1 Samuel 19 – ASCB & KLB

Asante Twi Contemporary Bible

1 Samuel 19:1-24

Saulo Pɛ Sɛ Ɔkum Dawid

1Saulo hyɛɛ nʼasomfoɔ ne ne babarima Yonatan sɛ wɔnkum Dawid. Nanso, ɛsiane sɛ na Yonatan adamfo brɛboɔ ne Dawid enti, 2Yonatan kaa adwene a nʼagya ayɛ afa ne ho no kyerɛɛ no tuu no fo sɛ, “Ɔkyena anɔpa, pɛ wiram baabi kɔbɔ wo ho adwaa, ɛfiri sɛ, mʼagya repɛ wo akum wo. 3Mɛka akyerɛ mʼagya, na ɔne me aba hɔ na mɛka wo ho asɛm nyinaa akyerɛ no. Na biribiara a mɛhunu wɔ hɔ no nso, mɛbɔ wo amaneɛ.”

4Adeɛ kyee anɔpa no, Yonatan ne nʼagya dii nkɔmmɔ faa Dawid ho. Yonatan kaa ne ho nsɛm pa pii. Yonatan srɛɛ nʼagya sɛ, “Mesrɛ wo, nyɛ bɔne biara ntia Dawid. Ɔnyɛɛ biribiara a ɛbɛha wo. Daa, ɔnam ɛkwan biara a ɔbɛtumi so boa wo. 5Wo werɛ afiri ɛberɛ a ɔde ne nkwa too ne nsam, kɔkumm Filistini ɔbrane, na ɛnam so maa Awurade de nkonimdie kɛseɛ brɛɛ Israel no? Saa ɛberɛ no, akyinnyeɛ biara nni ho sɛ, wʼani gyeeɛ. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ wokum onipa a ne ho nni asɛm sɛ Dawid? Nkyerɛaseɛ pa biara nni so koraa.”

6Enti, Saulo tiee Yonatan, na ɔkaa ho ntam dii nse sɛ, “Sɛ Awurade te ase yi, wɔrenkum Dawid.”

7Akyire yi, Yonatan frɛɛ Dawid kaa asɛm a asi no kyerɛɛ no. Enti, ɔfaa Dawid de no kɔhunuu Saulo, na biribiara totɔɔ yie, sɛdeɛ kane no na ɛteɛ no ara pɛ.

8Ankyɛre biara na ɔko bi siiɛ, maa Dawid dii nʼakodɔm anim kɔko tiaa Filistifoɔ. Ɔde anibereɛ tuaa wɔn, maa wɔn nyinaa dwaneeɛ.

9Nanso, ɛda bi Saulo te fie ara na honhommɔne a ɛfiri Awurade bɛhyɛɛ ne mu prɛko pɛ bio. Ɛberɛ a Dawid rebɔ ne sankuo ama ɔhene no, 10Saulo too ne pea kyerɛɛ Dawid so, pɛɛ sɛ ɔkum no. Nanso, Dawid twee ne ho, totɔɔ esum mu dwaneeɛ maa pea no kaa ɔfasuo no mu.

Mikal Gye Dawid Nkwa

11Saulo somaa mmarima kɔɔ Dawid fie kɔwɛn hɔ sɛ, ɔpue anɔpa a wɔnkum no. Nanso, Dawid yere Mikal bɔɔ no kɔkɔ sɛ, “Sɛ woannwane ampɛ wo nkwa anadwo yi a, ɔkyena, wɔbɛkum wo.” 12Enti, Mikal de Dawid faa mpomma mu ma ɔdwaneeɛ. 13Na Mikal faa ohoni bi de no too mpa so de atadeɛ kataa ho, na ne ti hɔ no nso, ɔde abirekyie ho nwi kataa so.

14Ɛberɛ a Saulo somaa mmarima sɛ wɔnkɔkyere Dawid no, Mikal ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɔyare a ɔntumi nsɔre mfiri mpa so.”

15Saulo sane somaa mmarima no bio sɛ, “Monkɔfa no mfiri ne mpa so mmra, sɛdeɛ mɛtumi akum no.” 16Nanso, mmarima no wuraa ɛdan no mu no, na ohoni na ɔda mpa no so a abirekyie ho nwi na ɛkata so.

17Saulo bisaa Mikal sɛ, “Adɛn enti na woadaadaa me, ama me ɔtamfoɔ adwane?” Mikal buaa no sɛ, “Na ɛsɛ sɛ meyɛ saa ɛfiri sɛ ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Mammoa no a, ɔbɛkum me.’ ”

18Ɛberɛ a Dawid dwaneeɛ no, ɔkɔɔ Samuel nkyɛn wɔ Rama kɔkaa deɛ Saulo ayɛ noɔ no nyinaa kyerɛɛ no. Enti, Samuel de Dawid kɔtenaa Naiot. 19Ɛberɛ a Saulo tee sɛ Dawid te Naiot a ɛwɔ Rama no, 20ɔsomaa akodɔm sɛ wɔnkɔkye no mmra. Nanso, wɔduruiɛ a wɔhunuu Samuel ne adiyifoɔ bi sɛ wɔrehyɛ nkɔm no, Onyankopɔn honhom baa Saulo mmarima no so, maa wɔn nso hyɛɛ nkɔm. 21Saulo tee asɛm a aba no, ɔsane somaa akodɔm foforɔ, nanso wɔn nso kɔhyɛɛ nkɔm! Asɛm korɔ no ara sii ne mprɛnsa so. 22Akyire no koraa, Saulo no ankasa kɔɔ Rama, kɔduruu abura kɛseɛ bi a ɛwɔ Seku ho. Ɔbisaa sɛ, “Samuel ne Dawid wɔ he?”

Obi ka kyerɛɛ no sɛ, “Wɔn baanu wɔ Naiot a ɛwɔ Rama hɔ.”

23Na ɔrekɔ Naiot no, ɛkwan no so na Onyankopɔn honhom baa Saulo so, na ɔno nso hyɛɛ aseɛ hyɛɛ nkɔm. 24Ɔsunsuanee nʼatadeɛ mu, de ne ho too fam, daa hɔ ɛda mu ne anadwo mu nyinaa, hyɛɛ nkɔm wɔ Samuel anim. Nnipa a wɔrehwɛ no no teateaam sɛ, “Asɛm ni? Enti, daa yi Saulo nso yɛ odiyifoɔ?”

Korean Living Bible

사무엘상 19:1-24

다윗을 죽이려고 하는 사울

1사울은 그의 아들 요나단과 모든 신하들에게 다윗을 죽이라고 지시하 였다. 그러나 요나단은 다윗을 대단히 좋아했기 때문에

2그에게 이렇게 귀띔해 주었다. “내 아버지가 너를 죽이려고 한다. 너는 조심하고 내일 아침 들에 가서 숨어 있거라.

3내가 아버지와 함께 네가 숨어 있는 들로 나가서 너에 대해 이야기하고 내가 알릴 것이 있으면 모두 너에게 말해 주겠다.”

4다음날 아침 요나단은 자기 아버지와 이야기를 하는 중에 다윗을 칭찬하면서 이렇게 말하였다. “아버지, 신하 다윗을 해하지 마십시오. 그가 아버지를 해칠 만한 일은 조금도 하지 않았고 오히려 최선을 다해서 모든 일에 아버지를 도와주지 않았습니까?

5그가 자기 생명을 아끼지 않고 나가서 골리앗을 죽인 것과 그리고 그 결과로 여호와께서 이스라엘에 큰 승리를 주셨던 일을 잊으셨습니까? 아버지는 그때 무척 기뻐하셨습니다. 그런데 어째서 아버지는 이제 와서 그처럼 죄 없는 사람을 죽여 범죄하려고 하십니까? 그럴 만한 이유가 전혀 없지 않습니까!”

6사울은 요나단의 말을 듣고 “여호와께서 살아 계시는 한 내가 그를 죽이지 않겠다” 하고 맹세하였다.

7그래서 요나단은 다윗을 불러 그 모든 일을 그에게 말하고 그를 사울에게 데리고 갔으며 다윗은 전과 같이 다시 왕을 섬기게 되었다.

8그 후에 다시 전쟁이 일어났으므로 다윗이 병력을 이끌고 나가 블레셋군과 싸워서 수많은 적을 죽이자 그들은 모두 도주하고 말았다.

9사울이 자기 집에 앉아 있을 때 여호와께서 보낸 악령이 그를 사로잡았다. 그래서 다윗이 수금을 타고 있는데

10사울이 다윗을 죽이려고 손에 들고 있던 단창을 그에게 던졌다. 그러나 다윗이 피하자 그 창은 벽에 꽂혔다. 그 날 밤 다윗은 그 곳에서 피하여 달아났다.

11사울은 사람들을 보내 다윗의 집을 지키게 하고 아침에 그가 나오면 죽이라고 하였다. 그러나 이것을 눈치챈 다윗의 아내 미갈은 “만일 당신이 오늘 밤에 피하지 않으면 내일은 죽게 될 거예요” 하고 그에게 일러 주었다.

12그러고서 미갈은 창문으로 다윗을 달아내려 도망치게 한 다음

1319:13 히 ‘드라빔’우상을 가져다가 침대에 눕히고 염소털로 엮은 것을 그 머리에 씌워 옷으로 덮어 두었다.

14사울이 보낸 사람들이 다윗을 잡으러 왔을 때 미갈은 그들에게 다윗이 병들어 일어날 수 없다고 말하였다.

15그러나 사울은 다윗을 확인해 오라고 사람을 다시 보내며 “그를 침대째 이리 들고 오너라. 내가 그를 죽여 버리겠다” 하고 명령하였다.

16그러나 그들이 방 안에 들어가 보았을 때 침대에는 우상이 있었고 그 머리에는 염소털로 엮은 것이 있었다.

17사울이 미갈에게 “너는 어째서 나를 속이고 내 원수를 도망가게 하였느냐?” 하고 묻자 미갈은 “도와주지 않으면 그가 나를 죽이겠다고 위협했기 때문에 어쩔 수 없었습니다” 하고 대답하였다.

18그 길로 다윗은 도망하여 라마로 가서 사무엘을 만나 사울이 자기에게 한 일을 모두 이야기하였다. 그래서 사무엘은 다윗을 나욧으로 데리고 가서 함께 살았다.

19다윗이 라마의 나욧에 있다는 소식이 사울에게 전해지자

20그는 다윗을 잡아오라고 사람을 보냈다. 그러나 그들이 그 곳에 도착하여 사무엘과 다른 예언자들이 예언하는 것을 보는 순간 하나님의 성령께서 그들을 감동시키시므로 그들도 예언하기 시작하였다.

21사울이 이 말을 듣고 다른 사람들을 보냈으나 그들도 역시 예언하였다. 그래서 사울은 세 번째로 사람들을 보냈는데 그들도 역시 예언하지 않겠는가!

22그래서 이번에는 사울이 직접 라마로 가서 세구에 있는 큰 우물에 이르러 “사무엘과 다윗이 어디 있느냐?” 하고 물었다. 그러자 어떤 사람이 “라마의 나욧에 있습니다” 하고 대답하였다.

23그러나 사울이 나욧으로 가는 도중에 하나님의 성령이 그를 사로잡자 그가 나욧에 도착하기까지 줄곧 예언하였다.

24그는 또 자기 옷을 벗고 사무엘 앞에서 예언하며 하루 종일 밤낮 벌거벗은 채 누워 있었다. 그래서 “사울도 예언자란 말인가?” 라는 유행어까지 생기게 되었다.