1 Samuel 10 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

1 Samuel 10:1-27

Samuel Sra Saulo Ngo

1Afei, Samuel faa ngotoa a ngo wɔ mu hwie guu Saulo tirim, fee nʼafono ho, kaa sɛ, “Mereyɛ yei de akyerɛ sɛ Awurade apa wo sɛ ɔkannifoɔ ama ne ɔman Israel. 2Sɛ wogya me ha ɛnnɛ na worekɔ a, wobɛhyia mmarima baanu wɔ baabi a ɛbɛn Rahel ɛda a ɛwɔ Selsa a ɛbɛn Benyamin hyeɛ no. Wɔbɛka akyerɛ wo sɛ, ‘Mfunumu a motuu ho anammɔn kɔhwehwɛɛ wɔn no, wɔahu wɔn. Enti, seesei, wʼagya agyae wɔn ho dwene, na mmom, mo ho na ɔredwene. Ɔtaa bisa sɛ, “Obi ahunu me babarima no anaa?” ’

3“Moduru dua kɛseɛ bi a ɛsi Tabor ho a mobɛhyia mmarima baasa bi a wɔfiri Bet-El rekɔ akɔsom Onyankopɔn. Ɔbaako so mmirekyie mma mmiɛnsa, ɔbaako nso so burodo mua mmiɛnsa ɛnna deɛ ɔka ho no nso so nsã aboa nwoma kotokuo baako. 4Wɔbɛkyea mo, na wɔama mo burodo mua mmienu, na ɛsɛ sɛ mogye firi wɔn nkyɛn.

5“Na sɛ moduru Onyankopɔn kokoɔ a ɛwɔ Gibea a Filistifoɔ akodɔm abɔ kyɛmpem wɔ hɔ no a, mobɛhunu adiyifoɔ asafodɔm sɛ wɔfiri afɔrebukyia a ɛwɔ bepɔ no so hɔ resiane ba. Ɛhɔ na mobɛhyia adiyifoɔ asafo a wɔresiane firi bepɔ no so hɔ reba na bɛnta ne mpintin ne mmɛn ne nsankuo di wɔn anim a wɔrehyɛ nkɔm. 6Saa ɛberɛ no, Awurade Honhom bɛba wo so wɔ tumi mu, na wo ne wɔn bɛhyɛ nkɔm. Wobɛsakyera ayɛ onipa foforɔ. 7Saa nsɛnkyerɛnneɛ yi akyi no, yɛ deɛ wogye di sɛ ɛyɛ biara, na Onyankopɔn bɛka wo ho. 8Afei, siane di mʼanim kɔ Gilgal10.8 Kronkronbea a ɛdi ɛkan a wɔsii no Kanaan no, wɔtoo ne fapem wɔ Gilgal (Yos 4.19-24). na kɔtwɛn me wɔ hɔ nnanson. Mɛba abɛka wo ho wɔ hɔ, na yɛabɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Na sɛ meduru hɔ a, mɛkyerɛ wo deɛ ɛsɛ sɛ woyɛ bio.”

Samuel Nsɛnkyerɛnneɛ Ba Mu

9Saulo danee ne ho pɛɛ sɛ ɔkɔ ara pɛ, Onyankopɔn sesaa nʼakoma, na Samuel nsɛnkyerɛnneɛ nyinaa baa mu da no. 10Ɛberɛ a Saulo ne ne ɔsomfoɔ no duruu Gibea no, wɔhunuu sɛ adiyifoɔ no reba. Afei Onyankopɔn honhom baa Saulo so, na ɔno nso hyɛɛ aseɛ hyɛɛ nkɔm. 11Ɛberɛ a ne nnamfonom tee saa asɛm yi no, wɔteaam sɛ, “Asɛm bɛn na moreka yi? Saulo nso abɛyɛ nkɔmhyɛni? Ɛyɛɛ dɛn na Kis babarima tumi bɛyɛɛ nkɔmhyɛni?”

12Nanso, ɛhɔni bi kaa sɛ, “Sɛdeɛ nʼagya te deɛ, ɛmfa ho; obiara tumi bɛyɛ nkɔmhyɛni.” Enti, ɛbɛyɛɛ sɛnnahɔ sɛ, “Enti, Saulo nso abɛyɛ nkɔmhyɛni?” 13Saulo gyaee nkɔmhyɛ no, ɔforo bepɔ no kɔɔ afɔrebukyia no so.

14Ɔduruu hɔ no, Saulo wɔfa bisaa no sɛ, “Ɛhefa na wokɔeɛ a dadaada yɛnhunuu wo yi?”

Saulo buaa sɛ, “Yɛkɔhwehwɛɛ mfunumu a wɔayera no, nanso yɛanhunu wɔn. Ɛno enti, yɛkɔɔ odiyifoɔ Samuel nkyɛn kɔbisaa no baabi a wɔwɔ.”

15Ne wɔfa no bisaa sɛ, “Saa? Na asɛm bɛn na ɔkaeɛ?”

16Saulo buaa sɛ, “Ɔkaa sɛ, wɔahunu mfunumu no.” Nanso, Saulo anka ankyerɛ ne wɔfa no sɛ Samuel asra no ngo sɛ wɔbɛsi no ɔhene.

17Samuel frɛɛ Israelfoɔ nyinaa baa Awurade anim wɔ Mispa,10.17 Mispa na na wɔtaa hyia ma ɔmanfoɔ dwendwene wɔn nsɛnhia ho (Ate 20.1; 21.1). 18na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛdeɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ nie, ‘Mede Israelfoɔ firi Misraim baeɛ, na megyee mo firii Misraim tumi ne wɔn a wɔdi mo nya no nyinaa ase.’ 19Nanso, ɛwom sɛ mayɛ bebree ama mo deɛ, nso moapo me aka sɛ, ‘Yɛpɛ ɔhene.’ Enti, afei, momfa mo mmusuakuo ne mo mmusua mmra Awurade anim.”

20Samuel maa Israel mmusuakuo nyinaa baeɛ no, Benyamin abusuakuo na wɔyii wɔn. 21Afei ɔmaa Benyamin abusuakuo no mu mmusua nyinaa baa Awurade anim na wɔyii Matri abusua, ɛnna awieeɛ no wɔyii Kis babarima Saulo. Na wɔhwehwɛɛ no no, na wɔnhunu baabi a wafa. 22Enti, wɔbisaa Awurade sɛ, “Na ɔwɔ he?”

Na Awurade buaa sɛ, “Aane, ɔde ne ho ahinta nneɛma mu.”

23Enti, wɔtuu mmirika kɔfaa no baeɛ. Na ɔbɛgyinaa nnipa no mu no na ne tenten bunkam fa obiara so. 24Samuel ka kyerɛɛ nnipa no nyinaa sɛ, “Ɔbarima a Awurade apa no sɛ mo ɔhene nie. Obiara nni Israel ha a ɔne no sɛ.”

Afei, nnipa no nyinaa bɔ gyee so sɛ, “Ɔhene nkwa so!”

25Samuel kyerɛkyerɛɛ mmara a ɛbata saa ahennie no ho kyerɛɛ nnipa no. Ɔtwerɛ guu nwoma mmobɔeɛ so, de kɔtoo Awurade anim. Afei, Samuel gyaa ɔmanfoɔ no kwan ma wɔkɔɔ wɔn afie.

26Saulo nso kɔɔ ne fie wɔ Gibea na nnipakuo bi a Onyankopɔn aka wɔn akoma de wɔn ho bɛbɔɔ no. 27Nanso, amumuyɛfoɔ bi kaa sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na saa onipa yi atumi agye yɛn?” Wɔsopaa no a wɔammrɛ no akyɛdeɛ biara. Nanso Saulo ammua wɔn.