2 Ahemfo 4 – ASCB & CARST

Asante Twi Contemporary Bible

2 Ahemfo 4:1-44

Elisa Boa Ɔbaa Kunafoɔ No

1Ɛda bi, Elisa mfɛfoɔ adiyifoɔ no mu baako kunafoɔ baa ne nkyɛn, bɛsu kyerɛɛ no sɛ, “Me kunu a na ɔsom wo no awu. Na wonim sɛdeɛ na ɔsuro Awurade. Nanso, seesei obi a mede no ka aba, rehunahuna sɛ, ɔbɛfa me mmammarima baanu sɛ nkoa.”

2Elisa bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na mɛtumi ayɛ de aboa wo? Kyerɛ me nneɛma a wowɔ wɔ efie.” Ɔbuaa sɛ, “Menni hwee sɛ ngo ahina baako.”

3Elisa ka kyerɛɛ no sɛ “Kɔfɛm nhina dodoɔ biara a wobɛnya firi wo nnamfonom ne wo mfɛfoɔ nkyɛn. 4Afei, fa wo mmammarima no kɔ wo fie, na to ɛpono mu. Hwie ngo no firi wʼahina no mu, gugu nhina no mu. Deɛ ɛbɛyɛ ma biara, yi si nkyɛn.”

5Enti, ɔyɛɛ saa. Ne mmammarima no de nhina bebree brɛɛ no, ma ɔhyehyɛɛ no ma ma. 6Ankyɛre na emu biara yɛɛ ma tɛnn. Ɔka kyerɛɛ ne mmammarima no mu baako sɛ, “Brɛ me ahina foforɔ.”

Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ebi nni hɔ bio.” Na afei ngo no a ɔrehwie no saeɛ.

7Ɛberɛ a ɔkaa asɛm a asi no kyerɛɛ Onyankopɔn onipa no, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Afei, tɔn ngo no, na fa tua wʼaka, na sika no bi bɛka ama wode ahwɛ wo ho ne wo mmammarima no.”

Elisa Ne Ɔbaa A Ɔfiri Sunem No

8Ɛda koro bi, Elisa kɔɔ Sunem kurom. Na ɔbaa ɔdefoɔ bi te kuro no mu. Ɔtoo nsa frɛɛ Elisa sɛ ɔmmɛdidi. Ɛfiri saa ɛberɛ no, ɛberɛ biara a ɔbɛtwam hɔ no, ɔfa hɔ kɔdidi. 9Ɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ, “Megye di sɛ saa ɔbarima yi a ɔtaa ba ha yi yɛ Onyankopɔn onipa kronkron. 10Ma yɛnsiesie ɛdan bi mma no wɔ ɛsoro hɔ na yɛmfa mpa, ɛpono, akonnwa ne kanea nsi mu mma no. Na ɛberɛ biara a ɔbɛba ha no, wanya baabi asoeɛ.”

11Ɛda bi, Elisa sane baa Sunem. Ɔkɔɔ ne soro dan no mu kɔsoɛe. 12Ɔka kyerɛɛ ne ɔsomfoɔ Gehasi sɛ, “Ka kyerɛ ɔbaa no sɛ, mepɛ sɛ meka asɛm bi kyerɛ no.” Ɔbaa no baeɛ no, 13Elisa ka kyerɛɛ Gehasi sɛ, “Ka kyerɛ no sɛ, yɛn ani asɔ ne som pa a wasom yɛn no. Na bisa no deɛ yɛn so yɛbɛtumi ayɛ ama no. Ɔpɛ sɛ medi ne ho adanseɛ kyerɛ ɔhene anaa asraafoɔ sahene no?”

Ɔbuaa sɛ, “Dabi, ɛfiri sɛ, mʼabusuafoɔ hwɛ me yie.”

14Akyire yi, Elisa bisaa Gehasi sɛ, “Ɛdeɛn na wogye di sɛ yɛbɛtumi ayɛ ama no?”

Ɔto maa no sɛ, “Ɔnni babarima na ne kunu nso abɔ akɔkoraa.”

15Elisa ka kyerɛɛ no sɛ, “Frɛ no bra bio.” Ɔbaa no baeɛ no, Elisa ka kyerɛɛ no wɔ ɛpono no ano sɛ, 16“Afe sɛsɛɛ saa ɛberɛ yi ara mu, na ɔbabarima da wo srɛ so.”

Ɔteaa mu sɛ, “Dabi, me wura, mesrɛ wo, ntwa me nkontompo saa. Ao, Onyankopɔn onipa.”

17Na ampa ara, ɛberɛ tiawa bi akyi, ɔbaa no nyinsɛneeɛ. Na afe saa ɛberɛ no ara, ɔwoo ɔbabarima sɛdeɛ Elisa kaeɛ no pɛpɛɛpɛ.

18Ne ba no nyiniiɛ no, da bi, ɔkɔsraa nʼagya a na ɔne nʼapaafoɔ reyɛ adwuma. 19Prɛko pɛ, ɔkaa sɛ, “Me ti pae me! Me ti pae me!”

Nʼagya ka kyerɛɛ nʼapaafoɔ no mu baako sɛ, “Fa no kɔ efie kɔma ne maame.”

20Ɔpaani no de no kɔɔ efie. Ne maame gyee no too ne srɛ so. Nanso, ɛduruu owigyinaeɛ mu no, ɔwuiɛ. 21Ɔpagyaa no de no kɔtoo Onyankopɔn onipa no mpa so. Ɔtoo ɛpono no mu gyaa no hɔ kɔeɛ.

22Ɔsomaa ɔbɔfoɔ kɔbɔɔ ne kunu amaneɛ sɛ, “Soma apaafoɔ no baako na ɔmfa afunumu mmra, sɛdeɛ mɛtumi akɔduru Onyankopɔn onipa no hɔ ntɛm, asane aba.”

23Ɔbisaa sɛ, “Adɛn enti na wopɛ sɛ wokɔ ɛnnɛ yi ara? Ɛnyɛ Ɔbosome Foforɔ Afahyɛ, na ɛnyɛ homeda nso.”

Nanso, ɔkaa sɛ, “Ɛwom saa.”

24Enti, ɔhyehyɛɛ afunumu no, ka kyerɛɛ ɔpaani no sɛ, “Ka wo ho. Ɛnyɛ me enti na wobɛto wo bo ase, na mmom, kɔ ara, gye sɛ maka sɛ to wo bo ase.” 25Ɔrebɛduru Onyankopɔn onipa no nkyɛn wɔ bepɔ Karmel so no, Elisa hunuu no wɔ akyirikyiri.

Ɔka kyerɛɛ Gehasi sɛ, “Hwɛ, ɔbaa a ɔfiri Sunam no reba. 26Tu mmirika kɔhyia no, na bisa no sɛ, ‘Wo ne wo kunu ne wo ba ho yɛ anaa?’ ”

Ɔbaa no buaa Gehasi sɛ, “Yɛn nyinaa ho yɛ.”

27Nanso, ɔbaa Onyankopɔn onipa no nkyɛn wɔ bepɔ no so no, ɔhwee ne nan ase, sɔɔ nʼanammɔn mu. Gehasi sum no, nanso Onyankopɔn onipa no kaa sɛ, “Gyaa no. Biribi reteetee no, na Awurade nso nkyerɛɛ me dekodeɛ no.”

28Na ɔbaa no kaa sɛ, “Wo ara me wura, wo na wokaa sɛ, mɛnya ɔbabarima. Na manka ankyerɛ wo sɛ mma memfa mʼani nto so?”

29Na Elisa ka kyerɛɛ Gehasi sɛ, “Boa wo ho, na mensoma wo, fa me poma no, na kɔ. Nkasa obiara ho wɔ ɛkwan so. Kɔ na fa poma no kɔto abɔfra no anim.”

30Na abarimaa no maame kaa sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase, na wo nso wote ase yi, merenkɔ efie gye sɛ woka me ho.” Enti, Elisa sane ne no kɔeɛ.

31Gehasi yɛɛ ntɛm dii ɛkan, de poma no kɔtoo abɔfra no anim, nanso biribiara ansi. Nkwa ho nsɛnkyerɛnneɛ biara amma. Ɔsane nʼakyi kɔhyiaa Elisa, bɔɔ no amaneɛ sɛ, “Abɔfra no nnyaneeɛ.”

32Ɛberɛ a Elisa duruu hɔ no, ampa na abɔfra no awu da odiyifoɔ no mpa so. 33Ɔno nko kɔɔ hɔ, too ne ho ɛpono mu, bɔɔ Awurade mpaeɛ. 34Afei, ɔbutuu abɔfra no so, de nʼano tuaa abɔfra no ano, de nʼani fam abɔfra no ani, de ne nsa sosɔɔ abɔfra no nsa. Afei, abɔfra no ho hyɛɛ aseɛ yɛɛ hye bio. 35Elisa sɔre, dii akɔneaba wɔ ɛdan no mu kakra. Afei, ɔdaa abɔfra no so bio. Saa ɛberɛ yi, abɔfra no nwansii mprɛnson, na ɔtee nʼani.

36Afei, Elisa somaa Gehasi sɛ, “Frɛ abɔfra no na bra.” Ne maame no baeɛ no, Elisa ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo ba no nie, fa no kɔ.” 37Ɔfiri ahodwirie mu hwee ne nan ase daa no ase. Afei, ɔfaa ne ba no, de no siane kɔɔ fam.

Ɛkɔm Kɛseɛ Bi Mu Nsɛnkyerɛnneɛ

38Elisa sane kɔɔ Gilgal, nanso na ɛkɔm asi asase no so. Ɛda bi a adiyifokuo tete nʼanim no, ɔka kyerɛɛ ne ɔsomfoɔ sɛ, “Fa ɛsɛn kɛseɛ si ogya so, na yɛ abɔmu ma saa mmarima yi.”

39Wɔn mu baako kɔɔ wiram sɛ ɔrekɔpɛ atosodeɛ, na ɔnyaa ɛferɛ bɔtɔ ma de baeɛ. Ɔtwitwa de guu ɛsɛn no mu a na ɔnnim sɛ awuduro wɔ mu. 40Na wɔdii kakra bi pɛ, wɔteateaam sɛ, “Onyankopɔn onipa, awuduro wɔ abɔmu no mu!” Ɛno enti, wɔanni bio.

41Elisa kaa sɛ, “Mommrɛ me asikyiresiam kakra.” Ɔde guu ɛsɛn no mu, kaa sɛ, “Afei, ayɛ yie enti monkɔdi.” Na anha wɔn bio.

42Ɛda bi, ɔbarima bi a ɔyɛ Baal-Salisani brɛɛ Onyankopɔn onipa no atokoɔ foforɔ bɔtɔ ma, ne burodo mua aduonu. Elisa kaa sɛ, “Fa ma adiyifokuo no, na wɔnni.”

43Ɔsomfoɔ no teaam sɛ, “Wose sɛn? Kakra yi na yɛmfa mma nnipa ɔha yi anaa?”

Nanso, Elisa tii mu sɛ, “Fa ma adiyifokuo no, na wɔnni, na Awurade ka sɛ, ‘Obiara bɛdi amee, na ebi mpo bɛka akyire.’ ” 44Na ampa ara, obiara didi meeɛ ma ebi mpo kaaeɛ, sɛdeɛ Awurade hyɛɛ ho bɔ no.

Священное Писание (Восточный перевод), версия для Таджикистана

4 Царств 4:1-44

Елисей и бедная вдова

1Жена одного из учеников пророческих просила помощи у Елисея:

– Твой раб, мой муж, умер, и ты знаешь, что он чтил Вечного. А теперь его заимодавец пришёл, чтобы забрать обоих моих мальчиков в рабство.

2Елисей ответил ей:

– Как мне помочь тебе? Скажи мне, что у тебя есть дома?

– У твоей рабыни ничего нет, – сказала она, – лишь горшок масла.

3Елисей сказал ей:

– Ступай и попроси у соседей пустые сосуды, да набери их побольше. 4Потом войди и запри за собой и за сыновьями дверь. Наливай масло в сосуды и, наполнив сосуд, отставляй в сторону.

5Она пошла и заперла дверь за собой и сыновьями. Они подносили ей сосуды, а она наливала. 6Когда все сосуды наполнились, она сказала сыну:

– Дай мне ещё один.

Но он ответил:

– Ни одного сосуда больше нет.

И масло перестало течь. 7Она пошла и рассказала об этом пророку, а он сказал:

– Пойди, продай масло и расплатись с долгами, а на то, что останется, ты с сыновьями сможешь жить.

Елисей и богатая шунемитянка

8Однажды Елисей отправился в Шунем. Там жила одна богатая женщина, которая уговорила его остаться поесть. И всякий раз, проходя мимо, он останавливался там поесть. 9Она сказала мужу:

– Я знаю, что человек, который часто заходит к нам, – это святой пророк. 10Давай сделаем на крыше маленькую комнату и поставим туда постель, стол, стул и светильник для него. Тогда он сможет останавливаться там всякий раз, когда будет заходить к нам.

11Однажды, когда Елисей пришёл туда, он поднялся в комнату и лёг. 12Потом сказал своему слуге Гехази:

– Позови эту шунемитянку.

Он позвал её, и она пришла к нему.

13Елисей сказал слуге:

– Скажи ей: «Ты так хлопотала ради нас. Что для тебя сделать? Может, замолвить о тебе слово перед царём или начальником войска?»

Она ответила:

– Я живу среди своего народа, мне ничего не нужно.

14– Что же сделать для неё? – спросил Елисей.

Гехази сказал:

– Да вот сына у неё нет, а её муж уже стар.

15Тогда Елисей сказал:

– Позови её.

Он позвал её, и она встала в дверях.

16– В следующем году, приблизительно в это время, – сказал Елисей, – ты будешь держать на руках сына.

– Нет, мой господин, – возразила она, – не обманывай свою рабу, о человек Всевышнего!

17Но вот эта женщина забеременела, и в следующем году, приблизительно в то же самое время, родила сына, как и сказал ей Елисей.

Воскрешение сына шунемитянки

18Ребёнок подрос. Однажды он вышел к отцу, который был со жнецами.

19– Моя голова! У меня болит голова! – сказал он отцу.

Отец велел слуге:

– Отнеси его к матери.

20Слуга поднял его и отнёс к матери. Ребёнок сидел у неё на коленях до полудня, а потом умер. 21Она поднялась и положила его на постель пророка, заперла дверь и вышла. 22Затем она позвала мужа и сказала:

– Прошу, пошли мне одного из слуг и осла, чтобы мне быстро съездить к пророку и вернуться.

23– Зачем ходить к нему сегодня? – спросил он. – Сегодня же не праздник Новолуния, не суббота4:23 Праздник Новолуния – исроильтяне, пользовавшиеся лунным календарём, праздновали начало каждого месяца, которое совпадало с новолунием (см. Чис. 28:11-15). Суббота – седьмой день недели у иудеев, день, посвящённый Вечному. В этот день, согласно повелению Вечного, исроильский народ должен был отдыхать и совершать ритуальные жертвоприношения (см. Исх. 31:12-17; Чис. 28:9-10)..

– Всё будет хорошо, – ответила она.

24Она оседлала осла и сказала слуге:

– Веди. Не останавливайся, пока не скажу.

25И она отправилась в путь и пришла к Елисею на гору Кармил. Увидев её издалека, пророк сказал своему слуге Гехази:

– Смотри! Это шунемитянка! 26Беги ей навстречу и спроси её: «Здорова ли ты? Здоров ли твой муж? Здоров ли твой ребёнок?»

– Здоровы, – сказала она.

27Когда же она пришла к пророку на гору, она обняла его ноги. Гехази подошёл, чтобы оттолкнуть её, но пророк сказал:

– Оставь её! Она в большом горе, но Вечный утаил это от меня и не сказал мне.

28– Разве я просила тебя о сыне, мой господин? – сказала она. – Разве я не говорила тебе: «Не буди во мне надежду?»

29Елисей сказал Гехази:

– Поторопись, возьми в руку мой посох и беги. Если встретишь кого, не приветствуй, и если кто будет приветствовать тебя, не отвечай. Положи мой посох мальчику на лицо.

30Но мать ребёнка сказала:

– Верно, как и то, что жив Вечный и жив ты сам, – я не отстану от тебя.

Тогда он поднялся и пошёл за ней.

31Гехази шёл впереди их и положил посох мальчику на лицо, но в ответ не раздалось ни звука. Тогда Гехази вышел навстречу Елисею и сказал ему:

– Мальчик не пробудился.

32Когда Елисей пришёл в дом, мальчик лежал мёртвым на его постели. 33Он вошёл, запер за собой дверь и помолился Вечному. 34После этого он поднялся на постель и лёг на мальчика – рот ко рту, глаза к глазам, руки к рукам. Когда он простёрся над ним, тело мальчика согрелось. 35Елисей встал, походил по комнате взад и вперёд и, поднявшись на постель, простёрся над ним ещё раз. Мальчик семь раз чихнул и открыл глаза. 36Елисей позвал Гехази и сказал:

– Позови шунемитянку, – и тот сделал это.

Когда она пришла, он сказал:

– Возьми своего сына.

37Она вошла, упала ему в ноги и поклонилась до земли. Затем она взяла сына и вышла.

Ядовитая похлёбка

38Елисей же вернулся в Гилгал. В той области тогда был голод. Однажды, когда ученики пророков слушали Елисея, он сказал слуге:

– Поставь большой котёл и свари для нас похлёбки.

39Один из них вышел в поле собирать овощи и нашёл вьющееся растение с плодами, похожими на огурцы. Он набрал их полный подол и, когда вернулся, накрошил их в котёл с похлёбкой, хотя никто не знал, что это такое. 40Людям разлили похлёбку, но, начав есть, они закричали:

– Пророк, в котле смерть! – и не стали есть похлёбку.

41Елисей сказал:

– Принесите муки.

Он бросил её в котёл и сказал:

– Разливай людям, чтобы они ели.

И в котле не осталось ничего вредного.

Насыщение ста человек

42Из Баал-Шалиши пришёл некий человек, который принёс пророку двадцать ячменных лепёшек, испечённых из зерна первого урожая, и колосья с молодым зерном.

– Отдай людям, пусть едят, – сказал Елисей.

43– Как же я накормлю этим сто человек? – спросил слуга.

Но Елисей ответил:

– Отдай людям, пусть едят. Ведь так говорит Вечный: «Они наедятся, и ещё останется».

44Тогда он раздал им, и они ели, и ещё осталось, по слову Вечного.