1 Samuel 4 – ASCB & AKCB

Asante Twi Contemporary Bible

1 Samuel 4:1-22

1Na nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa tee nsɛm a ɛfiri Samuel hɔ.

Filistifoɔ Fa Apam Adaka No

Saa ɛberɛ no, na Israelfoɔ ne Filistifoɔ reko. Israelfoɔ akodɔm kyeree sraban wɔ Ebeneser ɛnna Filistifoɔ nso kyeree sraban wɔ Afek. 2Filistifoɔ no to hyɛɛ Israelfoɔ akodɔm no so, dii wɔn so nkonim, na wɔkumm nnipa mpemnan. 3Ɔko no baa awieeɛ, na Israel akodɔm sane kɔɔ wɔn sraban mu hɔ no, Israel mpanimfoɔ no bisaa sɛ, “Adɛn nti na Awurade ama yɛadi nkoguo ɛnnɛ yi wɔ Filistifoɔ anim yi? Momma yɛnkɔfa Awurade Apam Adaka no mfiri Silo. Sɛ yɛde kɔ ɔsa a, ɛbɛgye yɛn afiri yɛn atamfoɔ nsam.”

4Enti, nnipa no somaa mmarima kɔɔ Silo, na wɔde Otumfoɔ Awurade a ɔte Kerubim ntam Apam Adaka no baeɛ. Saa ɛberɛ no na Eli mmammarima baanu Hofni ne Pinehas ka wɔn a wɔsoaa Onyankopɔn Apam Adaka no kɔɔ akono hɔ no ho.

5Ɛberɛ a Israelfoɔ no hunuu sɛ wɔde Awurade Apam Adaka no reba nsraban no mu no, wɔn nyinaa bɔɔ ose maa asase wosoeɛ. 6Filistifoɔ no bisaa sɛ, “Ɛdeɛn na ɛrekɔ so yi? Ɛdeɛn osebɔ na ɛwɔ Hebrifoɔ sraban mu hɔ yi?”

Wɔtee sɛ Awurade Apam Adaka no na abɛduru sraban mu hɔ no, 7wɔsuroeɛ. Na wɔkaa sɛ, “Anyame no aba wɔn sraban mu hɔ. Ɛnneɛ, asɛm ato yɛn! Yɛnhyiaa asɛm a ɛte sei bi da. 8Hwan na ɔbɛgye yɛn afiri saa Israel anyame atumfoɔ yi nsam? Wɔne anyame a wɔde owu yadeɛ ahodoɔ nyinaa bi sɛee Misraimfoɔ, ɛberɛ a Israelfoɔ wɔ ɛserɛ so hɔ no. 9Monnyere mo ho, Filistifoɔ! Monnyina sɛ mmarima; anyɛ saa a, Hebrifoɔ no bɛfa mo nkoa sɛdeɛ wɔyɛɛ yɛn nkoa no.”

10Enti, Filistifoɔ no koo anibereɛ so, dii Israelfoɔ no so bio. Wɔn a wɔkunkumm wɔn no dɔɔso. Israelfoɔ ɔpeduasa na wɔkunkumm wɔn ɛda no. Wɔn a wɔnyaa wɔn ti didii mu no dwane kɔɔ wɔn ntomadan mu. 11Wɔfaa Onyankopɔn Apam Adaka no, na wɔkunkumm Eli mmammarima baanu a wɔyɛ Hofni ne Pinehas no.

Eli Wuo

12Ɛda no ara, ɔbarima bi firi Benyamin abusuakuo mu dwane firii akono hɔ bɛduruu Silo. Na watete ne ntadeɛ mu, de mfuturo ahura ne tiri mu, de kyerɛ nʼawerɛhoɔ. 13Na Eli retwɛn wɔ kwankyɛn baabi, pɛ sɛ ɔte ɔko no mu nsɛm, ɛfiri sɛ, na ne bo ntɔ ne yam koraa wɔ Onyankopɔn Apam Adaka no ho. Ɔbɔfoɔ no ba bɛkaa asɛm a asie no, wɔtee nteateamu bi wɔ kuro no mu nyinaa. 14Eli bisaa sɛ, “Saa nteateamu yi ase ne sɛn?”

Ɔbɔfoɔ no yɛɛ ntɛm kɔɔ Eli, 15a na wadi mfeɛ aduɔkron nwɔtwe na nʼani afira no nkyɛn. 16Ɔka kyerɛɛ Eli sɛ, “Seesei ara na mefiri akono hɔ baeɛ. Nnɛ yi ara, na mewɔ hɔ.”

Eli bisaa sɛ, “Na ɛkɔsii sɛn?”

17Ɔbɔfoɔ no buaa sɛ, “Israelfoɔ adi nkoguo. Israel akodɔm no mpem mpem atotɔ wɔ akono hɔ. Afei, wo mmammarima baanu a ɛyɛ Hofni ne Pinehas no nso wɔawuwu, na Onyankopɔn Apam Adaka no nso, wɔafa.”

18Ɔbɔfoɔ no kaa Onyankopɔn Apam Adaka no ho asɛm ara pɛ, Eli firi akonnwa a ɔte so mu wɔ abɔntenpono ho no te hwee nʼakyi. Ne kɔn mu buiɛ, ɛfiri sɛ, na wabɔ akɔkoraa a ne mu nso yɛ duru. Na wadi Israel anim mfirinhyia aduanan.

19Saa ɛberɛ no na nʼase baa a ɔyɛ Pinehas yere nyem a ɔreyɛ awoɔ. Ɔtee sɛ wɔafa Onyankopɔn Apam Adaka no, na nʼase ne ne kunu awuwuo no, awoɔ kaa no amonom hɔ. 20Ɔwuu wɔ awokoɔ mu, nanso ansa na ɔrebɛwu no, mmaa a wɔregye no awoɔ no kaa sɛ, “Nsuro woawo abarimaa.” Nanso, wammua wɔn na wankasa wɔn ho nso.

21Ɔbesebesee nʼano too abarimaa no edin Ikabod, “Animuonyam no wɔ he, Israel animuonyam no asa,” ɛfiri sɛ, wɔafa Onyankopɔn Apam Adaka no na nʼase ne ne kunu nso awuwu. 22Ɔkaa sɛ, “Animuonyam afiri Israel mu, ɛfiri sɛ, wɔafa Onyankopɔn Apam Adaka no.”

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Samuel 4:1-22

Filistifo Fa Apam Adaka No

1Saa bere no, na Israelfo ne Filistifo reko. Israelfo nsraadɔm kyeree nsraban wɔ Ebeneser, na Filistifo nso kyeree nsraban wɔ Afek. 2Filistifo no tow hyɛɛ Israelfo nsraadɔm no so, dii wɔn so nkonim, na wokum nnipa mpem anan. 3Ɔko no baa awiei, na Israel nsraadɔm no san kɔɔ wɔn nsraban mu hɔ no, Israel mpanyimfo no bisae se, “Adɛn nti na Awurade ama yɛadi nkogu nnɛ yi wɔ Filistifo anim yi? Momma yɛnkɔfa Awurade Apam Adaka no mfi Silo. Sɛ yɛde kɔ ɔsa a, ebegye yɛn afi yɛn atamfo nsam.”

4Enti nnipa no somaa mmarima kɔɔ Silo, na wɔde Asafo Awurade a ɔte kerubim ntam Apam Adaka no bae. Saa bere no na Eli mmabarima baanu Hofni ne Pinehas ka wɔn a wɔsoaa Onyankopɔn Apam Adaka no kɔɔ akono hɔ no ho.

5Bere a Israelfo no huu sɛ wɔde Awurade Apam Adaka no reba nsraban no mu no, wɔn nyinaa bɔɔ ose maa asase wosowee. 6Filistifo no bisae se, “Dɛn na ɛrekɔ so yi? Dɛn osebɔ na ɛwɔ Hebrifo nsraban mu hɔ yi?”

Wɔtee sɛ Awurade Apam Adaka no na abedu nsraban mu hɔ no, 7wosuroe. Na wɔkae se, “Anyame no aba wɔn nsraban mu hɔ. Ɛno de, asɛm ato yɛn! Yenhyiaa asɛm a ɛte sɛɛ bi da. 8Hena na obegye yɛn afi saa Israel anyame atumfo yi nsam? Wɔne anyame a wɔde owu ɔyare ahorow nyinaa bi sɛee Misraimfo, bere a Israelfo wɔ sare so hɔ no. 9Monyere mo ho, Filistifo! Munnyina sɛ mmarima; anyɛ saa a, Hebrifo no bɛfa mo nkoa sɛnea wɔyɛɛ yɛn nkoa no.”

10Enti Filistifo no koe anibere so, dii Israelfo no so bio. Wɔn a wokunkum wɔn no dɔɔso. Israelfo mpem aduasa na wokunkum wɔn da no. Wɔn a wonyaa wɔn ti didii mu no guan kɔɔ wɔn ntamadan mu. 11Wɔfaa Onyankopɔn Apam Adaka no, na wokunkum Eli mmabarima baanu no, Hofni ne Pinehas.

Eli Wu

12Da no ara, ɔbarima bi fi Benyamin abusua mu guan fii akono hɔ beduu Silo. Na watetew ne ntade mu, de mfutuma ahura ne ti mu, de kyerɛ nʼawerɛhow. 13Na Eli retwɛn wɔ kwankyɛn baabi, pɛ sɛ ɔte ɔko no mu nsɛm, efisɛ na ne bo ntɔ ne yam koraa wɔ Onyankopɔn Apam Adaka no ho. Ɔbɔfo no ba bɛkaa asɛm a asi no, wɔtee nteɛteɛmu bi wɔ kurow no mu nyinaa. 14Eli bisae se, “Saa nteɛteɛmu yi ase ne dɛn?”

Ɔbɔfo no yɛɛ ntɛm kɔɔ Eli, 15a na wadi mfe aduɔkron awotwe na nʼani afura no nkyɛn. 16Ɔka kyerɛɛ Eli se, “Mprempren ara na mifi akono hɔ bae. Nnɛ yi ara, na mewɔ hɔ.”

Eli bisae se, “Na ekosii dɛn?”

17Ɔbɔfo no buae se, “Israelfo adi nkogu. Israel nsraadɔm no mpem mpem atotɔ wɔ akono hɔ. Afei, wo mmabarima baanu a ɛyɛ Hofni ne Pinehas no nso awuwu, na Onyankopɔn Apam Adaka no nso, wɔafa.”

18Ɔbɔfo no kaa Onyankopɔn Apam Adaka no ho asɛm ara pɛ, Eli fi akongua a ɔte so mu wɔ abɔntenpon ho no te hwee nʼakyi. Ne kɔn mu bui, efisɛ na wabɔ akwakoraa a ne mu nso yɛ duru. Na wadi Israel anim mfirihyia aduanan.

19Saa bere no na nʼasebea a ɔyɛ Pinehas yere anyinsɛn a ɔreyɛ awo. Ɔtee sɛ wɔafa Onyankopɔn Apam Adaka no, na nʼase ne ne kunu awuwu no, awo kaa no amono mu hɔ ara. 20Owuu wɔ awoko mu, nanso ansa na ɔrebewu no, mmea a wɔregye no awo no kae se, “Mpa abaw; woawo abarimaa.” Nanso wammua wɔn na wankasa wɔn ho nso.

21Ɔbesebesee nʼano too abarimaa no din Ikabod, “Anuonyam no wɔ he, Israel anuonyam no asa,” efisɛ wɔafa Onyankopɔn Apam Adaka no na nʼase ne ne kunu nso awuwu. 22Ɔkae se, “Anuonyam afi Israel mu, efisɛ wɔafa Onyankopɔn Apam Adaka no.”