1 Tesalonikafoɔ 1 – ASCB & AKCB

Asante Twi Contemporary Bible

1 Tesalonikafoɔ 1:1-10

1Nwoma yi firi Paulo, Silas ne Timoteo nkyɛn,

Yɛde kɔma Tesalonika asafo a wɔyɛ Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mma no:

Adom ne asomdwoeɛ nka mo.

Aseda

2Daa yɛda Onyankopɔn ase ma mo, na yɛkae mo wɔ yɛn mpaeɛbɔ mu nso. 3Ɛfiri sɛ, yɛkae mo gyidie a mode di dwuma, mo dɔ a ɛma motumi de nsi yɛ adwuma ne mo anidasoɔ denden a mowɔ wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo mu no wɔ yɛn Onyankopɔn ne Agya no anim.

4Anuanom, yɛnim sɛ Onyankopɔn dɔ mo enti na wayi mo sɛ ɔno ankasa ne deɛ no. 5Sɛ yɛbɛkaa Asɛmpa no kyerɛɛ mo a, ɛnyɛ nsɛm bi kwa, na mmom, yɛgyina tumi ne Honhom Kronkron ne mu nokorɛ mu gyidie so. Monim nnipa ko a na yɛyɛ ɛne sɛdeɛ yɛboaa mo. 6Mosuasuaa yɛn ne Awurade; na ɛwom sɛ mohunuu amane deɛ, nanso mode anigyeɛ a ɛfiri Honhom Kronkron no mu gyee asɛm no. 7Ɛnam so maa mobɛyɛɛ nhwɛsoɔ maa agyidifoɔ a wɔwɔ Makedonia ne Hela no nyinaa. 8Nsɛm a moka faa Awurade ho no ankɔ Makedonia ne Hela nko, na mmom, gyidie a mowɔ wɔ Onyankopɔn mu no ho asɛm aduru baabiara. Asɛm biara nni hɔ a ɛsɛ sɛ yɛka bio. 9Obiara kamfo sɛdeɛ mogyee yɛn ne sɛdeɛ motwee mo ho firii abosom ho kɔsom nokorɛ Onyankopɔn a ɔte ase daa no, 10na motwɛn ne Ba a ɔfiri ɔsoro no; Yesu a ɔnyanee no firii awufoɔ mu a ɔgye yɛn firi Onyankopɔn abufuo a ɛreba no mu no.

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Tesalonikafo 1:1-10

1Saa nhoma yi fi Paulo, Silas ne Timoteo nkyɛn,

Wɔde kɔma Tesalonika asafo a wɔyɛ Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mma no:

Adom ne asomdwoe nka mo.

Aseda

2Daa yɛda Onyankopɔn ase ma mo, na yɛkae mo wɔ yɛn mpaebɔ mu nso. 3Efisɛ yɛkae mo gyidi a mode di dwuma, mo dɔ a ɛma mutumi de nsi yɛ adwuma ne mo anidaso dennen a mowɔ wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo mu no wɔ yɛn Nyankopɔn ne Agya no anim.

4Anuanom, yenim sɛ Onyankopɔn dɔ mo nti na wayi mo sɛ ɔno ankasa ne de no. 5Sɛ yɛbɛkaa Asɛmpa no kyerɛɛ mo a, ɛnyɛ nsɛm bi kwa, na mmom yegyina tumi ne Honhom Kronkron ne mu nokware mu gyidi so. Munim nnipa ko a na yɛyɛ ɛne sɛnea yɛboaa mo fae. 6Musuasuaa yɛn ne Awurade; ɛwɔ mu sɛ muhuu amane de, nanso mode anigye a efi Honhom Kronkron no mu gyee asɛm no. 7Ɛnam so ma mobɛyɛɛ nhwɛso maa agyidifo a wɔwɔ Makedonia ne Hela nyinaa. 8Nsɛm a moka faa Awurade ho no ankɔ Makedonia ne Hela nko, na mmom gyidi a mowɔ wɔ Onyankopɔn mu no ho asɛm adu baabiara. Asɛm biara nni hɔ a ɛsɛ sɛ yɛka bio. 9Obiara kamfo sɛnea mugyee yɛn ne sɛnea motwee mo ho fii abosom ho kɔsom nokware Nyankopɔn a ɔte ase daa no, 10na motwɛn ne Ba a ofi ɔsoro no; Yesu a onyan no fii awufo mu a ogye yɛn fi Onyankopɔn abufuw a ɛreba no mu no.