2 Berɛsosɛm 8 – ASCB & NIRV

Asante Twi Contemporary Bible

2 Berɛsosɛm 8:1-18

Nneɛma Ahodoɔ A Salomo Yɛeɛ

1Salomo dii ɔhene no, ne mfeɛ aduonu so na ɔwiee Awurade Asɔredan sie dwumadie kɛseɛ ne nʼankasa ahemfie no sie. 2Afei, Salomo de nʼadwene kɔɔ nkuro a ɔhene Huram de ama no no so. Ɔsiesiee nkuro no, na ɔmaa Israelfoɔ no kɔtenatenaa mu. 3Saa ɛberɛ yi ara mu nso na Salomo ko tiaa kuro Hamat-Soba, dii so nkonim. 4Ɔkyekyeree Tadmor bio wɔ ɛserɛ so, na ɔkyekyeree nkuro wɔ Hamat mantam mu a ɛhɔ na na wɔkora nneɛma. 5Ɔbɔɔ nkuropɔn a na ɛwɔ atifi Bet-Horon ne anafoɔ Bet-Horon ho ban. Ɔsane too wɔn afasuo no, de apono a wɔbram akyire totoo ano. 6Saa ɛberɛ yi, ɔsane kyekyeree Baalat ne mmeammea a wɔkora nneɛma wɔ hɔ, sane kyekyeree nkuropɔn a wɔbɛkora ne nteaseɛnam ne nʼapɔnkɔ wɔ hɔ. Ɔkyekyeree mmeammea bi wɔ Yerusalem ne Lebanon ne ahemman no nyinaa mu maa nʼakoma tɔɔ ne yam.

7Ɛbɛsi saa ɛberɛ no, na nnipa bi tete asase no so a wɔnyɛ Israelfoɔ. Na saa nnipa no yɛ Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ. 8Yeinom yɛ aman a Israel ntɔree wɔn ase korakora no asefoɔ. Ɛno enti, Salomo hyɛɛ wɔn maa wɔyɛɛ adwuma maa no. Na ɛbɛsi ɛnnɛ, wɔsom sɛ apaafoɔ. 9Nanso, Salomo anhyɛ Israelni biara amma wanyɛ adwuma sɛ ɔpaani. Mmom, ɔmaa ebinom kɔyɛɛ asraafoɔ, mpanimfoɔ wɔ nʼakodɔm mu ne ne nteaseɛnam ne nʼapɔnkɔkafoɔ so asahene. 10Ɔhene Salomo yii wɔn mu ahanu aduonum maa wɔkɔhwɛɛ ne nkɔsoɔnnwuma so.

11Salomo yii ne yere a ɔyɛ Farao babaa firii Dawid kuro mu, de no kɔɔ ahemfie foforɔ a wasi ama no no mu. Ɔkaa sɛ, “Ɛnsɛ sɛ me yere tena Ɔhene Dawid ahemfie, ɛfiri sɛ, na Awurade Apam Adaka no si hɔ, enti ɛhɔ yɛ asase kronkron.”

12Na Salomo bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia a wasi wɔ Asɔredan no abankua no anim no so, maa Awurade. 13Ɛda biara, na wɔbɔ afɔdeɛ sɛdeɛ Mose hyɛɛ wɔn no. Afahyɛ ahodoɔ a wɔdiiɛ no bi ne Homeda, Ɔbosome Foforɔ Ɛda, ne mfirinhyia mmiɛnsa biara afahyɛ no mu a, ɛyɛ Twam Afahyɛ, Otwaberɛ Afahyɛ ne Asese Afahyɛ. 14Salomo de asɔfoɔ no nnwuma rehyɛ wɔn nsa no, ɔfaa nʼagya Dawid akwankyerɛ so. Saa ara na ɔmaa Lewifoɔ no dii ɔmanfoɔ no anim too ayɛyie nnwom, na wɔboaa asɔfoɔ no wɔ wɔn daa daa nnwuma mu. Ɔde apono ano ahwɛfoɔ akuakuo no sisii wɔn apono ano sɛdeɛ Dawid, Onyankopɔn onipa no kyerɛɛ wɔn no. 15Salomo ankwae amfiri akwankyerɛ a Dawid maeɛ a ɛfa asɔfoɔ, Lewifoɔ ne sikakorabea ho no.

16Na Salomo hwɛɛ sɛ biribiara a ɛfa Awurade Asɔredan no sie ho firi da a wɔtwaa ne fapem, kɔsi da a wɔde wiee sie no adi mu.

17Akyire no, Salomo kɔɔ Esion-Geber ne Elot a ɛyɛ ahyɛngyinabea a ɛwɔ Edom asase a ɛda Ɛpo Kɔkɔɔ mpoano hɔ. 18Huram brɛɛ no ahyɛn a ɔno ankasa mpanimfoɔ hwɛ so, na emu adwumayɛfoɔ yɛ wɔn a wɔnim adwuma yie. Salomo nkurɔfoɔ ne saa ahyɛn yi kɔɔ Ofir asase so, na wɔde sikakɔkɔɔ a na ɛkari bɛyɛ tɔno 17 brɛɛ Salomo.

New International Reader’s Version

2 Chronicles 8:1-18

Other Things Solomon Did

1Solomon built the Lord’s temple and his own palace. It took him 20 years to build them. After that, 2Solomon rebuilt the villages Hiram had given him. Solomon had Israelites make their homes in them. 3Then Solomon went to Hamath Zobah. He captured it. 4He also built up Tadmor in the desert. He built up all the cities in Hamath where he could store things. 5He rebuilt Upper Beth Horon and Lower Beth Horon. He put up high walls around them. He made their city gates secure with heavy metal bars. 6He rebuilt Baalath and all the cities where he could store things. He also rebuilt all the cities for his chariots and horses. Solomon built anything he wanted in Jerusalem, Lebanon and all the territory he ruled.

7There were still many people left in the land who weren’t Israelites. They included Hittites, Amorites, Perizzites, Hivites and Jebusites. 8They were children of the people who had lived in the land before the Israelites came. The people of Israel hadn’t destroyed them. Solomon forced them to work very hard as his slaves. And they still work for Israel to this day. 9But Solomon didn’t force the Israelites to work as his slaves. Instead, some were his fighting men. Others were commanders of his captains, chariots and chariot drivers. 10Still others were King Solomon’s chief officials. There were 250 officials in charge of the other men.

11Solomon brought Pharaoh’s daughter up from the City of David to the palace he had built for her. Solomon said, “My wife must not live in the palace of David, who was the king of Israel. It’s one of the places the ark of the Lord has entered. That makes it holy.”

12Solomon had built the Lord’s altar. It stood in front of the temple porch. On that altar Solomon sacrificed burnt offerings to the Lord. 13Each day he sacrificed what the Law of Moses required. He sacrificed the required offerings every Sabbath day. He also sacrificed them at each New Moon feast and during the three yearly feasts. Those three were the Feast of Unleavened Bread, the Feast of Weeks and the Feast of Booths. 14Solomon followed the orders his father David had given him. He appointed the groups of priests for their duties. He appointed the Levites to lead the people in praising the Lord. They also helped the priests do their required tasks each day. Solomon appointed the groups of men who guarded all the gates. That’s what David, the man of God, had ordered. 15The king’s commands were followed completely. They applied to the priests and Levites. They also applied to the temple treasure.

16All of Solomon’s work was carried out. It started the day the foundation of the Lord’s temple was laid. It ended when the Lord’s temple was finished.

17Solomon went to Ezion Geber and Elath on the coast of Edom. 18Hiram sent him ships that his own officers commanded. They were sailors who knew the sea. Together with Solomon’s men they sailed to Ophir. They brought back 17 tons of gold. They gave it to King Solomon.