1 Samuel 13 – ASCB & JCB

Asante Twi Contemporary Bible

1 Samuel 13:1-23

Israel Ne Filistia Akodie

1Ɛberɛ a Saulo dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduasa. Na ɔdii adeɛ mfirinhyia aduanan mmienu.

2Saulo yii akodɔm sononko bi a wɔn dodoɔ yɛ mpensa firii Israel, na ɔmaa nkaeɛ no kɔɔ efie. Ɔfaa akodɔm no mu mpenu kaa ne ho, de wɔn kɔɔ Mikmas ne bepɔ nsase a ɛwɔ Bet-El no so. Akodɔm apem a aka no kaa Saulo babarima Yonatan ho kɔɔ Gibea wɔ Benyamin asase so.

3Yei akyi no, ankyɛre, Yonatan kɔtuaa Filistifoɔ asraafoɔ no dii wɔn so wɔ Geba. Asɛm no trɛɛ ntɛm so wɔ Filistifoɔ no mu. Enti Saulo hyɛn torobɛnto wɔ Israel nyinaa sɛ, “Hebrifoɔ, monsɔre!” 4Israelfoɔ nyinaa tee sɛ Saulo atɔre Filistifoɔ asraafoɔ a wɔwɔ Geba no ase, na ne saa enti, Israelfoɔ ho ayɛ Filistifoɔ no ahi. Enti, Israel akodɔm no nyinaa boaa wɔn ho ano bio hyiaa Saulo wɔ Gilgal.

5Filistifoɔ boaboaa asraadɔm kɛseɛ pa ara ano a wɔkura nteaseɛnam mpensa, apɔnkɔsotefoɔ mpem nsia ne akodɔm a wɔn dodoɔ te sɛ mpoano anwea ano. Wɔkyeree sraban wɔ Mikmas wɔ Bet-Awen apueeɛ fam. 6Ɛberɛ a Israel mmarima no hunuu atamfoɔ no akodɔm mpempem no, wɔn ho dwodwoeɛ enti, wɔyɛɛ sɛ wɔbɛkɔ akɔsuma wɔn ho wɔ abodan, mmena, abotan, aboda ne nsukoraeɛ mu. 7Ebinom twaa Asubɔnten Yordan dwane kɔɔ Gad ne Gilead asase so. Saa ɛberɛ no, na Saulo wɔ Gilgal a ne mmarima a wɔka ne ho no wɔ ahopopoɔ ne suro mu. 8Ɔdii nnanson wɔ hɔ sɛdeɛ Samuel hyɛɛ no sɛ ɔnni no; nanso, Samuel deɛ, wamma Gilgal, na Saulo hunuu sɛ mmarima no rebɔ pete. 9Enti, ɔhyɛɛ sɛ, “Momfa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ no mmrɛ me.” Na Saulo ankasa bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no. 10Ɔrewie afɔdeɛ no bɔ ara pɛ, na Samuel kɔduruu hɔ. Enti, Saulo pue kɔhyiaa no maa no akwaaba.

11Samuel bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na woayɛ yi?”

Saulo buaa sɛ, “Mehunuu sɛ mmarima no rehwete, na womma no, na Filistifoɔ no nso reboa wɔn ho ano wɔ Mikmas no, 12medwenee sɛ, ‘Afei deɛ, Filistifoɔ no bɛsiane abɛtoa me wɔ Gilgal, nanso memmisaa Awurade nkyɛn adom.’ Enti, metee nka sɛ, ɛsɛ sɛ mebɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ansa na woaba.” 13Na Samuel kaa sɛ, “Woadi nkwaseasɛm. Woanni mmara a Awurade, wo Onyankopɔn, hyɛɛ wo no so. Sɛ wodii so a, anka ɔbɛtim wʼahennie ase wɔ Israel afebɔɔ. 14Na seesei, wʼahennie no rentim. Awurade apɛ ɔbarima bi a ɔyɛ nʼakoma apɛdeɛ na wɔayi no sɛ ne nkurɔfoɔ ɔkannifoɔ, ɛfiri sɛ, woanni Awurade mmara no so.”

15Na Samuel firii Gilgal kɔɔ ne baabi na akodɔm no nkaeɛ no ne Saulo kɔhyiaa atamfoɔ no. Wɔfiri Gilgal kɔɔ Gibea a ɛwɔ Benyamin asase so. Saulo kanee mmarima a na wɔka ne ho no, na wɔn ano si aha nsia. 16Na Saulo ne ne babarima Yonatan ne mmarima a ɛka ne ho no te Geba a ɛbɛn Gibea wɔ Benyamin asase so. Saa ɛberɛ no na Filistifoɔ no akyere sraban wɔ Mikmas. 17Ntohyɛsofoɔ akuo mmiɛnsa firii Filistifoɔ sraban mu. Ekuo baako de nʼani kyerɛɛ Ofra ɛkwan so, kɔɔ Sual mpɔtam hɔ. 18Afoforɔ faa Bet-Horon kwan so ɛnna wɔn a wɔka ho nso faa ɛhyeɛ a ɛkyerɛ Seboim bɔnhwa no kwan so, kɔɔ ɛserɛ so fam.

19Saa ɛberɛ no, na ɔtomfoɔ biara nni Israel asase no so baabiara. Filistifoɔ no amma atomfoɔ no kwan, ɛfiri sɛ, wosusuu sɛ atomfoɔ no bɛbɔ akofena ne mpea ama Hebrifoɔ no. 20Enti, na Israelfoɔ no nyinaa kɔ Filistifoɔ nkyɛn kɔse wɔn funtum nnadeɛ, nsɔ, nkuma ne dɔtetuo nnadeɛ ano. 21(Na wɔgye funtum nnadeɛ ne asosɔ a wɔse no biara ho dwetɛ gram nwɔtwe, na sɛ wɔse mmonnua anaa nnadeɛ a, wogye dwetɛ gram ɛnan.) 22Ɛno enti na Israelfoɔ no mu biara nni akofena anaa pea, gye sɛ Saulo ne Yonatan.

23Saa ɛberɛ no mu, na Filistifoɔ asraafoɔ no fa bi akɔ akɔfa tempɔn a ɛda Mikmas no.

Japanese Contemporary Bible

サムエル記Ⅰ 13:1-23

13

サウルの失敗

1サウルが王位についてから、一年が過ぎました。サウルは治世の二年目に、 2三千人の精兵を選びました。このうち二千人はサウルとともにミクマスとベテルの山地にこもり、残りの千人はサウルの息子ヨナタンに統率されて、ベニヤミン領のギブアにとどまりました。残りの者は自宅待機となりました。 3-4そののちヨナタンは、ゲバに駐屯していたペリシテ人の守備隊を攻略し、そのニュースがたちまちペリシテの領土中に広まりました。サウルは全イスラエルに戦闘準備の指令を出し、ペリシテ人の守備隊を破ったことで、ペリシテ人の大きな反発を買った事情を訴えました。イスラエルの全軍が再びギルガルに召集され、 5ペリシテ側も兵力を増強し、戦車三千、騎兵六千、それに浜辺の砂のようにひしめくほどの兵士たちを集結させました。そして、ベテ・アベンの東にあるミクマスに陣を敷いたのです。

6イスラエル人は敵のおびただしい軍勢を見るなり、すっかりおじけづいてしまい、先を争ってほら穴や茂みの中、岩の裂け目、それに地下の墓所や水ためにまでも隠れようとしました。 7中には、ヨルダン川を渡って、ガドやギルアデ地方まで逃げ延びようとする者も出ました。その間、サウルはギルガルにとどまっていましたが、従者たちは、どうなることかと恐怖に震えていました。

8サムエルはサウルに、自分が行くまで七日間待つように言ってありました。ところが、七日たってもサムエルは現れません。サウル軍は急に動揺し始め、統制が取れなくなりそうな形勢です。 9困ったサウルは、祭司ではないのに、自分で焼き尽くすいけにえと和解のいけにえをささげようと決心しました。 10こうして、サウルがちょうどいけにえをささげた直後、サムエルが姿を現したのです。サウルが迎えに出て祝福を受けようとすると、 11サムエルは、「あなたはなんということをしたのか」と問い詰めました。

サウルは答えました。「兵士たちは逃げ出そうとしておりましたし、あなたも約束どおりおいでになりません。ペリシテ人は、今にも飛びかからんばかりにミクマスで構えています。 12敵はすぐにも進撃してくるでしょう。なのに、まだ神様に助けを請うていません。とてもあなたを待ちきれませんでした。それでやむなく、自分でいけにえをささげてしまったのです。」

13「なんと愚かなことを!」サムエルは思わず叫びました。「よくもあなたの神、主の命令を踏みにじってくれた。主はあなたの家系を、子々孫々まで、永遠にイスラエルの王に定めておられたのに。 14だが、もはやあなたの王家も終わりだ。主が望んでおられるのは、ご自分に従う者なのだ。すでに、お心にかなう人を見つけて、王としてお立てになっている。あなたが命令に背いたからだ。」

15サムエルはギルガルを発って、ベニヤミン領内にあるギブアに上って行きました。

一方、サウルは自分の指揮下にある兵を数えてみました。すると、たった六百人しか残っていませんでした。 16サウルとヨナタンとこれらの兵は、ベニヤミンのゲバに駐屯し、ペリシテ人はミクマスに腰をすえていました。 17やがて三つの攻撃部隊が、ペリシテ人の陣営からくり出されました。一隊はシュアルの地にあるオフラに向かい、 18もう一隊はベテ・ホロンに向かい、第三の隊は荒野に接するツェボイムの谷を見下ろす境界へと進軍したのです。

19当時、イスラエルには鍛冶屋がありませんでした。イスラエル人が剣や槍を作ることを恐れたペリシテ人が、鍛冶屋の存在を許さなかったからです。 20そこで、イスラエル人がすき、くわ、斧、かまなどを研ぎたい場合は、ペリシテ人の鍛冶屋を訪ねなければなりませんでした。 21すきやくわの研ぎ料、斧や突き棒の修理料は一ピム(一シェケル=銀十一・四グラムの三分の二)でした。 22この時、イスラエル兵の中で剣や槍を持っているのはサウルとヨナタンだけでした。 23そうこうするうち、ミクマスへ通じる山道は、ペリシテ軍の先陣によって厳重に封鎖されました。