2 Timoteo 1 – ASCB & AKCB

Asante Twi Contemporary Bible

2 Timoteo 1:1-18

Nhyira

1Nwoma yi firi Paulo a ɔyɛ Kristo Yesu ɔsomafoɔ no nkyɛn. Onyankopɔn ankasa na ɔfrɛɛ me sɛ ɔsomafoɔ, sɛ menkɔbɔ nkwa a ɔnam Kristo Yesu so de baeɛ no ho dawuro.

2Mede kɔma me dɔba Timoteo:

Adom, mmɔborɔhunu ne asomdwoeɛ mfiri Agya Onyankopɔn ne yɛn Awurade Kristo Yesu nka wo.

3Meda Onyankopɔn a mede adwene mu fann som no sɛdeɛ me mpanimfoɔ yɛeɛ no ase. Daa, anadwo ne awia, mekae wo wɔ me mpaeɛbɔ mu. 4Mekae wo nisuteɛ ɛberɛ a yɛredi mpaapaemu no a, ɛma mʼani gyina wo. Enti sɛ mehunu wo bio a mʼani bɛgye. 5Mekae gyidie a emu yɛ den a na wowɔ, gyidie a ɛfirii aseɛ firii wo nana Lois ne wo maame Eunike mu no, na megye di sɛ woda so kura saa gyidie no a emu yɛ den no ara mu.

6Yei enti merebɔ wo nkaeɛ sɛ kae akyɛdeɛ a ɛberɛ a mede me nsa guu wo so no Onyankopɔn de maa wo no. 7Ɛfiri sɛ, Honhom a Onyankopɔn de maa yɛn no mma yɛnyɛ ahufoɔ; na mmom, Honhom no ma yɛn tumi, ɔdɔ ne ahohyɛsoɔ. 8Mma wʼani nnwu Awurade adansedie, ne me a meyɛ ne deduani ho. Na sɛ ɔhaw bi to wo Asɛmpa no ka ho a, gyina pintinn wɔ ahoɔden a Onyankopɔn de ama wo no mu. 9Ɔgyee yɛn nkwa frɛɛ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ ne dea. Ɛnyɛ biribi pa bi a yɛayɛ enti, na mmom, ɛyɛ nʼadom ara kwa. Ansa na wɔrehyɛ ewiase ase no na ɔnam Kristo Yesu so kyɛɛ yɛn saa adom no, 10na seesei, ɔnam Agyenkwa Kristo Yesu ba a ɔbɛba no so ada biribiara adi akyerɛ yɛn. Kristo, yɛn Agyenkwa dii owuo so nkonim, na ɔde anigyesɛm a ɛhyerɛn te sɛ kanea na ɛma nkwa a ɛnni awieeɛ brɛɛ yɛn. 11Onyankopɔn ayi me sɛ ɔsomafoɔ ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ sɛ menna Asɛmpa no adi. 12Ɛnam yeinom so enti na mehunu saa amaneɛ yi. Nanso, meda so wɔ gyidie, ɛfiri sɛ, menim deɛ mede me ho to no so no, na menim nso sɛ ɔbɛkora deɛ mede ahyɛ ne nsa no ama da no nso.

13Sɔ nokwasɛm a mekyerɛɛ wo no mu yie, na fa yɛ nhwɛsodeɛ, na tena gyidie ne ɔdɔ a ɛyɛ yɛn dea wɔ Kristo Yesu mu no. 14Wɔde ademudeɛ a ɛsom bo ahyɛ wo nsa. Fa Honhom Kronkron a ɔte wo mu no mmoa bɔ ho ban.

15Sɛdeɛ wonim no, Akristofoɔ a wɔfiri Asia baa ha no nyinaa adwane agya me. Figelo ne Hermogene nso ka wɔn ho.

16Awurade nhunu Onesiforo fiefoɔ mmɔbɔ ɛfiri sɛ, ɔhyɛɛ me nkuran mpɛn bebree. Nʼani anwu wɔ me ho sɛ mada afiase pɛn, 17na ɔduruu Roma ara pɛ, ɔbɔɔ mmɔden hwehwɛɛ me ara kɔsii sɛ ɔhunuu me. 18Awurade mmoa no na da no ɔnnya ahummɔborɔ mfiri Awurade no nkyɛn! Wonim akwan ahodoɔ a ɔfaa so boaa me wɔ Efeso.

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Timoteo 1:1-18

Nhyia

1Saa nhoma yi fi Paulo a ɔyɛ Kristo Yesu somafo no nkyɛn. Onyankopɔn ankasa na ɔfrɛɛ me sɛ ɔsomafo, na ɔde nkwa a ɔhyɛ ho bɔ a ɛnam Kristo Yesu mu gyidi so de brɛ mo.

2Mede kɔma me dɔba Timoteo:

Adom, mmɔborɔhunu ne asomdwoe mfi Agya Nyankopɔn ne yɛn Awurade Kristo Yesu nka wo.

3Meda Onyankopɔn a mede adwene mu fann som no sɛnea me mpanyimfo yɛe no ase. Daa, anadwo ne awia, mekae wo wɔ me mpaebɔ mu. 4Mekae wo nisutew bere a yɛredi mpaapaemu no a, ɛma mʼani gyina wo. Enti sɛ mihu wo bio a mʼani begye. 5Wɔkae me wo nokware gyidi a efii ase wɔ wo nenabea Lois ne wo na Eunike mu no, na magye ato mu sɛ mprempren ɛwɔ wo nso mu bi saa ara.

6Eyi nti merebɔ wo nkae sɛ, kae akyɛde a bere a mede me nsa guu wo so no Onyankopɔn de maa wo no. 7Efisɛ Honhom a Onyankopɔn de maa yɛn no mma yɛnyɛ ahufo, na mmom Honhom no ma yɛn tumi, ɔdɔ ne ahohyɛso. 8Mma wʼani nnwu wɔ Awurade adansedi, ne me a meyɛ ne deduani no ho. Na sɛ ɔhaw bi to wo wɔ Asɛmpa no ka ho a, gyina pintinn wɔ ahoɔden a Onyankopɔn de ama wo no mu. 9Ogyee yɛn nkwa frɛɛ yɛn se yɛmmɛyɛ ne de. Ɛnyɛ biribi pa bi a yɛyɛ nti, na mmom nʼadom ara kwa. Ansa na wɔrehyɛ wiase ase no na ɔnam Kristo Yesu so kyɛɛ yɛn saa adom no, 10nanso mprempren wɔnam Agyenkwa Kristo Yesu no ba a ɔbɛba no so ada no adi akyerɛ yɛn. Kristo, yɛn Agyenkwa dii owu so nkonim, na ɔde anigyesɛm a ɛhyerɛn te sɛ kanea, na ɛma nkwa a enni awiei brɛɛ yɛn. 11Onyankopɔn ayi me sɛ ɔsomafo ne ɔkyerɛkyerɛfo sɛ menna Asɛmpa no adi. 12Ɛnam eyinom so nti na mihu saa amane yi. Nanso meda so wɔ gyidi, efisɛ minim nea mede me ho to no so no, na minim nso sɛ ɔbɛkora nea mede ahyɛ ne nsa no ama da no nso.

13So nokwasɛm a mekyerɛɛ wo no mu yiye na fa yɛ nhwɛsode, na tena gyidi ne ɔdɔ a ɛyɛ yɛn de wɔ Kristo Yesu mu no mu. 14Wɔde ademude a ɛsom bo ahyɛ wo nsa. Fa Honhom Kronkron a ɔte wo mu no mmoa bɔ ho ban.

15Sɛnea wunim no, Kristofo a wofi Asia baa ha no nyinaa aguan agya me. Figelo ne Hermogene nso ka wɔn ho.

16Awurade nhu Onesiforo fifo mmɔbɔ, efisɛ ɔhyɛɛ me nkuran mpɛn bebree. Nʼani anwu wɔ me ho sɛ mada afiase pɛn, 17na oduu Roma pɛ, na ɔbɔɔ mmɔden hwehwɛɛ me ara kosii sɛ ohuu me. 18Awurade mmoa no na da no, onya ahummɔbɔ mfi Awurade no nkyɛn! Wunim akwan ahorow a ɔfaa so boaa me wɔ Efeso.