ ne ho ate.

10“Ɛda a ɛdi so a ɛyɛ nnawɔtwe so no, ɔbɛfa nnwammaa anini mmienu a wɔn ho nni dɛm ne odwammaa bereɛ baako a ɔno nso ho nni dɛm, asikyiresiam muhumuhu lita nsia a wɔde ngo afra ne ngo a wɔmfa mfraa hwee lita fa. 11Afei ɔsɔfoɔ a ɔbɛhwehwɛ ɔyarefoɔ no ho ahwɛ sɛ ne ho atɔ no no de onipa no ne nʼafɔrebɔdeɛ bɛba Awurade anim wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano.

12“Ɔsɔfoɔ no bɛfa nnwammaa no baako ne ngotoa baako no na ɔde ama Awurade sɛ ɛfɔdie afɔrebɔ a wɔhim no wɔ afɔrebukyia no anim. 13Afei, wɔbɛkum odwammaa no wɔ beaeɛ a wɔbɔ bɔne ne ɔhyeɛ afɔdeɛ no wɔ kronkronbea hɔ. Wɔde saa afɔdie afɔrebɔdeɛ yi bɛma ɔsɔfoɔ no sɛdeɛ wɔyɛ no bɔne afɔrebɔ mu no ara pɛ. Ɛyɛ afɔrebɔ a ɛyɛ kronkron ankasa. 14Ɔsɔfoɔ no bɛfa saa ɛfɔdie afɔrebɔdeɛ mogya na ɔde akeka ɔyarefoɔ a wɔrete ne ho no aso nifa ase ne ne nsa nifa kokurobetie ne ne nan nifa kokurobetie. 15Afei, ɔsɔfoɔ no bɛfa ngo no bi ahwie agu ne nsa benkum mu 16na ɔde ne nsa nifa abɔ mu, na watu apete mprɛnson wɔ Awurade anim. 17Ngo no a ɛbɛka ne nsa benkum mu no, ɔsɔfoɔ no de bɛka onipa no aso nifa ase ne ne nsa nifa kokurobetie ne ne nan nifa kokurobetie sɛdeɛ ɔde ɛfɔdie mogya yɛeɛ wɔ ɛfɔdie afɔrebɔ no mu no ara pɛ. 18Ɔde ngo no nkaeɛ a ɛwɔ ne nsam no bɛfɔ ɔbarima no tiri ho. Yei bɛkyerɛ sɛ, ɔsɔfoɔ no de ne ho ayɛ mpatadeɛ ama onipa no wɔ Awurade anim.

19“Afei, ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no bɔ bɔne afɔdeɛ na ɔsane yɛ mpatadeɛ ho adeɛ ma onipa a wɔrehohoro ne ho afiri ne kwata mu no ho; ɛno akyi, ɔsɔfoɔ no bɛkum ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ no 20na ɔde abɔ ɛne atokoɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so de ayɛ mpatadeɛ ama ɔbarima no na afei, wapae mu aka sɛ ne ho afiri.

21“Sɛ ɔyɛ ohiani a ɔrentumi ntɔ nnwammaa mmienu no a, ɛnneɛ, ɔde odwammaanini baako bɛbɔ ɛfɔdie afɔdeɛ no de ama Awurade sɛ mpatadeɛ a wɔhim no afɔrebukyia no anim; na wɔde asikyiresiam fitaa muhumuhu lita mmienu ne fa a wɔde ngo afra de abɔ atokoɔ afɔdeɛ no a ngo akɔtoa ka ho. 22Ɛno akyi, ɔde mmorɔnoma mmienu anaa nturukuku mma mmienu mu biara a ɔbɛnya no mu baako bɛbɔ bɔne afɔdeɛ na ɔde baako a ɔbɛka no nso abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ.

23“Ɛda a ɛtɔ so nnwɔtwe no, ɔde ne nyinaa bɛkɔ akɔma ɔsɔfoɔ no wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano na ɔsɔfoɔ no de adwira no wɔ Awurade anim. 24Ɔsɔfoɔ no bɛfa odwammaa no de abɔ ɛfɔdie afɔdeɛ. Ɔde ngo toa ma bɛka ho na wahim no afɔrebukyia no anim de akyerɛ sɛ, wɔde rema Awurade. 25Afei, wɔbɛkum odwammaa no de no abɔ ɛfɔdie afɔdeɛ na ɔde ne mogya no bi akeka ɔbarima a wɔredwira no no aso nifa ase. Ɔde mogya no bi bɛka ne nsa nifa kokurobetie ne ne nan nifa kokurobetie. 26Ɔsɔfoɔ no bɛhwie ngo agu ɔno ara ne nsa benkum mu 27na ɔde ne nsateaa nifa abɔ mu apete bi mprɛnson wɔ Awurade anim. 28Na ɛsɛ sɛ ɔde ngo a ɛwɔ ne nsam no bi ka ɔbarima no aso nifa ase ne ne nsa nifa kokurobetie ne ne nan nifa kokurobetie sɛdeɛ ɔyɛɛ mogya no ɛberɛ a ɔrebɔ ɛfɔdie afɔdeɛ no. 29Ngo no a ɛbɛka wɔ ne nsam no, ɛsɛ sɛ ɔde fɔ ɔbarima a wɔredwira no no tiri ho de yɛ mpatadeɛ wɔ Awurade anim. 30Afei, ɛsɛ sɛ ɔde nturukuku mmienu anaa mmorɔnoma mmienu no mu biara a ɔtumi tɔeɛ no ba. 31Wɔde mmienu a ɔnyaeɛ no mu baako bɛbɔ bɔne afɔdeɛ na baako a aka no, ɔde abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a saa ɛberɛ no ara mu wɔbɛbɔ atokoɔ afɔdeɛ nso, na ɔsɔfoɔ no bɛyɛ mpatadeɛ ama ɔbarima no wɔ Awurade anim.”

32Yeinom ne mmara a ɛfa wɔn a wɔte wɔn ho ma wɔn ho fi kwata mu nanso wɔntumi mfa afɔrebɔdeɛ a ɛho hia no nyinaa mma no.

33Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ, 34“Sɛ moduru Kanaan asase a mede ama mo no so, na sɛ mede kwata kɔ afie bi mu a, 35ɛnneɛ, efiewura no nyi ne ho adi nkyerɛ ɔsɔfoɔ no na ɔnka sɛ, ‘Ɛyɛ me sɛ kwata wɔ me fie ha!’ 36Ɔsɔfoɔ no bɛhyɛ ama wɔatu efie hɔ nneɛma nyinaa ansa na wahwɛ hɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ ɔka sɛ kwata wɔ fie hɔ a, ɛrengu biribi foforɔ ho fi wɔ hɔ. 37Sɛ ɔhunu nsensaneɛ ahahammono anaa kɔkɔɔ wɔ efie no afasuo ho a anonom kɔ afasuo no mu a, 38ɔbɛto efie no mu nnanson 39na ne nnanson so no, wasane aba bio abɛhwɛ. Na sɛ nsensaneɛ awurawura afasuo no mu a, 40ɛnneɛ, ɔsɔfoɔ no bɛhyɛ ama wɔawerɛwerɛ nsisiiɛ no afiri hɔ na wɔato nwerɛwerɛeɛ no agu baabi a ɛhɔ ho nte wɔ kuro no akyi baabi. 41Afei, ɔbɛhyɛ ama afasuo a ɛwɔ efie no mu no, wɔawerɛwerɛ no yie na wɔato nwerɛwerɛeɛ no agu baabi a ɛhɔ nte wɔ kuro no akyi baabi. 42Na wɔde aboɔ foforɔ bi abɛhyɛ deɛ wɔwerɛwerɛeɛ no anan na wɔde dɔteɛ foforɔ asra efie no ho.

43“Na sɛ nsisiiɛ no ba bio a, 44ɔsɔfoɔ no bɛba bio abɛhwɛ na sɛ ɔhunu sɛ nsisiiɛ no atrɛtrɛ a, na ɛyɛ kwata na ɛkyerɛ sɛ efie no ho nte. 45Sɛ ɛba saa a, ɔbɛhyɛ ama wɔabubu efie no agu. Wɔbɛtwe mmubuiɛ no mu aboɔ, nnua ne dɔteɛ no nyinaa afiri kuro no mu de akɔgu kuro no akyi baabi a ɛhɔ ho nte.

46“Obiara a ɔbɛwura efie a wɔato mu no mu no ho nte kɔsi anwummerɛ. 47Na obiara a ɔbɛda hɔ anaa ɔbɛdidi wɔ efie hɔ no bɛsi ne nneɛma nyinaa.

48“Na sɛ wɔsra efie no ho bio na ɔsɔfoɔ no bɛhwɛ na nsisiiɛ no mmaa bio a, ɔbɛpae mu aka sɛ wɔate efie no ho na kwata no nso kɔ. 49Ɔbɛdi efie no ahodwira ho dwuma. Ɔde nnomaa mmienu, sida dua, asaawa kɔkɔɔ ne hisope mman na ɛbɛdi saa dwuma no. 50Ɔbɛkum nnomaa no baako wɔ nsu pa a ɛwɔ ayowaa mu so, 51na ɔde sida dua no ne hisope mman ne ahoma kɔkɔɔ ne anomaa a wɔnkum no no anu anomaa a wakum no nsu pa no so no mogya mu na wɔde apete efie no mprɛnson. 52Wɔyɛ yei de te efie no ho. 53Afei, ɔbɛgyae anomaa a ɔnwuiɛ no ama watu akɔ kuro no akyi baabi. Yei ne ɛkwan a wɔfa so de yɛ mpatadeɛ de ma efie sane de dwira ho no.”

54Yeinom ne mmara a ɛfa mmeammea a kwata ba hɔ ho. 55Sɛ ɛyɛ atadeɛ mu anaa efie mu, 56anaa honam ani nhonhonoeɛ, anaa ɔhyehyeɛ mu mpumpunnya anaa honam ani baabi a ɛhɔ ayɛ hyɛnn. 57Saa ɛkwan yi so na wɔbɛfa ahunu sɛ ɛyɛ kwata anaa ɛnyɛ kwata.

Yei enti na wɔhyɛɛ saa mmara yi.

New International Reader’s Version

Leviticus 14:1-57

Making People “Clean” From Skin Diseases

1The Lord spoke to Moses. He told him to say to the people, 2“Here are the rules for making anyone ‘clean’ who has had a skin disease. They apply when the person is brought to the priest. 3The priest must go outside the camp. He must look the person over carefully. Suppose they have been healed of their skin disease. 4Then the priest will order someone to bring him two live ‘clean’ birds. He will also order someone to bring him some cedar wood, bright red yarn and branches of a hyssop plant. All these things will be used to make the person ‘clean.’ 5The priest will order someone to kill one of the birds. It must be killed over fresh water in a clay pot. 6Then the priest must take the live bird. He must dip it into the blood of the bird killed over the fresh water. He must dip it into the blood together with the cedar wood, the bright red yarn and the hyssop plant. 7The priest will sprinkle the blood on the person who had the skin disease. That will make them ‘clean.’ The priest must sprinkle them seven times. Then the priest must announce that they are ‘clean.’ After that, the priest must let the live bird go free in the open fields.

8“The person must also wash their clothes to be made ‘clean.’ They must shave off all their hair. They must take a bath. Then they will be ‘clean.’ After that, they may come into the camp. But they must stay outside their tent for seven days. 9On the seventh day they must shave off all their hair. They must shave their head. They must shave off their beard. They must also shave off their eyebrows and the rest of their hair. They must wash their clothes. They must take a bath. Then they will be ‘clean.’

10“On the eighth day they must bring two male lambs and one female lamb as an offering. The female must be a year old. The lambs must not have any flaws. They must also bring 11 pounds of the finest flour as a grain offering. They must mix it with olive oil. They must also bring 11 ounces of oil. 11The priest who announces that the person is ‘clean’ must bring them and their offerings to me. He must do it at the entrance to the tent of meeting.

12“Then the priest must take one of the male lambs. He must offer it as a guilt offering. He must offer it along with 11 ounces of oil. He must lift all of it up and wave it in front of me as a wave offering. 13He must kill the lamb in the holy area where sin offerings and burnt offerings are killed. The guilt offering belongs to the priest, just as the sin offering does. The guilt offering is very holy. 14The priest must take some of the blood from the guilt offering and put it on the person’s right earlobe. He must put some on the thumb of their right hand. He must also put some on the big toe of their right foot. 15Then the priest must take some of the oil and pour it into his own left hand. 16He must dip his right forefinger into the oil in his hand. He must use his finger to sprinkle some of the oil in front of me seven times. 17The priest must put some of the oil in his hand on the same places he put the blood of the guilt offering. He must put some on the person’s right earlobe. He must put some on the thumb of their right hand. He must put some on the big toe of their right foot. 18He must put on their head the rest of the oil in his hand. It will pay for the person’s sin in my sight.

19“Then the priest must sacrifice the sin offering. It will pay for the person’s sin. They will be made ‘clean’ after being ‘unclean.’ After that, the priest will kill the burnt offering. 20He will offer it on the altar. He will offer it together with the grain offering. It will pay for the person’s sin. Then they will be ‘clean.’

21“But suppose they are poor. Suppose they can’t afford all these offerings. Then they must bring one male lamb as a guilt offering. It must be lifted up and waved in front of me to pay for their sin. They must also bring three and a half pounds of the finest flour along with the lamb. They must mix the flour with olive oil. It is a grain offering. They must offer it along with 11 ounces of oil. 22They must also bring two doves or two young pigeons that they can afford. One is for a sin offering. The other is for a burnt offering.

23“On the eighth day they must bring them to the priest so they can be made ‘clean.’ They must bring them to the entrance to the tent of meeting. They must do it in my sight. 24The priest must take the lamb for the guilt offering. He must take it together with the 11 ounces of oil. He must lift all of it up and wave it in front of me as a wave offering. 25He must kill the lamb for the guilt offering. He must take some of its blood and put it on the person’s right earlobe. He must put some on the thumb of their right hand. He must also put some on the big toe of their right foot. 26The priest must pour some of the oil into his own left hand. 27He must dip his right forefinger into the oil in his hand. He must use his finger to sprinkle some of it seven times in front of me. 28Here is what he must do with some of the oil in his hand. He must put it on the same places where he put the blood of the guilt offering. He must put some on the person’s right earlobe. He must put some on the thumb of their right hand. He must also put some on the big toe of their right foot. 29He must put on their head the rest of the oil in his hand. It will pay for the person’s sin in my sight. 30The priest will sacrifice the doves or the young pigeons that the person can afford. 31One is for a sin offering. The other is for a burnt offering. The priest must offer them together with the grain offering. In that way he will pay for the person’s sin in my sight. He will do it to make them ‘clean.’ ”

32These are the rules for anyone who has a skin disease. They are for people who can’t afford the regular offerings that are required to make them “clean.”

Making Things “Clean” From Mold

33The Lord spoke to Moses and Aaron. He told them to say to the people, 34“You will enter the land of Canaan. I am giving it to you as your own. When you enter it, suppose I put mold in one of your houses. And suppose the mold spreads. 35Then the owner of that house must go and speak to the priest. He must say, ‘I’ve seen something that looks like mold in my house.’ 36The priest must order everything to be taken out of the house. It must be done before he goes in to look carefully at the mold. If it is not done, the priest must announce that everything in the house is ‘unclean.’ After the house is empty the priest must go in and check it. 37He must look carefully at the mold on the walls. Suppose it looks as if it has green or red dents in it. And suppose the dents look as if they are behind the surface of the wall. 38Then the priest must go out the door. He must close the house up for seven days. 39On the seventh day the priest will return to check the house. Suppose the mold on the walls has spread. 40Then he must order someone to tear out the stones that have mold on them. He must have them thrown into an ‘unclean’ place outside the town. 41He must have all the inside walls of the house scraped. Everything scraped off must be dumped into an ‘unclean’ place outside the town. 42Then other stones must be put in the place of the stones that had mold on them. The inside walls of the house must be coated with new clay.

43“Suppose the stones have been torn out. The house has been scraped. And the walls have been coated with new clay. But the mold appears again. 44Then the priest must go and look things over carefully. Suppose the mold has spread in the house. Then it is the kind of mold that destroys things. The house is not ‘clean.’ 45It must be torn down. The stones, the wood and all the clay coating must be torn out. All of it must be taken out of the town to an ‘unclean’ place.

46“Suppose someone goes into the house while it is closed up. Then they will be ‘unclean’ until evening. 47If they sleep or eat in the house, they must wash their clothes.

48“But suppose the priest comes to look things over carefully. And suppose the mold has not spread after the walls had been coated with new clay. Then he will announce that the house is ‘clean.’ The mold is gone. 49To make the house pure, the priest must get two birds. He must also get some cedar wood, bright red yarn and branches of a hyssop plant. 50He must kill one of the birds over fresh water in a clay pot. 51Then he must take the cedar wood, the hyssop plant, the bright red yarn and the live bird. He must dip all of them into the blood of the dead bird. He must also dip them into the fresh water. He must sprinkle the house seven times. 52The priest will use the blood and the water to make the house pure. He will use the live bird to make it pure. He will also use the cedar wood, the hyssop plant and the bright red yarn to make it pure. 53Then he must let the live bird go free in the open fields outside the town. In that way he will make the house pure. It will be ‘clean.’ ”

54These are the rules for skin diseases. They apply to sores. 55They apply to mold in clothes or in houses. 56They also apply to swellings, rashes or shiny red spots on the skin. 57Use these rules to decide whether something is “clean” or not.

These are the rules for skin diseases and for mold.