2 Berɛsosɛm 18 – ASCB & NIRV

Asante Twi Contemporary Bible

2 Berɛsosɛm 18:1-34

Yehosafat Ne Ahab

1Yehosafat yɛɛ ɔdefoɔ a na nʼanimuonyam nso korɔn. Ɔhyehyɛ maa ne babarima waree Israelhene Ahab babaa. 2Mfeɛ kakra bi akyi no, ɔkɔɔ Samaria kɔsraa Ahab. Ahab too ɛpono kɛseɛ bi maa ɔne ne mpanimfoɔ. Wɔkunkumm nnwan ne anantwie bebree, de too ɛpono no. Na Ahab korɔkorɔɔ Yehosafat sɛ ɔmmɛboa no, na ɔnkɔko ntia Ramot-Gilead. 3Ahab bisaa no sɛ, “Wobɛboa me na mako atia Ramot-Gilead anaa?” Na Yehosafat buaa sɛ, “Adɛn, akyinnyeɛ biara nni ho. Me ne wo yɛ anuanom, na mʼakodɔm nso, wotumi kyerɛ wɔn deɛ wɔnyɛ. Yɛbɛboa wo, ama woako dodo.”

4Afei, Yehosafat kaa sɛ, “Deɛ ɛdi ɛkan no, ma yɛmmisa Awurade hɔ afotuo.”

5Enti, ɔhene Ahab frɛɛ nʼadiyifoɔ ahanan bisaa wɔn sɛ, “Yɛnkɔko ntia Ramot-Gilead anaasɛ yɛnnkɔ?”

Wɔn nyinaa buaa sɛ, “Monkɔ na Onyankopɔn bɛma moadi nkonim.”

6Nanso, Yehosafat bisaa sɛ, “Na Awurade odiyifoɔ biara nni ha? Mepɛ sɛ mebisa no asɛm korɔ no ara.”

7Ɔhene Ahab buaa sɛ, “Ɔbaako da so wɔ ha a ɔbɛtumi abisa Awurade ama me, nanso, mekyiri no. Ɔnhyɛ nkɔm biara sɛ nsɛm a ɛnyɛ. Ne din de Mikaia. Imla babarima ne no.”

Yehosafat kaa sɛ, “Nkasa saa. Ma yɛntie asɛm a ɔwɔ ka.”

8Enti, Israelhene frɛɛ ne mpanimfoɔ no baako ka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛ ntɛm kɔfrɛ Imla babarima Mikaia brɛ me.”

Mikaia Hyɛ Nkɔm Tia Ahab

9Israelhene Ahab ne Yudahene Yehosafat hyehyɛɛ wɔn ahentadeɛ yuu tenatenaa wɔn ahennwa so wɔ ayuporobea a ɛbɛn Samaria ɛpono ano hɔ. Na Ahab adiyifoɔ no nyinaa rehyɛ nkɔm wɔ wɔn anim. 10Na wɔn mu baako a ɔyɛ Kenaana babarima Sedekia de nnadeɛ yɛɛ mmɛn, na ɔdaa no adi sɛ, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Mode saa mmɛn yi bɛwowɔ Aramfoɔ yi ama wɔawuwu!”

11Adiyifoɔ a wɔwɔ hɔ no nyinaa penee so, kaa sɛ, “Aane, monkɔ Ramot-Gilead, na monkɔdi nkonim, ɛfiri sɛ, Awurade bɛma moadi nkonim.”

12Ɔbɔfoɔ a ɔkɔfrɛɛ Mikaia no ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ, adiyifoɔ no nyinaa hyɛ ɔhene no bɔ sɛ ɔbɛdi nkonim. Hwɛ sɛ wone wɔn bɛyɛ adwene, na hyɛ nkonimdie ho bɔ.”

13Nanso, Mikaia buaa sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade te aseɛ yi, deɛ Awurade aka akyerɛ me sɛ menka no na mɛka.”

14Ɛberɛ a Mikaia bɛduruu ɔhene Ahab anim no, ɔbisaa no sɛ, “Mikaia, yɛnkɔko ntia Ramot-Gilead anaa yɛnnkɔ?”

Mikaia buaa sɛ, “Monkɔko! Ɛbɛyɛ nkonimdie a ɛho wɔ nyam.”

15Nanso, ɔhene no sɔɔ so sɛ, “Mpɛn ahe na menka sɛ, ɛberɛ biara a wobɛkasa ama Awurade no, ɛsɛ sɛ woka nokorɛ?”

16Na Mikaia ka kyerɛɛ no sɛ, “Anisoadehunu mu no, mehunuu sɛ Israel nyinaa abɔ apete wɔ mmepɔ no so sɛ nnwan a wɔnni ɔhwɛfoɔ. Na Awurade kaa sɛ, ‘Wɔakum wɔn wura. Fa wɔn kɔ efie asomdwoeɛ mu.’ ”

17Israelhene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ, “Manka ankyerɛ wo? Daa, saa na ɔyɛ. Ɔnhyɛɛ nkɔm papa biara nkyerɛɛ me da. Nsɛm a ɛnyɛ dɛ na ɔka kyerɛ me.”

18Mikaia toaa so sɛ, “Tie deɛ Awurade ka! Mehunuu sɛ Awurade te nʼahennwa so a ɔsoro asraadɔm nyinaa tete ne nifa ne ne benkum so. 19Na Awurade bisaa sɛ, ‘Hwan na ɔbɛtumi adaadaa Israelhene Ahab ama wakɔtu Ramot-Gilead so sa na wɔakum no wɔ hɔ?’

“Adwenkyerɛ bebree baa ho, 20kɔsii sɛ ne korakora no, honhom bi kɔɔ Awurade nkyɛn kɔkaa sɛ, ‘Mɛtumi ayɛ!’ ”

Awurade bisaa sɛ, “ ‘Ɛkwan bɛn so na wobɛfa ayɛ yei.’ ”

21Na honhom no buaa sɛ, “Mɛkɔ akɔdaadaa Ahab adiyifoɔ, ama wɔadi atorɔ.”

Awurade kaa sɛ, “Kɔ so yɛ, na wobɛdi nkonim.

22“Enti, woahunu sɛ Awurade de nkontompo honhom ahyɛ wʼadiyifoɔ no anom. Awurade adwene sɛ ɔde amanehunu bɛba wo so.”

23Na Kenaana babarima Sedekia kɔɔ Mikaia so, kɔbɔɔ no sotorɔ bisaa sɛ, “Da bɛn na Awurade honhom gyaa me bɛkasa kyerɛɛ wo?”

24Na Mikaia buaa sɛ, “Ɛrenkyɛre biara, wobɛhunu nokorɛ no wɔ ɛberɛ a wobɛdwane akɔtɛ kɔkoam dan bi mu.”

25Israelhene Ahab hyɛɛ sɛ, “Monkyere Mikaia, na momfa no nsane nkɔma Amon a ɔyɛ kuropɔn no so amrado ne me babarima Yoas. 26Monka saa asɛm a ɛfiri ɔhene nkyɛn yi nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Fa saa ɔbarima yi to afiase. Mommma no aduane biara sɛ burodo ne nsuo, kɔsi sɛ mɛfiri akono aba asomdwoeɛ mu.’ ”

27Nanso, Mikaia buaa sɛ, “Sɛ woba asomdwoeɛ mu a, na ɛkyerɛ sɛ, Awurade amfa me so ankasa!” Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔgyinagyina hɔ no sɛ, “Monhwɛ asɛm a maka no yie.”

Ahab Owuo

28Enti, Israelhene ne Yudahene Yehosafat dii wɔn akodɔm anim, tuu Ramot-Gilead so sa. 29Afei, ɔhene Ahab ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ, “Yɛrekɔ ɔko yi, mɛsesa me ho sɛdeɛ obiara renhunu me nanso, wo deɛ, wobɛhyɛ wʼahentadeɛ.” Enti, Ahab sesaa ne ho, na wɔkɔɔ ɔko no.

30Saa ɛberɛ no, na ɔhene Aram aka akyerɛ ne nteaseɛnamkafoɔ no sɛ, “Monkɔto nhyɛ Israelhene nko ara so.” 31Enti, ɛberɛ a Aram nteaseɛnamkafoɔ no hunuu Yehosafat sɛ ɔhyɛ nʼahentadeɛ yuu no, wɔkɔɔ ne so. Wɔteaam sɛ, “Israelhene no na ɔte hɔ no.” Nanso, Yehosafat teaam frɛɛ Awurade sɛ ɔmmɛgye no nkwa. Na Awurade yii nkurɔfoɔ no ani firii ne so, de gyee no nkwa. 32Ɛberɛ a nteaseɛnamkafoɔ no hunuu sɛ ɔnyɛ Israelhene no, wɔgyaee ne so taa.

33Na Aram ɔsraani bi de anibiannasoɔ totoo nʼagyan guu Israel akodɔm no mu, maa bɛmma no bi kɔwɔɔ Israelhene nkataboɔ ahyiaeɛ wɔ ne mmɔtoam. Ahab teaam kyerɛɛ nteaseɛnamkafoɔ no sɛ, “Momfa me mfiri ha, na wɔapira me pira bɔne.” 34Ɔko no kɔɔ so da mu no nyinaa. Ahab kɔtweree ne teaseɛnam a nʼani kyerɛ Aramfoɔ no de kɔsii anwummerɛ. Na ɛyɛɛ sɛdeɛ owia rekɔtɔ no, ɔwuiɛ.

New International Reader’s Version

2 Chronicles 18:1-34

Micaiah Prophesies Against Ahab

1Jehoshaphat had great wealth and honor. He joined forces with Ahab by marrying Ahab’s daughter. 2Some years later he went down to see Ahab in Samaria. Ahab killed a lot of sheep and cattle for Jehoshaphat and the people with him. Ahab tried to get Jehoshaphat to attack Ramoth Gilead. 3Ahab was the king of Israel. He spoke to Jehoshaphat, the king of Judah. He asked, “Will you go with me to fight against Ramoth Gilead?”

Jehoshaphat replied, “Yes. I’ll go with you. My men will also go with your men. We’ll join you in the war.” 4He continued, “First ask the Lord for advice.”

5So the king of Israel brought 400 prophets together. He asked them, “Should we go to war against Ramoth Gilead, or not?”

“Go,” they answered. “God will hand it over to you.”

6But Jehoshaphat asked, “Is there no longer a prophet of the Lord here? If there is, ask him what we should do.”

7The king of Israel answered Jehoshaphat. He said, “There is still one prophet we can go to. We can ask the Lord for advice through him. But I hate him. He never prophesies anything good about me. He only prophesies bad things. His name is Micaiah. He’s the son of Imlah.”

“You shouldn’t say bad things about him,” Jehoshaphat replied.

8So the king of Israel called for one of his officials. He told him, “Bring Micaiah, the son of Imlah, right away.”

9The king of Israel and Jehoshaphat, the king of Judah, were wearing their royal robes. They were sitting on their thrones at the threshing floor. It was near the entrance of the gate of Samaria. All the prophets were prophesying in front of them. 10Zedekiah was the son of Kenaanah. Zedekiah had made horns out of iron. They looked like animal horns. He announced, “The Lord says, ‘With these horns you will drive back the men of Aram until they are destroyed.’ ”

11All the other prophets were prophesying the same thing. “Attack Ramoth Gilead,” they said. “Win the battle over it. The Lord will hand it over to you.”

12A messenger went to get Micaiah. He said to him, “Look. The other prophets agree. All of them are saying the king will have success. So agree with them. Say the same thing they do.”

13But Micaiah said, “You can be sure that the Lord lives. And you can be just as sure that I can only tell the king what my God says.”

14When Micaiah arrived, the king spoke to him. He asked, “Should we go to war against Ramoth Gilead, or not?”

“Attack,” he answered. “You will win. The people of Ramoth Gilead will be handed over to you.”

15The king said to him, “I’ve made you promise to tell the truth many times before. So don’t tell me anything but the truth in the name of the Lord.”

16Then Micaiah answered, “I saw all the Israelites scattered on the hills. They were like sheep that didn’t have a shepherd. The Lord said, ‘These people do not have a master. Let each of them go home in peace.’ ”

17The king of Israel spoke to Jehoshaphat. He said, “Didn’t I tell you he never prophesies anything good about me? He only prophesies bad things.”

18Micaiah continued, “Listen to the Lord’s message. I saw the Lord sitting on his throne. Some of the angels of heaven were standing at his right side. The others were standing at his left side. 19The Lord said, ‘Who will get Ahab, the king of Israel, to attack Ramoth Gilead? I want him to die there.’

“One angel suggested one thing. Another suggested something else. 20Finally, a spirit came forward and stood in front of the Lord. The spirit said, ‘I’ll get Ahab to do it.’

“ ‘How?’ the Lord asked.

21“The spirit said, ‘I’ll go and put lies in the mouths of all his prophets.’

“ ‘You will have success in getting Ahab to attack Ramoth Gilead,’ said the Lord. ‘Go and do it.’

22“So the Lord has put lies in the mouths of your prophets. He has said that great harm will come to you.”

23Then Zedekiah, the son of Kenaanah, went up and slapped Micaiah in the face. Zedekiah asked Micaiah, “Do you think the spirit sent by the Lord left me? Do you think that spirit went to speak to you?”

24Micaiah replied, “You will find out on the day you go to hide in an inside room to save your life.”

25Then the king of Israel gave an order. He said, “Take Micaiah away. Send him back to Amon. Amon is the ruler of the city of Samaria. And send Micaiah back to Joash. Joash is a member of the royal court. 26Tell them, ‘The king says, “Put this fellow in prison. Don’t give him anything but bread and water until I return safely.” ’ ”

27Micaiah announced, “Do you really think you will return safely? If you do, the Lord hasn’t spoken through me.” He continued, “All you people, remember what I’ve said!”

Ahab Is Killed at Ramoth Gilead

28So the king of Israel went up to Ramoth Gilead. Jehoshaphat, the king of Judah, went there too. 29The king of Israel spoke to Jehoshaphat. He said, “I’ll go into battle wearing different clothes. Then people won’t recognize me. But you wear your royal robes.” So the king of Israel put on different clothes. Then he went into battle.

30The king of Aram had given an order to his chariot commanders. He had said, “Fight only against the king of Israel. Don’t fight against anyone else.” 31The chariot commanders saw Jehoshaphat. They thought, “That’s the king of Israel.” So they turned to attack him. But Jehoshaphat cried out. And the Lord helped him. God drew the commanders away from him. 32They saw he wasn’t the king of Israel after all. So they stopped chasing him.

33But someone shot an arrow without taking aim. The arrow hit the king of Israel between the parts of his armor. The king told the chariot driver, “Turn the chariot around. Get me out of this battle. I’ve been wounded.” 34All day long the battle continued. The king of Israel kept himself standing up by leaning against the inside of his chariot. He kept his face toward the men of Aram until evening. At sunset he died.