1 Samuel 14 – ASCB & AKCB

Asante Twi Contemporary Bible

1 Samuel 14:1-52

Yonatan Akokoɔdurusɛm

1Ɛda bi, Yonatan ka kyerɛɛ aberanteɛ a ɔsoa nʼakodeɛ sɛ, “Bra na yɛnkɔ baabi a Filistifoɔ abɔ dɔmpem hɔ.” Yonatan anka nʼadwene ankyerɛ nʼagya. 2Saa ɛberɛ no na Saulo ne ne mmarima ahansia no akyere sraban wɔ Gibea nkwantia wɔ ateaa dua a ɛwɔ Migron no ase. 3(Onipa a na ɔka Saulo mmarima no ho no ne Ahiya a ɔyɛ Awurade ɔsɔfoɔ a na ɔhyɛ serekye asɔfotadeɛ no. Na Ahiya yɛ Ahitub babarima a ɔyɛ Ikabod nua. Na saa Ahitub no nso yɛ Pinehas babarima a na ɔyɛ Eli nana nso. Na Eli yɛ Awurade ɔsɔfoɔ a na ɔsom wɔ Silo.) Na obiara nnim sɛ Yonatan afiri Israel sraban mu.

4Ansa na Yonatan bɛduru Filistifoɔ sraban mu no, na ɛsɛ sɛ ɔsiane fa abotan mmepɔ mmienu bi a wɔfrɛ no Boses ne Sene no ntam. 5Ɔbotan a ɛtwere hɔ a na ɛwɔ atifi fam no, na ɛkyerɛ Mikmas anim, na deɛ ɛwɔ anafoɔ fam no nso, na ɛkyerɛ Geba anim.

6Yonatan ka kyerɛɛ aberanteɛ a ɔyɛ nʼakodeɛsoafoɔ no sɛ, “Ma yɛntwam nkɔ abosonsomfoɔ no nkyɛn. Ebia, Awurade bɛboa yɛn, ɛfiri sɛ, biribiara ntumi nsi Awurade kwan. Ɔbɛtumi adi ɔko mu nkonim a ɛmfa ho sɛ nʼakodɔm dɔɔso anaa wɔsua.”

7Aberanteɛ no kaa sɛ, “Yɛ deɛ wogye di sɛ ɛyɛ biara. Gyinaeɛ biara a wobɛsie no, metaa wʼakyi pintinn.”

8Yonatan kaa sɛ, “Ɛyɛ, yɛbɛtwam akɔ hɔ, na yɛama wɔahunu yɛn. 9Na sɛ wɔka sɛ, ‘Monnyina baabi a moaduru hɔ ara na anyɛ saa a, yɛbɛkum mo’ a, ɛnneɛ, yɛbɛgyina a yɛrenkɔ wɔn nkyɛn. 10Na sɛ wɔka sɛ, ‘Momforo mmra mmɛko’ a, ɛnneɛ, yɛbɛforo akɔ ɔsoro. Ɛbɛyɛ Awurade nsɛnkyerɛnneɛ sɛ ɔbɛboa yɛn, ama yɛadi wɔn so nkonim.” 11Ɛberɛ a Filistifoɔ no hunuu sɛ wɔreba no, wɔteam sɛ, “Monhwɛ o! Hebrifoɔ no na wɔreweawea afiri wɔn abɔn mu no!”

12Na wɔteam frɛɛ Yonatan sɛ, “Foro bra ha na yɛnkyerɛ wo nyansa!” Yonatan ka kyerɛɛ nʼakodeɛsoafoɔ no sɛ, “Bra; foro di mʼakyi na Awurade bɛboa yɛn, ama yɛadi wɔn so nkonim.”

13Enti, wɔde wɔn nsa mmienu ne wɔn nan foroeɛ, na Yonatan ne nʼakodeɛsoafoɔ no kunkumm Filistifoɔ no benkum ne nifa, ma wɔtete kɔguiɛ. 14Wɔkunkumm mmarima bɛyɛ aduonu maa wɔn amu no dedaa asase no bɛyɛ sɛ eka fa so. 15Ɛhɔ ara, ehu bɔɔ Filistifoɔ nsraadɔm no wɔ sraban no mu ne akono hɔ nyinaa, na ɛkaa ntohyɛsofoɔ no mpo. Ɛhɔ ara asase wosoeɛ, maa obiara akoma tuiɛ.

Israel Di Filistifoɔ So Nkonim

16Saulo awɛmfoɔ a wɔwɔ Gibea no hunuu biribi a ɛyɛ wɔn nwanwa. Ɛno ara ne sɛ, Filistifoɔ akodɔm no abɔ ahwete mmaa nyinaa. 17Afei, Saulo ka kyerɛɛ mmarima a wɔka ne ho no sɛ, “Monhwɛ akodɔm no mu nhwɛ sɛ obi nni hɔ anaa.” Wɔhwehwɛeɛ hunuu sɛ Yonatan ne nʼakodeɛsoafoɔ no na na wɔnni hɔ.

18Saulo ka kyerɛɛ Ahiya sɛ, “Kɔfa Onyankopɔn Apam Adaka no bra.” (Saa ɛberɛ no na ɛwɔ Israelfoɔ nkyɛn.) 19Ɛberɛ a Saulo rekasa akyerɛ ɔsɔfoɔ no, na basabasa a asi Filistifoɔ sraban no mu no ano den ara na ɛreyɛ. Enti, Saulo ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ no sɛ, “Gyae! Ma yɛnkɔ.”

20Afei, Saulo ne ne mmarima ahansia no kaa wɔn ho ntɛm so, firii akono hɔ kɔhunuu sɛ, Filistifoɔ no atwa wɔn ho rekunkum wɔn ho wɔn ho. Na ɛhɔ nyinaa ayɛ kitikiti ne basabasayɛ nko ara. 21Mpo, Hebrifoɔ a na wɔdɔm Filistifoɔ akodɔm no kɔdɔm Saulo, Yonatan ne Israelfoɔ nkaeɛ no. 22Saa ara na mmarima a na wɔakɔtetɛ wɔ mmepɔ mu no hunuu sɛ Filistifoɔ no redwane no, kaa wɔn so bi. 23Enti, Awurade gyee Israel ɛda no. Na ɔko no kɔɔ so ara traa Bet-Awen.

Saulo Ntanhunu

24Afei, saa ɛda no na Israelfoɔ no abrɛbrɛ, ɛfiri sɛ, na Saulo ama wɔaka ntam sɛ, “Nnome mmra obiara a ɔbɛdidi ansa na onwunu atɔ, anaasɛ ansa matɔ mʼatamfoɔ no so were.” Enti, obiara amfa hwee anka nʼano ɛda mu no nyinaa, 25ɛwom, wɔhunuu sɛ ɛwoɔ kyɛm da fam wɔ kwaeɛ no ase. 26Wɔamfa wɔn nsa ansɔ ɛwoɔ no mu mpo, ɛfiri sɛ, na wɔn nyinaa suro ntam a wɔaka no. 27Nanso, na Yonatan deɛ, ɔntee nʼagya ntam no ho hwee. Ɔde abaa bi nuu ɛwoɔ kyɛm no mu, dii ɛwoɔ no bi. Ɔdi wieeɛ no, ne ho baee no. 28Nanso, mmarima no mu baako hunuu no, ka kyerɛɛ no sɛ, “Wʼagya maa asraafoɔ no kaa ntam a emu yɛ den sɛ, obiara a ɔbɛdidi ɛnnɛ no, nnome bɛba ne so. Ɛno enti, na obiara ahodwo no.”

29Na Yonatan teaam sɛ, “Mʼagya de ɔhaw abɛto yɛn nyinaa so. Mmara a ɛte seyie no pira yɛn. Monhwɛ sɛ ɛwoɔ kakra a mediiɛ yi, me ho asisi me ho so. 30Sɛ mmarima no nyaa ɛkwan dii nnuane a wɔhunuu wɔ yɛn atamfoɔ no nkyɛn a, anka mo ara mobɛhunu wɔn dodoɔ a yɛbɛkum aka ho.”

31Nanso, ɛkɔm no nyinaa akyi, wɔtaa Filistifoɔ no ɛda mu no nyinaa firi Mikmas, kɔsii Ayalon. Na afei, wɔbrɛbrɛɛ mmoroso. 32Anwummerɛ no, wɔto guu asadeɛ no so, faa nnwan, anantwie ne anantwie mma. Wɔkunkumm wɔn, wee wɔn ɛnam ne wɔn mogya nyinaa fraeɛ. 33Afei, obi ka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Hwɛ! Mmarima no reyɛ bɔne atia Awurade, ɛfiri sɛ, wɔrewe ɛnam a mogya fra mu.”

Na Saulo kaa sɛ, “Ɛyɛ bɔne pa ara. Mompire ɛboɔ kɛseɛ bi mmɛto ha. 34Na afei monkɔ mmarima no mu nkɔka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Momfa anantwie no ne nnwan no mmra ha mmɛkum wɔn na monsɔne wɔn mogya mfiri wɔn mu. Monnnwe ɛnam a mogya da so wɔ mu mmfa so nnyɛ bɔne nntia Awurade.’ ”

Enti anadwo no, asraafoɔ no de wɔn anantwie baeɛ, bɛkunkumm wɔn wɔ hɔ. 35Na Saulo sii afɔrebukyia wɔ hɔ, de maa Awurade, deɛ ɛdi ɛkan a ɔsiiɛ.

36Na Saulo kaa sɛ, “Momma yɛnkɔ Filistifoɔ no so anadwo yi, na yɛnkɔsɛe wɔn ara nkɔsi ahemadakye a yɛrennya wɔn mu baako koraa.” Na wɔbuaa sɛ, “Biribiara a wogye di sɛ ɛyɛ no, yɛbɛyɛ.”

Nanso, ɔsɔfoɔ no kaa sɛ, “Momma yɛnni ɛkan mmisa Awurade ansa.” 37Enti, Saulo bisaa Awurade sɛ, “Menkɔ so ntaa Filistifoɔ no? Na wobɛboa yɛn ama yɛadi wɔn so anaa?” Nanso, Awurade amma wɔn mmuaeɛ biara saa ɛda no.

38Enti, Saulo ka kyerɛɛ ntuanofoɔ no sɛ, “Biribi atɔ kyima, enti mehwehwɛ mʼasahene nyinaa. Ɛsɛ sɛ yɛhunu bɔne a yɛayɛ ɛnnɛ. 39Mede Awurade a ɔyii Israel din ka ntam sɛ deɛ woayɛ bɔne no bɛwu, mpo sɛ ɔyɛ me babarima Yonatan!” Na mmarimma no mu baako mpo antumi anka hwee.

40Afei, Saulo ka kyerɛɛ Israelfoɔ no nyinaa sɛ, “Monnyina nohoa; me ne me babarima Yonatan nso bɛgyina ha.” Nnipa no penee so.

41Enti, Saulo bɔɔ Awurade, Israel Onyankopɔn, mpaeɛ sɛ, “Ao Awurade Israel Onyankopɔn, yɛsrɛ wo kyerɛ yɛn deɛ ɔdi fɔ ne deɛ ɔdi bem. Mene Yonatan di fɔ anaasɛ bɔne no wɔ nkurɔfoɔ no mu? Mfomsoɔ no bɛtɔɔ Yonatan ne Saulo so, na nnipa no dii bem.” 42Na Saulo kaa sɛ, “Mommɔ me ne me babarima Yonatan so ntonto.” Na ntonto no bɔɔ Yonatan sɛ ɔdi fɔ.

43Saulo bisaa Yonatan sɛ, “Ka deɛ woayɛ kyerɛ me.”

Yonatan gye too mu sɛ, “Mede ɛwoɔ kakra kaa mʼano. Ɛyɛ kakra bi a na ɛwɔ abaa bi ti so. Na yei yɛ owuo asɛm?”

44Saulo kaa sɛ, “Aane, Yonatan, ɛsɛ sɛ wowuo. Sɛ woanwu wɔ saa asɛm yi ho a, Onyankopɔn nka me na menwu.”

45Ɛhɔ ara na nnipa no sɔre teaam ka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Enti, ɛfata sɛ Yonatan a ɔgyee Israel ɛnnɛ no owuo anaa? Onyame mpa ngu. Ɛberɛ dodoɔ no a Awurade te aseɛ yi, ne tirinwi baako koraa ho nka, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn afa ne so ayɛ anwanwadeɛ ɛnnɛ.” Enti, nnipa no gyee Yonatan, na wɔankum no.

46Na Saulo frɛɛ akodɔm no sɛ wɔnntaa Filistifoɔ no so bio. Enti, Filistifoɔ no sane kɔɔ efie.

Saulo Akodie Mu Nkonimdie

47Saulo nyaa Israel ahennwa no so tenaeɛ a ɔhaw biara mma no, ɔko tiaa nʼatamfoɔ wɔ afanan nyinaa. Ɔko tiaa Moab, Amon, Edom Soba ne Filistifoɔ ahemfo. Na baabiara a ɔkɔeɛ no, ɔdii nkonim. 48Ɔkoo mmarima so, dii Amalekfoɔ so, gyee Israelfoɔ firii wɔn afomfafoɔ nyinaa nsam.

49Na Saulo mmammarima ne Yonatan, Iswi ne Malki-Sua na ne mmammaa baanu nso ne Merab a ɔyɛ panin ne Mikal nso a ɔyɛ akumaa. 50Na Saulo yere din de Ahinoam a na ɔyɛ Ahimaas ba. Na ne sahene din de Abner a na ɔyɛ Saulo agya nua Ner babarima. 51Na Saulo agya Kis ne Abner agya Ner yɛ anuanom a wɔyɛ Abiel mma.

52Ɛberɛ a Saulo dii adeɛ nyinaa, na Filistifoɔ taa ne Israelfoɔ di ako. Enti ɛberɛ biara a Saulo bɛhunu aberanteɛ biara a ne bo yɛ duru na ɔwɔ ahoɔden no, ɔtwe no de no fra nʼakodɔm mu.

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Samuel 14:1-52

Yonatan Akokodurusɛm

1Da bi, Yonatan ka kyerɛɛ aberante a ɔsoa nʼakode se, “Bra na yɛnkɔ baabi a Filistifo no apee so wɔ hɔ no.” Yonatan anka nʼadwene ankyerɛ nʼagya. 2Saa bere no na Saulo ne ne mmarima ahansia no akyere nsraban wɔ Gibea nkwantia wɔ atoaa dua a ɛwɔ Migron no ase. 3(Onipa a na ɔka Saulo mmarima no ho no ne Ahiya a ɔyɛ Awurade sɔfo a na ɔhyɛ sirikyi asɔfotade no. Na Ahiya yɛ Ahitub babarima a ɔyɛ Ikabod nua. Na saa Ahitub no nso yɛ Pinehas babarima a na ɔyɛ Eli nena nso. Na Eli yɛ Awurade sɔfo a na ɔsom wɔ Silo.) Na obiara nnim sɛ Yonatan afi Israel nsraban mu hɔ.

4Ansa na Yonatan beduu Filistifo nsraban mu no, na ɛsɛ sɛ osian fa abotan mmepɔw abien bi a wɔfrɛ no Boses ne Sene no ntam. 5Ɔbotan a etweri hɔ a na ɛwɔ atifi fam no, na ɛkyerɛ Mikmas anim, na nea ɛwɔ anafo fam no nso ɛkyerɛ Geba anim.

6Yonatan ka kyerɛɛ aberante a ɔyɛ nʼakodekurafo no se, “Ma yentwa mu nkɔ abosonsomfo no nkyɛn. Ebia, Awurade bɛboa yɛn, efisɛ biribiara ntumi nsiw Awurade kwan. Obetumi adi ɔko mu nkonim a ɛmfa ho sɛ nʼakofo dɔɔso anaa wosua.”

7Aberante no kae se, “Yɛ nea wugye di sɛ eye biara. Gyinae biara a wubesi no, metaa wʼakyi pintinn.”

8Yonatan kae se, “Eye, yebetwa mu akɔ hɔ, na yɛama wɔahu yɛn. 9Na sɛ wɔka se, ‘Munnyina faako a moadu hɔ ara na anyɛ saa a, yebekum mo’ a, ɛno de, yebegyina a yɛrenkɔ wɔn nkyɛn. 10Na sɛ wɔka se, ‘Momforo mmra mmɛko’ a, ɛno de, yɛbɛforo akɔ soro. Ɛbɛyɛ Awurade nsɛnkyerɛnne sɛ ɔbɛboa yɛn, ama yɛadi wɔn so nkonim.” 11Bere a Filistifo no huu sɛ wɔreba no, wɔteɛɛ mu se, “Monhwɛ o! Hebrifo no na wɔreweawea afi wɔn abon mu no!”

12Na wɔteɛɛ mu frɛɛ Yonatan se, “Foro bra ha na yɛnkyerɛ wo nyansa!” Yonatan ka kyerɛɛ nʼakodekurafo no se, “Bra; foro di mʼakyi na Awurade bɛboa yɛn, ama yɛadi wɔn so nkonim.”

13Enti wɔde wɔn nsa abien ne wɔn anan foroe, na Yonatan ne nʼakodekurafo no kunkum Filistifo no benkum ne nifa. 14Wokunkum mmarima bɛyɛ aduonu maa wɔn amu no dedaa asase a ne trɛw bɛyɛ sɛ eka fa so. 15Ɛhɔ ara, ehu bɔɔ Filistifo asraafo no wɔ nsraban no mu ne akono hɔ nyinaa, na ɛkaa afowfo no mpo. Ɛhɔ ara asase wosow maa obiara koma tui.

Israel Di Filistifo So Nkonim

16Saulo awɛmfo a wɔwɔ Gibea no huu biribi a ɛyɛ wɔn nwonwa. Ɛno ara ne sɛ, Filistifo asraafo no abɔ ahwete mmaa nyinaa. 17Afei, Saulo ka kyerɛɛ mmarima a wɔka ne ho no se, “Monhwɛ asraafo no mu nhwɛ sɛ obi nni hɔ ana.” Wɔhwehwɛ huu sɛ Yonatan ne nʼakodekurafo no na na wonni hɔ.

18Saulo ka kyerɛɛ Ahiya se, “Kɔfa Onyankopɔn Apam Adaka no bra.” (Saa bere no na ɛwɔ Israelfo nkyɛn.) 19Bere a Saulo rekasa akyerɛ ɔsɔfo no, na basabasa a asi Filistifo nsraban no mu no ano den ara na ɛreyɛ. Enti Saulo ka kyerɛɛ ɔsɔfo no se, “Gyae! Ma yɛnkɔ.”

20Afei, Saulo ne ne mmarima ahansia no kaa wɔn ho ntɛm so fii akono hɔ kohuu sɛ, Filistifo no atwa wɔn ho rekunkum wɔn ho wɔn ho. Na ɛhɔ nyinaa ayɛ kitikiti ne basabasa nko ara. 21Mpo, Hebrifo a na wɔdɔm Filistifo asraafo no kɔdɔm Saulo, Yonatan ne Israelfo nkae no. 22Saa ara na mmarima a na wɔakɔtetɛw wɔ mmepɔw mu no huu sɛ Filistifo no reguan no, bɛkaa ho taa wɔn bi. 23Enti Awurade gyee Israel da no. Na ɔko no kɔɔ so ara traa Bet-Awen.

Saulo Ntamhunu

24Afei, saa da no na Israelfo no abrɛbrɛ, efisɛ na Saulo ama wɔaka ntam se, “Nnome mmra obiara a obedidi ansa na onwini atɔ, anaasɛ ansa matɔ mʼatamfo no so were.” Enti obiara amfa hwee anka nʼano da mu no nyinaa, 25ɛwɔ mu, wohuu sɛ ɛwo kyɛm da fam wɔ kwae no ase. 26Wɔamfa wɔn nsa anso ɛwo no mu mpo, efisɛ na wɔn nyinaa suro ntam a wɔaka no. 27Nanso na Yonatan de, ɔntee nʼagya ntam no ho hwee. Ɔde abaa bi nuu ɛwo kyɛm no mu, dii ɛwo no bi. Odi wiee no, ne ho bae no. 28Nanso mmarima no mu baako huu no, ka kyerɛɛ no se, “Wʼagya maa asraafo no kaa ntam a emu yɛ den sɛ, obiara a obedidi nnɛ no, nnome bɛba ne so. Ɛno nti, na obiara ahodwow no.”

29Na Yonatan teɛɛ mu se, “Mʼagya de ɔhaw abɛto yɛn nyinaa so. Mmara a ɛte sɛɛ no pira yɛn. Monhwɛ sɛ ɛwo kakra a midii yi, me ho asisi me ho so. 30Sɛ mmarima no nyaa kwan dii nnuan a wohuu wɔ yɛn atamfo no nkyɛn a, anka mo ara mubehu wɔn dodow a yebekum aka ho.”

31Nanso ɔkɔm no nyinaa akyi, wɔtaa Filistifo no da mu no nyinaa fi Mikmas, kosii Ayalon. Na afei, wɔbrɛbrɛɛ mmoroso. 32Anwummere no, wɔtow guu asade no so, faa nguan, anantwi ne anantwi mma. Wokunkum wɔn, wee wɔn nam ne wɔn mogya nyinaa frae. 33Afei, obi ka kyerɛɛ Saulo se, “Hwɛ! Mmarima no reyɛ bɔne atia Awurade, efisɛ wɔrewe nam a mogya fra mu.”

Na Saulo kae se, “Ɛyɛ bɔne pa ara. Mumpirew ɔbo kɛse bi mmɛto ha. 34Na afei monkɔ mmarima no mu nkɔka nkyerɛ wɔn se, ‘Momfa anantwi no ne nguan no mmra ha mmekum wɔn na monsɔn wɔn mogya mfi wɔn mu. Monnnwe nam a mogya da so wɔ mu mmfa so nyɛ bɔne ntia Awurade.’ ”

Enti anadwo no, asraafo no de wɔn anantwi bae, bekunkum wɔn wɔ hɔ. 35Na Saulo sii afɔremuka wɔ hɔ, de maa Awurade, nea edi kan a osii.

36Na Saulo kae se, “Momma yɛnkɔ Filistifo no so anadwo yi, na yɛnkɔsɛe wɔn ara nkosi ahemadakye a yɛrennyaw wɔn mu baako koraa.” Na wobuae se, “Biribiara a wugye di sɛ eye no, yɛbɛyɛ.”

Nanso ɔsɔfo no kae se, “Momma yenni kan mmisa Awurade ansa.” 37Enti Saulo bisaa Awurade se, “Menkɔ so ntaa Filistifo no? Na wobɛboa yɛn ama yɛadi wɔn so ana?” Nanso Awurade amma wɔn mmuae biara saa da no.

38Enti Saulo ka kyerɛɛ ntuanofo no se, “Biribi atɔ kyima, enti mehwehwɛ mʼasahene nyinaa. Ɛsɛ sɛ yehu bɔne a yɛayɛ nnɛ. 39Mede Awurade a oyii Israel din ka ntam sɛ nea wayɛ bɔne no bewu, mpo sɛ ɔyɛ me babarima Yonatan!” Na mmarima no mu baako mpo antumi anka hwee.

40Afei, Saulo ka kyerɛɛ Israelfo no nyinaa se, “Munnyina nohɔ; me ne me babarima Yonatan nso begyina ha.” Nnipa no penee so.

41Enti Saulo bɔɔ Awurade, Israel Nyankopɔn, mpae se, “Ao Awurade Israel Nyankopɔn, yɛsrɛ wo kyerɛ yɛn nea odi fɔ ne nea odi bem. Mene Yonatan di fɔ anaasɛ bɔne no wɔ nkurɔfo no mu? Mfomso no bɛtɔɔ Yonatan ne Saulo so, na nnipa no dii bem.” 42Na Saulo kae se, “Mommɔ me ne me babarima Yonatan so ntonto.” Na ntonto no bɔɔ Yonatan sɛ odi fɔ.

43Saulo bisaa Yonatan se, “Ka nea woayɛ kyerɛ me.”

Yonatan gye too mu se, “Mede ɛwo kakra kaa mʼano. Ɛyɛ kakraa bi a na ɛwɔ abaa bi ti so. Na eyi yɛ owu asɛm?”

44Saulo kae se, “Yiw, Yonatan, ɛsɛ sɛ wuwu. Sɛ woanwu wɔ saa asɛm yi ho a, Onyankopɔn nka me na minwu.”

45Ɛhɔ ara na nnipa no sɔre teɛɛ mu ka kyerɛɛ Saulo se, “Enti ɛfata sɛ Yonatan a ogyee Israel nnɛ no wu ana? Onyame mpa ngu. Bere dodow no a Awurade te ase yi, ne tinwi baako koraa ho nka, efisɛ Onyankopɔn afa ne so ayɛ anwonwade nnɛ.” Enti nnipa no gyee Yonatan, na wɔankum no.

46Na Saulo frɛɛ asraafo no sɛ wɔnntaa Filistifo no bio. Enti Filistifo no san kɔɔ fie.

Saulo Akodi Mu Nkonimdi

47Saulo nyaa Israel ahengua no so tenae a ɔhaw biara mma no, ɔko tiaa nʼatamfo wɔ afanan nyinaa. Ɔko tiaa Moab, Amon, Edom Soba ne Filistifo ahemfo. Na baabiara a ɔkɔe no, odii nkonim. 48Ɔkoo mmarima so, dii Amalekfo so, gyee Israelfo fii wɔn afowfo nyinaa nsam.

49Na Saulo mmabarima ne Yonatan, Iswi ne Malki-Sua na ne mmabea baanu nso ne Merab a ɔyɛ panyin ne Mikal nso a ɔyɛ akumaa. 50Na Saulo yere din de Ahinoam a na ɔyɛ Ahimaas ba. Na ne sahene din de Abner a na ɔyɛ Saulo agya nua Ner babarima. 51Na Saulo agya Kis ne Abner agya Ner yɛ anuanom a wɔyɛ Abiel mma.

52Bere a Saulo dii ade nyinaa, na Filistifo taa ne Israelfo di ako. Enti bere biara a Saulo behu aberante biara a ne koko yɛ duru na ɔwɔ ahoɔden no, ɔtwe no de no fra nʼasraafo mu.