1 Samuel 25 – ASCB & CCB

Asante Twi Contemporary Bible

1 Samuel 25:1-44

Samuel Owuo

1Afei, Samuel wuiɛ na Israel nyinaa hyia yɛɛ no ayie. Na wɔsiee no wɔ ne kurom Rama. Na Dawid tu kɔɔ Maon ɛserɛ so.

2Na ɔbarima ɔdefoɔ bi a ɔfiri Maon a na ɔwɔ agyapadeɛ wɔ baabi a ɛbɛn akuraa Karmel. Na ɔwɔ mmirekyie apem ne nnwan mpensa. Na ɛyɛ mmoa ho nwi twitwa berɛ. 3Saa ɔbarima no din de Nabal. Ne yere nso din de Abigail. Na ɔyɛ ɔbaa a ɔnim nyansa na ne ho nso yɛ fɛ. Nanso, na ne kunu a ɔyɛ Kalebni no mpɔeɛ, na ne suban nso nyɛ fɛ.

4Ɛberɛ a Dawid tee sɛ Nabal retwitwa ne mmoa ho nwi no, 5ɔsomaa mmarima mmabunu edu kɔɔ ne nkyɛn. Ɔde nkra maa wɔn sɛ, 6“Wo nkwa so! Wo ne wo fiefoɔ nyinaa nnya ahoɔden! Na wʼagyapadeɛ nyinaa nso nyɛ nhyira.

7“Mate sɛ woretwitwa wo nnwan ne mmirekyie ho nwi. Ɛberɛ a na mo nnwanhwɛfoɔ wɔ yɛn nkyɛn ha no, yɛanyɛ wɔn basabasa. Na mmerɛ dodoɔ a wɔdii wɔ Karmel no nso, wɔn biribiara annyera. 8Bisa wo ara wʼasomfoɔ na wɔbɛka akyerɛ wo. Yɛaba ha wɔ afahyɛ ɛda, ɛno enti, mesrɛ wo, ma yɛn aduane biara a wo nsa bɛso so.”

9Dawid mmeranteɛ no de nkra no maa Nabal na wɔtwɛnee ne mmuaeɛ.

10Nabal buaa Dawid asomfoɔ no sɛ, “Hwan ne saa Dawid yi? Saa Yisai babarima yi dwene sɛ ɔne hwan? Nnansa yi, asomfoɔ bebree retete wɔn ho afiri wɔn wuranom ho. 11Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mede me burodo ne me nsuo ne mʼaboa a makum no ɛnam a mede rebɛma me nwitwitwafoɔ no ma akwanmukafoɔ a obi nnim baabi a wɔfiri?”

12Na Dawid mmarima no sane kɔeɛ, kɔkaa deɛ Nabal kaeɛ no kyerɛɛ no. 13Dawid ka kyerɛɛ ne mmarima no sɛ, “Momfa mo akofena.” Na Dawid nso faa ne deɛ. Mmarima bɛyɛ sɛ ahanan na wɔkaa Dawid ho kɔeɛ, ɛnna mmarima ahanu nso tena wɛnee akodeɛ no.

14Nabal asomfoɔ no mu baako kɔka kyerɛɛ Nabal yere Abigail sɛ, “Dawid somaa abɔfoɔ firi ɛserɛ no so sɛ wɔ ne yɛn wura mmɛkasa, nanso ɔdidii wɔn atɛm. 15Nanso Dawid nnipa no yɛ ma yɛn. Wɔannyɛ yɛn bɔne biara. Ɛberɛ a yɛne wɔn wɔ hɔ no, wɔamfa yɛn biribiara. 16Anadwo ne awia nyinaa, na wɔbɔ yɛn ne nnwan no ho ban. 17Enti, dwene ho yie, anyɛ saa a asɛm bɛto yɛn wura ne nʼabusua nyinaa. Ɔyɛ obi a ne bo ha no na obiara ntumi nkasa nkyerɛ no.”

18Abigail ansɛe berɛ koraa. Ɔfaa burodo mua ahanu, nsã aboa nwoma mmienu, nnwan enum a wɔakum wɔn asiesie wɔn, nkyeweɛ susudeɛ enum, bobe ɔfam ɔha ne bobe aba a wɔabɔ no ntowantowa ahanu de soaa mfunumu. 19Na ɔka kyerɛɛ nʼasomfoɔ sɛ, “Monni ɛkan nkɔ. Mɛti mo.” Nanso, wanka deɛ na ɔreyɛ no ankyerɛ ne kunu Nabal.

20Ɔte nʼafunumu so nam ara kɔsii bepɔ bi nsiane mu no, ɔhunuu Dawid nso ne ne mmarima sɛ wɔresiane hyia no. 21Na Dawid aka sɛ, “Mfasoɔ biara nni so sɛ mahwɛ saa onipa yi agyapadeɛ so wɔ ɛserɛ so a ne biribiara annyera. Ɔde bɔne atua me papa a meyɛɛ no no so ka. 22Sɛ ɛba sɛ ɔkyena ne fieni bi da so te ase a, Onyankopɔn ne me nni no denden so pa ara.”

Abigail Pata Dawid

23Abigail hunuu Dawid no, ntɛm ara, ɔhuri firii nʼafunumu no so sii fam, bɔɔ ne mu ase wɔ nʼanim. 24Ɔhwee ne nan ase kaa sɛ, “Me wura, megye saa asɛm yi ho afɔdie nyinaa to me ho so. Mesrɛ wo sɛ, tie asɛm a mewɔ ka. 25Menim sɛ Nabal yɛ otirimuɔdenfoɔ a ne bo nso ha no; mesrɛ wo, ntie no. Ɔyɛ ɔkwasea sɛdeɛ ne din kyerɛ no. Na mpo, abɔfoɔ a wosomaa wɔn no, manhunu wɔn. 26Afei, me wura, mpɛn dodoɔ a Awurade te ase, na wo nso wote ase na Awurade amma woamfa awudie ne aweretɔ anhyɛ wo nsam yi, ma mmusuo mmra wʼatamfoɔ nyinaa so, sɛdeɛ ebi aba Nabal so yi. 27Akyɛdeɛ a mede abrɛ wo ne wo mmeranteɛ no nie.

28“Mesrɛ wo, sɛ mafom a, fa kyɛ me. Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ Awurade de efie a nʼahennie ase bɛtim bɛdom wo, ɛfiri sɛ, woreko Awurade ko. Na wonyɛɛ bɔne biara nso wɔ wʼasetena mu. 29Na sɛ ɛba sɛ wɔn a wɔpɛ wo kra no taataa wo so a, Awurade, wo Onyankopɔn, bɛgye wo, abɔ wo ho ban sɛdeɛ wɔbɔ ademudeɛ ho ban. Na wʼatamfoɔ nkwa deɛ, ɛbɛyera te sɛ aboɔ a wɔato firi ahwimmoɔ mu. 30Awurade di ɛbɔ a ɔhyɛɛ wo no nyinaa so ma wo, na ɔde wo di Israelhene a, 31mma yei nnyɛ nkekaawa wɔ wʼabrabɔ mu. Na worensoa wʼahonim adesoa duruduru a ɛfiri mogyakaguo ne aweretɔ a ɛho nni mfasoɔ ho. Na sɛ Awurade yɛ saa nneɛma akɛseɛ yi ma wo a, mesrɛ wo, kae me!”

32Dawid buaa Abigail sɛ, “Nhyira nka Awurade, Israel Onyankopɔn a wama woabɛhyia me ɛnnɛ. 33Ɛda Awurade ase wɔ wʼadwene pa ho. Nhyira nka wo sɛ woamma me ankum ɔbarima no, na woamma mamfa me nsa antɔ wedeɛ. 34Na meka Awurade, Israel Onyankopɔn a wamma me manyɛ wo bɔne no ntam sɛ, sɛ woanka wo ho ammɛhyia me a, anka ɛbɛduru ɔkyena anɔpa no, na Nabal mmarima no mu baako koraa nte ase.”

35Na Dawid gyee nʼakyɛdeɛ no, ka kyerɛɛ no sɛ, “Sane kɔ efie asomdwoeɛ mu. Yɛrenkum wo kunu no.”

36Ɛberɛ a Abigail duruu fie no, ɔhunuu sɛ Nabal ato ɛpono kɛseɛ sɛ ɔhene. Na waboro nsã enti, wanka biribiara a ɛfa ɔne Dawid nhyiamu no ho ankyerɛ no kɔsii adekyeeɛ. 37Adeɛ kyeeɛ a nʼani so ada hɔ no, Abigail kaa nsɛm a asisi no kyerɛɛ no. Nabal tee nsɛm no, ɔbubu kaa mpa so. 38Dadu akyi no, Awurade bɔɔ no ma ɔwuiɛ.

Dawid Ware Abigail

39Dawid tee sɛ Nabal awu no, ɔkaa sɛ, “Nhyira nka Awurade a watua Nabal ka na wamma mankum no. Nabal anya ne bɔne so akatua.”

Na Dawid yɛɛ ntɛm soma kɔɔ Abigail nkyɛn, maa wɔkɔka kyerɛɛ no sɛ, ɔbɛware no. 40Asomfoɔ no kɔɔ Karmel kɔka kyerɛɛ Abigail sɛ, “Dawid asoma yɛn sɛ yɛmmra mmɛbisa wo sɛ wobɛware no anaa?”

41Ɔbɔɔ ne mu ase de nʼanim kyerɛɛ fam kaa sɛ, “Aane, masiesie me ho sɛ mɛsom Dawid asomfoɔ mpo.” 42Ntɛm ara, Abigail huri tenaa nʼafunumu so, faa ne mmaawa baanum kaa ne ho, na ɔne Dawid asomfoɔ no kɔeɛ, na ɔbɛyɛɛ Dawid yere. 43Dawid waree Ahinoam25.43 Na Ahinoam yɛ Dawid yere a ɔdi kane (27.3) a na ne babarima a ɔdi kane no wɔfrɛ no Amnon. a ɔfiri Yesreel, na wɔn baanu bɛyɛɛ ne yerenom. 44Na Saulo de ne babaa Mikal, Dawid yere, ama ɔbarima bi a ɔfiri Galim a ne din de Palti a na ɔyɛ Lais babarima.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

撒母耳记上 25:1-44

大卫与亚比该

1撒母耳死了,以色列人都聚在一起哀悼他,把他安葬在拉玛他自己的坟地里。之后,大卫到了巴兰的旷野。 2玛云有个富翁拥有三千只绵羊和一千只山羊,他的产业在迦密。当时他正在迦密剪羊毛。 3他名叫拿八,是迦勒族人,妻子名叫亚比该,既聪慧又漂亮。拿八粗暴凶恶。 4大卫在旷野得知拿八正在剪羊毛, 5就派十个部下到迦密去见拿八,吩咐他们以他的名义向拿八问安, 6拿八说:“愿你和你全家平安,愿你一切顺利! 7我听说你正在剪羊毛。你的牧人与我们在迦密的时候,我们没有欺负过他们,他们没有丢过任何东西。 8你问问你的仆人就知道了。请你恩待我的部下,因为今天是好日子,求你随手赏一点东西给晚辈我和我的部下。”

9大卫的部下就去把大卫的话告诉拿八,等候他的答复。 10拿八说:“大卫是谁?耶西的儿子是谁?这些日子有很多仆人逃离主人, 11我怎能把饼、水和为剪羊毛者预备的肉分给一群来历不明的人呢?” 12大卫的部下回去把拿八的话禀告大卫13大卫听了,就吩咐众人备刀,他自己也带了刀去拿八那里。大卫带了四百人去,留下二百人看守营地。

14拿八的一个仆人告诉拿八的妻子亚比该说:“大卫从旷野派人来向我们主人问安,主人却辱骂他们。 15大卫的仆人对我们很好,从来不欺负我们。我们跟他们一起在田野的时候,从来没有丢过任何东西。 16我们在他们附近牧羊的时候,他们昼夜不断地保护我们。 17所以,请你赶快想个法子,不然主人和他全家恐怕都会大难临头。主人是个凶暴的人,没有人敢跟他说话。”

18亚比该连忙用驴驮上二百块饼、两皮袋酒、五只宰好了的羊、三十七升烤麦、一百块葡萄饼和二百块无花果饼, 19又吩咐仆人说:“你们先去吧!我随后就来。”她没有把这事告诉丈夫拿八20她骑着驴下山的时候,就看见大卫和他的部下迎面而来。 21大卫曾说:“我在旷野保护这人的羊群,使它们不致丢失,真是枉费功夫。他竟以怨报德。 22如果我让他家里一个男子活到明早,愿上帝重重地惩罚我!”

23亚比该看见大卫,连忙下驴俯伏下拜。 24她俯伏在大卫脚前说:“我主啊,我愿意承担一切的罪过,请听婢女说。 25请不要理会拿八那个恶徒,他人如其名25:25 拿八”意思是“愚蠢”。,是个名符其实的蠢人。当时婢女没有见到你派来的使者。 26我主啊,既然耶和华阻止你亲手杀人报仇,我就凭永活的耶和华和你的性命起誓,愿你的仇敌和伤害你的人都像拿八一样没有好下场。 27现在,请把婢女带来的礼物分给你的部下吧。 28请饶恕婢女的罪过,耶和华必使你的子孙世代做王,因为你是在为耶和华而战,愿你一生没有过错。 29你就是被人追杀,也会在你的上帝耶和华的保护下安然无恙。你敌人的性命却要像石头一样被耶和华用投石器抛出去。 30-31如果你现在没有杀人报仇,伤害无辜,到了耶和华照应许赐福给你、立你做以色列王的时候,你就不会心里不安了。我主啊,耶和华赐福给你的时候,求你不要忘了婢女。”

32大卫亚比该说:“以色列的上帝耶和华当受称颂!祂今天派你来见我。 33你很有见识,你今天拦阻我亲手杀人复仇,值得称赞。 34我凭阻止我杀你的以色列的上帝——永活的耶和华起誓,若不是你赶来迎接我,拿八家中不会有一个男子活到明天早上。” 35大卫接受了亚比该的礼物,对她说:“安心回家吧,我答应你的请求。”

36她回到家时,拿八正在大摆宴席,排场如御宴。她见拿八心情愉快,喝得酩酊大醉,就什么也没告诉他,等第二天早上再说。 37次日清晨,拿八酒醒以后,他妻子把发生的一切告诉他,他吓得昏死过去,身体僵硬如石。 38过了十天,耶和华击打拿八,他就死了。

39大卫听见拿八的死讯,就说:“赞美耶和华!拿八羞辱我,祂为我申了冤,又阻止仆人行恶。祂使拿八得到了报应。”后来,大卫差遣使者去向亚比该求婚。 40他的使者就启程到迦密去向亚比该传达大卫的心意。 41亚比该听了,立刻俯伏在地上说:“婢女愿意效劳,为我主的仆人洗脚。” 42她连忙骑上驴,带了五个侍女,跟随大卫的使者前去,做了大卫的妻子。 43大卫已经娶了耶斯列亚希暖,她们二人就同做大卫的妻子。 44扫罗已经把自己的女儿——大卫的妻子米甲嫁给了迦琳拉亿的儿子帕提