1 Samuel 15 – ASCB & CCB

Asante Twi Contemporary Bible

1 Samuel 15:1-35

Saulo Sɛe Amalekfoɔ

1Ɛda koro bi Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Me na Awurade somaa me sɛ memmɛsra wo ngo sɛ Israel ɔhene. Afei tie nkra a ɛfiri Awurade nkyɛn no. 2Asɛm a Otumfoɔ Awurade seɛ nie, ‘Me ne Amalekfoɔ bɛdi wɔ deɛ wɔyɛ de tiaa Israelfoɔ ɛberɛ a na wɔfiri Misraim reba no. 3Enti, kɔ na kɔsɛe Amalek mantam no pasaa. Kunkum mmarima ne mmaa, mmɔfra ne nkɔkoaa, anantwie ne nnwan, nyoma ne mfunumu.’ ”

4Enti, Saulo frɛɛ nʼakodɔm boaa wɔn ano wɔ Telaim. Na wɔn dodoɔ yɛ asraafoɔ ɔpehanu ne ɔpedu nso a wɔfiri Yuda. 5Saulo kɔɔ Amalek kuropɔn no mu, kɔtɛɛ bɔnhwa no mu. 6Na ɔtoo Kenifoɔ no nkra sɛ, “Momfiri deɛ Amalekfoɔ teɛ hɔ na mansɛe mo ne wɔn, ɛfiri sɛ, Israelfoɔ no firi Misraim reba no, mo ne wɔn dii no yie.” Enti, Kenifoɔ no twee wɔn ho firi Amalekfoɔ no ho.

7Na Saulo kunkumm Amalekfoɔ no firii Hawila kɔsii Sur wɔ Misraim apueeɛ fam. 8Ɔkyeree Amalekfoɔ ɔhene Agag anikann, nanso ɔkunkumm nnipa no nyinaa. 9Na Saulo ne nʼakodɔm no anyɛ Agag bɔne biara, na mmom wɔfaa wɔn nnwan pa, anantwie pa ne anantwie ne nnwan mma a wɔadodɔre sradeɛ ne biribiara a wɔn ani gye ho. Wɔsɛee deɛ ɛho nni wɔn mfasoɔ na ɛnni mu nyinaa.

Awurade Po Saulo

10Na Awurade ka kyerɛɛ Samuel sɛ, 11“Manu me ho sɛ masi Saulo ɔhene, ɛfiri sɛ, wanni me nokorɛ, na afei wayɛ nʼadwene sɛ ɔrentie mʼasɛm.” Asɛm no haa Samuel, na ɔsu frɛɛ Awurade anadwo mu no nyinaa.

12Adeɛ kyee no, Samuel sɔree ntɛm kɔhyiaa Saulo, nanso obi ka kyerɛɛ no sɛ, “Saulo kɔɔ Karmel sɛ ɔrekɔsi nkaeɛdum de ahyɛ ne ho animuonyam, na ɔfirii hɔ kɔɔ Gilgal.”

13Na Samuel hunuu no akyire no, Saulo kyeaa no anigyeɛ so sɛ, “Awurade nhyira wo. Madi Awurade ahyɛdeɛ no so.”

14Samuel bisaa sɛ, “Na adɛn ne nnwan ne anantwie su a mete yi?”

15Saulo gye too mu sɛ, “Ɛyɛ nokorɛ sɛ akodɔm no amfa wɔn nsa anka nnwan pa ne anantwie pa no. Nanso, wɔde yei rebɛbɔ afɔdeɛ ama Awurade, wo Onyankopɔn. Biribiara a ɛka ho no deɛ, yɛasɛe no.”

16Afei, Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Gyae! Tie asɛm a Awurade ka kyerɛɛ me anadwo a atwam yi.”

Saulo bisaa sɛ, “Ɛdeɛn asɛm?”

17Samuel ka kyerɛɛ no sɛ, “Ebia wobu wo ho abomfiaa, nanso ɛnyɛ wo na wodii Israel mmusuakuo nyinaa so no? Awurade asra wo ngo sɛ ɔhene wɔ Israel so. 18Na ɔsomaa wo sɛ kɔdi dwuma bi ma no, na ɔsee wo sɛ, ‘Kɔ na kɔsɛe amumuyɛfoɔ a ɛyɛ Amalekfoɔ no pasapasa, kɔsi sɛ mobɛtɔre wɔn ase dworobɛɛ.’ 19Adɛn enti na woantie Awurade? Adɛn enti na mopere fom nneɛma, na moyɛɛ deɛ Awurade kaa sɛ monnyɛ?”

20Saulo nso kaa no dendeenden sɛ, “Metiee Awurade. Deɛ ɔkyerɛɛ me sɛ menyɛ no, meyɛeɛ. Mede ɔhene Agag sane baeɛ. Na wɔn a aka no deɛ, mesɛee wɔn nyinaa. 21Na mʼakodɔm no nso de nnwan pa, anantwie pa ne asadeɛ baeɛ sɛ wɔde rebɛbɔ afɔdeɛ ama Awurade, wo Onyankopɔn wɔ Gilgal.”

22Na Samuel buaa sɛ,

“Ɛdeɛn na ɛsɔ Awurade ani:

sɛ wobɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ

anaasɛ wobɛyɛ ɔsetie ama Awurade nne?

Osetie yɛ sene afɔrebɔ,

sɛ wobɛtie no no yɛ sene sɛ wode nnwennini akɛseɛ sradeɛ bɛma.

23Adɔnyɛ te sɛ bayie,

ɛna asoɔden nso te sɛ ahonisom.

Esiane sɛ woapo Awurade asɛm no enti,

ɔno nso apo wʼahennie.”

Saulo Srɛ Bɔnefakyɛ

24Na Saulo ka kyerɛɛ Samuel sɛ, “Mayɛ bɔne. Manni Awurade ahyɛdeɛ ne wo nkyerɛkyerɛ so. Na mesuro nnipa no enti na meyɛɛ wɔn apɛdeɛ maa wɔn no. 25Enti, mesrɛ wo, fa me bɔne kyɛ me na wo ne me nkɔsom Awurade.”

26Samuel ka kyerɛɛ no sɛ, “Merensane ne wo nkɔ. Woapo Awurade ahyɛdeɛ enti Awurade nso apo wʼahennie!”

27Samuel yɛɛ sɛ ɔrekɔ no, Saulo sɔɔ nʼatadeɛ mu pɛɛ sɛ ɔsane noɔ, na atadeɛ no mu suaneeɛ. 28Samuel ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ ɛfiri ɛnnɛ, Awurade ate Israel ahemman mu afiri wo ho de ama obi foforɔ a ɔyɛ sene wo. 29Deɛ ɔyɛ Israel Animuonyam no nni atorɔ na ɔnsesa nʼadwene; ɛfiri sɛ, ɔnnyɛ onipa na wasesa nʼadwene.”

30Saulo srɛɛ bio sɛ, “Menim sɛ mayɛ bɔne. Na mesrɛ wo sɛ, hyɛ me animuonyam wɔ me mpanimfoɔ ne me nkurɔfoɔ anim; wo ne me nkɔsom Awurade, wo Onyankopɔn.” 31Enti, Samuel pene ne Saulo sane kɔeɛ, na Saulo somm Awurade.

Samuel Kum Ɔhene Agag

32Afei, Samuel kaa sɛ, “Fa ɔhene Agag brɛ me.”

Agag baa ne nkyɛn gyidie mu, susuu sɛ ɛhɔ a wakɔ no deɛ, owuo apare no.

33Nanso, Samuel kaa sɛ,

“Sɛdeɛ wʼakofena akum mmaa bi mmammarima no,

wo nso wo maame bɛyɛ ɔbaa a ɔnni ba.”

Enti, Samuel twitwaa Agag mu nketenkete Awurade anim wɔ Gilgal.

34Na Samuel firi hɔ kɔɔ Rama ɛna Saulo nso kɔɔ ne fie wɔ Gibea. 35Samuel anhyia Saulo bio nanso ɔdii ne ho yea bebree. Na ɛyɛɛ Awurade yea sɛ wasi Saulo ɔhene wɔ Israel so.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

撒母耳记上 15:1-35

扫罗王被废

1一天,撒母耳扫罗说:“耶和华差遣我膏立你做祂以色列子民的王,所以你要听从祂的话。 2万军之耶和华说,‘我要惩罚亚玛力人,因为在以色列人离开埃及的时候,他们与以色列人为敌。 3你现在要去攻打他们,彻底消灭他们和他们拥有的一切,把男女老幼、牛羊骆驼和驴全部杀掉,一个不留。’”

4于是,扫罗提拉因召集了二十万步兵,另有从犹大来的一万人。 5扫罗来到亚玛力的城池,在山谷里埋伏起来。 6他对基尼人说:“你们离开亚玛力人吧,免得我把你们也一起消灭,因为在以色列人离开埃及的时候,你们曾善待他们。”于是,基尼人离开了亚玛力人。 7扫罗攻打亚玛力人,从哈腓拉直打到埃及东面的书珥8生擒了亚玛力亚甲,杀尽了亚玛力人。 9扫罗和他的士兵却留下了亚甲和那些上好的牛羊、肥壮的牛犊和羊羔及一切美物,只毁灭了那些瘦弱无用的牲畜。

10那时,耶和华对撒母耳说: 11“我后悔立扫罗为王,因为他离弃了我,不遵守我的命令。”撒母耳很难过,整夜呼求耶和华。 12第二天清早,撒母耳起来去见扫罗,有人告诉他扫罗已前往迦密山,在那里为自己立了纪念碑,然后去了吉甲13撒母耳到了扫罗那里后,扫罗说:“愿耶和华赐福给你,我已经遵守了耶和华的命令。” 14撒母耳说:“那么,我现在听见的牛羊叫声是从哪里来的?” 15扫罗答道:“这是众人从亚玛力人那里带回来的,他们留下了这些上好的牛羊要献给你的上帝耶和华,我们毁灭了其余的一切。” 16撒母耳扫罗说:“住口!让我告诉你耶和华昨天晚上对我说的话。”扫罗答道:“请说。”

17撒母耳说:“虽然你从前觉得自己微不足道,但现在却做了以色列各支派的首领。耶和华膏立你做以色列的王。 18祂差遣你去攻打那些罪恶的亚玛力人,命你把他们全部消灭。 19你为何不听从祂的命令?你为何急于掠夺财物,做耶和华视为邪恶的事呢?” 20扫罗答道:“我的确服从了耶和华的命令,照着耶和华的吩咐做了。我把亚玛力亚甲带了回来,杀尽了其余的亚玛力人。 21士兵们却从本该毁灭的战利品中取了上好的牛羊,准备在吉甲奉献给你的上帝耶和华。” 22撒母耳说:

“耶和华喜欢燔祭和其他祭物,

还是喜欢人们听从祂的话?

顺服胜于献祭,

听从耶和华胜过向祂献上公羊的脂肪。

23叛逆不亚于行巫术的罪,

顽固不化无异于拜偶像。

你拒绝耶和华的命令,

祂也拒绝你做王。”

24扫罗撒母耳说:“我犯罪了!我违背了耶和华的命令和你的指示。我因惧怕百姓,就听从了他们。 25现在求你赦免我的罪,跟我一起回去,我好敬拜耶和华。” 26撒母耳说:“我不会跟你回去,你既然拒绝遵行耶和华的命令,祂也拒绝你做以色列的王。” 27撒母耳转身离去,扫罗就抓住他的衣边,结果衣边被撕下来了。 28撒母耳对他说:“耶和华今天已经从你身上拿走了以色列国的王位,赐给了一个比你好的人。 29以色列荣耀的上帝不说谎、也不改变心意,因为祂不是多变的世人。” 30扫罗说:“我犯了罪,但求你在以色列的长老和百姓面前尊重我,求你跟我回去,我好敬拜你的上帝耶和华。” 31于是,撒母耳扫罗一起回去,扫罗就敬拜耶和华。

32撒母耳说:“把亚玛力亚甲带到我这里来。”亚甲若无其事地来到他面前,心想自己一定逃过一死了。 33撒母耳对他说:“你的刀怎样使妇人失去儿女,你的母亲也要怎样丧去她的儿子。”于是,撒母耳就在吉甲,在耶和华面前把亚甲杀死了。

34事后,撒母耳回到拉玛扫罗也返回基比亚自己的家。 35撒母耳一直到死没有再见扫罗,但他为扫罗哀伤。耶和华后悔立扫罗以色列王。