1 Petro 1 – ASCB & CST

Asante Twi Contemporary Bible

1 Petro 1:1-25

1Krataa yi firi Yesu Kristo ɔsomafoɔ Petro nkyɛn,

Meretwerɛ krataa yi akɔma Onyankopɔn nnipa a wɔahwete sɛ ahɔhoɔ kɔ Ponto, Galatia, Kapadokia, Asia ne Bitinia amantam mu no. 2Onyankopɔn, yɛn Agya, na ɛfiri teteete no ɔfrɛɛ mo. Na ɔnam ne Honhom so ayɛ mo kronkron. Ɛno enti, moayɛ ɔsetie ama Yesu Kristo, na ɔde ne mogya ate mo ho:

Adom ne asomdwoeɛ a ɛdɔɔso nka mo.

Anidasoɔ

3Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no ase. Esiane nʼahummɔborɔ dodoɔ enti, ɔnam nyane a ɔnyanee Yesu Kristo firii owuo mu no so ama yɛn nkwa foforɔ. Yei ma yɛnya anidasoɔ a atim, 4enti yɛrehwɛ anim sɛ yɛbɛnya nhyira dodoɔ a Onyankopɔn akora a ɔde bɛma ne mma no bi. Ɔde asie wɔ ɔsoro ama mo ɛfiri sɛ, ɛhɔ deɛ, ɛremporɔ anaa ɛrensɛe, na ɛrempa nso. 5Na Onyankopɔn gyina ne tumi kɛseɛ no so bɛhwɛ sɛ mobɛduru hɔ asomdwoeɛ mu, na mo nsa aka, ɛfiri sɛ, mogye no di. Ɛbɛyɛ mo dea nna a ɛdi akyire no mu ama obiara ahunu. 6Ɛwom sɛ, ebia, ɛsiane ɔhaw bebree a mobɛfa mu no enti, mo werɛ bɛho deɛ, nanso momma mo ani nnye saa asɛm yi ho. 7Ɔhaw ba sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛhunu sɛ mo gyidie no yɛ kann. Sikakɔkɔɔ a wɔtumi sɛe no no mpo, wɔde ogya sɔ hwɛ. Enti, mo gyidie a ɛsom bo kyɛn sikakɔkɔɔ no, ɛsɛ sɛ wɔsɔ hwɛ hunu sɛ, ɛbɛtumi atim anaa. Ɛno ansa na da a Yesu Kristo bɛba no, mobɛnya animuonyam. 8Ɛwom sɛ monhunuu Yesu deɛ, nanso modɔ no. Monhunu no seesei deɛ, nanso mogye no di. Anigyeɛ a moanya no boro so 9ɛfiri sɛ, mo nsa reka gyidie ho mfasoɔ a ɛyɛ mo kra nkwagyeɛ no.

10Saa nkwagyeɛ yi na tete adiyifoɔ no de boasetɔ hwehwɛɛ mu, ɛberɛ a wɔhyɛɛ saa akyɛdeɛ yi a Onyankopɔn de bɛma mo no ho nkɔm. 11Wɔpɛɛ sɛ wɔhunu ɛberɛ no ne ɛkwan a ɛnam so bɛba. Saa ɛberɛ yi ne ɛberɛ a Kristo Honhom a ɔte wɔn mu no kyerɛɛ wɔn wɔ nkɔmhyɛ mu sɛ Kristo bɛhunu amane, na akyire no wanya animuonyam. 12Onyankopɔn daa no adi kyerɛɛ saa adiyifoɔ no sɛ, wɔanyɛ wɔn adwuma no amma wɔn ho, na mmom, wɔyɛ de som mo. Wɔnam Honhom Kronkron a wɔsomaa no firii ɔsoro no tumi so kaa Asɛmpa no kyerɛɛ mo. Yei yɛ adeɛ a ɛyɛ nwanwa yie, na abɔfoɔ mpo de anigyeɛ sononko rehwɛ anwanwadwuma a ɛrekɔ so yi.

13Enti, monsi mo adwene pi na monni mo ho so. Monnyina yie ma momma mo ani nna nhyira a wɔde bɛma mo wɔ Yesu Kristo ba a ɔbɛba no mu no so. 14Montie Onyankopɔn, na mommma akɔnnɔ abrabɔ a ɛdii mo so ɛberɛ a na monnim no nni mo so. 15Na mmom, monyɛ kronkron wɔ biribiara a moyɛ mu sɛdeɛ Onyankopɔn a ɔfrɛɛ mo no yɛ kronkron no. 16Atwerɛsɛm no aka sɛ, “Ɛsɛ sɛ moyɛ kronkron, ɛfiri sɛ, meyɛ kronkron.”

17Monkae sɛ mo Agya a ɔwɔ ɔsoro a mobɔ no mpaeɛ no renhwɛ nnipa anim wɔ nʼatemmuo mu. Ɛno enti mo nna a aka mo wɔ asase yi so no, momfa anidie nyinaa mma no. 18Ɛfiri sɛ, monim bo a wɔtua de gyee mo firii abrabɔ bɔne a mo nananom kyerɛɛ mo no mu. Ɛnyɛ adeɛ a ɛhwere ne boɔ a ɛsom te sɛ dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ no. 19Na mmom Kristo a ɔyɛ odwammaa a ɔnni dɛm no de ne ho bɔɔ afɔdeɛ a ne boɔ yɛ den ma monyaa ahofadie. 20Ansa na wɔrebɔ ewiase no, na Onyankopɔn ayi no, na mo enti na nna a ɛdi akyire no, wɔdaa no adi. 21Ɛnam ne so na mogyee Onyankopɔn a ɔnyanee no firii awufoɔ mu na ɔmaa no animuonyam no diiɛ. Ɛnam ne so ama mo gyidie ne mo anidasoɔ atim wɔ Onyankopɔn mu.

22Seesei a moayɛ ɔsetie ama nokorɛ no, mo ho ate. Ɛno enti, monnodɔ mo nuanom agyidifoɔ nokorɛ mu. Momfiri mo akoma nyinaa mu nnodɔ mo ho mo ho. 23Ɛfiri sɛ, wɔawo mo foforɔ; wɔanwo mo ɛmfiri aba a ɛporɔ mu, na mmom, ɛfiri Onyankopɔn asɛm a ɛmporɔ mu. 24Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no aka no,

“Nnipa nyinaa te sɛ ɛserɛ;

na wɔn animuonyam te sɛ nhwiren.

Ɛserɛ no wu ma ne nhwiren no po,

25nanso Awurade asɛm no wɔ hɔ daa nyinaa.”

Yei ne asɛm a Asɛmpa no de brɛɛ mo.

Nueva Versión Internacional (Castilian)

1 Pedro 1:1-25

1Pedro, apóstol de Jesucristo,

a los elegidos, extranjeros dispersos por el Ponto, Galacia, Capadocia, Asia y Bitinia, 2según la previsión1:2 la previsión. Lit. el conocimiento previo. de Dios el Padre, mediante la obra santificadora del Espíritu, para obedecer a Jesucristo y ser redimidos1:2 redimidos. Lit. rociados. por su sangre:

Que abunden en vosotros la gracia y la paz.

Alabanza a Dios por una esperanza viva

3¡Alabado sea Dios, Padre de nuestro Señor Jesucristo! Por su gran misericordia, nos ha hecho nacer de nuevo mediante la resurrección de Jesucristo, para que tengamos una esperanza viva 4y recibamos una herencia indestructible, incontaminada e inmarchitable. Tal herencia está reservada en el cielo para vosotros, 5a quienes el poder de Dios protege mediante la fe hasta que llegue la salvación que se ha de revelar en los últimos tiempos. 6Esto es para vosotros motivo de gran alegría, a pesar de que hasta ahora habéis tenido que sufrir diversas pruebas por un tiempo. 7El oro, aunque perecedero, se acrisola al fuego. Así también vuestra fe, que vale mucho más que el oro, al ser acrisolada por las pruebas demostrará que es digna de aprobación, gloria y honor cuando Jesucristo se revele. 8Vosotros le amáis a pesar de no haberle visto; y, aunque no le veis ahora, creéis en él y os alegráis con un gozo indescriptible y glorioso, 9pues estáis obteniendo la meta de vuestra fe, que es vuestra salvación.

10Los profetas, que anunciaron la gracia reservada para vosotros, estudiaron cuidadosamente esta salvación. 11Querían descubrir a qué tiempo y a qué circunstancias se refería el Espíritu de Cristo, que estaba en ellos, cuando testificó de antemano acerca de los sufrimientos de Cristo y de la gloria que vendría después de estos. 12A ellos se les reveló que no se estaban sirviendo a sí mismos, sino que os servían a vosotros. Hablaban de las cosas que ahora os han anunciado los que os predicaron el evangelio por medio del Espíritu Santo enviado del cielo. Aun los mismos ángeles anhelan contemplar esas cosas.

Sed santos

13Por eso, disponeos para actuar con inteligencia;1:13 disponeos … inteligencia. Lit. ceñidos los lomos de su mente. tened dominio propio; poned vuestra esperanza completamente en la gracia que se os dará cuando se revele Jesucristo. 14Como hijos obedientes, no os amoldéis a los malos deseos que teníais antes, cuando vivíais en la ignorancia. 15Más bien, sed santos en todo lo que hagáis, como también es santo quien os llamó; 16pues está escrito: «Sed santos, porque yo soy santo».1:16 Lv 11:44,45; 19:2; 20:7; Is 40:6-8 17Ya que invocáis como Padre al que juzga con imparcialidad las obras de cada uno, vivid con temor reverente mientras seáis peregrinos en este mundo. 18Como bien sabéis, vosotros fuisteis rescatados de la vida absurda que heredasteis de vuestros antepasados. El precio de vuestro rescate no se pagó con cosas perecederas, como el oro o la plata, 19sino con la preciosa sangre de Cristo, como de un cordero sin mancha y sin defecto. 20Cristo, a quien Dios escogió antes de la creación del mundo, se ha manifestado en estos últimos tiempos en vuestro beneficio. 21Por medio de él creéis en Dios, que lo resucitó y glorificó, de modo que vuestra fe y vuestra esperanza están puestas en Dios.

22Ahora que os habéis purificado obedeciendo a la verdad y tenéis un amor sincero por los hermanos, amaos de todo corazón1:22 de todo corazón. Var. con corazón puro. los unos a los otros. 23Pues habéis nacido de nuevo, no de simiente perecedera, sino de simiente imperecedera, mediante la palabra de Dios que vive y permanece. 24Porque

«todo mortal es como la hierba,

y toda su gloria como la flor del campo;

la hierba se seca y la flor se cae,

25pero la palabra del Señor permanece para siempre».1:25 Is 40:6-8

Y esta es la palabra del evangelio que se os ha anunciado.