1 Mose 50 – ASCB & NIRV

Asante Twi Contemporary Bible

1 Mose 50:1-26

Wɔsie Yakob Wɔ Kanaan

1Afei, Yosef too ne ho hwee nʼagya so suiɛ, fee nʼano. 2Ɛno akyiri no, Yosef maa nʼaduruyɛfoɔ bɛhyɛɛ nʼagya Israel akyenkyennuro, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔrensɛe. Enti, aduroyɛfoɔ no hyɛɛ no akyenkyennuro. 3Wɔde adaduanan na ɛhyɛɛ Israel akyenkyennuro no, ɛfiri sɛ, saa nna dodoɔ no na ɛsɛ sɛ wɔde hyɛ no aduro no. Misraimfoɔ suu no nnafua aduɔson.

4Wɔsuu no wieeɛ no, Yosef kasa kyerɛɛ Farao fiefoɔ sɛ, “Sɛ manya mo anim animuonyam a, monka nkyerɛ Farao mma me sɛ, 5‘Mʼagya maa mekaa ntam,’ na ɔkaa sɛ: Hwɛ, aka kakra na mawu. Enti, sɛ mewu a, ɔboda a mʼankasa metwaa wɔ Kanaan asase so no mu na monkɔsie me. ‘Enti, mommisa otumfoɔ Farao ɛkwan mma me na menkɔsie mʼagya, na mɛsane maba.’ ”

6Farao penee akwansra no so, kaa sɛ, “Kɔ na kɔsie wʼagya, sɛdeɛ ɔmaa wo kaa no ntam no.”

7Ɛno enti, Yosef kɔ kɔsiee nʼagya. Farao asomfoɔ nyinaa ne ne mpanimfoɔ ne nʼatenankonnwa ne Misraim nnipa titire nyinaa kɔgyaa Yosef ayie. 8Ɛno akyiri, Yosef fiefoɔ nyinaa a ne nuammarimanom ne nʼagya fiefoɔ ka ho ne no kɔɔ ayie no. Wɔn mma ne wɔn nnwan ne wɔn anantwie nko ara na wɔgyaa wɔn wɔ Gosen asase so hɔ. 9Nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ nso kaa wɔn ho kɔɔ ayie no bi. Nnipadɔm pa ara na wɔkɔeɛ.

10Wɔduruu Atad a nʼasekyerɛ ne baabi a wɔpo atokoɔ, a ɛwɔ Asubɔnten Yordan atɔeɛ fam no, wɔde nnanson twaa agyaadwoɔ, yɛɛ Yosef agya Israel ayi kɛseɛ wɔ hɔ. 11Ɛberɛ a Kanaanfoɔ a na wɔte asase no so hunuu sɛdeɛ wɔsi yɛɛ ayie no wɔ Atad no, wɔkaa sɛ, “Yei yɛ ayi kɛseɛ bi a Misraimfoɔ ayɛ.” Ɛno enti, Kanaanfoɔ a wɔte asase no so no too hɔ edin Abel-Misraim, a asekyerɛ ne Misraimfoɔ ayi kɛseɛ yɛ.

12Enti, Yakob mmammarima no yɛɛ sɛdeɛ wɔn agya kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no pɛpɛɛpɛ. 13Wɔsoaa no, de no kɔɔ Kanaan asase so, kɔsiee no wɔ ɔboda a ɛwɔ Makpela a ɛbɛn Mamrɛ afuo a na Abraham atɔ afiri Hetini Efron nkyɛn de ayɛ amusieeɛ no mu. 14Yosef siee nʼagya wieeɛ no, ɔne ne nuanom ne wɔn a wɔkɔgyaa no ayie no nyinaa sane baa Misraim.

Yosef De Ne Nuanom Bɔne Kyɛ Wɔn

15Yosef agya wuo akyiri no, ne nuanom no de ehu ka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, “Sɛ ɛba sɛ Yosef da so wɔ yɛn ho menasepɔ, na ɔtua yɛn bɔne ahodoɔ a yɛayɛ no nyinaa so ka a, na yɛreyɛ no ɛdeɛn.” 16Enti, wɔtuu nnipa kɔɔ Yosef hɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Wʼagya kaa saa asɛm yi ansa na ɔrewu. 17‘Asɛm yi na ɛsɛ sɛ moka kyerɛ Yosef: Mesrɛ wo, fa bɔne ahodoɔ a wo nuanom ayɛ wo no nyinaa kyɛ wɔn.’ Enti, afei mesrɛ wo, fa Onyankopɔn a wʼagya somm no no nkoa bɔne kyɛ wɔn.” Ɛberɛ a Yosef tee asɛm a ne nuanom no kaeɛ no, ɔsuiɛ.

18Yosef nuammarima no bɛtotoo wɔn ho guguu nʼanim, kaa sɛ, “Yɛyɛ wo nkoa.”

19Nanso, Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnsuro me! Meyɛ Onyankopɔn a mɛtumi abu mo atɛn, atwe mo aso anaa? 20Ɛwom sɛ moyɛɛ mo adwene sɛ mobɛyɛ me bɔne deɛ, nanso na Onyankopɔn adwene ne sɛ, ɛbɛdane ade pa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛtumi agye nnipa dodoɔ nkwa, sɛdeɛ ɔreyɛ no ɛnnɛ yi. 21Enti, monnsuro! Mʼankasa mede biribiara a ɛhia mo ne mo mma nyinaa bɛma mo.” Yosef nam saa kasakyerɛ yi so hyɛɛ wɔn bɔ sɛ, ɔrenyɛ wɔn bɔne biara.

Yosef Wuo

22Yosef ankasa ne ne nuanom ne nʼagya abusuafoɔ nyinaa tenaa Misraim asase so. Ɔdii mfeɛ ɔha ne edu ansa na ɔrewu. 23Yosef hunuu Efraim mma nana ne Manase ba Makir mma nso. Wɔwoo wɔn guu ne srɛ so.

24Afei, Yosef ka kyerɛɛ ne nuammarima no sɛ, “Ɛrenkyɛre biara na mawu. Nanso, Onyankopɔn bɛboa mo, ayi mo afiri saa asase yi so, de mo akɔ bɔhyɛ asase a ɔkaa ho ntam sɛ ɔde bɛma Abraham, Isak ne Yakob no so.” 25Yosef maa Israel mmammarima no kaa ntam, na Yosef kaa sɛ, “Nokorɛm, Onyankopɔn bɛdi aboa mo. Sɛ mewu nso a, monsoa me nnompe mfiri ha nkɔ Kanaan asase so.”

26Yosef dii mfeɛ ɔha ne edu, na ɔwuiɛ. Wɔhyɛɛ no akyenkyennuro de no too efunu adaka mu wɔ Misraim.

New International Reader’s Version

Genesis 50:1-26

1Joseph threw himself on his father’s body. He wept over him and kissed him. 2Then Joseph talked to the doctors who served him. He told them to prepare the body of his father Israel to be buried. So the doctors prepared it. 3They took 40 days to do it. They needed that much time to prepare a body in the right way. The Egyptians mourned for Jacob 70 days.

4After the days of sadness had passed, Joseph went to Pharaoh’s officials. He said to them, “If you are pleased with me, speak to Pharaoh for me. Tell him, 5‘My father made me give my word to him. He said, “I’m about to die. Bury me in the tomb I dug for myself in the land of Canaan.” So let me go there and bury my father. Then I’ll come back.’ ”

6Pharaoh said, “Go there and bury your father. Do what he made you promise to do.”

7So Joseph went to Canaan to bury his father. All Pharaoh’s officials went with him. They were the important people of his court and all the leaders of Egypt. 8Joseph’s family also went. His brothers and all the rest of his father’s family went. Only their children and their flocks and herds were left in Goshen. 9Chariots and horsemen also went up with him. It was a very large group.

10They came to Atad, a place where grain was processed. It was near the Jordan River. There they sobbed loudly and bitterly. Joseph set apart seven days of sadness to honor his father’s memory. 11The Canaanites living in that area saw how sad all of them were. They said, “The Egyptians are having a very special service for the dead.” That’s why that place near the Jordan River is called Abel of the Egyptians.

12So Jacob’s sons did exactly as he had commanded them. 13They carried his body to the land of Canaan. They buried it in the cave in the field of Machpelah near Mamre. Abraham had bought the cave as a place where he could bury his wife’s body. He had bought the cave and the field from Ephron, the Hittite. 14After Joseph buried his father, he went back to Egypt. His brothers and all the others who had gone to help him bury his father went back with him.

Joseph Calms His Brothers’ Fears

15Now that their father was dead, Joseph’s brothers were worried. They said, “Remember all the bad things we did to Joseph? What if he decides to hold those things against us? What if he pays us back for them?” 16So they sent a message to Joseph. They said, “Your father gave us directions before he died. 17He said, ‘Here’s what you must say to Joseph. Tell him, “I’m asking you to forgive your brothers. Forgive the terrible things they did to you. Forgive them for treating you so badly.” ’ Now then, please forgive our sins. We serve the God of your father.” When their message came to Joseph, he wept.

18Then his brothers came and threw themselves down in front of him. “We are your slaves,” they said.

19But Joseph said to them, “Don’t be afraid. Do you think I’m God? 20You planned to harm me. But God planned it for good. He planned to do what is now being done. He wanted to save many lives. 21So then, don’t be afraid. I’ll provide for you and your children.” He calmed their fears. And he spoke in a kind way to them.

Joseph Dies

22Joseph stayed in Egypt, along with all his father’s family. He lived 110 years. 23He lived long enough to see Ephraim’s children and grandchildren. When the children of Makir were born, they were placed on Joseph’s knees and counted as his own children. Makir was the son of Manasseh.

24Joseph said to his brothers, “I’m about to die. But God will surely come to help you. He’ll take you up out of this land. He’ll bring you to the land he promised to give to Abraham, Isaac and Jacob.” 25Joseph made the Israelites promise him. He said, “God will surely come to help you. Then you must carry my bones up from this place.”

26So Joseph died at the age of 110. They prepared his body to be buried. Then he was placed in a casket in Egypt.