2 Samuel 4 – ASCB & HTB

Asante Twi Contemporary Bible

2 Samuel 4:1-12

Is-Boset Owuo

1Ɛberɛ a Is-Boset tee sɛ Abner awu wɔ Hebron no, ne bo tuiɛ, na saa ara nso na ne nkurɔfoɔ no bɔɔ huboa. 2Afei, na anuanom baanu a wɔn din de Baana ne Rekab na na wɔyɛ asafohene ma Is-Boset akofoɔ no. Na wɔyɛ Rimon a ɔfiri Benyamin efie wɔ Beerot kuro mu no mmammarima. Seesei, na kuro Beerot ka Benyamin ho, 3ɛfiri sɛ, wɔn a na wɔte Beerot dadaada no dwane kɔɔ Gitaim a wɔda so te hɔ sɛ ahɔhoɔ de bɛsi ɛnnɛ yi.

4Na Saulo babarima Yonatan wɔ ɔbabarima bi a ne din de Mefiboset a na ɔyɛ obubuafoɔ firi ne mmɔfraase. Wɔkumm Saulo ne Yonatan wɔ Yesreel akono no, na abɔfra no adi mfeɛ enum. Ɛberɛ a ɔko no ho asɛm duruu kuro no mu no, obi a ɔhwɛ abɔfra no kyekyeree no de no dwaneeɛ. Nanso, ɛberɛ a ɔredwane no, ɔhwee ase maa abɔfra no bɔɔ fam, ma ɔyɛɛ obubuafoɔ.

5Dabi Beerotni, Rimon mmammarima baanu a wɔn din de Rekab ne Baana kɔɔ Is-Boset fie awia berɛ mu a na ɔregye nʼahome. 6Ɛpono ano hwɛfoɔ a na ɔreporo ayuo no, na wada. Enti Rekab ne Baana twaa ne ho kɔɔ Is-Boset pia mu, kɔwɔɔ ne yafunu mu sekan, na wɔdwaneeɛ.

7Ansa na wɔbɛkɔ no, wɔtwaa ne ti ɛberɛ a ɔda ne mpa so. Wɔfaa ne ti no kɔtwaa Yordan bɔnhwa no, nantee anadwo mu no nyinaa kɔeɛ. 8Wɔde Is-Boset tire no brɛɛ Dawid wɔ Hebron, na wɔka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Wo ɔtamfoɔ Saulo a anka ɔrepɛ wo akum wo no babarima Is-Boset tire nie. Ɛnnɛ, Awurade ama me wo aweretɔ ho kwan atia Saulo ne nʼabusua.”

9Na Dawid buaa Beerotni Rimon mma Rekab ne ne nua Baana sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade a ɔgyee me firi ɔhaw ne abɛbrɛsɛ mu te ase yi, mɛka nokorɛ akyerɛ mo. 10Ɛberɛ a onipa bi bɛka kyerɛɛ me sɛ, ‘Saulo awu’ a na ɔdwene sɛ ɔreka asɛm pa akyerɛ me no, mekyeree no kumm no wɔ Siklag. Nʼasɛm a ɔbɛka kyerɛɛ me no so akatua a mede maa no ne no. 11Na akatua bɛn na memfa mma amumuyɛfoɔ a wɔakum obi a ne ho nni asɛm wɔ ne fie ɛberɛ a ɔda ne mpa so. Ɛnsɛ sɛ mebisa ne mogya firi mo nsam anaa?”

12Enti, Dawid hyɛɛ ne mmarima ma wɔkunkumm wɔn. Wɔtwitwaa wɔn nsa ne wɔn nan, na wɔde kuntunsini no sensɛn Hebron ɔtadeɛ ho. Na wɔfaa Is-Boset tire no kɔsiee no wɔ Abner ɔboda mu wɔ Hebron.

Het Boek

2 Samuël 4:1-12

De dood van Isboseth

1Het nieuws van Abners dood in Hebron bracht koning Isboseth in grote verwarring. Hij en zijn onderdanen waren verlamd door angst. 2-3 Het bevel over het leger van Israël kwam nu in handen van de broers Baëna en Rechab, die de overvalcommandoʼs van koning Isboseth leidden. Zij waren zonen van Rimmon uit Beëroth in Benjamin. Mensen uit Beëroth worden beschouwd als Benjaminieten, ook al vluchtten zij indertijd naar Gitthaim, waar zij nu nog wonen. 4Er leefde ook nog een kleinzoon van koning Saul. Hij heette Mefiboseth en was een zoon van Jonathan. Op het moment van de slag bij Jizreël, waarin Saul en Jonathan sneuvelden, was deze Mefiboseth vijf jaar oud. Toen het nieuws over de nederlaag de hoofdstad bereikte, vluchtte de verzorgster met het kind, maar in haar haast viel zij en liet het kind vallen. Zo raakte Mefiboseth verlamd.

5Rechab en Baëna kwamen op een middag bij het huis van koning Isboseth. Deze hield net een middagslaapje. 6-7 Zij gingen het huis binnen en deden net alsof zij een zak tarwe wilden halen. Zij slopen naar zijn slaapkamer, vermoordden hem en hakten zijn hoofd af. Zij vluchtten die nacht de woestijn in en wisten zo te ontsnappen. Het hoofd van Isboseth namen zij mee. 8In Hebron aangekomen, lieten zij het hoofd aan David zien. ‘Kijk!’ zeiden zij. ‘Hier is het hoofd van Sauls zoon Isboseth, die probeerde u te doden. Vandaag heeft de Here u wraak gegeven op Saul en zijn hele familie!’ 9Maar David antwoordde: ‘Ik zweer bij de Here, die mij van mijn vijanden redde, 10dat toen iemand mij vertelde: “Saul is dood,” en daarbij dacht dat hij mij goed nieuws bracht, ik hem heb gedood. Zo beloonde ik hem voor zijn “goede bericht”. 11Dus wat moet ik dan wel doen met zulke goddeloze mannen, die een goede man doden die thuis op zijn bed ligt te slapen! Zou ik die niet zéker ter dood veroordelen?’ 12Daarom gaf David zijn mannen opdracht hen te doden. Dat deden zij onmiddellijk. Zij hakten hun handen en voeten af en hingen hun lichamen bij de vijver in Hebron. Isboseths hoofd begroeven zij in Abners graf in Hebron.