1 Samuel 29 – ASCB & OL

Asante Twi Contemporary Bible

1 Samuel 29:1-11

Filistifoɔ Pamo Dawid

1Filistifoɔ no boaboaa wɔn akodɔm nyinaa ano wɔ Afek, na Israelfoɔ nso kɔkyeree sraban wɔ asutire bi ho wɔ Yesreel. 2Ɛberɛ a Filistifoɔ ntuanofoɔ de wɔn nsraadɔm akuakuo ɔha ɔha mu ne mpempem retu ɔsa no, na Dawid nso ne ne dɔm retu sa wɔ wɔn akyi a, Akis ka wɔn ho. 3Filistifoɔ asahene no bisaa sɛ, “Ɛdeɛn na Hebrifoɔ yi reyɛ wɔ ha?”

Akis buaa sɛ, “Ɔyi ne Dawid, ɔbarima a ɔdwane firii Israelhene Saulo anim no. Waba me nkyɛn ha ne me abɛtena bɛboro afe nie. Na ɛfiri ɛberɛ a ɔgyaa Saulo hɔ bɛsi ɛnnɛ yi, menhunuu ne ho mfomsoɔ biara.”

4Na Filistifoɔ asahene no bo fuu no kaa sɛ, “Ma ɔbarima no nsane nkɔ, sɛdeɛ ɔbɛkɔ baabi a wode maa no no. Ɛnsɛ sɛ ɔka yɛn ho kɔ ɔko no, ɛfiri sɛ, sɛ anhwɛ a, ɔbɛdane nʼani ako atia yɛn wɔ ɔko no mu. Ɛkwan foforɔ bi wɔ hɔ a ɔbɛfa so ne ne wura Saulo aka abɔ mu a ɛsene sɛ ɔbɛko atia yɛn anaa? 5Ɛnyɛ saa Dawid yi na wɔtoo dwom faa ne ho wɔ wɔn asa mu sɛ:

“Saulo akum ne mpempem

na Dawid deɛ, wakum ɔpedu ɔpedu no?”

6Na Akis frɛɛ Dawid ka kyerɛɛ no sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase yi, menhyiaa mmarima a wɔte sɛ mo, anka mepɛ sɛ mo ne yɛn kɔ ɔko, nanso Filistifoɔ sodifoɔ a aka no mpene so. 7Enti, sane wʼakyi na kɔ no asomdwoeɛ mu. Ɛno enti, nyɛ biribiara a ɛbɛha Filistifoɔ no.”

8Dawid bisaa sɛ, “Ɛdeɛn na mayɛ a ɛsɛ sɛ wɔde me fa saa ɛkwan yi so? Adɛn enti na ɛnsɛ sɛ meko tia me wura ɔhene no atamfoɔ?”

9Nanso, Akis gyinaa mu pintinn kaa sɛ, “Me nko ara me fa mu deɛ, woyɛ pɛpɛ te sɛ Onyankopɔn ɔbɔfoɔ. Nanso, asahene no suro sɛ wɔde wo bɛka wɔn ho wɔ ɔko mu. 10Enti, sɔre anɔpahema, na wo ne wo mmarima no nkɔ ɛberɛ a animu retete no.”

11Na Dawid sane kɔɔ Filistifoɔ asase so, na Filistifoɔ akodɔm no nso kɔɔ Yesreel.

O Livro

1 Samuel 29:1-11

Os filisteus rejeitam o apoio de David

1O exército filisteu concentrou-se em Afeque e os israelitas na fonte de Jezreel. 2Na altura em que os filisteus organizavam as suas tropas em batalhões e companhias, David e os seus puseram-se na retaguarda com o rei Aquis. 3Então os comandantes filisteus perguntaram: “Que estão estes israelitas aqui a fazer?”

“Este é David, o servo do rei Saul, que fugiu de Israel. Já há muito tempo que está comigo e não encontrei nele nada de culpável, desde que aqui chegou”, foi a resposta de Aquis.

4“Manda essa gente embora!”, pediram-lhe, zangados. “É evidente que não irão à batalha connosco, pois voltar-se-iam contra nós. Haveria melhor maneira de se reconciliarem com o seu senhor do que nos traírem durante a luta? 5Não te esqueças que este é o homem de quem as mulheres israelitas diziam a dançar: ‘Saul matou os seus milhares e David os seus dez milhares!’ ”

6Aquis acedeu, por fim, chamando David e os companheiros: “Tão certo como vive o Senhor, que são os melhores homens que eu já tive e a minha vontade é que viessem lutar connosco; mas os meus chefes militares não pensam assim. 7Por favor, não os irritem e vão embora sossegadamente.”

8“Que fizemos nós para merecer este tratamento?”, perguntou David. “Porque não posso combater os inimigos do rei, meu senhor?”

9“No que me diz respeito”, insistiu Aquis, “tu és tão reto como um anjo de Deus. Contudo, os meus comandantes militares receiam ter-te com eles durante a batalha. 10Por isso, levantem-se cedo e vão embora logo que amanheça.”

11Então David voltou para a terra dos filisteus, enquanto o exército deles se dirigia para Jezreel.