2 Yohane 1 – ASCB & CCB

Asante Twi Contemporary Bible

2 Yohane 1:1-13

1Me, Asɔre Panin,

Meretwerɛ akɔma Awuraa a wɔayi no ne ne mma a medɔ wɔn, nokorɛ no enti. Ɛnyɛ me nko, na mmom, wɔn a wɔnim nokorɛ no nyinaa dɔ mo, 2ɛfiri sɛ, nokorɛ no te yɛn mu na ɛbɛtena yɛn mu akɔsi daa:

3Adom, mmɔborɔhunu ne asomdwoeɛ mfiri Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo, Agya no Ba no nkyɛn, mmra yɛn so nokorɛ ne ɔdɔ mu.

4Mʼani gyee sɛ mehunuu sɛ mo mma no bi te nokorɛ mu sɛdeɛ Agya no hyɛɛ yɛn no. 5Enti, mereka akyerɛ wo, Awuraa sɛ, momma yɛnnodɔ yɛn ho. Yei nyɛ mmara foforɔ a merehyɛ ama wo. Ɛyɛ mmara a wɔahyɛ ama yɛn firi ahyɛaseɛ. 6Saa ɔdɔ a mereka ho asɛm yi kyerɛ sɛ, momma yɛntena ase na yɛnyɛ ɔsetie mma Onyankopɔn. Mmara a mote firii ahyɛaseɛ no kyerɛ sɛ mo nyinaa, montena ase ɔdɔ mu.

7Adaadaafoɔ a wɔnnnye nntom sɛ Yesu Kristo baa ɔhonam mu no abɔ apete ewiase. Saa adaadaafoɔ yi yɛ atorofoɔ ne Kristo atamfoɔ. 8Monhwɛ mo ho so yie na moanhwere deɛ moayɛ ho adwuma na moanya mo akatua wɔ mu no. 9Obiara a ɔntena Kristo nkyerɛkyerɛ mu no, ɔnni Onyankopɔn. Na deɛ ɔtena nkyerɛkyerɛ no mu no wɔ Agya no ne Ɔba no. 10Sɛ obi ba mo nkyɛn na wamfa saa nkyerɛkyerɛ yi ammrɛ mo a, monnnye no wɔ mo efie, na monnnye nʼani nso. 11Ɛfiri sɛ, obiara a ɔgye saa onipa no ka bɔne a ɔyɛ no ho.

Asɛnka A Ɛtwa Toɔ

12Mewɔ nsɛm pii ka kyerɛ mo, nanso meremfa krataa ne twerɛduro so nka. Na mmom, mɛba onipadua so abɛkasa akyerɛ mo, na mo ani agye.

13Wo nuabaa a wɔayi no no mma no kyea wo.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

约翰二书 1:1-13

1我这做长老的写信给蒙拣选的女士1:1 学者一般认为“蒙拣选的女士”是指教会。和你的儿女,就是我本着真理所爱的。你们不单是我所爱的,也是一切认识真理的人所爱的。 2我们爱你们,因为真理在我们里面,并且永远与我们同在。

3从父上帝和祂儿子耶稣基督而来的恩典、怜悯和平安也必在真理和爱中与我们同在!

彼此相爱

4你的儿女当中有人按照我们从父领受的命令遵行真理,我知道后非常欣慰。 5女士啊,我现在劝你,我们大家要彼此相爱。这不是新命令,而是我们从起初就已经领受的命令。 6爱就是遵行上帝的命令,这是你们从起初就听过又当遵行的命令。

提防骗子

7因为现在世上有许多骗子出来迷惑人,他们否认耶稣基督曾降世为人。这样的人是骗子,是敌基督者。 8你们要谨慎,好得到完满的赏赐,免得我们前功尽弃。 9谁偏离基督的教导,谁心中就没有上帝;谁遵守基督的教导,谁就有父和子与他同在。 10若有人到你们那里不传基督的教导,不要请他到家里,也不要问候他, 11因为问候他就是与他同流合污。

结语

12我还有许多事要告诉你们,但不想借助纸墨,而是希望有机会到你们那里与你们当面畅谈,使我们充满喜乐。

13你那蒙拣选之姊妹的儿女问候你。