1 Mose 44 – ASCB & CCBT

Asante Twi Contemporary Bible

1 Mose 44:1-34

Yosef Amma Benyamin Ankɔ

1Afei, Yosef hyɛɛ ne ɔsomfoɔ panin no sɛ, “Fa aduane dodoɔ biara a mmarima no bɛtumi asoa no hyɛ wɔn nkotokuo no ma ma, na fa obiara sika nso hyɛ ne kotokuo mu ma no. 2Afei, fa me dwetɛ kuruwa no ka akumaa no aduane no sika ho, na fa hyɛ ne kotokuo no mu.” Na ɔsomafoɔ panin no yɛɛ sɛdeɛ Yosef kaeɛ no pɛpɛɛpɛ.

3Adeɛ kyee anɔpa no, ɔgyaa anuanom no ne wɔn mfunumu no kwan. 4Wɔannuru akyiri baabiara, na Yosef ka kyerɛɛ ne ɔsomfoɔ panin no sɛ, “Ti nkurɔfoɔ no ntɛm so, na sɛ woto wɔn a, bisa wɔn sɛ, ‘Adɛn enti na mode bɔne tua papa so ka? Adɛn enti na moawia me dwetɛ kuruwa? 5Ɛnyɛ saa kuruwa yi a me wura nom ano na ɔhwɛ mu ka nhunumusɛm no nie? Yei yɛ bɔne kɛseɛ a moayɛ.’ ”

6Ɔkɔtoo wɔn no, ɔtii saa asɛm korɔ yi ara mu kyerɛɛ wɔn. 7Nanso, anuanom no buaa no sɛ, “Adɛn enti na yɛn wura keka saa nsɛm yi? Ɛmpare wo nkoa sɛ wɔbɛyɛ adeɛ a ɛte saa! 8Sika a yɛhunuu wɔ yɛn nkotokuo mu no, yɛansane amfa amfiri Kanaan ammrɛ mo anaa? Adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛwia dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ firi wo wura fie? 9Sɛ wohunu saa kuruwa no wɔ wo nkoa no biara nkyɛn a, okum na ɛsɛ sɛ wokum saa onipa no. Na sɛ ɛba saa nso a, yɛn nyinaa bɛyɛ wo wura nkoa afebɔɔ.”

10Ɔsomfoɔ no buaa sɛ, “Ɛyɛ, na deɛ ɔwiaeɛ no nko na ɔbɛyɛ mʼakoa. Na mo a moaka no bɛfa mo ho adi.”

11Anuanom no nyinaa yiyii wɔn nnesoa no firii mfunumu no so, guu fam, sane sanee wɔn nkotokuo no ano. 12Afei, ɔsomfoɔ panin no firii aseɛ, hwehwɛɛ wɔn nkotokuo no mu firi ɔpanin no so kɔsii akumaa no so. Wɔhunuu kuruwa no wɔ Benyamin kotokuo no mu. 13Ɛbaa saa no, anuanom no sunsuanee wɔn ntadeɛ mu. Afei, wɔn nyinaa sane hyehyɛɛ wɔn nnesoa no wɔ wɔn mfunumu no so, sanee wɔn akyiri, kɔɔ kuro no mu bio.

Anuanom No Bu Yosef Nkotodwe

14Ɛberɛ a Yuda ne ne nuanom no kɔduruu kuro no mu hɔ no, na Yosef da so wɔ ne fie hɔ. Enti, wɔn nyinaa totoo wɔn ho guu fam wɔ nʼanim. 15Yosef bisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn adeɛ na moayɛ yi? Monnim sɛ onipa a ɔte sɛ me nam nhunumusɛm so bɛtumi ahunu biribiara mu?”

16Yuda buaa sɛ, “Anoyie bɛn na yɛbɛtumi ayi wɔ me wura anim? Asɛm bɛn na yɛwɔ ka? Yɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi ama woahunu sɛ yɛnni saa asɛm yi ho fɔ? Onyame ada yɛn wʼasomfoɔ afɔdie yi adi. Yɛne deɛ wɔhunuu kuruwa no wɔ no nkyɛn no nyinaa yɛ yɛn wura nkoa”.

17Nanso, Yosef kaa sɛ, “Ɛmpare me sɛ mɛyɛ adeɛ a ɛte saa. Onipa a wɔhunuu kuruwa no wɔ ne nkyɛn no nko ara na ɔbɛyɛ mʼakoa. Mo a moaka no deɛ, monsane nkɔ mo agya nkyɛn asomdwoeɛ mu.”

Yuda Srɛ Ma Benyamin

18Yuda sɔre kɔɔ Yosef anim, ka kyerɛɛ no sɛ, “Ma me a meyɛ wʼakoa no ɛkwan na me ne wo, me wura, nkasa. Ɛwom sɛ, wo ne Farao yɛ pɛ deɛ, nanso mesrɛ wo, nya aboterɛ ma wo ɔsomfoɔ. 19Me wura bisaa nʼasomfoɔ no sɛ, ‘Mowɔ agya anaa onuabarima bi?’ 20Na yɛbuaa sɛ, ‘Yɛwɔ agya a wabɔ akɔkoraa ne yɛn kaakyire a ɔwoo no ne nkɔkoraaberɛ mu. Ne nuabarima a ɔka ne ho no awu. Na ɔno nko ara ne ne maame ba a waka. Nʼagya pɛ nʼasɛm yie.’

21“Na ɔka kyerɛɛ wʼasomfoɔ sɛ, ‘Momfa no mmra, na menhwɛ no.’ 22Yɛka kyerɛɛ me wura sɛ, ‘Abarimaa no rentumi nte ne ho mfiri nʼagya ho. Na sɛ ɛba sɛ ɔte ne ho firi nʼagya ho a, nʼagya no bɛwu.’ 23Ɛnna woka kyerɛɛ wʼasomfoɔ sɛ. ‘Sɛ moamfa mo nua kumaa no anka mo ho amma a, monnsi mʼanim bio.’ 24Yɛsane kɔɔ wʼakoa, yɛn agya nkyɛn no, yɛkaa wo a woyɛ yɛn wura no nsɛm a woka kyerɛɛ yɛn no nyinaa kyerɛɛ no.

25“Ɛnna yɛn agya kaa sɛ, ‘Monsane nkɔ bio nkɔtɔ aduane kakra mmra.’ 26Nanso, yɛka kyerɛɛ yɛn agya sɛ, ‘Yɛrentumi nkɔ, gye sɛ yɛn nua kumaa no ka yɛn ho. Sɛ yɛamfa yɛn nua kumaa no anka yɛn ho ankɔ a, yɛrentumi nkɔ owura no anim.’

27“Afei, wo ɔsomfoɔ, yɛn agya ka kyerɛɛ yɛn sɛ, ‘Monim sɛ me ne me yere woo mmammarima baanu. 28Wɔn mu baako firii me nkyɛn kɔeɛ a, manhunu no bio, ma mekaa sɛ, “Aboa bi atete no pasaa.” Ɛfiri saa ɛberɛ no, menhunuu no bio. 29Sɛ mofa yei firi me nkyɛn, na asiane bi kɔsiane no wɔ ɛkwan so a, me nso, mede awerɛhoɔ bɛwu bi.’

30“Enti, saa ɛberɛ yi, sɛ yɛkɔpue firi wʼakoa, yɛn agya, anim na abɔfra yi nka yɛn ho a, ɛnneɛ, sɛdeɛ nʼakoma da abɔfra no ho fa no, 31sɛ ɔhunu sɛ abɔfra no nka yɛn ho a, ɔbɛwu. Wo nkoa bɛma wɔn agya adi awerɛhoɔ, de ne tiri so dwono akɔ asaman. 32Wʼakoa a ɔde ne ho dii abɔfra no agyinamu sɛ ɔde no bɛba kaa sɛ, ‘Sɛ mamfa no ansane ammrɛ wo a, ɛho asodie no mmɛda me so, me nkwanna nyinaa.’

33“Afei, mesrɛ wo, ma wʼakoa nsi abɔfra no ananmu wɔ ha, na ma abɔfra no ne ne nuammarima no nsane nkɔ. 34Na sɛ abɔfra no anka me ho ankɔ a, mɛyɛ dɛn makɔpue mʼagya anim. Dabi! Merentumi nnyina ahohiahia a ɛbɛto mʼagya wɔ saa asɛm yi ho no ano.”

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

創世記 44:1-34

約瑟試驗弟兄

1約瑟吩咐管家說:「給他們的口袋裝滿糧食,他們能帶多少就裝多少,把各人的錢放回他們的口袋中, 2再把我的銀杯和買糧的錢一起放在最小的兄弟的口袋中。」管家一一辦妥了。

3第二天清早,他們就牽著驢離開了。 4他們出城不久,約瑟對管家說:「你快去追他們,追上了就對他們說,『你們為什麼以惡報善? 5為什麼偷我主人用來喝酒和占卜的銀杯?你們這是作惡!』」

6於是,管家追上他們,按約瑟的話問他們。 7他們回答說:「我主為什麼這樣說?我們絕不會做這種事。 8你看,我們把上次在口袋裡發現的錢都從迦南帶回來還你了,又怎麼會偷你主人家的金銀呢? 9你若在僕人中任何人身上搜到銀杯,他就要死!我們也要做我主的奴僕。」

10管家說:「好,就照你們的話做吧!銀杯從誰那裡搜出來,誰就做我的奴僕,其他人都沒有罪。」 11於是,他們急忙把口袋卸到地上打開。 12管家就從最年長的開始搜查,最後在便雅憫的口袋裡搜出了銀杯。 13他們傷心地撕裂衣服,把東西放回驢背上,返回城裡。

14猶大和他兄弟們回到約瑟家時,約瑟還在那裡,他們就俯伏在他面前。 15約瑟對他們說:「你們做的是什麼事?難道你們不知道像我這樣的人是懂得占卜的嗎?」 16猶大說:「我們能對我主說什麼呢?我們還有什麼話可說呢?我們如何洗脫罪名呢?上帝既然查出你僕人們的罪,我們跟那個被發現有銀杯的弟弟一起做我主的奴僕吧!」 17約瑟回答說:「不!我決不會這樣做。從誰那裡搜出了銀杯,誰就做我的奴僕,其他人平安地回去見你們的父親吧。」

猶大求情

18猶大近前來對他說:「我主啊,你就像法老一樣,求你容僕人說一句話,不要向僕人發怒。 19我主曾經問僕人們是否有父親和弟兄, 20我們對我主說,『我們有年邁的老父,他在晚年得了一個兒子,這孩子的哥哥已經死了,他母親只剩下他這一個兒子,他父親很疼愛他。』 21你吩咐僕人們把弟弟帶來給你親眼看看, 22我們對我主說,『這孩子不能離開他父親,他若離開,他父親一定會死。』 23可是,你說如果僕人們不把弟弟帶來,就不得再見你。 24我們回到你僕人——我們的父親那裡,把我主的話告訴了他。

25「後來,他又吩咐僕人們回來買糧, 26我們告訴他,我們不能來,只有我們的弟弟同來,我們才能來。否則,我們不能見你的面。 27我父親就對我們說,『你們應該知道,我妻子給我生了兩個兒子。 28其中一個離開了我,我想他一定被野獸撕碎了,我再沒有見過他。 29要是你們把他的弟弟也帶走,遇上什麼意外的話,你們會使我這白髮蒼蒼的老人淒淒慘慘地進墳墓。』

30「我們父親的命與這孩子的命緊密相連,倘若我沒有把這孩子帶回到你僕人——我父親身邊, 31他一看這孩子不在,一定會死。僕人們會使自己白髮蒼蒼的父親淒淒慘慘地進墳墓。 32僕人曾經向父親保證這孩子的安全,說我若不把這孩子帶回他身邊,情願一生擔罪。 33現在求你准許僕人代替這孩子做你的奴僕,讓他跟他哥哥們回去吧。 34這孩子不和我一同回去,我如何見我父親呢?我不願看到災難臨到我父親。」