2 Samuel 8 – ASCB & HTB

Asante Twi Contemporary Bible

2 Samuel 8:1-18

Dawid Akodie Mu Nkonimdie

1Akyire yi, Dawid dii Filistifoɔ no so, brɛɛ wɔn ase. Ɔko gyee Gat a ɛyɛ wɔn kuropɔn kɛseɛ no.

2Dawid sane dii Moabfoɔ8.2 Na Moabfoɔ no yɛ Lot asefoɔ (1 Mose 19.37) a wɔtenaa Nkyene Po no apueeɛ fam. Saa berɛ no na Saulo adi wɔn so dada (1 Sam 14.47). Ɛberɛ a Dawid wɔ asutwa mu no, ɔmaa nʼabusuafoɔ kɔtenaa Moab (1 Sam 22.3-4). Dawid agyanom firi Moab (Rut 1.22; 4.22). so. Ɔmaa nnipa no dedaa fam, na ɔde ahoma susuu wɔn. Ɔsusu ahoma no mmienu a, na wakyerɛ sɛ wɔnkum saa nnipa no. Ɛnna ɔsusu ahoma no baako a, na wakyerɛ sɛ wɔnnyaa saa nkurɔfoɔ no. Enti, Moabfoɔ a wɔnyaa wɔn ti didii mu no bɛyɛɛ Dawid asomfoɔ a na afe biara wɔyi ɛtoɔ brɛ no.

3Dawid sɛe Rehob babarima Hadadeser a na ɔdi ɔhene wɔ Soba no akɔdɔm, ɛberɛ a Hadadeser kɔɔ Asubɔnten Eufrate ho, pɛɛ sɛ ɔkɔhyɛ ne nnisoɔ mu den. 4Dawid kyeree ne nteaseɛnam apem, nteaseɛnamkafoɔ mpem nson ne nammɔntwa asraafoɔ ɔpeduonu. Dawid twitwaa nteaseɛnam apɔnkɔ no nyinaa nantin ntini, ma ɛkaa ɔha pɛ.

5Ɛberɛ a Aramfoɔ a wɔfiri Damasko baa sɛ wɔrebɛboa Sobahene Hadadeser no, Dawid kumm wɔn mu ɔpeduonu. 6Na ɔde akodɔm a wɔyɛ bansifoɔ kɔtenaa Damasko, ma Aramfoɔ bɛyɛɛ Dawid nkurɔfoɔ a na wɔyi toɔ brɛ no. Baabiara a Dawid bɛkɔ no, Awurade ma no di nkonim.

7Dawid faa sikakɔkɔɔ nkuruwa a na ɛyɛ Hadadeser mpanimfoɔ dea no de ne nyinaa kɔɔ Yerusalem. 8Ɔde Beta ne Berotai a na ɛyɛ Hadadeser nkuro no mu kɔbere bebree kaa ne ho kɔɔeɛ.

9Ɛberɛ a Hamathene Toi tee sɛ Dawid atɔre Hadadeser akodɔm no ase pasaa no, 10ɔsomaa ne babarima Yoram wɔ Dawid nkyɛn, bɛkyiaa no maa no amo. Na Hadadeser ne Toi yɛ atamfoɔ firi teteete a wɔako atia wɔn ho mpɛn bebree. Yoram kɔkyɛɛ Dawid nneɛma bebree a ɛyɛ, dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne kɔbere mfrafraeɛ.

11Ɔhene Dawid too akyɛdeɛ no nyinaa din de maa Awurade a, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a ɔnya firii aman bi a ɔdii wɔn so no nyinaa ka ho. 12Saa aman no ne Edom, Moab, Amon, Filistia, Amalek ne deɛ ɛfiri Sobahene Rehob babarima Hadadeser nkyɛn nso.

13Yei maa Dawid gyee edin. Ɔsane nʼakyi kɔeɛ no, ɔkunkumm Edomfoɔ mpem dunwɔtwe wɔ Nkyene Bɔnhwa mu. 14Ɔde akodɔm bansifoɔ siisii Edom nyinaa ano. Na Edomfoɔ nyinaa bɛyɛɛ Dawid nkoa. Yei yɛ nhwɛsoɔ foforɔ a ɛkyerɛɛ nkonim a Awurade maa Dawid dii no baabiara a ɔkɔeɛ no.

15Dawid dii Israel nyinaa so ɔhene, na ɔne obiara tenaa yie. 16Seruia babarima Yoab na na ɔyɛ ɔsafohene. Ahilud babarima Yehosafat na na ɔyɛ adehyeɛ abakɔsɛmtwerɛni. 17Sadok8.17 Sadok yɛ Eleasa aseni. Ɔdii Dawid nokorɛ na akyire yi, ɔsraa Salomo ngo sɛ ɔnni Dawid adeɛ sɛ ɔhene. a na ɔyɛ Ahitub babarima ne Abiatar babarima Ahimelek na na wɔyɛ asɔfoɔ. Na Seraia yɛ asɛnniiɛ twerɛfoɔ. 18Yehoiada babarima Benaia na na ɔdi Keretifoɔ8.18 Na Keretifoɔ ne Peletifoɔ yɛ ahɔhoɔ asraafoɔ a wɔbɔ wɔn paa ma wɔko. Keretifoɔ no ase firi Krete ɛnna Peletifoɔ no nso ase firi Filistia. Wɔtaa bɔ saa akuo mmienu yi din sɛ awɛmfoɔ a wɔwɛn adehyeɛ. ne Peletifoɔ so, ɛnna Dawid mmammarima tua asɔfodɔm ano.

Het Boek

2 Samuël 8:1-18

David: een beroemd man

1David versloeg korte tijd later de Filistijnen, onderwierp hen en nam het bestuur over hun hoofdstad over. 2Tevens nam hij het land van Moab in bezit. Hij verdeelde zijn slachtoffers en liet hen twee aan twee in rijen op de grond liggen. Tweederde van elke rij, met een meetlint gemeten, doodde hij en eenderde werd gespaard om zijn dienaren te worden, elk jaar betaalden zij hem belasting.

3Hij versloeg ook de troepen van koning Hadadezer van Zoba, een zoon van Rechob, in een veldslag bij de Eufraat. Hij deed dit omdat Hadadezer trachtte zijn invloed langs de Eufraat te herstellen. 4David nam daarbij zeventienhonderd ruiters en twintigduizend man voetvolk gevangen. Slechts honderd tuigpaarden hield hij, bij alle andere liet hij de pezen doorsnijden. 5De Syriërs kwamen uit Damascus Hadadezer te hulp. Ook van hen sneuvelden tweeëntwintigduizend man. 6David stationeerde enkele legergarnizoenen in Damascus waardoor de Syriërs werden onderworpen. Ook zij betaalden elk jaar belasting aan David. Zo gaf de Here hem overal waar hij ging, overwinningen. 7De gouden schilden van koning Hadadezers officieren bracht David naar Jeruzalem. 8Tevens voerde hij een grote buit aan koper, afkomstig uit Hadadezers steden Betach en Berothai, naar Jeruzalem. 9Toen koning Toï van Hamath hoorde over Davids overwinning op het leger van Hadadezer, 10stuurde hij zijn zoon Joram naar David om hem te begroeten en geluk te wensen met zijn overwinning op Hadadezer, want Hadadezer en Toï waren vijanden. Joram bracht daarbij geschenken van zilver, goud en koper voor David mee. 11-12 David wijdde dit alles aan de Here, samen met het zilver en het goud dat hij had buitgemaakt op Syrië, Moab, Ammon, de Filistijnen, Amalek en koning Hadadezer.

13Na zijn terugkeer van een overwinning op achttienduizend Edomieten in het Zoutdal, werd David een beroemd man. 14In heel Edom plaatste hij garnizoenen die ervoor zorgden dat het hele volk belasting betaalde, weer een voorbeeld van de manier waarop de Here hem overal overwinnaar maakte.

15David regeerde Israël op een rechtvaardige manier en was tegenover iedereen eerlijk. 16De bevelhebber van zijn leger was Joab, de zoon van Zeruja, en zijn kanselier was Josafat, de zoon van Ahilud. 17Zadok, de zoon van Ahitub, en Achimélech, de zoon van Abjathar, waren de hogepriesters en Sereja was de secretaris van de koning. 18Benaja, de zoon van Jojada, stond aan het hoofd van Davids lijfwacht en Davids zonen waren zijn adviseurs.