1 Samuel 12 – ASCB & CCB

Asante Twi Contemporary Bible

1 Samuel 12:1-25

Samuel Nkradie

1Afei, Samuel kasa kyerɛɛ ɔman no bio sɛ, “Deɛ mopɛɛ sɛ meyɛ no mayɛ, mama mo ɔhene. 2Matwa me mmammarima ho ayi no, na megyina ha sɛ akɔkoraa tidwono. Masom sɛ mo ɔkannifoɔ firi me mmɔfraase. 3Afei, monka nkyerɛ me, ɛberɛ a megyina Awurade ne deɛ wɔasra no wɔ ne din mu anim yi, hwan nantwie anaa nʼafunumu na mawia? Masisi mo mu bi pɛn anaa? Madi mo nya pɛn anaa? Magye adanmudeɛ bi pɛn anaa? Sɛ mayɛ bɔne bi a, monka nkyerɛ me, na mɛtenetene deɛ manyɛ no yie.”

4Wɔbuaa sɛ, “Dabi, wonsisii yɛn, na wonnii yɛn nya ɛkwan biara so, na wonnyee adanmudeɛ fua pɛ mpo.”

5Samuel kaa sɛ, “Awurade ne ne onipa a wɔasra no no yɛ mʼadansefoɔ sɛ morentumi nka sɛ mabɔ mo korɔno.”

Wɔn nyinaa kaa sɛ, “Ampa ara, ɛyɛ nokorɛ!”

6Samuel toaa so sɛ, “Ɛyɛ Awurade na ɔyii Mose ne Aaron. Ɔno na ɔyii mo agyanom firii Misraim asase so. 7Seesei, monnyina ha dinn wɔ Awurade anim ɛberɛ a megu so rekaakae mo nneɛma akɛseɛ a Awurade ayɛ ama mo ne mo agyanom no.

8“Ɛberɛ a na Israelfoɔ wɔ Misraim na wɔsu frɛɛ Awurade no, ɔsomaa Mose ne Aaron sɛ, wɔnnyi wɔn mfiri Misraim, na wɔmfa wɔn mmra saa asase yi so.

9“Nanso, ankyɛre biara na nnipa no werɛ firii Awurade, wɔn Onyankopɔn, enti ɔmaa Sisera a ɔyɛ Hasor akodɔm sahene no ne Filistifoɔ ne Moabhene dii wɔn so. 10Afei, wɔsu frɛɛ Awurade bio, na wɔpaee mu kaa wɔn bɔne sɛ, ‘Yɛayɛ bɔne sɛ yɛatwe yɛn ho afiri Awurade ho, na yɛresom ahoni Baalim ne Astoret. Na sɛ wogye yɛn firi yɛn atamfoɔ nsam a, yɛbɛsom wo, na wo nko ara na yɛbɛsom.’ 11Na Awurade somaa Yerub-Baal, Barak, Yefta ne Samuel, na ɔgyee mo firii mo atamfoɔ nsam na mobɛtenaa asomdwoeɛ mu.

12“Nanso, mosuroo Amonfoɔ ɔhene Nahas enti, moka kyerɛɛ me sɛ, ‘Dabi, yɛrepɛ ɔhene ama wadi yɛn so’—nanso na Awurade mo Onyankopɔn yɛ mo so ɔhene. 13Afei, mo ɔhene a moayi no nie; deɛ mobisaeɛ no. Hwɛ, Awurade ayɛ mo apɛdeɛ ama mo. 14Sɛ mosuro Awurade, na mosom no, tie nʼasɛm, na sɛ moammu ne mmara so, na mo ne mo ɔhene a ɔdi mo so no nyinaa di Awurade, mo Onyankopɔn akyi a, biribiara bɛyɛ yie. 15Na sɛ moantie Awurade, na motia ne mmara a, ne nsa bɛyɛ duru wɔ mo so sɛdeɛ ɛyɛɛ mo agyanom so no.

16“Enti afei, monnyina hɔ dinn, na monhwɛ ade kɛseɛ a Awurade rebɛyɛ. 17Monim sɛ saa ɛberɛ yi a ɛyɛ ayuotwaberɛ yi, osuo nntɔ. Mɛma Awurade adwa aprannaa na ama osuo atɔ. Afei mobɛhunu bɔne a moyɛeɛ sɛ mobisaa ɔhene no.”

18Ɛhɔ ara Samuel frɛɛ Awurade, na ɛda no ara, Awurade dwaa aprannaa, tɔɔ osuo. Nnipa no nyinaa suroo Awurade ne Samuel. 19Nnipa no nyinaa ka kyerɛɛ Samuel sɛ, “Bɔ Awurade, wo Onyankopɔn, mpaeɛ ma wʼasomfoɔ sɛdeɛ yɛrenwuo, na yɛrenyɛ bɔne nka yɛn bɔne ahodoɔ nyinaa ho sɛ yɛabisa ɔhene.”

20Samuel buaa sɛ, “Monnsuro. Moayɛ saa bɔne yi nyinaa bi deɛ, nanso monnnane mo ani mfiri Awurade so, na momfa mo akoma nyinaa nsom Awurade. 21Monnsane nkɔdi ahoni huhuo a wɔrenyɛ mo papa biara, na wɔrentumi nnye mo nkwa no akyi, ɛfiri sɛ, wɔn ho nni mfasoɔ. 22Esiane ne din kɛseɛ no enti, Awurade rempo ne nkurɔfoɔ. Awurade afa mo sɛ nʼankasa nʼadeɛ. 23Na me deɛ, merenyɛ bɔne ntia Awurade sɛ meremmɔ mpaeɛ mma mo. Na mɛkɔ so akyerɛ mo papa ne bɔne. 24Nanso, monhwɛ sɛ mobɛsuro Awurade na moasom no nokorɛm. 25Na sɛ mokɔ so yɛ bɔne a, wɔbɛsɛe mo ne mo ɔhene nyinaa.”

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

撒母耳记上 12:1-25

撒母耳的临别警戒

1撒母耳以色列人说:“看啊,我已照你们的要求为你们立了一个王。 2你们已经有君王了。我自幼带领你们,现在已年老发白,我的儿子也都在你们这里。 3如今我站在这里,你们只管在耶和华和祂膏立的王面前为我作证,我夺过谁的牛?抢过谁的驴?欺骗过谁?压迫过谁?收过谁的贿赂而徇私枉法?如果有的话,我一定偿还。” 4他们答道:“你没有欺骗、压迫过我们,也没有拿过任何人的东西。” 5撒母耳对他们说:“耶和华和祂所膏立的王今天为我作证,我没有拿过你们任何人的东西。”他们说:“是的,耶和华为证。”

6撒母耳继续说:“是耶和华派摩西亚伦带领你们的祖先离开埃及7现在,你们都要站在耶和华面前,让我来提醒你们有关耶和华过去曾为你们和你们祖先所做的一切公义作为。 8从前,雅各曾迁到埃及,你们的祖先受到埃及人的压迫,向耶和华呼求,耶和华就差遣摩西亚伦带领他们离开埃及,来到这里居住。 9他们却忘记了他们的上帝耶和华,于是耶和华让他们落入夏琐的将军西西拉非利士人和摩押王的手中,这些人常常攻击他们。 10他们就向耶和华呼求,‘耶和华啊,我们犯了罪,我们背弃了你去供奉巴力亚斯她录,现在求你从仇敌手中救我们,我们必事奉你。’ 11耶和华就派耶路·巴力比但耶弗他撒母耳12:11 耶路·巴力、比但、耶弗他和撒母耳”有古卷作“基甸、巴拉、耶弗他和参孙”。从周围的敌人手中救你们,使你们安然居住。 12可是你们看到亚扪拿辖来攻击你们,就对我说,‘不行,我们要有一个王来统治我们。’其实你们的上帝耶和华就是你们的王。 13现在,你们所求所选的王在这里,耶和华为你们立了一位王。 14如果你们敬畏耶和华,事奉祂,听从祂的吩咐,不违背祂的命令,你们和统治你们的王都愿意跟从祂,一切都会顺利。 15如果你们不听从耶和华的话,违背祂的命令,祂就会像从前惩罚你们的祖先一样惩罚你们。 16现在你们站着留心看,耶和华就要在你们面前行一件大事。 17你们都知道收割麦子的时候不会下雨。现在,我要向耶和华祷告,求祂打雷降雨,好让你们知道,你们要求立王在耶和华眼中是多么大的罪。” 18于是,撒母耳向耶和华呼求,耶和华便在当天打雷降雨,民众非常害怕耶和华和撒母耳

19他们求撒母耳,说:“求你为仆人们向你的上帝耶和华祈祷,免得我们死亡!因为我们要求立王是罪上加罪。” 20撒母耳说:“不要害怕,你们虽然做了这恶事,但不可离开耶和华,要全心全意地事奉祂。 21不要去追求其他虚无的假神,它们对你们毫无益处,也不能拯救你们。 22耶和华不会丢弃祂的子民,使自己的大名受损,祂乐意使你们做祂的子民。 23至于我,我会不断地为你们祈祷,免得我得罪耶和华。我会教导你们行善道、走正路。 24你们要单单敬畏耶和华,全心全意地事奉他,想想他为你们做了何等伟大的事。 25可是,如果你们仍然继续行恶,你们和你们的王都必灭亡。”