2 Mose 29 – ASCB & NIRV

Asante Twi Contemporary Bible

2 Mose 29:1-46

Asɔfohyɛ

1“Ɛkwan a ɛsɛ sɛ mofa so hyɛ Aaron ne ne mma asɔfoɔ nie: momfa nantwie ba ne nnwennini mmienu a wɔn ho nni dɛm; 2afei momfa esiam muhumuhu a mmɔreka nni mu nyɛ burodo a ɛyɛ dɛ ne taterɛ a wɔde ngo afra ne ɔfam a wɔde ngo agu so. 3Fa burodo no gu kɛntɛn mu na fa nantwie ba no ne odwennini no ka ho bra Ahyiaeɛ Ntomadan no ano. 4Momfa Aaron ne ne mmammarima no mmra Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano hɔ, na momfa nsuo nnware wɔn. 5Afei, momfa Aaron atadeɛ yuu no nhyɛ no. Monhyɛ no atadekɔnsini no, ne asɔfotadeɛ no ne adaaboɔ no ne abɔwomu no, 6na momfa abotire a sikakɔkɔɔ kronkron bobɔ mu no mmɔ no. 7Afei, momfa srango no na monhwie ngu ne tiri so. 8Ne mmammarima no nso, momfa wɔn ntadeɛ yuu no nhyehyɛ wɔn. 9Momfa wɔn abɔwomu no ne ɛkyɛ nka wɔn ho. Saa ɛkwan yi so na momfa nhyɛ Aaron ne ne mma ne wɔn asefoɔ ma wɔnyɛ asɔfoɔ daa nyinaa.

10“Mode nantwie ba no bɛba Ahyiaeɛ Ntomadan no anim na Aaron ne ne mmammarima de wɔn nsa agu aboa no apampam. 11Afei, monkum no wɔ Awurade anim wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano. 12Momfa ne mogya nsrasra mmɛn a ɛtuatua afɔrebukyia no ho no so. Momfa mo nsateaa na ɛnyɛ, na monhwie mogya a ɛbɛka no ngu afɔrebukyia no ase. 13Monyi ne mu sradeɛ no ne ne berɛboɔ kotokuo no ne ne sawa mmienu no ne sradeɛ a ɛwɔ ho no na monhye no wɔ afɔrebukyia no so. 14Afei, momfa aboa no ne ne wedeɛ ne nʼagyanan no mfiri beaeɛ hɔ na monkɔhye no sɛ bɔne ho afɔrebɔ.

15“Sɛ wɔrebɛkum nnwennini no nso a, Aaron ne ne mmammarima no mfa wɔn nsa ngu aboa no baako apampam 16na wɔnkum no. Wɔnsɔ ne mogya no na wɔmfa mpete afɔrebukyia no ho nyinaa. 17Twitwa odwennini no asinasini na hohoro nʼayamdeɛ no mu ne ne nnyawa no ho; fa ne ti no ne deɛ moatwitwa no gu faako 18na monhye no wɔ afɔrebukyia no so; ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛsɔ Awurade ani.

19“Afei, momfa odwennini a aka no na Aaron ne ne mmammarima mfa wɔn nsa ngu nʼapampam, 20na wɔnkum no. Monsɔ mogya no bi na momfa ketewaa bi nsosɔ Aaron ne ne mmammarima no aso nifa, wɔn kokurobetie nifa ne wɔn nan nifa kokurobetie so. Afei mompete nkaeɛ no ngu afɔrebukyia no ho nyinaa. 21Montwerɛ mogya a ɛwɔ afɔrebukyia no so no bi na momfa mfra srango na momfa mpete Aaron ne ne mmammarima so ne wɔn ntadeɛ mu. Ɛnam saa so bɛma wɔne wɔn ntadeɛ ho ate wɔ Awurade anim.

22“Momfa odwennini no sradeɛ ne ne duapuo ne ne mu sradeɛ ne ne berɛboɔ kotokuo ne ne sawa mmienu ne ɛho sradeɛ ne ne srɛ nifa—yei ne odwennini a wɔde bɛhyɛ Aaron ne ne mmammarima asɔfoɔ. 23Momfa burodo mua baako ne taterɛ a wɔde srango afra, na monyi ɔfam baako mfiri kɛntɛn a wɔde burodo a mmɔreka nni mu agu mu a wɔde asi Awurade anim no mu. 24Momfa yeinom nhyɛ Aaron ne ne mmammarima nsam na wɔmfa nkyerɛ sɛ ɔhim afɔrebɔdeɛ mma Awurade. 25Ɛno akyi, monnye mfiri wɔn nsam na monhye no afɔrebukyia no so sɛ ohwam afɔdeɛ mma no. 26Afei, momfa Aaron asɔfohyɛdwan no yan na monhim no Awurade anim, mfa nkyerɛ sɛ, morebɔ no afɔdeɛ; ɛno akyi momfa 27odwennini a moate ne ho no yan ne ne srɛ 28mma Aaron ne ne mmammarima. Ɛsɛ sɛ daa ɛyɛ Israelfoɔ asɛdeɛ sɛ wɔbɛboa saa afɔrebɔ yi—sɛ ɛyɛ asomdwoeɛ afɔrebɔ anaa aseda afɔrebɔ, de hyɛ Awurade animuonyam.

29“Aaron ntadeɛ kronkron yi, wɔbɛkora na wɔate ho de ama ne mmammarima a daakye wɔbɛdi nʼadeɛ, sɛdeɛ sɛ wɔn asɔfohyɛ duru so a, wɔbɛtumi de ahyɛ wɔn. 30Ɔsɔfopanin biara a ɔbɛdi Aaron adeɛ no bɛhyɛ saa ntadeɛ yi nnanson ansa na wafiri nʼasɔfodwuma ase wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu ne kronkronbea hɔ.

31“Fa odwennini no nam a wɔate ho no ne odwennini nam a wɔde hyɛɛ ɔsɔfoɔ no na monnoa no baabi a ɛhɔ te. 32Aaron ne ne mmammarima bɛdi burodo a ɛwɔ kɛntɛn no mu no, na wɔde ɛnam no abɔ so wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano. 33Wɔn nko ara na wɔbɛwe ɛnam no adi nnuane a wɔde tee wɔn ho no. Nnipa a wɔmfra asɔfoɔ abusua no mu no renni bi, ɛfiri sɛ, wɔate ho. 34Sɛ ɛba sɛ adeɛ kye ɛnam anaa burodo no bi so a, monhye no. Ɛnsɛ sɛ wɔdi, ɛfiri sɛ, ɛyɛ kronkron.

35“Yei ne ɛkwan a momfa so nhyɛ Aaron ne ne mmammarima no asɔfoɔ. Nnanson na wɔmfa nni saa asɔfohyɛ no ho dwuma. 36Ɛda biara, mode nantwie ba bɛbɔ afɔdeɛ de adwira mo ho. Ɛno akyi, pra afɔrebukyia no ho bɔne nyinaa na yɛ no kronkron na hwie ngo gu so fa te ho. 37Te afɔrebukyia no ho na daa yɛ no kronkron saa ara nnanson ma Onyankopɔn. Ɛno akyi, afɔrebukyia no ho bɛte yie sɛdeɛ biribiara a wɔde bɛka no no bɛyɛ Onyankopɔn dea.

38“Ɛda biara, mommɔ nnwanten mma mmienu afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so. 39Momfa odwammaa no baako mmɔ afɔdeɛ no anɔpa na momfa baako nso mmɔ afɔdeɛ anwummerɛ. 40Afɔrebɔ no mu baako, momfa asikyiresiam lita mmienu ne fa a wɔayam no muhumuhu mfra ngo a wɔakyi firi ngo dua mu nkɔtoa mmienu ne fa; saa ara na momfa bobesa lita baako nyɛ ahwiesa. 41Momfa odwammaa no baako a waka no mmɔ anwummerɛ afɔdeɛ a asikyiresiam ne nsã ka ho te sɛ anɔpa deɛ no ara. Ɛbɛyɛ ɔhyeɛ afɔrehwam ama Awurade.

42“Saa afɔrebɔ yi bɛkɔ so ɛda biara wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛpono ano wɔ Awurade anim. Ɛhɔ na mɛhyia mo ne mo akasa. 43Na mɛhyia Israel mma wɔ hɔ na mʼanimuonyam ate Ahyiaeɛ Ntomadan no ho.

44“Ampa ara, mɛte Ahyiaeɛ Ntomadan no ne afɔrebukyia no ho ne Aaron ne ne mmammarima a wɔyɛ mʼasɔfoɔ no ho. 45Na mɛtena Israelfoɔ mu na mayɛ wɔn Onyankopɔn, 46na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade, wɔn Onyankopɔn. Mede wɔn firi Misraim baeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mɛtena wɔn mu. Mene Awurade wɔn Onyankopɔn.

New International Reader’s Version

Exodus 29:1-46

Directions for Setting Apart the Priests

1“Here is what you must do to set apart Aaron and his sons to serve me as priests. Get a young bull and two rams. They must not have any flaws. 2Get the finest wheat flour. Make round loaves of bread that do not have yeast in them. Make thick loaves of bread that do not have yeast in them. Mix olive oil into the thick loaves of bread. Also make thin loaves of bread that do not have yeast in them. Brush the thin loaves with olive oil. 3Put everything in a basket. Offer them along with the bull and the two rams. 4Then bring Aaron and his sons to the entrance to the tent of meeting. Wash them with water. 5Take the inner robe, the outer robe of the linen apron, the apron itself and the chest cloth. Dress Aaron in them. Take the skillfully made waistband and tie the apron on him with it. 6Put the turban on his head. Connect the sacred plate to the turban. 7Take the anointing oil and pour it on his head. 8Bring his sons and dress them in their inner robes. 9Put caps on their heads. Tie belts on Aaron and his sons. The work of the priests belongs to them. This is my law that will last for all time to come.

“Then you must prepare Aaron and his sons to serve me.

10“Bring the bull to the front of the tent of meeting. Have Aaron and his sons place their hands on its head. 11Kill it in front of the Lord at the entrance to the tent of meeting. 12Dip your finger into some of the bull’s blood. Put it on the horns that stick out from the upper four corners of the altar. Pour the rest of it out at the base of the altar. 13Then take all the fat on the inside parts. Take the long part of the liver. Get both kidneys with the fat on them. And burn all of it on the altar. 14But burn the bull’s meat, hide and guts outside the camp. It is a sin offering.

15“Get one of the rams. Have Aaron and his sons place their hands on its head. 16Kill it. Take the blood and splash it against the sides of the altar. 17Cut the ram into pieces. Wash the inside parts and the legs. Put them with the head and the other pieces. 18Then burn the whole ram on the altar. It is a burnt offering to me. It has a pleasant smell. It is a food offering presented to the Lord.

19“Get the other ram. Have Aaron and his sons place their hands on its head. 20Kill it. Put some of its blood on the right earlobes of Aaron and his sons. Put some on the thumbs of their right hands. Also put some on the big toes of their right feet. Then splash the blood against the sides of the altar. 21Get some of the blood from the altar. Also get some of the anointing oil. Sprinkle both of them on Aaron and his clothes and on his sons and their clothes. Then he and his sons and their clothes will be set apart to serve the Lord.

22“Here is what you must take from this second ram. Take the fat, the fat tail and the fat around the inside parts. Take the long part of the liver. Also take both kidneys with the fat on them, and the right thigh. It is the ram you must use when you prepare the priests to serve the Lord. 23Get one round loaf of bread and one thick loaf of bread with olive oil mixed in. Also get one thin loaf of bread. Take them from the basket of bread made without yeast. It is the one in front of the Lord. 24Put all these things in the hands of Aaron and his sons. Tell them to lift them up and wave them in front of the Lord as a wave offering. 25Then take all these things from their hands. Burn them on the altar along with the burnt offering. Its smell pleases the Lord. It is a food offering presented to the Lord. 26Get the breast of the ram used when you prepare Aaron to serve the Lord. Wave it in front of the Lord as a wave offering. It will be your share of the meat.

27“Here are the parts of the second ram that belong to Aaron and his sons. You must set apart the breast that was waved and the thigh that was offered. 28It will be the regular share from the Israelites for Aaron and his sons. The people must give it to the Lord from their friendship offerings.

29“Aaron’s sacred clothes will belong to his sons who will come after him. Then they can wear them when you anoint them and prepare them to serve the Lord. 30The son who comes after Aaron as priest must wear them seven days. He will come and serve in the Holy Room in the tent of meeting.

31“Get the ram sacrificed when you prepare Aaron and his sons to serve the Lord. Cook the meat in a sacred place. 32Aaron and his sons must eat the ram’s meat. And they must eat the bread in the basket. They must eat all of it at the entrance to the tent of meeting. 33These are the offerings to pay for their sins. They must eat them. The offerings must be made when Aaron and his sons are set apart and prepared to serve the Lord. No one else can eat them. They are sacred. 34When you prepare Aaron and his sons to serve me, you will sacrifice the ram and the bread. If any parts of the ram or bread are left until morning, burn them up. They must not be eaten. They are sacred.

35“Do everything I have commanded you to do for Aaron and his sons. Take seven days when you prepare them to serve the Lord. 36Sacrifice a bull each day. It is a sin offering to pay for their sins. Make the altar pure. Pour olive oil on it to set it apart. 37Take seven days to make the altar pure. Set it apart. Then the altar will be a very holy place. Anything that touches it will be holy.

38“Every day sacrifice on the altar two lambs that are a year old. 39Sacrifice one in the morning and the other one when the sun goes down. 40Along with the first lamb, offer three and a half pounds of fine flour. Mix it with a quart of oil made from pressed olives. Along with that, sacrifice a quart of wine as a drink offering. 41Sacrifice the other lamb when the sun goes down. Sacrifice it along with the same grain offering and its drink offering as you do in the morning. It has a pleasant smell. It is a food offering presented to the Lord.

42“For all time to come, this burnt offering must be sacrificed regularly. Sacrifice it at the entrance to the tent of meeting in front of the Lord. There I will meet with you and speak to you. 43There I will also meet with the people of Israel. My glory will make the place holy.

44“So I will set apart the tent of meeting and the altar. And I will set apart Aaron and his sons to serve me as priests. 45Then I will live among the people of Israel. And I will be their God. 46They will know that I am the Lord their God. They will know that I brought them out of Egypt so I could live among them. I am the Lord their God.