1 Mose 6 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

1 Mose 6:1-22

Nnipa Ne Bɔne

1Ɛberɛ a nnipa dɔɔso wɔ asase so no, wɔwoo mmammaa. 2Onyankopɔn mmammarima no hunuu sɛ nnipa mmammaa no ho yɛ fɛ enti, deɛ obiara pɛ no no, ɔfaa no wareeɛ. 3Afei, Awurade kaa sɛ, “Me honhom rentena nnipa mu nkɔsi daa, ɛfiri sɛ, wɔyɛ ɔhonam; na wɔn nkwa nna bɛyɛ mfeɛ ɔha aduonu.”

4Saa ɛberɛ no, na nnipa akwabrane wɔ asase no so. Ɛberɛ a Onyankopɔn mmammarima yi kɔɔ nnipa mmammaa yi ho no, wɔne wɔn wowoeɛ. Saa nnipa yi ne kane tete nnipa atitire a na wɔyɛ akofoɔ a wɔgyee edin no.

5Awurade Onyankopɔn hunuu sɛ adasamma amumuyɛ adɔɔso wɔ asase so, na nnipa nsusuiɛ nyinaa yɛ bɔne nko ara. 6Ɛyɛɛ Awurade Onyankopɔn awerɛhoɔ sɛ ɔbɔɔ wɔn bɛtenaa asase so. Saa bɔne no yɛɛ Awurade Onyankopɔn awerɛhoɔ. 7Awurade kaa sɛ, “Mɛpepa nnipa a mabɔ wɔn no afiri asase so; mmoa ne mmoa a wɔwea asase so ne ewiem nnomaa, ɛfiri sɛ, ɛyɛ me ya sɛ mebɔɔ wɔn.” 8Nanso, Noa deɛ, ɔnyaa adom Awurade anim.

9Noa awoɔ ntoatoasoɔ nie.

Na Noa yɛ onipa teneneeni a ne ho nni asɛm wɔ ne berɛsofoɔ mu. Ɔyɛɛ Onyankopɔn apɛdeɛ. 10Noa woo mmammarima baasa na wɔn din de Sem, Ham ne Yafet.

11Na bɔne ahyɛ asase so ma a amumuyɛsɛm adɔɔso. 12Onyankopɔn hunuu saa bɔne yi nyinaa wɔ asase so, hunuu awurukasɛm ne amumuyɛsɛm, afanan nyinaa nso. 13Enti, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ, “Esiane sɛ nnipa ama basabasa aba asase so enti, mɛsɛe nnipa ne asase a wɔte so no nyinaa. 14Fa ɔwawa dua yɛ adaka. Yɛ adan wɔ Adaka no mu, na fa ama ka emu ne akyire nyinaa. 15Sei na ɛsɛ sɛ woyɛ no: ma ne tenten nyɛ anammɔn ahanan aduonum, ne trɛ anammɔn aduɔson enum, na ne ɔsorokɔ nso nyɛ anammɔn aduanan enum. 16Bɔ adaka no so. Ma ne ɔsorokɔ nyɛ bɛyɛ sɛ nsateakwaa dunwɔtwe. Fa ɛpono to adaka no nkyɛn, na yɛ nsamsoɔ mmiɛnsa; deɛ ɛdi ɛkan, deɛ ɛda ntam ne deɛ ɛwɔ soro. 17Tie! Mede nsuyire bɛkata asase so nyinaa, na mede asɛe abɔdeɛ a nkwa wɔ mu; biribiara a nkwa wɔ mu no, ne nyinaa bɛwuwu. 18Na wo deɛ, me ne wo bɛyɛ apam; na wo, wo mmammarima, wo yere ne wo mmammarima yerenom nyinaa ne wo bɛba Adaka no mu. 19Ɛsɛ sɛ wode abɔdeɛ a nkwa wɔ mu nyinaa, mmienu mmienu a, ɛyɛ onini ne ɔbereɛ a, wo ne wɔn bɛtena adaka no mu nsuyire berɛ no a, wɔnwuwuo. 20Nnomaa ahodoɔ biara mmienu, mmoa biara mmienu, ne abɔdeɛ biara a ɛwea asase so mmienu bɛba wo nkyɛn, na woahwɛ wɔn, na wɔanwuwu. 21Afei, fa nnuane ahodoɔ a, wɔdie na kora. Ɛno na ɛbɛyɛ wo ne wɔn nnuane a mobɛdi.”

22Noa yɛɛ biribiara pɛpɛɛpɛ, sɛdeɛ Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no.