2 Samuel 22 – ASCB & CARST

Asante Twi Contemporary Bible

2 Samuel 22:1-51

Dawid Ayɛyie Dwom

1Ɛberɛ a Awurade gyee Dawid firii nʼatamfoɔ nyinaa ne Saulo nsam akyi no, ɔtoo saa dwom yi de yii Awurade ayɛ.

2Nsɛm a ɛwɔ dwom no mu nie:

Awurade yɛ me botan, mʼaban ne mʼagyenkwa;

3me Onyankopɔn yɛ me botan; ne mu na menya banbɔ.

Ɔyɛ me kyɛm, me nkwagyeɛ mu ahoɔden ne me banbɔeɛ,

mʼabantenten, mʼagyenkwa, deɛ ɔgye me firi basabasayɛ mu.

4“Mesu frɛ Awurade; ɔno na ayɛyie sɛ no,

ɛfiri sɛ, ɔgye me firi mʼatamfoɔ nsam.

5Owuo asorɔkye twaa me ho hyiaeɛ;

ɔsɛeɛ yiri faa me so.

6Damena nhoma kyekyeree me;

owuo ankasa too me anihaa.

7“Na mʼamanehunu mu no, mesu mefrɛɛ Awurade.

Aane, mefrɛɛ me Onyankopɔn pɛɛ mmoa.

Ɔtee me nne firii ne kronkronbea.

Me sufrɛ duruu nʼasom.

8Na asase wosoeɛ na ɛhinhimeɛ;

ɔsoro fapem wosoeɛ;

wɔwosoeɛ, nʼabufuo enti.

9Wisie firii ne hwene mu;

ogyaframa firii nʼanom;

na egyasramma dɛre firii mu.

10Ɔfirii ɔsoro baa fam;

na omununkum kabii duruu ne nan ase.

11Ɔte Kerubim so tuiɛ;

gyaagyaa ne ho wɔ mframa ntaban so.

12Ɔde sum kataa ne ho hyiaeɛ,

ɔde osuo omununkum dii nʼanim ɛkan.

13Hann kɛseɛ hyerɛn wɔ nʼanim,

na anyinam pa firi mu.

14Awurade bobɔɔ mu firi soro;

Ɔsorosoroni no teaam denden.

15Ɔtoo nʼagyan maa nʼatamfoɔ hweteeɛ;

anyinam dwaeɛ ma wɔyɛɛ basaa.

16Awurade kasaeɛ,

na ewiase nnyinasoɔ no nyinaa daa hɔ.

Wɔtumi hunuu ɛpo ase,

na asase fapem ho daa hɔ.

17“Ɔfiri ɔsoro baa ɛfam bɛsɔɔ me mu;

ɔtwee me firii nsuo a emu dɔ mu.

18Ɔgyee me firii mʼatamfoɔ a wɔyɛ den nsam,

atamfoɔ a wɔkyiri me na wɔn ho yɛ den pa ara ma me.

19Wɔbaa me so wɔ mʼamanehunu da mu,

nanso Awurade pagyaa me.

20Ɔde me baa baabi a banbɔ wɔ;

ɔgyee me, ɛfiri sɛ, nʼani ku me ho.

21Awurade ne me adi no sɛdeɛ me tenenee teɛ;

wahwɛ me nsa a ɛho teɛ so atua me ka.

22Ɛfiri sɛ, manante Awurade akwan so;

Mentwee me ho mfirii me Onyankopɔn ho nkɔyɛɛ bɔne.

23Ne mmara nyinaa gu mʼanim;

mentwee me ho mfirii ne nhyehyɛeɛ ho.

24Me ho nni asɛm wɔ Onyankopɔn anim;

matwe me ho afiri bɔne ho.

25Awurade tuaa me papayɛ so ka,

ɛfiri sɛ menni fɔ wɔ nʼanim.

26“Woda wo ho adi sɛ ɔnokwafoɔ kyerɛ wɔn a wɔdi nokorɛ,

wɔn a wɔdi mu nso wo kyerɛ wɔn sɛ wodi mu.

27Woyi wo kronkronyɛ kyerɛ ɔkronkronni,

nanso amumuyɛfoɔ deɛ wokyiri wɔn.

28Wogye ahobrɛasefoɔ,

nanso wʼani kɔ ahantanfoɔ so sɛ wobɛbrɛ wɔn ase.

29Ao Awurade, woyɛ me kanea.

Aane, Awurade woma me sum dane hann.

30Wʼahoɔden a wode ma me enti, metumi ka akodɔm gu;

me Onyankopɔn enti, metumi foro ɔfasuo.

31“Onyankopɔn deɛ, nʼakwan yɛ pɛ;

Awurade bɔhyɛ nyinaa ba mu.

Ɔyɛ akokyɛm

ma wɔn a wɔhwehwɛ banbɔ wɔ ne mu.

32Hwan ne Onyankopɔn, gye sɛ Awurade?

Hwan ne ɔbotantim no, gye sɛ yɛn Onyankopɔn?

33Onyankopɔn ne mʼaban a ɛyɛ den;

wagye me, na wama me kwan so ayɛ pɛ.

34Ɔma mʼanammɔn ho yɛ hare sɛ ɔforoteɛ deɛ;

Ɔma me gyina sorɔnsorɔmmea.

35Ɔsiesie me ma ɔko;

na mʼabasa tumi kuntunu kɔbere mfrafraeɛ tadua.

36Woama me wo nkwagyeɛ kyɛm.

Wo mmoa ama mayɛ ɔkɛseɛ.

37Woabɔ ɛkwan tɛtrɛɛ ama me nan

sɛdeɛ ɛrenwatiri.

38“Metaa mʼatamfoɔ so sɛee wɔn;

mannyina kɔsii sɛ wɔdii nkoguo.

39Meyamoo wɔn, mebɔɔ wɔn hwee fam, na wɔantumi ansɔre;

wɔhwehwee ase wɔ me nan ase.

40Wohyɛɛ me ahoɔden maa ɔko;

woaka mʼatamfoɔ ahyɛ me nan ase.

41Womaa wɔdanee wɔn ani dwaneeɛ,

na mesɛe wɔn a wɔtan me nyinaa.

42Wɔsu pɛɛ mmoa, nanso obiara ammɛgye wɔn.

Wɔsu frɛɛ Awurade, nanso wannye wɔn so.

43Meyamoo wɔn ma wɔyɛɛ sɛ asase so mfuturo;

mepraa wɔn guu nsuka mu sɛ wira.

44“Womaa me nkonimdie wɔ wɔn a wɔbɔ me kwaadu so.

Woahwɛ sɛ mɛyɛ amanaman sodifoɔ;

na nnipa a mennim wɔn som me.

45Ananafoɔ brɛ wɔn ho ase ma me;

wɔte me nka pɛ ara a, wɔde wɔn ho ma me.

46Wɔn nyinaa bɔ huboa,

na wɔde ahopopoɔ firi wɔn nsraban mu ba.

47Awurade te ase! Ayɛyi nka me botan,

ma wɔmma Onyankopɔn, me nkwagyeɛ botan so.

48Ɔno ne Onyankopɔn a ɔtɔ wɔn a wɔha me so awere;

ɔka amanaman no hyɛ mʼase

49na ɔgye me firi mʼatamfoɔ nsam.

Wode me si baabi a mʼatamfoɔ nnuru,

wogye me firi atutupɛfoɔ a wɔtia me nsam.

50Ao Awurade yei enti, mɛkamfo wo wɔ amanaman mu nyinaa;

na mɛto ayɛyie nnwom ama wo edin.

51“Wode nkonimdie akɛseɛ ama wo ɔhene;

woda ɔdɔ a ɛnsa da adi kyerɛ deɛ woasra no ngo,

wode kyerɛ Dawid, ne nʼasefoɔ afebɔɔ.”

Священное Писание (Восточный перевод), версия для Таджикистана

2 Царств 22:1-51

Хвалебная песнь Довуда

(Заб. 17:1-51)

1Довуд воспел слова этой песни Вечному, когда Вечный избавил его от рук всех его врагов и от руки Шаула.

2Довуд сказал:

– Вечный – скала моя,

твердыня моя и мой избавитель;

3Бог мой – скала моя,

в Нём я ищу прибежища.

Он – мой щит и сила22:3 Букв.: «рог». Рог был символом могущества, власти и силы. моего спасения,

моя крепость, моё прибежище и мой Спаситель,

избавивший меня от насилия.

4К Вечному воззову, достойному хвалы, –

и от врагов моих спасусь.

5Волны смерти окружили меня,

захлестнула стремнина гибели.

6Цепи мира мёртвых обвили меня,

и опутали меня сети смерти.

7В бедствии своём я Вечного призвал;

я воззвал о помощи к Богу моему.

Из храма Своего Он услышал голос мой,

крик мой дошёл до ушей Его.

8Задрожала земля и сотряслась,

пошатнулись основания небес

и от гнева Его задрожали.

9Дым вырвался из Его ноздрей,

огонь пожирающий из уст Его,

сыпались от Него горящие угли.

10Он расторг небеса и сошёл,

чёрные тучи под ногами Его.

11Он воссел на херувима и полетел,

воспарил Он на крыльях ветра.

12Мраком покрыл Себя, словно пологом,

окружил Себя тучами дождевыми.

13От сияния перед Ним

сверкали молнии.

14Вечный возгремел с небес,

Высочайшего раздался голос.

15Он пустил стрелы и рассеял врагов,

молнию – и разбил их.

16Тогда открылось морское дно

и обнажились основания земли

от грозного крика Вечного,

от мощного дыхания ноздрей Его.

17С высоты Он склонился и взял меня;

Он извлёк меня из глубоких вод.

18Он избавил меня от могучего врага,

от ненавистников моих, слишком сильных для меня.

19В день бедствия моего они на меня ополчились,

но Вечный был мне опорой.

20Он вывел меня на безопасное место,

Он избавил меня, потому что я угоден Ему.

21Воздал мне Вечный по праведности моей,

по чистоте моих рук наградил меня,

22ведь я хранил пути Вечного

и не сделал зла, отвернувшись от Бога моего.

23Все законы Его предо мной;

я от установлений Его не отошёл.

24Я был непорочен перед Ним

и хранил себя от греха.

25И воздал мне Вечный по праведности моей,

по моей чистоте перед глазами Его.

26Ты верен с тем, кто верен,

с беспорочным Ты поступаешь беспорочно,

27с чистым – чисто,

но с коварным – по его коварству.

28Ты спасаешь смиренных,

но взор Твой на надменных,

чтобы унизить их.

29Ты, Вечный, – мой светильник;

Вечный озаряет мрак мой.

30С Твоей помощью я сокрушаю войско;

с Богом моим поднимаюсь на стену.

31Путь Всевышнего безупречен,

чисто слово Вечного.

Он щит для всех,

кто ищет в Нём прибежища.

32Ведь кто Бог, кроме Вечного?

И кто скала, кроме нашего Бога?

33Всевышний – моё крепкое прибежище22:33 Или: «Всевышний наделяет меня силою».;

Он делает верным мой путь.

34Он делает мои ноги сильными, как у оленя,

и ставит меня на высотах.

35Он учит руки мои войне,

так что гнут они бронзовый лук.

36Вечный, Ты вручил мне щит спасения Твоего;

Твоя милость меня возвеличивает.

37Ты расширяешь мой шаг подо мною,

чтобы ногам моим не оступиться.

38Я преследовал моих врагов и уничтожил их,

и не повернул назад, пока не истребил их.

39Я поразил и сокрушил их,

и им не встать;

под ноги мне они пали.

40Ты дал мне силу для битвы;

восставших на меня Ты поверг к моим ногам.

41Врагов обратил Ты ко мне спиной,

и я истребил ненавидящих меня.

42Они искали, но не было никого, чтобы спасти их;

к Вечному взывали, но Он не ответил им.

43Я стёр их в порошок, в земную пыль;

я смял их и топтал, как уличную грязь.

44Ты избавил меня от мятежа моего народа;

Ты сохранил меня главой чужеземцев.

Народы, которых я не знал, служат мне;

45чужеземцы раболепствуют предо мной

и покоряются, едва обо мне услышав.

46Все они пали духом

и выходят, дрожа, из своих крепостей.

47Жив Вечный! Хвала моей Скале!

Да будет превознесён мой Бог, Скала моего спасения!

48Он Бог, Который мстит за меня,

Который покоряет мне народы

49и избавляет меня от моих врагов.

Ты вознёс меня над моими противниками,

от жестоких людей спас меня.

50За это я буду славить Тебя, Вечный, среди других народов;

имени Твоему воспою я хвалу.

51Своему царю Он дарует большие победы

и милость являет Своему помазаннику Довуду

и его потомкам вовеки.