2 Mose 31 – ASCB & KLB

Asante Twi Contemporary Bible

2 Mose 31:1-18

Onyankopɔn Yi Besaleel Ne Oholiab

1Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 2“Mayi Besaleel a ɔyɛ Uri babarima na ɔyɛ Hur nana a ɔfiri Yuda abusua mu 3de Onyankopɔn Honhom ahyɛ no ma. Mama no nyansa, tumi ne adwene a ɔde bɛsi Ahyiaeɛ Ntomadan no ayɛ biribiara a ɛwɔ mu. 4Ɔyɛ sika, dwetɛ ne kɔbere ho dwumfoɔ kɛseɛ. 5Ɔwɔ agudeɛ adwinneɛ ne nnuasene ho nimdeɛ nso. 6Mayi Ahisamak ba Oholiab a ɔfiri Dan abusua mu sɛ ɔnyɛ ne ɔboafoɔ.

“Ɛno akyi no, mama adwumayɛfoɔ no nyinaa nimdeɛ sononko bi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛtumi adi dwuma biara a mɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnni no:

7“sɛ ɛyɛ Ahyiaeɛ Ntomadan,

sɛ ɛyɛ Apam Adaka, ne ahummɔborɔbea;

sɛ ɛyɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu ahyehyɛdeɛ,

8sɛ ɛyɛ ɛpono no ne ɛso nneɛma;

sɛ ɛyɛ sikakɔkɔɔ kaneadua ne ɛho nneɛma;

sɛ ɛyɛ ohwam afɔrebukyia;

9sɛ ɛyɛ ɔhyeɛ afɔrebukyia ne ɛho nneɛma;

sɛ ɛyɛ kuduo ne ne nnyinasoɔ;

10sɛ ɛyɛ ɔsɔfoɔ Aaron ntadeɛ kronkron fɛfɛ no

ne ne mma ntadeɛ sɛdeɛ wɔbɛtumi adi asɔfoɔ;

11anaasɛ ɔsra ngo no ne kronkronbea hɔ aduhwam.

“Ɛsɛ sɛ wɔfa ɛkwan a mɛkyerɛ wo no so na wɔyɛ yeinom nyinaa.”

12Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 13“Ka kyerɛ wo nkurɔfoɔ Israelfoɔ no sɛ, ‘Sɛ ɛduru homeda a, wɔnhome, ɛfiri sɛ, saa homeda no na daa ɛkae apam a me ne mo apam no. Ɛboa mo ma mokae sɛ mene Awurade a meyɛ mo kronkron no.

14“ ‘Monhome homeda no, ɛfiri sɛ, ɛyɛ ɛda kronkron. Obiara a ɔbɛbu saa mmara yi so no, ɔbɛwu. Na deɛ ɔbɛyɛ adwuma saa ɛda no nso, wɔbɛkum no. 15Nnansia na mode bɛyɛ adwuma. Na nnanson so no yɛ homeda a wɔntoto no ase a ɛyɛ kronkron ma Awurade. Obiara a ɔbɛyɛ adwuma homeda no, wɔbɛkum no. 16Momfa nna nsia nyɛ mo nnwuma nyinaa, ɛfiri sɛ, ɛda a ɛtɔ so nson no yɛ homeda kronkron ma Awurade. Saa mmara yi yɛ apam ne ahyɛdeɛ a ɛwɔ hɔ daa ma Israelfoɔ. 17Ɛbɛyɛ daa apam a ɛda me ne Israelfoɔ ntam no ho nsɛnkyerɛnneɛ. Ɛfiri sɛ, nna nsia mu na Awurade de bɔɔ ɔsoro ne asase, ɛnna ɔhomee ɛda a ɛtɔ so nson no.’ ”

18Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Mose wɔ Sinai Bepɔ so wieeɛ no, ɔde aboɔ apono mmienu a ɔde ne nsa atwerɛ Mmaransɛm Edu no wɔ so no maa no.

Korean Living Bible

출애굽기 31:1-18

성막을 지을 기능공들

1여호와께서 모세에게 말씀하셨다.

2“내가 유다 지파 사람 훌의 손자이 며 우리의 아들인 브사렐을 택하여

3그에게 31:3 또는 ‘하나님의 신’나의 성령을 충만하게 하고 지혜와 총명과 지식과 여러 가지 재능을 주어

4기술적인 도안을 하게 하며 금과 은과 놋을 가지고 그 도안대로 만들게 하고

5또 보석을 깎아 물리며 나무를 조각하고 그 밖의 여러 가지 정교한 일을 하도록 하겠다.

6내가 또 단 지파 사람 아히사막의 아들 오홀리압을 그와 함께 일하게 하며 그 밖의 모든 기능공들에게도 특별한 재능을 주어 내가 명령한 모든 것을 다 만들도록 하겠다.

7그들이 만들어야 할 것은 성막, 법궤와 속죄소인 그 뚜껑, 성막의 모든 기구,

8곧 상과 거기에 따르는 물건, 순금 등대와 거기에 따르는 물건,

9향단, 번제단과 거기에 따르는 모든 물건, 넓적한 물통과 그 받침, 그리고

10아론과 그의 아들들이 제사장직을 수행할 때 입을 거룩한 옷,

11거룩한 기름, 성소에 쓸 향기로운 향이다. 그들은 이 모든 것을 내가 너희에게 명령한 그대로 만들어야 한다.”

안식일에 관한 법

12-13여호와께서는 이스라엘 백성에게 이 렇게 전하라고 모세에게 말씀하셨다. “너희는 나의 안식일을 지켜라. 이것은 안식일이 나와 너희 사이에 대대로 계약의 표가 되어 내가 너희를 거룩하게 하는 여호와임을 너희가 알 수 있도록 하기 위해서이다.

14안식일은 너희에게 거룩한 날이므로 너희가 반드시 지켜야 한다. 누구든지 안식일을 더럽히는 자는 죽음을 당할 것이며 그 날에 일하는 자도 자기 백성 가운데서 제거될 것이다.

156일 동안은 너희가 일하는 날이지만 7일째 되는 날은 나 여호와에게 거룩한 안식일이다. 그러므로 안식일에 일하는 자는 반드시 죽여야 한다.

16이와 같이 너희 이스라엘 백성은 이 안식일을 영구한 계약으로서 대대로 지켜야 한다.

17이것이 나와 너희 이스라엘 백성 사이에 영원한 계약의 표가 되는 것은 나 여호와가 엿새 동안 우주를 창조하고 7일째 되는 날에는 일을 그치고 쉬었기 때문이다.”

18여호와께서는 시내산에서 모세에게 하시던 말씀을 마치시고 십계명이 기록된 두 돌판을 그에게 주셨는데 이것은 하나님이 직접 쓰신 것이었다.